Hena na Ɔkyerɛw Bible No?
AKYINNYEGYEFO ka sɛ, “Abirabɔ ayɛ Bible no mu ma. Wɔ ɛno akyi no, nnipa nyansapɛ wom. Enti, ɔkwan bɛn so na obi betumi agye Bible no atom sɛ asetra ho akwankyerɛ a wotumi de ho to so?”
So wo ne akyinnyegyefo no yɛ adwene sɛ Bible no nyɛ hwee sɛ nhoma a ɛda nnipa nsusuwii a ho atɔ kyima ara kwa adi? Asɔfo bi yɛ saa. Swiss Protestantfo nyamekyerɛfo Karl Barth a wawu no kyerɛwee wɔ ne Kirchliche Dogmatik (Asɔre Nkyerɛkyerɛ’) no mu sɛ: “Na adiyifo no ne asomafo no betumi ayɛ mfomso wɔ ɔkasa ne nhomakyerɛw mu.” Ampa, wobetumi ahu nsonsonoe ahorow wɔ sɛnea Bible akyerɛwfo a wɔn dodow boro biako kyerɛw asɛm bi a esii no mu. Na sɛ wɔhwɛ no aniani a, wobetumi ahu sɛ ɛte sɛ nea ɛsono nsɛm bi a wɔaka no koraa wɔ nea ɛwɔ Bible no mmeae afoforo ho. Nanso so eyi yɛ abirabɔ ankasa? So nnipa na wɔyɛɛ Bible no? Nokwarem no, hena na ɔkyerɛw Bible no?
Mmuae no yɛ tiawa: “Nnipa fi Nyankopɔn mu na wɔkasae.” Nanso ɔkwan bɛn so na wohuu nea ɛsɛ sɛ wɔka ne nea ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw? Ɔbarima a yɛafa n’asɛm aka mprempren a ɔne ɔsomafo Simon Petro no kɔ so kyerɛkyerɛ mu sɛ wɔkasae “sɛnea na honhom kronkron de wɔn rekɔ no.”—2 Petro 1:21, NW.
Nokwarem no, Bible no si so dua wɔ bere ne bere mu sɛ ɛyɛ “Onyankopɔn Asɛm.” Wɔ Dwom 119 no, wɔka asɛntitiriw yi ho asɛm mpɛn 176 wɔ ne nkyekyem 176 no nkutoo mu! Nea ɛma eyi ho hia titiriw ne sɛ nhoma akyerɛwfo ani taa gye ho sɛ wɔbɛma wɔahu sɛ wɔn na wɔakyerɛw nhoma pɔtee bi. Nanso nnipa a wɔkyerɛw Bible no nte saa. Na ɛsɛ sɛ wɔde nidi no nyinaa ma Onyankopɔn. Na ɛyɛ ne nhoma na ɛnyɛ wɔn de.—1 Tesalonikafo 2:13; 2 Samuel 23:2.
“Sɛnea Honhom Kronkron De Wɔn Rekɔ”—Ɔkwan Bɛn So?
Ɔkwan bɛn so na na “honhom kronkron de wɔn rekɔ”? Krataa bi a wɔkyerɛw kɔmaa afeha a edi kan Kristoni Timoteo ma mmuae sɛ: “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu.” ‘Efi Onyankopɔn home mu’ no kyerɛ Bible no Hela mfitiase asɛmfua a ɛne theoʹpeu·stos, a ɛkyerɛ ankasa sɛ “nea Onyankopɔn ahome” no ase. Onyankopɔn de n’adeyɛ tumi a aniwa nhu—ne honhom kronkron—no dii dwuma de “homee” ne nsusuwii ahorow guu akyerɛwfo no tirim. Enti Yehowa Nyankopɔn na Ɔkyerɛw Bible no na Ɔyɛe nso. Ne nsusuwii kyerɛɛ ne kyerɛw kwan te sɛ nea adwumawura bi de ɔkyerɛwfo di dwuma ma ɔkyerɛw nkrataa ma no no.—2 Timoteo 3:16.
Afei nso, adwene a ɛne sɛ “Onyankopɔn ahome” yi ne Bible mu asɛm a ɛne “honhom kronkron de wɔn rekɔ” no sɛ. Ɔkwan bɛn so? Wɔde wɔn ‘de rekɔ’ di dwuma wɔ Hela mu de ka po so ahyɛn a mframa pia no fa ɔkwan bi so no ho asɛm. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 27:15, 17 ho.) Enti sɛnea mframa bɔ na epia hyɛn bi a ɛnam nsu ani no, saa ara nso na Bible akyerɛwfo no susuw nneɛma ho, kasae, na wɔkyerɛw nsɛm wɔ Onyankopɔn nkɛntɛnso ase, na ne honhom kronkron no de wɔn kɔe bere a ‘ɔhome’ guu wɔn so no.
Nnipa a Onyankopɔn de Wɔn Dii Dwuma Ma Wɔkyerɛwee
Bible akyerɛwfo no ho nsɛm a wɔn ankasa kyerɛwee kakraa bi na yɛwɔ. Sɛ anka wobebu wɔn ho sɛ wɔn ho hia kɛse no, wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobedi Onyankopɔn ni bere nyinaa denam wɔn ho asɛm a wɔanka no kɛse no so. Nanso yenim sɛ aban mpanyimfo, atemmufo, adiyifo, ahene, nguanhwɛfo, akuafo, ne apopofo ka ho—nnipa bɛyɛ 40. Enti ɛwom sɛ Bible no yɛ nkrasɛm a efi Onyankopɔn hɔ de, nanso ekura nsɛm a ɛyɛ anigye na ɛsonosono na ɛfa nnipa ho ankasa.
Na Bible akyerɛwfo no mu pii nnim wɔn ho wɔn ho. Wɔantra ase mpo wɔ afeha biako mu na na ɛsono wɔn su ne wɔn osuahu ne wɔn asetra ne nhomanim nso. Nanso, sɛ na wɔyɛ mmofra anaasɛ mpanyin no, nea wɔkyerɛwee no da biakoyɛ a edi mu adi. Wɔde mfe bɛboro 1,600 na ɛkyerɛwee kosii sɛ awiei koraa no wɔkyerɛw nhoma no wiei. Bere a wode boasetɔ ayɛ nhwehwɛmu akyi no, wubehu sɛ nsɛm a Bible no ka no da biakoyɛ a ɛyɛ nwonwa adi. Enti Bible no da Ɔkyerɛwfo biako adwene adi, ɛwom sɛ wɔde akyerɛwfo pii na edii dwuma de.
So ɛnsɛ sɛ eyi ka yɛn ma “yɛde asoyɛ a ɛboro so tie” nhoma a ɛyɛ nwonwa a ɛne, Bible no? So yɛrentumi nnya adwene koro no ara a Petro nyae bere a ɔkyerɛwee eyi no: “Eyi nyinaa si adiyifo no nkrasɛm a eye sɛ yetie no yiye efisɛ ɛte sɛ kanea a ɛhyerɛn wɔ baabi a ɛhɔ yɛ sum no so dua ma yɛn”?—Hebrifo 2:1, NW; 2 Petro 1:19, The New English Bible.
Nanso afei asɛm a wɔka sɛ Bible no ne ne ho bɔ abira no nso ɛ? So ɛte saa? Woma mmuae dɛn?
[Adaka wɔ kratafa 4]
“Nhoma a ɛyɛ nwonwa bɛn ara ni! Nea ɛyɛ me nwonwa sen emu nsɛm no ne sɛnea ɛka nsɛm, faako a asɛmfua no dan yɛ te sɛ abɔde te sɛ dua, nhwiren, ɛpo, nsoromma, onipa ankasa. Efifi, ɛsen, ɛhyerɛn, ɛserew, obiara nnim nea enti, obiara nnim nea enti, obiara hu sɛ biribiara yɛ adebɔ mu ade koraa. Ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm ampa, sɛ wode toto nhoma afoforo a edi onipa nyansa nkutoo ho adanse ho a.”—Afeha 19 Germanni anwensɛm kyerɛwfo ne sɛnkyerɛwfo Heinrich Heine nsɛm a ɔkae wɔ Bible no ho?
[Mfonini wɔ kratafa 4]
Te sɛ nea mframa pia ahyɛn a ɛnam nsu so no, saa ara na Onyankopɔn honhom kronkron ‘de Bible akyerɛwfo no kɔe’