Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w86 3/1 kr. 10-15
  • Hiob Mudi Mu Kura No​—Dɛn Nti Na Ɛyɛ Nwonwa Saa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hiob Mudi Mu Kura No​—Dɛn Nti Na Ɛyɛ Nwonwa Saa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Hiob Nimdeɛ A Na Ɛnnɔɔso
  • Ɔsɛmpɔw A Ɛfa Hiob Mudi Mu Kura Ho No
  • Ntua Foforo
  • Hiob Anoyi Ne Ne Nteɛso
  • “Merennyaa Me Mũdi Mu Da!”
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Hiob Gyinaa Mu—Yɛn Nso Yebetumi Ayɛ Saa Ara!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Hiob Yii Yehowa Din Ayɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Hiob Nhoma no mu Nsɛntitiriw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
w86 3/1 kr. 10-15

Hiob Mudi Mu Kura No​—Dɛn Nti Na Ɛyɛ Nwonwa Saa?

“Meremma wonyi me mudi mfi me ho de bɛkɔ akosi sɛ megyaa mu.”​—HIOB 27:5.

1. Na hena ne Hiob na yɛyɛ dɛn hu sɛ na ɔyɛ onipa ankasa?

NÁ HIOB yɛ onipa a ɔda nsow wɔ abakɔsɛm mu. Na ɛnyɛ sɛ ɔwɔ ahonyade bebree nko, na mmom na wobu no sɛ ɔtemmufo ne ɔkannifo mmɔborohunufo nso. Bible no se, ‘ɔbɛyɛɛ obi a na ɔso sen apueifo nyinaa.’ (Hiob 1:3; 29:12-25) Wobuu no sɛ ɔtreneeni kaa Noa ne Daniel ho. (Hesekiel 14:14, 20) Bible no ka ne ho asɛm nso sɛ ɔyɛɛ nhwɛso a ɛsɛ sɛ Kristofo di akyi, na ɛnam saa yɛ so kyerɛ sɛ na ɔyɛ abakɔsɛm mu onipa ankasa.​—Yakobo 5:11.

2. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu bere a Satan sɔɔ Hiob hwɛe no?

2 Hiob traa ase wɔ Us asase so, wɔ faako a nnɛ wɔfrɛ no Arabia no. Ɛwom sɛ na ɔnyɛ Israelni de, nanso na Hiob yɛ obi a ɔsom Yehowa, biribi a Yehowa twee Satan adwene sii so no. Onyankopɔn asɛm a ɔkae a ɛne sɛ “Obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno asase no so, ɔbarima a odi mu na ɔteɛ” no da no adi sɛ na Onyankopɔn somfo titiriw biara nni hɔ a na ɔte ase saa bere no ka ne ho. (Hiob 1:8) Enti ɛbɛyɛ sɛ Satan sɔɔ Hiob hwɛe wɔ bere a na ne nuanom a wɔyɛ ne nananom asefo a wɔne Israelfo no wɔ nkoasom mu wɔ Misraim no​—wɔ mfe bi a na edi mudi mu kurafo titiriw, Yosef wu akyi wɔ 1657 A.Y.B. mu, ne ansa na Mose refa ne mudi mu kura kwan no so no mu.

3. Hena na ɔkyerɛw Hiob nhoma no, na dɛn nti na ne nsa tumi kaa nsɛm no?

3 Ɛda adi sɛ Mose na ɔkyerɛw Hiob nhoma no. Na ebetumi aba sɛ ɔtee Hiob sohwɛ no ho asɛm bere a wohyɛɛ no ma ofii Misraim wɔ 1553 A.Y.B. mu kɔtraa Midian a na ɛbɛn Us no akyi no. (Exodus 2:15-25; Asomafo no Nnwuma 7:23-30) Wɔ saa bere no mu no, na mfirihyia 140 a Yehowa de hyiraa Hiob no abɛn n’awiei. (Hiob 42:16) Akyiri yi, bere a Israelfo no bɛnee Us wɔ ɛrekɔ wɔn sare so akwantu no awiei no, na Mose betumi ate Hiob mfe a etwa to wɔ n’asetra mu ne ne wu ho asɛm.

Hiob Nimdeɛ A Na Ɛnnɔɔso

4. (a) Ɛda adi sɛ Hiob nyaa Yehowa ho nimdeɛ a na ɔwɔ no fii he, na dɛn nti na akyinnye biara nni ho sɛ na ɔne Abraham ne Isak asefo di nkitaho? (b) Ɔkwan bɛn so na Hiob bɛyɛɛ obi a otumi kuraa ne mudi mu wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so?

4 Bere a wɔsɔɔ Hiob hwɛe no, na Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ho nimdeɛ a ɔwɔ no sua, efisɛ na Bible no afã biara nni hɔ a wɔakyerɛw. Nanso, na Hiob nim di a Yehowa ne Abraham, Isak, Yakob ne Yosef dii no ho biribi. Eyi te saa efisɛ ɛda adi sɛ na Hiob yɛ Abraham nuabarima Nahor aseni denam n’abakan Us so. Bio nso, na Us nuabarima ne Betuel, Isak yere Rebeka n’agya no, na na Yosef yɛ ne nanankansowa. (Genesis 22: 20-23) Akyinnye biara nni ho sɛ Hiob buu nkitaho a Yehowa ne Abraham ne n’asefo dii no ho nimdeɛ biara a na ɔwɔ no sɛ ɛsom bo, na na ɛyɛ ne pɛ sɛ ɔbɛsɔ Yehowa ani. Enti Hiob bɛyɛɛ obi a okuraa ne mudi mu wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so, ɔbarima a na odi mu a ɔde ne ho maa Yehowa koraa.

5. Dɛn titiriw na ɛma Hiob mudi mu kura no yɛ nwonwa?

5 Bere a Yosef wui wɔ Misraim akyi bere tiaa bi no, Hiob mudi mu kura no bɛyɛɛ asɛm a Yehowa Nyankopɔn ne Satan gyee ho kyim wɔ ɔsoro a aniwa nhu hɔ no. Nanso na Hiob nnim akyinnyegye a ɛfa ne mudi mu kura ho no ho hwee. Na ɛyɛ nim a na Hiob nnim nea enti a ɔrehu amane no ho hwee no na ɛma ne mudi mu a wannyae no yɛ nwonwa no. Nanso sɛnea ɛbɛyɛ a ɛho bɛba Onyankopɔn asomfo a wɔbɛba akyiri yi nyinaa mfaso no, Yehowa maa Mose kyerɛw akyinnyegye a na ɛfa Hiob mudi mu kura ho no too hɔ.

Ɔsɛmpɔw A Ɛfa Hiob Mudi Mu Kura Ho No

6. (a) Ɔkwan bɛn so na nhyiam bi a wɔyɛe wɔ soro daa ɔsɛmpɔw bi a ɛda Onyankopɔn ne Satan ntam no adi? (b) Bere bɛn na ɔsɛmpɔw yi fii ase, na na dɛn na ɛka ho?

6 Hiob nhoma no ma yehu faako a aniwa ntumi nhu hɔ no, na wama yɛahu abɔfo a wobehyiaam wɔ Yehowa Nyankopɔn anim no. Wɔ hɔ no, Yehowa kaee Satan a ɔno nso wɔ hɔ bi no sɛ “obiara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno [Hiob] asase no so, ɔbarima a odi mu na ɔteɛ, osuro Onyankopɔn, na oyi ne ho fi bɔne ho.” (Hiob 1:8) Ɛda adi pefee sɛ ɔsɛmpɔw bi wɔ hɔ a, ɛfa Hiob mudi mu kura no ho. Nanso ɛnyɛ nea ɛyɛ foforo. Ɔsɛmpɔw no daa adi bere a Satan dan Adam ne Hawa fii Onyankopɔn ho na ɔnam saa yɛ so kae sɛ: ‘Wo de ma me ho kwan, na metumi adan obiara a ɔsom wo afi wo ho’ no.​—Genesis 3:1-6.

7. Nkyerɛkyerɛmu ahorow bɛn na Satan de mae wɔ Hiob mudi mu kura no ho, na mpoa bɛn na otwaa Onyankopɔn?

7 Afei, esiane sɛ Satan wɔ nhyiam a wɔyɛe wɔ soro yi ase nti, eyi kaa no ma ɔde nkyerɛkyerɛmu mae wɔ Hiob mudi mu kura no ho. “So ɔkwa ara na Hiob suro Onyankopɔn no? So ɛnyɛ wo na woabɔ ɔno ne ne fi ne ade a ɔwɔ nyinaa ho ban ahyia? . . . Afei, teɛ wo nsa ka nea ɔwɔ nyinaa hwɛ, sɛ ɔrennome anaa,” saa na Satan twaa mpoa.​—Hiob 1:9-11.

8. (a) Yehowa dii Satan mpoatwa no ho dwuma dɛn? (b) Ɔhaw ahorow a emu yɛ den bɛn na Satan de baa Hiob so?

8 Yehowa ma Satan mpoatwa no ho kwan. Ɔwɔ Hiob mudi mu kura mu ahotoso na obua Satan sɛ: “Hwɛ, nea ɔwɔ nyinaa wɔ wo nsam, na ɔno ankasa de, mfa wo nsa nka no.” (Hiob 1:12) Satan yɛ ade tia Hiob ntɛm ara. Sabafo bɛkyeree Hiob anantwi 1,000 ne mfurum abere 500 kɔe na wokunkum wɔn a wɔhwɛ wɔn so no nyinaa ma ɛkaa obiako pɛ. Nea edi bɔ no, Satan ma ogya fi soro bɛhyew Hiob nguan 7,000 ne wɔn a wɔhwɛ wɔn no ma ɛka wɔn mu biako pɛ. Afei Satan ma Kaldeafo akuw abiɛsa bɛkyere Hiob yoma 3,000 kɔ na wokunkum wɔn a wɔhwɛ wɔn no nyinaa gye obiako pɛ. Awiei koraa no, Satan ma mframa kɛse bi bɔ ofi a Hiob mma du retow pon wom no na wɔn nyinaa wuwu. Akyiri yi wɔn a wonya nkwa wɔ asiane ahorow yi mu no toatoa so bɛka nsɛm a ɛyɛ hu no kyerɛ Hiob ntɛm ara.​—Hiob 1:13-19.

9. Dɛn na ɛmaa amanehunu ahorow a Hiob hyiae no ano gyina yɛɛ den titiriw, nanso Hiob dii ho dwuma dɛn?

9 Amanehunu bɛn ara ni! Sɛ na Hiob nim nea ɔma ɛbaa saa mpo a, anka ɛbɛyɛ den sɛ obegyina ano. Nanso onnim. Onnim sɛ na ɔyɛ obi a wɔregye ne ho kyim wɔ soro ne sɛ, na Yehowa de no redi dwuma de akyerɛ sɛ nkurɔfo wɔ hɔ a wobekura wɔn mudi mu wɔ amanehunu a ɛnteɛ a ebia Satan de bɛba wɔn so no nyinaa mu. Nanso bere a ɔredi awerɛhow na ɔresusuw mpo sɛ, wɔ ɔkwan bi so no, Onyankopɔn na wama wahwere ne nneɛma no, Hiob ka sɛ: “[Yehowa] de mae, na [Yehowa] afa, [Yehowa] din na nhyira nka no.” Yiw, “eyi nyinaa mu no, Hiob anyɛ bɔne, na wammu asɛm a enni aso amma Onyankopɔn.”​—Hiob 1:20-22.

10. (a) Ade foforo bɛn na Satan bisaa ho kwan a ɛfa Hiob ho, na na dɛn nti na Yehowa pene so sɛ ɔbɛma eyi ho kwan? (b) Dɛn na awerɛhow tebea a Hiob kɔɔ mu no ma ɛbae?

10 Hwɛ animguase ara a ɛyɛ ma Satan sɛ Yehowa kaee no wɔ ɔsoro abɔfo nhyiam foforo ase sɛ: “Nanso ɔda so ara kura ne mudi no mu ara”! Nanso Satan ampa abaw. Afei otwa mpoa sɛ, sɛ wɔma no kwan ma ɔka Hiob honam a, ɔbɛdome Onyankopɔn. Esiane sɛ Yehowa wɔ Hiob mudi mu kura mu ahotoso wɔ eyi mpo mu nti, ɔmaa Satan kwan, na mmom ɔbɔɔ no kɔkɔ sɛ onnkum Hiob. Enti Satan ‘de akuru bɔne kɔtotow Hiob fi ne nan ase kosii ne mpampam.’ (Hiob 2:1-8) Hiob kɔɔ tebea a ɛyɛ hu ne awerɛhow kɛse mu araa ma n’abusuafo ne ne nnamfo twee wɔn ho fii ne ho na ne kan ayɔnkofo dii ne ho fɛw.​—Hiob 12:4; 17:6; 19:13-19; 30:1, 10-12.

11. Ɔhaw foforo bɛn na na ɛsɛ sɛ Hiob gyina ano, na dɛn na ɛma ne mudi mu kura wɔ ɔhaw ahorow no nyinaa mu no yɛ nwonwa saa?

11 Afei asɛnnennen foforo sɔre! Hiob yere gyidi yɛ mmerɛw. Ɔka kyerɛ no sɛ: “Woda so ara kura wo mudi no mu ara? Dome Onyankopɔn, na wu!” Nanso ɔka kyerɛ no sɛ: “Sɛ mmea nnyennyentwi no mu bi kasa na wokasa yi. Yɛagye Onyankopɔn hɔ adepa, na adebɔne na yɛrennye anaa?” Sɛnea kyerɛwtohɔ no ka no, ‘Eyi nyinaa mu no Hiob amfa n’ano anyɛ bɔne.’ (Hiob 2:9, 10) Na sɛ wokae sɛ na Hiob nnim nea enti a ɔrehu amane no ho hwee a, ɛnde hwɛ sɛnea ne mudi mu kura no yɛ nwonwa ampa!

Ntua Foforo

12. (a) Henanom ne mmarima a wɔkɔe sɛ wɔkɔkyekye Hiob werɛ no? (b) Ɔkwan bɛn so na Satan de saa mmarima yi dii dwuma de sɔɔ Hiob hwɛe bio?

12 Nanso Satan nwiei ɛ. Ɔma mmarima a wosusuw sɛ wɔyɛ anyansafo baasa, a ebia na wonim Hiob ankasa anaasɛ wɔate din a wagye sɛ ‘ɔbarima a ɔso sen apueifo nyinaa’ no ho asɛm ba. Ɛda adi sɛ na wɔanyinyin sen Hiob. (Hiob 1:3; 15:10; 32:6) Wɔn mu baanu yɛ abusuafo. Temanni Elifas yɛ Abraham aseni denam Teman a na ɔyɛ Esau nenabarima no so, na Suhini Bildad yɛ Abraham aseni denam ne babarima Sua so. (Hiob 2:11; Genesis 36:15; 25:2) Abusua a Sofar fi mu yɛ nea yentumi nhu ankasa. Ɛda adi sɛ saa nnamfo baasa yi kɔe sɛ wɔkɔkyekye Hiob werɛ nanso, wɔ nokwarem no, Satan de wɔn dii dwuma de bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma Hiob agyaa ne mudi mu. Te sɛ amammuifo a wɔyɛ nhwehwɛmu a wɔyɛ wɔn ho sɛ wɔyɛ nnamfo nanso wɔsɛe nneduafo nokwaredi na wɔma wɔsɔre tia wɔn ankasa nniso ahorow no, saa ara na Satan hwɛɛ kwan sɛ ‘n’awerɛkyekyefo’ no bɛma Hiob asɔre atia Onyankopɔn.​—Hiob 16:2, 3.

13. (a) Dɛn na Hiob nsrahwɛfo no yɛe bere a wodui no? (b) Bere a ɔkasa no fii ase no, ɛkɔɔ so dɛn?

13 Bere a wodui no, nsrahwɛfo baasa no traa ase komm nnanson adekyee ne adesae a na wɔrehwɛ yaw kɛse a Hiob redi ne brɛ a wɔabrɛ n’ase kɛse no. (Hiob 2:12, 13) Ɛda adi sɛ awiei koraa no, Elifas a na wanyin sen wɔn nyinaa no di kan kasa na ɛma wonya asɛm a ɛbɛyɛɛ nea wogyee ho kyim mprɛnsa no asɛmti ankasa no. Elifas ɔkasa no ne n’ayɔnkofo baasa no de a edi akyi no yɛ nea wɔde kasa tia no kɛse. Bere a Hiob anototofo no mu biara akasa awie kyi no, ɔno nso de mmuae ma na oyi ne ho ano wɔ wɔn nsɛm no ho. Sofar annya akyinnye a ɛto so abiɛsa a wogyee no mu kyɛfa, na na ɛda adi sɛ ɔtee nka sɛ asɛm biara nni hɔ a obetumi aka bio. Enti Sofar ma ɔkasa ahorow abien na Elifas ne Bildad mu biara ma abiɛsa.

14. Nsɛm bɛn na nnipa baasa no ka de tiaa Hiob na ɔkwan bɛn so na Satan de Yesu faa ɔkwan a ɛte saa ara so?

14 Na Elifas ɔkasa no wowaree na ɔkwan bi so no, na ɔkasatia nni mu pii. Na ɔkasatia wɔ Bildad de no mu kɛse na na Sofar de no sen ne nyinaa. Na wɔnam anifere kwan so asiesie wɔn nsɛm no sɛnea ɛbɛyɛ a ebetumi adi Satan atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛma Hiob agyaa ne mudi mu no ho dwuma. Wɔkaa nokwasɛm ankasa ho asɛm nanso tebea a wɔde dii ho dwuma ne nea wɔde kaa ho asɛm no ne no nhyia. Satan de Yesu faa ɔkwan a ɛte saa ara so. Bere a ɔrefa kyerɛwsɛm a ese Onyankopɔn abɔfo bɛbɔ ne somfo ho ban na wɔampira no no aka no, Satan ka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔnna ne ho adi sɛ ɔyɛ Onyankopɔn ba denam ne ho a ɔbɛtow afi asɔrefi no atifi akyene fam no so. (Mateo 4:5-7; Dwom 91:11, 12) Hiob hyiaa Satan nsusuwii a ɛte saa ara bere tenten.

15. Dɛn na Elifas kae sɛ ɛno na ɛde Hiob ɔhaw ahorow no aba?

15 Wɔ ne kasa a edi kan no mu no, Elifas kae sɛ Hiob ɔhaw ahorow no yɛ ne bɔne ho akatua a efi Onyankopɔn hɔ. Obisae sɛ, “Hena na ɔnyɛɛ bɔne bi na wɔasɛe no pɛn. Manya nhui sɛ wɔn a wɔfɛntɛm amumɔyɛ na wogu mmusu no, ɛno ara na wotwa.” (Hiob 4:7, 8) Elifas retoa so no, ɔkae sɛ Onyankopɔn mfa ne ho nto n’asomfo so. Elifas kae sɛ, “Ne nkoa po, ɔmfa ne ho nto wɔn so, na n’abɔfo no, obu wɔn sɛ wɔtɔ mu; na mene wɔn a wɔte dɔte adan mu.”​—Hiob 4:18, 19.

16. Ɔkwan bɛn so na Bildad toaa Elifas ɔkasatia no so, na mfatoho a enye bɛn na ɔde dii dwuma?

16 Bildad toaa ɔkasatia no so. Ɔkae sɛ, “Sɛ wo ho tew na woteɛ a, ampa ara, ɔbɛkanyan ne ho ama wo, na wama wo trenee trabea adi yiye.” Bildad ka sɛ nkyɛkyerɛ ne mmɛw kisa na ewu bere a ennya nsu no, na ɔde ba awiei wɔ nokwarem sɛ “wɔn a wɔn werɛ fi Nyankopɔn nyinaa” nso bɛyɛ saa ara. Nanso hwɛ mfomso ara a odii sɛ ɔde saa mfatoho yi dii dwuma wɔ Hiob ho na ɔde kaa ho sɛ, “Na awaefo anidaso bɛyera”!​—Hiob 8:6, 11-13, NW.

17. Nsɛm a enye bɛn na Sofar kae?

17 Sofar nsɛm a ɔkae no yɛ nea na enye koraa. Nea asɛm a ɔkae no kyerɛ ne sɛ, ‘Oo, anka Onyankopɔn bɛkasa na waka nea osusuw akyerɛ wo ɛ! Onyankopɔn nim nea woayɛ. Ɔde asotwe a ennu nea ɛfata wo na ɛrema wo. Gyae wo bɔne no na gyaw w’amumɔyɛ nyinaa, na ɛno ansa na wubenya ahobammɔ ne nnamfo pii.’​—Hiob 11:4-6, 14-20.

18. Wɔ akyinnyegye a ɛto so abien no mu no, ɔkwan bɛn so na nnipa baasa no toaa kasa a wɔkasa tiaa Hiob no so?

18 Wɔ akyinnyegye a ɛto so abien no mu no, Elifas toa Hiob mudi mu kura ho ɔkasatia no so. ‘Ɛdɛn, abɔfo mpo Onyankopɔn mfa ne ho nto wɔn so na mene obi a ɔba fam te sɛ wo. Ɔbɔnefo hu amane bere nyinaa.’ (Hiob 15:14-16, 20) Bildad a sɔre a Hiob sɔre tia nea wɔka no denneennen ama ne bo afuw no ka sɛ: ‘Wo kanea bedum. Owu bɛtetew wo mu na wo nkae nyinaa bɛyera. Ɛno ne nea ɛba wɔn a wɔn werɛ fi Onyankopɔn so.’ (Hiob 18:5, 12, 13, 17-21) Sofar a ɔreka yiye a Hiob dii kan no ho asɛm no bisa sɛ: ‘So wunnim sɛ amumɔyɛfo ahurusidi nkyɛ na ɔwaefo anigye yɛ bere tiaa bi? Ɔsoro da abɔnefo amumɔyɛ adi.’​—Hiob 20:4, 5, 26-29.

19. (a) Sɛnea Elifas kyerɛ no, Onyankopɔn bu onipa mudi mu kura sɛ ɛsom bo dɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na Bildad de nsɛm a wɔka tiaa Hiob no baa awiei?

19 Bere a Elifas refi akyinnyegye a ɛto so abiɛsa no ase no, obisa sɛ: ‘So onipa bi betumi asom bo ama Onyankopɔn? Sɛ woyɛ obi a ne ho nni asɛm mpo a, so ɛno ho bɛba Onyankopɔn mfaso?’ Ɔka sɛ ‘San kɔ Onyankopɔn nkyɛn na ma wo nsɛm nteɛ. Ɛno ansa na ɔbɛsan ama wo so.’ (Hiob 22:2, 3, 21-23) Bildad de ɔkasatia no ba awiei. Obisa sɛ, ‘Hena na obetumi ahoahoa ne ho wɔ asase so sɛ ne ho tew? Onyankopɔn yɛ onuonyamfo kɛse a ɔsram ne nsoromma mpo nyɛ hwee mma no. Na mene onipa a ɔba fam, a ɔte sɛ aboawa wɔ n’ani so no!’​—Hiob 25:2-6.

Hiob Anoyi Ne Ne Nteɛso

20. (a) Ɔkwan bɛn so na Hiob buaa asɛm a ɛne sɛ amanehunu yɛ bɔne ho asotwe a efi Onyankopɔn hɔ no? (b) Na Hiob abɔ ne tirim dɛn, na yɛyɛ dɛn ahu sɛ na ne mudi mu kura no ho hia Onyankopɔn?

20 Wɔ Hiob amanehunu kɛse yi nyinaa akyi no, wannye n’ataafo no nnaadaasɛm no antom da. Sɛ amanehunu yɛ bɔne ho asotwe a efi Onyankopɔn hɔ a, obisa sɛ: “Adɛn nti na abɔnefo nya nkwa? Wonyin kyɛ, na wɔyɛ ahoɔdenfo akɛse nso?” (Hiob 21:7-13) Na nea ɛne nea Hiob anototofo no ka bɔ abira no, mudi mu kurafo a wɔma Yehowa nya asɛm bua Satan ahohora a ɔbɔ sɛ obetumi ama obiara adan afi Onyankopɔn som ho no som bo ma no. (Mmebusɛm 27:11; Dwom 41:12) Hiob wɔ n’ankasa mudi mu kura mu ahotoso, ɔka sɛ: “Meremma wonyi me mudi mfi me ho de bɛkɔ akosi sɛ megyaa mu.” (Hiob 27:5) Dabi, ɔnyɛɛ biribi a enti ɛsɛ sɛ ɛno ba ne so.

21. Dɛn na Elihu ka kyerɛɛ Hiob atoro awerɛkyekyefo no, na nteɛso a ehia bɛn na ɔde maa Hiob?

21 Aberantewaa Elihu ayɛ aso retie akyinnyegye tenten yi mu nsɛm nyinaa. Afei ɔkasa na ɔka kyerɛ Hiob atoro awerɛkyekyefo no sɛ biribiara nni hɔ a wɔaka a ama ada adi sɛ Hiob yɛ ɔbɔnefo. (Hiob 32:11, 12) Afei bere a Elihu adan n’ani akyerɛ Hiob no, ose: “Mate wo nsɛm sɛ wuse: Me de, me ho tew, mmarato nni me ho; me ho yɛ tɔtorotɔɔ, amumɔyɛ bi nni me ho. Hwɛ, ohu atutuw nsɛm wɔ me ho, obu me sɛ ne tamfo . . . Eyi mu na wonteɛ.” (Hiob 33:8-13; 6:29; 13:24, 27; 19:6-8) Yiw, na Hiob susuw n’ankasa mudi mu a okura no ho a ɔbɛtew ho kɛse dodo. Nanso wɔ bere koro no ara mu no, wammu Onyankopɔn fɔ na saa ara na anyɛ nea wannya ahotoso sɛ Onyankopɔn bɛyɛ nea ɛteɛ.

22. (a) Bere a Hiob atie Onyankopɔn akyi no, mmuae bɛn na ɔde mae? (b) Dɛn na na Onyankopɔn hwehwɛ afi Hiob atoro awerɛkyekyefo no hɔ, na dɛn na awiei koraa no efii mu ba maa Hiob?

22 Ahum fi ase sɛ ɛretu bere a Elihu wiee ne kasa no na Yehowa ankasa fi ahum no mu kasa sɛ: “Hena ne nea obiri afotu ani, nsɛm a emu nni nimdeɛ mu yi? Bɔ w’asen sɛ ɔbarima . . . na mimmisa wo na kyerɛ me.” Bere a Hiob atie Yehowa awie akyi no, ogye tom sɛ ɔkasaa ntɛmntɛm a na ɔnte nneɛma ase, na onu ne ho “dɔte ne nso mu.” Afei Yehowa kasa tia Elifas ne ne mfɛfo baanu no na ɔka kyerɛ Hiob sɛ ɔnsrɛ bɔne fafiri mma wɔn. Wɔ ɛno akyi no, Hiob ho san yɛɛ no den na wɔde mmabarima baason ne mmabea a wɔn ho yɛ fɛ baasa ne nyɛmmoa a na ɔwɔ kan no mmɔho abien hyiraa no. Hiob san traa ase mfirihyia 140 na owui a “na wabɔ akora, na wadi nna amee.”​—Hiob 38:1-4; 42:1-17.

23. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Hiob mudi mu kura no ka yɛn?

23 Ampa Hiob yɛ obi a okuraa ne mudi mu ma ɛyɛɛ nwonwa! Na ɔkwan biara nni hɔ a ɔbɛfa so ahu sɛ na wɔrema wayɛ obi a Satan mpoatwa bɔne no fa no ho. Eyi ma ne mudi mu kura no da adi kɛse efisɛ ɛwom mpo sɛ na ogye di sɛ n’amanehunu no nyinaa fi Onyankopɔn de, nanso wampa Onyankopɔn, na wannome no nso. Asuade bɛn ara na ɛyɛ ma yɛn sɛɛ yi sɛ yenim faako a yɛn mudi mu kura ho sɔhwɛ ahorow no fi ba! Nokwarem no, ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yesuasua Hiob nhwɛso no na yɛkɔ yɛn anim wɔ Yehowa adwuma mu a biribiara a Onyankopɔn Tamfo no de bɛba yɛn so no mfa ho.

Wubetumi Abua?

◻ Nneɛma bɛn na ɛma Hiob mudi mu kura no yɛ nwonwa?

◻ Henanom na wɔkɔsraa Hiob, na dɛn na Satan hwɛɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ?

◻ Nsɛm bɛn na nipa baasa no ka de tiaa Hiob?

◻ Anoyi bɛn na Hiob de mae, nanso ɔkwan bɛn so na wɔteɛɛ no so?

◻ Dɛn na efii mu bae, na ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn?

[Kratafa 13 mfoni]

Satan somaa “awerɛkyekyefo” baasa sɛ wɔnkɔdan Hiob mfi Onyankopɔn ho

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena