Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 2/15 kr. 25-28
  • Nneɛma Akɛse Resisi Wɔ Asase Ketewa Bi So!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nneɛma Akɛse Resisi Wɔ Asase Ketewa Bi So!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛmti Nketewa
  • ‘Nneɛma Nketewa Da’
  • Animia de Akatua Ba
  • Wɔahu Yehowa Nhyira
  • Hokwan Biara a Wɔde ka Asɛm
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 2/15 kr. 25-28

Nneɛma Akɛse Resisi Wɔ Asase Ketewa Bi So!

SO WUBETUMI ahu Grand Duchy a ɛwɔ Luxembourg no wɔ w’asase mfonini so? Saa ɔman ketewaa yi hyɛ Belgium, France, ne Germany ahye no nkwanta so hɔ pɛɛ. Ɛwom sɛ esua de, nanso ɛnyɛ nea ɛho nhia koraa. N’ahenkurow a ɛne Luxembourg City no yɛ Europa Aman no dwumadibea biako. Wobu no sɛ ɛyɛ sikasɛm beae nso a sikakorabea ahorow 125 na mprempren wɔwɔ ananmusifo wɔ hɔ. Nanso, Grand Duchy kɛse yɛ akwansin 999 pɛ na emu nnipa dodow yɛ 372,000!

Enti, ntease mu no, sɛ wɔde nea Yehowa Adansefo reyɛ wɔ Luxembourg wɔ wiase nyinaa Ahenni asɛnka adwuma mu no toto Adansefo a wɔwɔ aman akɛse a atwa yɛn ho ahyia so no de ho a, na esua koraa. Nanso, Ahenni asɛnka adwuma no nkɔso wɔ ha no ma yɛkae Sakaria 4:10: “Na hena na obu nneɛma nketewa da no animtiaa?” Sɛnea ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ saa Hebrini diyifo no, “ɛnyɛ tumi so, na ɛnyɛ ahoɔden so, na me honhom so, asafo [Yehowa] na ose.” (Sakaria 4:6) Enti ɛwom sɛ yɛn adwuma no nso de, nanso ɛda adi sɛ ɛnsɛ sɛ wobu no animtiaa. Bere a Onyankopɔn honhom kyerɛ no kwan no, ɛde ayeyi brɛ no.

‘Nneɛma Nketewa Da’

Ahenni adansedi adwuma no fii ase wɔ Luxembourg bere a wɔ 1922 ne 1925 mu hɔ no, Kristofo kakraa bi a wofi Straubourg, France, baa ha bɛkyekyɛɛ nkratawa no. Ɛwom sɛ na ɛnnɔɔso de, nanso na nkrasɛm a wɔatintim no wɔ tumi. Susuw nkratawa no nsɛmti no ho: Wiase Akannifo Mpoatwa, Kɔkɔbɔ a Wɔde ma Kristofo Nyinaa, ne Wɔabɔ Asɛnkafo Sobo. Na egye akokoduru pii na wɔde atrɛw saa nkrasɛm ahorow no mu esiane sɛ na Luxembourg mu nnipa bɛboro ɔha biara mu 96 yɛ Roman Katolekfo na na wɔn som ne atetesɛm akyekyere wɔn papee nti.

Wɔ 1930 ne 1931 mu no, woyii Photo-Drama of Creation (Adebɔ ho Mfonini) no kyerɛe wɔ Luxembourg. Ɔkwan bi so no, na sini no ne nea efi mu ba no ma obi kae Yesu som adwuma no. Nnipadɔm kɛse twaa Yesu ho hyiae betiee ne kasa anaasɛ ɔsaa wɔn yare, nanso kakraa bi pɛ na wɔbɛyɛɛ n’asuafo. (Mateo 4:23-25; 23:37) Bere a woyii Photo-Drama no kyerɛe wɔ Luxembourg City no, nnipadɔm 300 a na ɛne nea asa a wogye tuaa ho ka no betumi afa nyinaa hyɛɛ so ma anwummere biara. Nanso kakraa bi na wɔsan baa ɔkasa ne asemmisa-ne-mmuae mmere a edii akyi wɔ adapɛn a edi hɔ no mu no ase. Mfiase no, na nnipa no yɛ 20 anaa 30, akyiri 10, na awiei koraa no 4. Saa kakraa bi no nkutoo na na wɔwɔ anisɔ a ɛtra hɔ kyɛ ma honhom mu aduan a na wɔde rema wɔn no.

Animia de Akatua Ba

Wɔ 1931 mu no, Luxembourgfo a wɔwoo wɔn hɔ a wodi kan fii asɛnka adwuma ase. Na ɛno nyɛ ade ketewa. Na Roman Katolek Asɔre no ahyɛ ɔkasatia bɔne bi a wɔde tia Onyankopɔn nkurɔfo no ase, na ɛkanyan polisifo ma wotwitwaree yɛn afie afie som adwuma no ananmu sɛnea wobetumi biara. Polisifo no gyee yɛn nhoma ahorow, wɔbɔɔ yɛn kɔkɔ, anaasɛ wɔkyeree anuanom bere biara a wɔbɛkɔ asɛnka no. So na nokware som ntrɛwmu wɔ Grand Duchy no ano besiw afei anaa? Dabida! Bere a wɔpam August Riedmueller a na ɔne bere nyinaa somfo a odii kan bɛyɛɛ adwuma wɔ ɔman no mu akyi ara pɛ no, wɔbɔɔ Luxembourgfo 10 asu September 25, 1932 mu. Wɔkɔɔ asɛnka daa a na polisifo nsɛnnennen no mfa ho.

Wɔ 1934 a na ɛyɛ afe a edii ɔko anim no mu no, adawurubɔfo 15 a wɔwɔ ha no kyekyɛɛ Bible nhoma ahorow 3,164. Mpɛn pii no na wɔde baesekre twa efi akwansin 50 kosi 60 da biara. Onuawa biako bɔɔ amanneɛ sɛ: “Na me baesekre no ne me ‘hokafo’ bere nyinaa. Adwuma a yɛyɛ fi akuraa biako ase kɔ foforo ase no bɛyɛɛ me dwumadi a mepɛ sen biara, titiriw Kwasida.”

Germany asraafo betuaa Grand Duchy 1940 mu na ɛmaa yɛn nuanom yɛɛ adwuma sum ase mfe anum. Wɔkyeree wɔn mu pii. Bere a wɔada afiase asram bi no, wogyaee wɔn na wɔbaraa wɔn katee sɛ wonnyae baguam asɛnka sɛ Yehowa Adansefo no. (Hwɛ Asomafo no Nnwuma 4:17, 18) Wɔde anuanom baanu koguu adwumayɛban mu. Ne nyinaa akyi no, anuanom no yɛɛ nea wobetumi, na ofie Bible adesua a na wɔne anigyefo yɛ no kɔɔ soro fi 6 wɔ 1942 mu koduu 29 wɔ 1944 mu. Na bere a nnipa 23 na wobuu asɛnka adwuma ho akontaa 1939 mu no, wonyaa dodow nkɔanim foforo a ɛsen biara 39 wɔ 1946 mu.

Wɔahu Yehowa Nhyira

Mfe du du bi fi saa bere no, Yehowa Nyankopɔn de nkɔanim ahyira Ahenni asɛnka adwuma no kɛse wɔ Luxembourg. Adansefo no dodow koduu nkɔanim a ɛsen biara a ɛyɛ 1,336 wɔ 1988 mu. Mprempren sɛ wɔkyekyɛ mu a, Yehowa ɔdansefo 1 biara gyina hɔ ma yɛn baa dwumadibea asasesin no mufo 327. Nnipa bɛboro 2,900 na wɔbaa Awurade Anwummeduan no ase April 1, 1988, a na ɛyɛ ɔman no mufo 148 biara mu 1! Wɔkyerɛ bere nyinaa som adwuma no ho anigye pii. Nnansa yi ara wɔ 1955 mu no, na bere nyinaa adwumayɛfo anaa akwampaefo 5 pɛ na wɔwɔ hɔ, nanso akwampaefo 190 na wɔkɔɔ asɛnka wɔ May 1988 mu!

Saa nkɔso yi ama ɛho abehia sɛ yɛtrɛw yɛn baa dwumadibea adan no mu. “Wɔhyehyɛɛ Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo no baa dwumadibea a edi kan wɔ ha wɔ September 1955 mu na na ɛyɛ adan abien pɛ wɔ obi fi. Wobuee baa dwumadibea ne Betel Fi foforo fɛfɛ bi a adan 20 wom ano September 20, 1987. Bere koro no ara mu no, wohyiraa asɛmpatrɛwfo fi fɛfɛ foforo bi ne Ahenni Asa abien so.

Hokwan Biara a Wɔde ka Asɛm

Luxembourg yɛ amanaman ntam ɔman ampa. Luxembourgfo no ankasa ka kasa horow abiɛsa. Nanso esiane sɛ ɔman no mufo 4 biara mu 1 fi amannɔne ɔman bi so nti, wɔka kasa pii.

Ahɔho no bɛyɛ adwuma ma Europa Aman, sikakorabea ahorow pii no, anaasɛ wɔyɛ nsaano nnwuma ahorow. Enti yɛwɔ Fransefo, Italiafo, ne Portuguesefo asafo ahorow a wɔn a wɔka amannɔne kasa horow no wom.

Yɛn nuabeanom Portuguesefo no mu biako ka nea esii wɔ wimhyɛn akwantu bi mu nnansa yi no kyerɛ: “Mefaa nsɛmma nhoma kakra sɛ ebia mede bedi adanse bɔnnɔ so. Wɔ faako a yɛn wimhyɛn no dii kan sii no, na ehia sɛ wosiesie. Wɔamma obiara ansi amfi wimhyɛn no mu. Nea edi kan no na minni akokoduru a mede bɛyɛ nea me koma ka kyerɛɛ me sɛ menyɛ no. Mebɔɔ Yehowa mpae ntoatoaso sɛ ɔmma me ahoɔden na memfa hokwan no nni dwuma.

“Misusuw nneɛma ho bere bi mu akyi no, mekɔɔ ɔbea a ɔyɛ adwuma wɔ wimhyɛn no mu no nkyɛn na mibisaa no sɛ metumi de nsɛmma nhoma ahorow bi a ɛhyɛ nkuran na mfaso wɔ so ama wɔn a wɔwom no. Wɔmaa me kwan, na m’ani gyei sɛ mitumi kɔɔ akwantufo no nkyɛn, fi akongua biako ho kɔ foforo ho, te sɛ nea mereyɛ afie afie adwuma ara pɛ no. Mitumi de nsɛmma nhoma 12 ne nhomawa biako momaa nnipa ahorow ahorow na yɛbɔɔ nkɔmmɔ fɛfɛ.

“Onipa a odi akyiri a mekɔɔ ne nkyɛn no buae ahobrɛase mu sɛ onhia mmoa biara efisɛ ɔyɛ Evangelical sɔfo. Afei nso, na onsusuw sɛ ɛteɛ sɛ mɛkɔ akwantufo no nkyɛn sɛnea meyɛe no. Anifere mu no, metoaa nkɔmmɔbɔ no so wɔ Onyankopɔn mu gyidi ne anisɔ ma nhyira a ɔde bɛma wɔn a wogye no di a na yɛn nyinaa adwene hyia wɔ ho no ho. Nkɔmmɔbɔ no akyi no, ɔsɔfo no kamfoo me sɛ mewɔ gyidi ne afei nso wɔ me nnamyɛ a mede kasa kyerɛɛ akwantufo no nyinaa no ho.

“Afei nea odi me so no fii ase bisabisaa nsɛm, na yɛkasae bɛyɛ nnɔnhwerew abiɛsa!”

Yɛn nuabarimanom nso ada nsiyɛ a ɛda nsow adi wɔ wɔn afie afie adwuma mu. Ɔmansin sohwɛfo bi bɔ nea esii wɔ asafo bi mu no ho amanneɛ: “Awiei koraa no bae bere a yehyiaam Kwasida anɔpa sɛ yɛrekɔ asɛnka no. Wɔ asafo no mufo 109 no mu no, 102 na wɔbae sɛ wobenya asɛnka adwuma no mu kyɛfa! Wɔbɔɔ mmɔden fɛfɛ sɛ wɔbɛto nsa afrɛ anigyefo aba baguam kasa saa awia no ase, na nea efii mu bae ne sɛ nnipa 198 bɛhyɛɛ asa no so ma! Na pii reba wɔn nhyiam a edi kan, ɛwom sɛ Ɔdansefo 1 biara gyina hɔ ma saa asafo no asasesin mufo 50 de!”

Mmofra nso reda su pa adi wɔ hokwan a wɔwɔ sɛ wɔbɛbɔ Ahenni nkrasɛm no dawuru no ho. Bere a mmofra baanu bi kenkan anuanom binom a wɔde wɔn agu afiase wɔ Turkey no ho asɛm wɔ April 1, 1985 Watchtower mu akyi no, wosii gyinae sɛ wɔbɛkɔ akohu Turkey ɔman ɔnanmusifo no. Wɔbɔ amanneɛ sɛ:

“Ade a edi kan a yɛyɛe ne sɛ yebebisa kwan akɔ ne nkyɛn. Mfiase no, ne kyerɛwfo no amfa yɛn asɛm aniberesɛm. Nea ɛbɛyɛ na wate adwene a efi nokwaredi mu no ase no, yɛde nsɛmma nhoma a amanneɛbɔ no wom no kyerɛɛ no wɔ kasa horow pii mu. Bere a aka ne koma no, ogyee nsɛmma nhoma ahorow no na ɔde kɔɔ ɔnanmusifo no office. Simma du akyi no, ɔsan bae na ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yebetumi asan aba wɔ adapɛn abien akyi nanso ɔnanmusifo no de nsɛmma nhoma no begu hɔ na wahwehwɛ anototo a emu yɛ den a ɛwom no mu. Yɛfaa eyi sɛ sɛnkyerɛnne a eye.

“Yɛsan kɔɔ ɔnanmusifo no dwumadibea hɔ sɛnea wɔhyɛɛ yɛn no, yehui sɛ ɔnanmusifo no wɔ ayamye ne adamfofa su kɛse. Ɔde nsɛm bi a ɔnam hama so de akɔma Turkey nniso no de rebisa yɛn nsɛmma nhoma no amanneɛbɔ no mu nsɛm pii no kyerɛɛ yɛn. Wɔahwehwɛ mu na ɛma yɛn adebisa no di mũ kɛse.

“Ɛkaa ne koma sɛ wɔkyerɛw nsɛmma nhoma no ɔkwan pa so saa a wɔangugu mu anaasɛ wɔankasa antia amammui akannifo no ɔkwan a ɛmfata so. Yetumi de dɔnhwerew biako ne fã kaa Onyankopɔn tumidi, afã biara a Kristofo nni, ne sɛnea onipa ntumi nni onipa so mma ɛnyɛ yiye no ho asɛm kyerɛɛ no. Ɔkae sɛ ɔte yɛn gyinabea no ase na obisaa nea obetumi ayɛ de aboa. Yɛhyɛɛ nyansa sɛ ɔmmɔ ne nniso no yɛn nhyiam no ho amanneɛ ne sɛ ɔnka nea osusuw wɔ asɛm no ho nkyerɛ wɔn. Ogye toom sɛ ɔbɛyɛ saa, na obisae sɛ yɛmma no nsɛmma nhoma no pii na ɔmfa nkɔma nniso no ananmusifo ahorow. Ɔkae sɛ ɔde nsɛm a ɛho hia no besie ne nneɛma mu na wabɔ mmɔden sɛ ɔbɛboa ɔkwan biara a obetumi so.”

Asram kakraa bi akyi no, Watchtower bɔɔ amanneɛ sɛ wɔayi Adansefo a wɔwɔ Turkey no afi afiase denam Turkey Asennibea Kunini no ahyɛde so. Bere a mmerantewaa no huu saa no, wɔsan kɔɔ ɔnanmusifo no nkyɛn na ogyee wɔn fɛw so.

Yehu fi Ahenni dawurubɔ ho abakɔsɛm wɔ Grand Duchy a ɛwɔ Luxembourg ha yi no mu sɛ nyansa wom sɛ ɛnsɛ sɛ wobu “nneɛma nketewa da” no animtiaa na mmom ɛsɛ sɛ wonya Yehowa honhom mu ahotoso sɛ ɛbɛma yɛn mu biara ahoɔden a yehia no ma yɛde ayɛ n’apɛde kosi sɛ yebewie koraa. Ɛdenam Yehowa Nyankopɔn mmoa so no, nneɛma akɛse resisi wɔ yɛn Luxembourg baa dwumadibea asasesin ketewa no mu. Yɛde nne kɛse teɛm frɛ mo a monyɛɛ saa dedaw no sɛ mo ne yɛn “nkamfo [Yehowa]” na wɔ saayɛ mu no, “monka nhwɛ na munhu sɛ [Yehowa] ye.”​—Dwom 34:3, 8.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 25]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

North Sea

Netherlands

Federal Republic of Germany

Belgium

France

Luxembourg

150 km

100 mi

Belgium

Luxembourg

Luxembourg

Federal Republic of Germany

Trier

France

Metz

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Ɛwom sɛ Victor Bruch a ɔdaa adwumayɛban mu wɔ Wiase Ko ll mu no adi mfe 80 de, nanso ɔsom sɛ Kristoni ɔpanyin

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena