Akwampae Adwumayɛ Wɔ Amazon Ho
AMAZON kwaebirentuw no! Ɛkame ayɛ sɛ obiara ate ho asɛm. Nanso kakraa bi na wɔanya hokwan akohu. Nanso, wɔ mfe du a atwam no mu no, ɛno ne nea akwampaefo, anaa bere nyinaa asomfo dodow bi ayɛ. Nea ehia sen biara mpo no, wɔde Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no akɔ hɔ. Wɔde Asafo ti no ɔkorow El Refugio (The Refuge; Guankɔbea) no akyinkyin Amazon kwaebirentuw no mu denam nsubɔnten a wɔne wɔn ho wɔn ho hyia a ɛnenam Peru kusuu fam apuei hɔ nyinaa no so.
Eyi ayɛ dwumadi a ɛyɛ anigye dɛn ara! Indiafo mmusua pii ahwete wɔ asasesin kakraka yi mu. Wohu chacras anaa mfuw nketewa nsubɔnten no ti so ne anaafo, wɔ nsukɔn no so ne kwaebirentuw no mu tɔnn a ɛhɔ yɛ tumm no mu. Ɛwom sɛ saa nkurɔfo yi atew wɔn ho de, nanso ɛsɛ sɛ wɔn nso wonya hokwan te Bible no nkwa nkrasɛm no.—Mateo 24:14; 28:19, 20.
Wɔ baabi a ɛbɛn Iquitos a ɛyɛ kwaebirentuw no mu kurow bi no, nsubɔnten akɛse abien—Ucayali a ɛsen ɔhare so na emu yɛ hu no ne Marañón—hyia ka bom yɛ Amazon kɛse no. Saa nsubɔnten a ɛsen ahoɔden so, ɛkonton, na ebu fa so daa yi didi nsu no ano ano no “ nyinaa na etutu nnua akɛse wɔ ɔhweam a ano yɛ den kɛse no mu. Ade bɛkye no na anhwea siw sisi hɔ, na enti ɛsakra nsu a ɛtene no kwan
Bere a El Refugio nam Ucayali so rekɔ anaafo no, ɛkɔpem anhwea siw bi a ɛhyɛ nsu ase mu mpofirim. Hinhim a wɔnhwɛ kwan no maa ahyɛmma no mufo no hwehwee ase, nanso ahyɛmma no adaban ne nnade mu a wosusoe amma wɔamfiri antotɔ nsu mu. Wɔn ahyɛmma mu panyin no san ahyɛmma no akyi, nanso ankosi hwee. Atim. Enti anuanom baasia a wɔwɔ mu no yiyii wɔn ntade ma ɛkaa wɔn pieto, wohuruhuruw gyinagyinaa anhwea siw no so, na wofii ase yii nhoma nnaka 40 no sɛnea ɛbɛyɛ a nnesoa no mu bɛyɛ hare. Mpofirim, wɔn mu biako kae sɛ: “Monhwɛ yiye! Nsu mu onini reforo aba mu.” Ampa ara, na ɔwɔ bi a ne tenten yɛ anammɔn asia na ne ho yɛ ahabammo no retwe ne ho ase afa ahyɛmma no ho. Nanso bere a wɔde atabon bobɔɔ no kakraa bi no, ɔsan kɔɔ nsu no mu bio. Ankyɛ, bere a nnesoa no mu ayɛ hare no. ahyɛmma no tui na esii kwan so bio.
Asɛnka Akwan A Wɔayɛ Ho Nhyehyɛe
El Refugio nyɛ ahyɛmma a ɛso, na ɛda adi sɛ ne ho nyɛ hare kɛse. Nokwarem no, sɛ ɛrehyia ɔhweam a ano yɛ den a, ɛkɔ brɛoo. Enti, nea ɛbɛyɛ na akwampaefo no atumi ayɛ asasesin no mu tɔnn mu adwuma ntɛmntɛm no, wɔayɛ dwumadi nhyehyɛe bi. Ansa na wobefi wɔn fi a ɛwɔ Iquitos kurow no mu a ɛhɔ na wofi kɔ no, wɔbɔ mmɔden sɛ wobehu nea ɛda wɔn anim wɔ mmeae pɔtee a wɔpɛ sɛ wɔyɛ hɔ adwuma no. Ɛdenam wɔn a wofi saa beae no a wobisabisa wɔn nsɛm so no, wotumi yɛ nkuraa ne chacras a ɛwɔ asasesin no mu no ho asasesin mfonini bi. Nsubɔnten nketewa ne nsuka pii wɔ amanee mu. Enti, sɛ beae a wɔapaw no wɔ nkuraa pii a, ahyɛmma no betumi agyina faako dapɛn biako anaa abien. Mpɛn pii no, akwampaefo baasia no mu baanan yɛ mfuw a ahwete no mu adwuma, bere a ahyɛmma no mu ɔpanyin no ne ɔkwampaefo a waka no kɔ kwaebirentuw no mu faako a ahyɛmma no ntumi nkɔ no. Wɔyɛ eyi denam petrol adwumakuw bi wimhyɛn a ɛrekɔ atrae bi no mu kwan a wɔyɛ ho nhyehyɛe no so.
Saa atrae ahorow yi yɛ mmeae bi a wɔadɔw hɔ wɔ kwae no mu a wotutu fam hwehwɛ petrol daa. Ebia mmarima bɛyɛ ɔha anaa nea ɛboro saa na wɔwɔ atrae a ɛte saa no mu. Adansefo no yɛ nhyehyɛe sɛ wɔne mmarima no bɛkasa anwummere adidibere, bere a wɔapɔn adwuma no. Wɔ atrae biako mu no, ɔsese a wodidi wɔ mu no yɛɛ asa fɛfɛ. Mmarima no tiei, na ɛno akyi no pii bisabisaa abrabɔ mu nsɛnnennen a wohyia esiane sɛ wɔatew wɔn ho saa ati wɔn mmusua ho nti no ho nsɛm. Hokwan fɛfɛ bɛn ara na na ɛyɛ sɛ wɔde Bible no adwene wɔ abrabɔ mu ahotew ho mae no sɛɛ yi! Wɔ asemmisa-ne-mmuae afã no akyi no, mmarima no pii bisaa Bible ne Bible sua mmoa. Wɔkyerɛkyerɛw wɔn din, na akyiri yi wɔne saa mmarima yi ne wɔn mmusua fii Bible adesua ase wɔ Iquitos. Wɔyɛɛ petrol atrae anan mu adwuma saa kwan yi so—abiɛsa denam wimhyɛn akwantu so na biako denam El Refugio nsrahwɛ so.
Baabiara a akwampaefo no behu caserio anaa akuraa ketewaa bi wɔ asuogya no, wɔde ahyɛmma no bɔ biribiara a ɛyɛ pintinn a ebetumi ama agyina faako no mu. Nanso, ahyɛmma muni onyansafo na odi kan hwɛ nsu no ano hɔ yiye ansa na wahuruw. Nsu no ano dɔte a ɛte sɛ nea ɛyɛ den no bɛyɛ te sɛ nea ahobammɔ wom nanso ebetumi ayɛ ahodwiriw. Obi a ɔrehuruw a n’ani nna ne ho so no betumi amem atɛkyɛ mu ma adu ne sisi!
Bere a anuanom no adu nsu no ano dwoodwoo no, wotwa mmofra kuw a wɔyɛ asɛmpɛfo na wɔrekasakasa no ho kɔhwehwɛ kurom hɔ odikro no. Wɔkyerɛkyerɛ atirimpɔw a ɛwɔ wɔn nsrahwɛ no mu no kyerɛ no tiawa na wobisa sɛ wɔmma wɔn kwan mma wɔmfa wɔn sukuudan anaa akuraa no nhyiambea no nni dwuma mma Bible mu ɔkasa. Mpɛn pii no wɔma wɔn kwan. Wɔde ano bɔ nkae bere a mmofra no hwete kɔ baabiara na wɔtrɛw nsa a wɔto frɛ no mu no. Ansa na ɔkasa no bedu so no, wɔde ɛda no ka asɛm wɔ asese no mu. Nnipa no wɔ nnamfofa su na wɔpɛ ahɔhoyɛ na wɔde ahopere gye Bible ho nhoma. Faako a sika ho yɛ na no, wɔde nhoma no gye nsudanna, nsoroboa, nkokɔ, nkoo, nnuaba, anaasɛ nhwiren fɛfɛ bi mpo!
Sɛnea bere ma kwan no, wɔyɛ sankɔhwɛ awia no. Wɔka kyerɛ wɔn a wɔkyerɛ anigye kɛse no sɛ wɔmmfa wɔn mecheros, anaa si-wo-bɔwerɛ-so a kerasin ne kanea ntama wom mmra sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya hann. Mpɛn pii no, ɛbɛbɔ nnɔnson no, na obiara atra ase, okura ne kanea wɔ ne nsa biako mu na Bible hyɛ foforo mu. Bere a ɔkasa no aba awiei no, nsemmisa fi ase. So Yehowa Adansefo gye hellgya di? Ɔkwan bɛn so na Adansefo no gyidi ahorow yɛ soronko fi Katolekfo de ho? Pii ani gye sɛ wohu mmuae no wɔ wɔn ankasa Bible mu.
Osuahu Ahorow a Ɛma Koma Ani Gye
Wɔ ɔkasa a ɛte saa biako akyi no, ɔbarima bi ne ne yere de nusu baa ɔkwampaefo no nkyɛn. Ɔbarima no kae sɛ: “Anuanom, yɛatwɛn bere tenten sɛ yɛbɛte nsɛm a ɛte sɛnea yɛate anadwo yi. Yɛdɔ yɛn asase no ne asase so paradise faako a yebetumi atra abɛn no ho adwene no. Afei, henanom na muse wɔrekɔ ɔsoro no?” Ɛyɛ nwonwa ampa sɛ wobɛkɔ Amazon kwaebirentuw no mu akyirikyiri a ɛne “anibuei” ntam twe kɛse saa no na woahu wɔn a wɔte sɛ nguan saa no.
Akwampaefo no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛka nhoma ahorow abom de ama esiane sɛ ebia ɛbɛkyɛ ansa na wɔasan akɔ nkuraa no ase nti. Da bi, wɔ Iquitos no, ɔbarima bi a ɔwɔ asubɔnten so ahyɛmma bi mu frɛɛ anuanom no mu biako na obisae sɛ wɔmma no nhoma afoforo awotwe. Dɛn na na ɔde nea wodii kan de boom maa no no ayɛ? N’abusuafo a wɔrebɛsra no afɛm nhoma ahorow no mmiako mmiako. Nneɛma a wɔbɛkenkan ho yɛ den wɔ kwaebirentuw no mu. Saa kwan yi so no, nhoma ahorow akodu baabi a akwampaefo no ankasa nnuu hɔ da. Enti ɛdenam Yehowa honhom so no, ɔhwɛ hu sɛ Kristofo nhoma ahorow ka wɔn a wɔfata no nsa.
Wɔ akuraa biako ase no, anuanom no mu baanu traa ahyɛmma no ho bere a afoforo no dii anammɔn kwan bi akyi kɔɔ kwaebirentuw no mu no. Na nnua akɛse akeka asisi wɔ soro na esiw owia hyerɛn kwan, bere a nnomaa a wɔwɔ hwɛbea ahorow pii dii akɔneaba wɔ nhaban momono no mu. Bere a Adansefo no anantew simma 15 akyi no, wobeduu akuraa bi a ɛso kakra ase. Egyee bɛyɛ dɔnhwerew biako na wɔde srasraa asese a ɛwɔ hɔ no mu. Bere a anuanom no siesiee wɔn ho sɛ wɔbɛkɔ no, ɔbarima bi bae na ɔsrɛɛ wɔn sɛ wɔnna mma ade nkye. Enti akwampaefo no biako daa hɔ bere a nkae no san baa ahyɛmma no ho no.
Ɔkwampaefo no hyɛɛ nyansa sɛ wɔmma Bible mu ɔkasa anadwo no. Enti wɔsomaa mmofra no, na wɔfaa anammɔn kwan a anuanom no anhu so kɔfrɛfrɛɛ wɔn a wɔte mpɔtam hɔ no bae. Bere no mu no, wɔyɛɛ Bible adesua wɔ akuraa no ase a wɔde Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no atiri a ebuaa nsemmisa a ɔbarima ɔyamyefo no bisae no na ɛyɛe. Bere a anwummere mfare a ɛyɛ nwini no rekata ɔhyew no so no, wɔtee nnyegyei kɛse wɔ mpampuro kuw bi a ɛwɔ hɔ mu. Na ɛte sɛ nea nwirikwaw ɔhaha pii fii ase sui prɛko pɛ a ɛte sɛ nea wɔrema anwummere a emu yɛ nwini no akwaaba.
Eduu anwummere mu kakra no, na mpanyimfo 20 ne mmofra pii atwa ɔkasafo no ho ahyia. Kanea kɛse bi ma wonyaa hann kama nanso ɛfrɛfrɛɛ kwaem ntummoa pii nso. Bɛyɛ ɔkasa no mfinimfini no, ɔkasafo no menee biako! Wɔ fɛwdi, ɔserew ne due-ma pii akyi no, ɔtoaa so de ɔkasa no baa awiei fɛfɛ. Ɛde besi saa bere no, na fɛre nyinaa afi hɔ na nkɔmmɔbɔ a ɛyɛ anigye dii akyi.
Bere a ofipamfo a odi akyiri koraa no akɔ akyi no, onigyeni no de ntontonnan sii ne fi pata a wɔasi wɔ nnua so fi fam kɔ bɛyɛ anammɔn anum no so. Ɔbarima no gyaw ɔkwampaefo no ma ɔpɛɛ baabi dae wɔ ntontonnan no ase na ɔboboaa ne mmoa ano de wɔn kyekyeree nnua ho wɔ pata no ase de bɔɔ wɔn ho ban fii kwaebirentuw mu mmoa a wɔkyere afoforo ho. Bere a onua no da hɔ reda Yehowa ase wɔ ne ɔhwɛ ho no, kwaebirentuw mu nnyigyei no dedaa no.
Na ɛte sɛ nea ankyɛ koraa na onua no sɔre traa ase mpofirim. Na akokɔnini abɔn, na na ɛte sɛ nea ɔhyɛ ne pata no ase pɛɛ. Na ɛte saa. Akokɔnini no dii kan bɔnee, afei ɔkraman boboom, nea edi hɔ no krakum yɛɛ krokro, na awiei koraa no, ɔpapo teɛɛm. Eyi akyi no, nnomaa nyinaa bi fii wɔn anɔpa su ase. Na ɛda foforo afi ase.
Wɔ anɔpaduan a ɛma koma ani gye akyi no, onua no sii kwan no so san bɛkaa n’ahokafo no ho. N’anim pɛɛ no ohuu biribi a ɛte sɛ dua kɛse bi sɛ ɛbea ɔkwan no mu. Bere a ɔhwɛɛ no yiye no, ohui sɛ ɛyɛ onini a ne tenten bɛyɛ anammɔn 25. Ɔkwampaefo no de ahwɛyiye twa faa ne ho na oduu ahyɛmma no ho dwoodwoo.
Wɔbɔ Ɔsɔfo Ɔsɔretia Gu
Wɔannye wɔn wɔ akuraa a edi hɔ no ase saa. Bere a ahyɛmma no beduu agyinae hɔ no, anuanom no ho dwiriw wɔn sɛ wohui sɛ nnipakuw kɛse ahyia wɔ nsu no ano hɔ. Bere a Katolek sɔfo bi di wɔn anim no, woyamaa ahyɛmma no sɛ ɔnsan nkɔ, na wɔteɛteɛɛm sɛ wonhia Bible ho nhoma biara. Enti anuanom no toaa so na wɔde ahyɛmma no kɔkyekyeree baabi a ɛne akuraa no ase twe kakra.
Ankyɛ na wohuu sɛ obonto bi a kwadu gu so a efi akuraa no ase reba. Bere a ɛresen no, anuanom no frɛɛ mmarima baasa a wɔrehare obonto no sɛ wommegyina El Refugio ho. Bere a wɔyɛɛ saa no, akwampaefo baasa foroo obonto no na wofii ase dii adanse. Obonto no wura no pɛe sɛ ohu nea enti a ɔsɔfo no mpɛ sɛ Adansefo no si akuraa no ase no, na akwampaefo no buae sɛ wontumi nhu nea enti a ɔsɔfo mpɛ sɛ nkurɔfo te Bible no ase. Sɛ nhwɛso no, adebɔne bɛn na ebetumi afi Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm no a wɔbɛkenkan no mu aba? Bere a mmarima no hwehwɛɛ nhoma no mu no, na wontumi mfa nto hɔ.
Ɛda a edi hɔ no, akorow pii kɔɔ El Refugio ho. Na Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm no akanyan nkate wɔ akuraa no ase. Wɔka kyerɛɛ anuanom no sɛ sɛ wɔnantew kwan tiaa bi a wobetumi afa mfikyiri kwan bi so ahyɛn akuraa no ase. Bere a akwampaefo no duu hɔ na wɔkɔɔ afie afie no, wogyee wɔn fɛw so. Nkuraasefo no pii gye nhoma ahorow a wɔaka abom, na ɛmaa ɔsɔfo no ani wui kɛse.
Wosi Ahenni Asa a Ɛwɔ Akyirikyiri
Ankyɛ akwampaefo akokodurufo no duu Amazon no so faako a aman abiɛsa bɔ hye no. Nkuraa abiɛsa a ne nyinaa bemmɛn ho yɛ aguadi mmeae a ɛhɔ nni adagyew. Ɛne Caballococha a ɛwɔ Peru, Leticia a ɛwɔ Colombia, ne Tabatinga a ɛwɔ Brazil afã hɔ. Ɛyɛ mmerɛw sɛ wobenya kwan ahyɛn saa nkurow yi biara mu esiane sɛ akwantu nkrataa ho asɛm nnɔɔso wɔ kwaebirentuw no mu no nti.
Wɔ Tabatinga no, wohui sɛ anuanom mmea akwampaefo baanu reyɛ kurow no mu adwuma. Na wɔwɔ anigyefo kuw ketewaa bi a wohyiam nanso na wonni nhyiambea biara. Anuanom mmea no srɛɛ anuanom no sɛ wɔntra hɔ na wɔmma kasa ahorow wɔ mpɔtam hɔ, na wɔde anigye yɛɛ saa. Nkɔmmɔbɔ ahorow a edii akyi no kyerɛe sɛ kuw no wɔ sika kakra a wobetumi de atɔ nnua na wɔasi ɔdan ketewa bi wɔ asase bi a obi de ama wɔn so. Na anuanom mmea no adi kan ahu nnuapaebea bi a onigyeni bi ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛtew nnua no so ama wɔn wɔ asubɔnten no atifi. El Refugio kɔɔ mprenu na ɛde nnua a wohia no bae. Wɔ nnafua dunum mu no, adwumayɛfo a wɔwɔ ɔpɛ sii Ahenni Asa a ɛso sɛnea ebetumi afa nnipa 80. Ɔkorow bi mufo de wɔn ankasa atril, anaasɛ ɔkasafo pon, mae sɛ ntoboa, na kuw no mufo a wɔn ani agye no tratra benkyi pii so. Anigye bɛn ara na wonyae sɛɛ yi sɛ awiei koraa no wɔanya wɔn ankasa nhyiambea!
Asasesin pii da so wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ mu adwuma wɔ Amazon ne ne nsubɔnten a ɛbɛbobɔ mu no ho. Wɔn a wogye Makedonia ɔfrɛ no so “kɔka asɛmpa no” wɔ mmeae a ɛwɔ akyiri yi no nya nhyira kɛse. (Asomafo no nnwuma 16:9, 10) Mprempren El Refugio wɔ akwampaefo kuw foforo. Wɔn nso wɔwɔ ahotoso koraa sɛ Yehowa bɛkyerɛ wɔn kwan na wabɔ wɔn ho ban wɔ wɔn som kronn no mu.
[Asase Mfonini wɔ kratafa 25]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)
COLOMBIA
Leticia
PERU
Iquitos
Amazon
Marañón
Ucayali
BRAZIL
Tabatinga
[Mfonini wɔ kratafa 26]
Akwampaefo a wɔwɔ “El Refugio” mu no de nokware a ɛma nkwa brɛ nkurɔfo a wɔwɔ Amazon ho