Nokware Som Ano Safe
WƆ AFEHA a ɛto so 20 yi mu no, nnipa pii ka sɛ wɔyɛ Kristofo sen bere foforo biara. Nanso saa afeha yi ayɛ nea ɔhaw wom sen biara wɔ adesamma abakɔsɛm mu. Dɛn na ɛde abirabɔ yi aba?
Ade biako ne sɛ, nnipa pii mmfa wɔn som aniberesɛm. Wɔ wɔn fam no, Kristosom yɛ ade a ɛho nhia titiriw biara, ɛnyɛ biribi a ɛwɔ tumi wɔ wɔn asetra so. Bio nso, wɔn a wɔfa wɔn som aniberesɛm no gye gyidi ahorow pii a ɛbɔ ne ho abira ne abrabɔ gyinapɛn ahorow a ɛne ne ho nhyia mpo tom. Na ɔman, abusua ne sikasɛm nhyehyɛe ahorow ama wɔn mu apaapae. Nea ɛka ho bio no, wɔayɛ wɔn ho wɔn ho ayayade, wɔataa wɔn ho wɔn ho, wɔne wɔn ho wɔn ho edi ako, na wɔakunkum wɔn ho wɔn ho. Enti, ɔko akɛse abien a ɛsen biara wɔ abakɔsɛm mu no yɛ nea ɛkɔɔ so wɔ “Kristofo” aman no ntam titiriw.
Dɛn na yebetumi aka wɔ eyi mu? Sɛ́ ebia ɛnyɛ ‘Kristosom ne nokware som no anaasɛ nsonsonoe kɛse da ka a obi ka ara kwa sɛ ɔyɛ Kristoni ne yɛ a obi yɛ bi ankasa no ntam. Sɛnea Yesu Kristo a ɔno na ɔde Kristosom sii hɔ kyerɛ no, asɛm a ɛto so abien no ne nokware. Bere bi ɔkaa nnipa bi a wɔbɛfrɛ no “Awurade, Awurade” ho asɛm. Nea ɛkyerɛ ne sɛ, wɔbɛka sɛ wɔyɛ Kristofo a wogye Yesu tom sɛ wɔn Awurade. Na wɔbɛyɛ wɔn a wonni adagyew koraa a ɛte sɛ nea wɔreyɛ adwuma titiriw bi wɔ ne din mu. Nanso Yesu bɛka akyerɛ wɔn sɛ: “Minhuu mo da, mumfi me so nkɔ, mo a moyɛ nea ɛnteɛ!”—Mateo 7:22, 23.
Ampa, yɛn mu biara nni hɔ a ɔpɛ sɛ ɔkɔ saa tebea no mu!. Enti yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ yɛyɛ Kristofo ankasa anaasɛ yɛnyɛ bi? So nokware som ano safe wɔ hɔ?
Safe No
Yiw, ebi wɔ hɔ. Ɛwom, Kristosom fa nneɛma pii ho. Sɛ nhwɛso no, ɛsɛ sɛ obi a ɔyɛ Kristoni ankasa no nya Onyankopɔn mu gyidi a ɛyɛ den, efisɛ “gyidi nnim a, obi ntumi nsɔ [Onyankopɔn] ani.” (Hebrifo 11:6) Ɛsɛ sɛ ɔyɛ nnwuma a ɛteɛ nso. Osuani Yakobo bɔɔ kɔkɔ sɛ “gyidi a nnwuma nni mu awu.” (Yakobo 2:26) Bio nso, ɔsomafo Paulo sii hia a ɛho hia sɛ obenya “[Onyankopɔn] pɛ ho nimdeɛ a ɛyɛ pɛpɛɛpɛ . . . nyansa nyinaa ne honhom mu ohu” so dua. (Kolosefo 1:9) Nanso ɛnyɛ eyinom mu biara na ɛma wonya Kristosom ano safe no.
Asɛm no ne sɛ, ebia ɛbɛyɛ nea yɛwɔ Bible mu nimdeɛ a eye ne gyidi a ɛyɛ den a yɛyere yɛn ho wɔ nnwuma pa mu, nanso yɛyɛ asuasua Kristofo ara kwa. Ɔkwan bɛn so na ebetumi aba saa? Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛ mede nnipa ne abɔfo tɛkrɛma mekasa, na minni dɔ a, na mete sɛ ayowa a egyigye anaa dɔn a ɛwosow. Na sɛ mewɔ adiyisɛnka, na minim ahintasɛm nyinaa ne nimdeɛ nyinaa, na mewɔ gyidi nyinaa ma mitutu mmepɔw, na minni dɔ a, memfra. Na sɛ meporow m’ade nyinaa mema ahiafo na mede me nipadua mema sɛ wɔnhyew, na minni dɔ a, merennya ho mfaso.”—1 Korintofo 13:1-3.
Yiw, nokware som ano safe no ne hu a wubehu sɛ ɛyɛ nea egyina ɔdɔ ankasa so no. Yɛn gyidi, nnwuma pa, ne nokware nimdeɛ no nso ho hia, yɛrentumi nyi mfi mu. Nanso sɛ yɛamfa anni dwuma wɔ ɔdɔ mu a, sɛnea yenim no, ɛrenyɛ nea mfaso kɛse wɔ so. Dɛn ntia? Dɛn na ɛma ɔdɔ yɛ nea ɛho hia titiriw saa?