Nsɛm No Nhumu
Nhomasua a Ɛyare
Wɔ mfe du a atwam no mu no, kɔlege bi a ɛwɔ New York City akyerɛkyerɛ adesamma mmarima ne mmea nna ho ade a ebetumi ama adesuafo anya kɔlege abodin nkrataa abiɛsa. New York Post mu sɛnkyerɛwfo bi bɔ amanneɛ sɛ “wɔhwehwɛ sɛ” asuafo no ‘bekyinkyin’ “na wɔne nguaman akasa. Wɔbɛsrasra mmarima a wɔne wɔn ho da asanombea ahorow anaasɛ wɔbɛkɔ akɔhwehwɛ mpoano ahorow a nkurɔfo yi wɔn ho nyinaa wɔ hɔ.” Wɔkyerɛ sɛ adesua no ho nhoma de awode a wɔde hyɛ anom ho akwankyerɛ a ɛyɛ pefee ma na wɔhyɛ boasipem ho nkuran. Sɛnea Post kyerɛ no, sɛ́ sukuu dan mu adesua no fã no, woyi sini ahorow a ɛkyerɛ “ɔbarima ne ɔbea a wɔreda,” ne “mmarima ne mmea nkwaadɔm a wohu no yiye” kyerɛ adesuafo no. Dɛn bio na ebetumi ayɛ nea atwe afi nea ɛho tew ne ɔbra pa ho koraa saa?—Filipifo 4:8. 9.
Bere a ɛho hia sɛ mmofra hu asetra mu nokwasɛm ahorow na wonya eyinom mu su pa no, awofo na ɛyɛ wɔn asɛyɛde titiriw sɛ wɔde nkyerɛkyerɛ a ɛte saa no bɛma. (Mmebusɛm 22:6) Nokwarem no, sukuu mu adesua biara a ɛhyɛ aware akyi nna ho nkuran na ɛhwehwɛ sɛ adesuafo hwɛ sini a wɔakyerɛ sɛ mpanyimfo nkutoo na wɔhwɛ na wɔhwehwɛ mmarima a wɔne wɔn ho da ne aguamammɔ nneyɛe mu no rentumi nyɛ nea Onyankopɔn asomfo gye tom da. Bible no ka nguaman, awaresɛefo, ne mmarima a wɔne wɔn ho da ho asɛm pefee sɛ wɔwɔ “aniwu akɔnnɔ,” na wɔde wɔn ho hyɛ “adapaade” mu. Ɛdefa nneɛma a ɛtete saa ho no. Bible no hyɛ sɛ: “Munyi mo ho mfi aguamammɔ mu.” Bio nso, ese: “Aguamammɔ . . . de, mommma wɔmmmɔ din po wɔ mo mu.”—Romafo 1:24-32; 1 Tesalonikafo 4:3; Efesofo 5:3, 5; Galatifo 5:19, 21.
Anidaso Hunu
The Wall Street Journal bɔ amanneɛ sɛ nnipa a wɔhwehwɛ “wɔn ankasa kwan” a wɔnam so bewu no redan afi amammerɛ akwan so afunsie ho akɔ tete adeyɛ a ɛne funu a wɔhyɛ no aduru no so. Journal no se sɛ obi tua bo a efi dɔla 7,500 a, “wɔde no bɛhyɛ nsa, nnunsin nnuru, ne nnuru a wɔde kora ade so na wɔde nnuhuam agugu so mu na wɔde no ahyɛ nwera, asawa a ɛyɛ den ntama, rɔba ne plasta kotoku mu asram abien.” Kɔbere mfrafrae funnaka bi a wɔayɛ no te sɛ amu a wɔde sika kɔkɔɔ agugu ho anaasɛ wɔde abohene atuatua ho no betumi akodu dɔla 100,000 ne nea ɛboro saa.
Nanso, ɛnyɛ sɛnea amu a wɔhyɛ no aduru no yɛ ade soronko no na ɛtwetwe wɔn a wɔpɛ no. Obi kae sɛ “sɛ ɛyɛ nokware sɛnea Kristofo bi ka sɛ Atemmu Da no Kristo bɛfrɛ yɛn afi ɔda mu no a, ɛnde mepɛ sɛ ɛyɛ nea mewɔ tebea a eye sen biara mu sɛnea metumi.”
Te sɛ tete Misrifo a na wogye di sɛ ɛsɛ sɛ wɔkora nipadua no so ma ɔkra no sanba wɔ owu akyi asetra mu no, mpɛn pii no nnipa a wɔte saa no de wɔn anidaso no gyina nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ ɔkra no nwu da no so. Nyamesom akannifo akyerɛkyerɛ sɛ wɔ Atemmu Da no mu no, wɔbɛka atreneefo ne abɔnefo nipadua ne wɔn akra abom bio ma wɔanya ɔsoro anigye anaasɛ hellgya mu nnome mu kyɛfa.
Nanso, wɔnkyerɛkyerɛ wu a wonwu da nkyerɛkyerɛ no wɔ Bible mu. Mmom no, Bible no kyerɛkyerɛ sɛ ɔkra no tumi wu. “Ɔkra a ɔyɛ bɔne no, ɔno ara na obewu.” (Hesekiel 18:4) Enti, Bible mu daakye asetra ho anidaso no nnyina ɔkra bi a enwu da so, na mmom egyina nyan a Onyankopɔn de obi ankasa asetra kwan ne nipadua a ɛfata a ɛwɔ nea wɔde behu no ne nkae horow no ara te sɛ bere a owui no benyan no no so. Ɔkwan a ɛteɛ so no, Yesu tumi kae sɛ: “Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa bɛte ne nne na wɔafi adi.”—Yohane 5:28, 29, NW.
“Wɔnnyɛ Wiase no Fã”
Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo a ɛwɔ New York, Inc. no ne New York City Board of Estimate no hyiae afe a etwaam no mu kobisae sɛ wɔmma kwan mma wonsi ɔdan a wɔbɛtra mu a ɛyɛ abansoro 19 wɔ beae bi a wɔmma ho kwan saa. Bere a baguafo no mu pii sɔre tiaa adansi no, na aba abien a wɔtowee a na ɛpene so sɛ wɔbɛyɛ beae no faako a wotumi si adan saa no yɛ nea New York City kurow sohwɛfo Edward Koch na ɔtowee. Wɔ asɛm bi a ɔde kyerɛkyerɛɛ ne gyinaesi no mu mu no, Kurow Sohwɛfo Koch kae sɛ “nea wobetumi aka ara ne sɛ . . . wobetumi abu Yehowa Adansefo sɛ wɔyɛ afipamfo pa . . . Mewɔ obu kɛse ma wɔn.” Afei ɔde kaa ho sɛ: “Mate sɛ esiane ɔsom mu ntease nti wɔntow aba wɔ abatow biara mu na ebia ɛno ne saa adansi yi ho nsɛnnennen mu biako, efisɛ ɛyɛ den yiye sɛ nnipa a wɔntow aba bedi asɛm a emu yɛ den saa mu nkonim faako a nnipa pii resrɛ mpanyimfo a wɔatow aba apaw wɔn no.”
Ɛsɛ sɛ wɔkamfo Kurow Sohwɛfo Koch wɔ n’akokoduru ne nnipa anim a ɔnhwɛ wɔ asɔretiafo pii saa no mu no ho. Ɛwom sɛ ebia sɛ Yehowa Adansefo nya amammui abatow mu kyɛfa a, anka nneɛma bɛyɛ soronko de, nanso wɔrentumi nwae wɔn mfi wɔn afã biara a wonni wɔ amammuisɛm mu no ho—a ɛmfa ho sɛ ɛbo no sõ dɛn ara. Wɔ nokware Kristofo fam no, gyinabea no mu da hɔ pefee. Yesu kae sɛ: “Wɔnnyɛ wiase no fã, sɛnea me nso menyɛ wiase no fã no.”—Yohane 17:16, NW.