Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w87 8/1 kr. 3
  • So Nkɔmhyɛ Nyinaa Fi Onyankopɔn Hɔ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Nkɔmhyɛ Nyinaa Fi Onyankopɔn Hɔ?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Ne Nkɔmhyɛ?
  • Nkɔmhyɛ Atirimpɔw Ne Dɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • So Sɛnea Wosom no fa Ho?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nea Enti a Wubetumi De Wo Ho Ato Bible Nkɔmhyɛ So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nyamesom—Efii Ase Dɛn?
    Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
w87 8/1 kr. 3

So Nkɔmhyɛ Nyinaa Fi Onyankopɔn Hɔ?

“Ɛsɛ sɛ wonya Onyankopɔn ho adwene sɛ . . . ɔso dodo sɛ ɔbɛtra ɔsom biako pɛ mu, ɔbɛfa ɔkwan biako so, ma enti ɔyɛ nkurɔfo biako bi nkutoo de.” Saa na nyansapɛfo bi kyerɛwee wɔ The Guardian a ɛyɛ Nigeriafo atesɛm krataa bi mu. N’adwene ne sɛ Onyankopɔn daa Afrikafo tete ɔsom ahorow no adi ma ɛne Afrika tebea ahyia na osusuw sɛ ɔde ɔsom akɛse afoforo no mae ma ɛne mpɔtam hɔ nsɛm tebea horow ahyia.

Wɔn a wodi atetesɛm akyi no bu Kristosom sɛ ɛyɛ Europafo som na wobu atetesɛm mu nkɔmhyɛfo sɛ wɔyɛ adiyifo ankasa Krataa bi a wɔkyerɛw kɔmaa Nigeriafo atesɛm krataa Daily Times no kae sɛ: “Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no da ne ho adi wɔ akwan horow so kyerɛ nnipa ahorow ahorow . . . Wiase anyansafo nwiinwii sɛ Opumpuni no reda ne ho adi mprempren wɔ Afrika.” Ebinom susuw mpo sɛ anidaso wɔ hɔ sɛ wobenya odiyifo bi a ofi Afrika, obi te sɛ Yesu ne, sɛnea ebinom ka no, te sɛ Muhammad.

Saa nsusuwii ahorow yi ma nsemmisa te sɛ eyinom sɔre: So nkɔmhyɛ nyinaa fi Onyankopɔn hɔ? So ɔno na ɔde nyamesom mu adwen horow a apaapae wiase no mu no mae? So ɔwɔ nyamesom mu ahwehwɛde ahorow a ɛsonosonoe ma mmusua ahorow ahorow? Anaasɛ so nokware ne atoro adiyifo, ne nokware ne atoro som wɔ hɔ? Dɛn ne nkɔmhyɛ ankasa, na n’atirimpɔw ne dɛn?

Dɛn Ne Nkɔmhyɛ?

Webster’s Ninth New Collegiate Dictionary kyerɛkyerɛ nkɔmhyɛ ase sɛ “ɔsoro apɛde ne atirimpɔw a wogyina honhom so ka 2: odiyifo bi nsɛm a efi honhom mu a ɔka 3: biribi a ebesi ho asɛm a wɔka sie.” Eyi kyerɛ sɛ wobetumi anya nkɔmhyɛ afi mmeae ahorow pii.

Bere a nyamesom ho adesua mu ɔbenfo bi a ɔwɔ sukuupɔn bi mu a wɔfrɛ no E. Bolaji Idowu rekasa ama tete som ahorow no, ɔka “Onyankopɔn a ɔwɔ afã pii ho adwene wɔ Afrika” ho asɛm. Ne nhoma a wɔfrɛ no African Traditional Religion no kyerɛkyerɛ mu sɛ eyi “taa nya ɛso duasi fi asetra nhyehyɛe ne nneyɛe ahorow no mu.” Sɛ nhwɛso no, ɔka sɛ “bere a wɔ Afrika mmeae horow pii no, wosusuw Onyankopɔn ho sɛ ɔyɛ ɔbarima no, mmeae afoforo wɔ hɔ [titiriw no baabi a mmea di mmusua ti no] a wobu no sɛ ɔyɛ ɔbea.” Eyi kyerɛ sɛ nyamesom mu adwene horow a ɛtete sɛɛ no fi onipa nsusuwii ne nea ohu mu mmom sen sɛ ɛbɛyɛ nea efi nea wofi ɔsoro da no adi mu.​—Fa toto Romafo 1:19-23 ho.

Atetesɛm mu nkɔmhyɛ ahorow no nna nokware Nyankopɔn no su anaasɛ ne pɛ ne n’atirimpɔw adi. Nea wodi ho dwuma titiriw ne akyide ne amanne a wɔn “anyame” no hwehwɛ. Wɔn nkɔmhyɛ ahorow no gyina ahonhonsɛmdi ho nimdeɛ ne abosonkɔm so. Emfi Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn a nokware nkɔmhyɛ fi ne home mu no hɔ.​—2 Petro 1:20, 21; Deuteronomium 13:1-5; 18:20-22.

Ɛnde na dɛn ne nkɔmhyɛ ahorow a ɛte sɛɛ no fibea? Yɛsrɛ wo, kenkan asɛm a edi hɔ yi na woanya asemmisa yi ne afoforo a wobisae wɔ saa asɛm a yɛasusuw ho yi mfiase hɔ no ho mmuae.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena