Monnantew Gyidi Mu!
“Yɛyɛ nnom daa, na yenim sɛ yɛte nipadua mu fie yi, yɛnte fie Awurade nkyɛn; efisɛ yɛnam gyidi mu, na ɛnyɛ ohu mu.”—2 KORINTOFO 5:6, 7.
1. Nhyira horow a esiane ɔdesani aniwa no nti na yenya no bi ne nea ɛwɔ he?
NNEƐMA a ɛyɛ nwonwa wɔ nipadua no ho no mu biako ne aniwa. Ɛdenam eyi a ɛyɛ nwonwa a etwa mfonini ahorow so no, ɛnyɛ nneɛma a esiw yɛn kwan nko na yetumi kwati, na mmom ɛkyerɛ nneɛma ahorow pii a emu dodow no ara yɛ nea ɛka yɛne afoforo ntam abusuabɔ. Ɛda adi sɛ na ɛnyɛ nea ɔyɛɛ ani no adwene ne sɛ yɛde yɛn ti bɛpempem esum mu wɔ okyinsoromma a ɛyɛ yɛn fie yi so. Bio nso, na ɛyɛ n’atirimpɔw sɛ yebehu abɔde ahorow a ɛyɛ nwonwa no na ama yɛn ani agye—nnipa ne mmoa, mmepɔw ne nsubɔnten, atare ne po, nhwiren ne afifide afoforo, wim ne owiatɔ a ɛyɛ fɛ kɛse no. Wɔn a wɔn ani sɔ eyi a wohu no betumi ne odwontofo no aka sɛ: “[Yehowa], wo nnwuma dɔɔso dɛn ara, nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa, w’abɔde ahyɛ asase so ma.”—Dwom 104:24.
2. Dɛn nti na enye sɛ yɛbɛnantew ohu mu nkutoo, na dɛn na Paulo kae wɔ eyi ho?
2 Ɛwom sɛ ani ankasa a yɛde hu ade no yɛ nwonwa de, nanso ɛno nkutoo a yɛde bɛnantew no yɛ nea asiane kɛse wom. Sɛ yebenya ɔsoro dom a, ɛsɛ sɛ yɛnantew gyidi mu wɔ Nea ɔbɔɔ ani no mu. Ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ n’akwankyerɛ sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛyɛ nea eye. Ɔsomafo Paulo rekyerɛw akɔma mfɛfo Kristofo a wɔasra wɔn no, ɔka ma ɛfatae sɛ: “Yɛyɛ nnam daa, na yenim sɛ yɛte nipadua mu fie yi, yɛnte fie Awurade nkyɛn; efisɛ yɛnam gyidi mu, na ɛnyɛ ohu mu, Na yɛyɛ nnam, na ɛyɛ yɛn fɛ mmom sɛ yebefi nipadua mu fie ha akɔtra ofie Awurade nkyɛn [denam wu a wobewu na wɔanyan wɔn akɔ soro asetra mu no so]. Enti nso yɛbɔ mmɔden sɛ, sɛ yɛwɔ fie oo, yefi ha oo, yɛbɛsɔ n’ani. Na etwa yɛn nyinaa sɛ yekopue Kristo atemmu agua anim hɔ, na obiara anya nea ɔnam nipadua so yɛe, papa oo, bɔne oo, sɛnea ɔyɛe no.”—2 Korintofo 5:6-10.
3. Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ ɔpɛ a Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so nyinaa wɔ, na nsemmisa bɛn na ɛfata sɛ yesusuw ho?
3 Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so nyinaa—sɛ wɔyɛ nkaefo a wɔasra wɔn anaasɛ wɔyɛ “nnipakuw kɛse” a wɔn dodɔw rekɔ anim a wɔwɔ asase so anidaso—pɛ sɛ wɔyɛ nea eye. (Adiyisɛm 7:9) Nanso dɛn nti na wobetumi aka sɛ asiane kɛse a ɛte sɛɛ wɔ ‘ohu mu a wɔnantew’ no mu? Na dɛn na sɛ ‘wɔbɛnantew gyidi mu’ no kyerɛ?
Asiane Ahorow A Ɛwɔ ‘Ohu Mu A Wɔnantew’ Mu
4. (a) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛfa biribiara aniani? (b) Ɔkwan bɛn so na Nea ɔyɛɛ ani no hwɛ nneɛma?
4 Sɛ yɛfa biribiara aniani na yɛde yɛn ho to nea aniwa hu nkutoo so a, ɛyɛ nea asiane wom sɛ ɛbɛdaadaa yɛn na ayɛ ɔhaw ama yɛn ankasa. Sɛ nhwɛso no, ebia obi a ɔnam anhwea pii a ɛwɔ hɔ bi mu behu mpofirim ara sɛ wamem wɔ anhwea bi a emu afɔw mu. Anaasɛ ebia adamfofa kwan a obi a ɛda adi sɛ ɔyɛ ‘pataku wɔ nguanten nhoma mu’ nam so no bɛma obi werɛ afi ne ho. (Mateo 7:15) Enti ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ. Ɛnyɛ nea aniwa hu ara kwa na ɛkyerɛ aniwa Yɛfo no kwan. Ɔka kyerɛɛ odiyifo Samuel sɛ: “Menhwɛ nea onipa hwɛ, na onipa hwɛ nea etua aniwa, na [Yehowa] de, ɔhwɛ komam.” (1 Samuel 16:7) Ampa, Nea ɔbɔɔ ani no hu nea ɛwɔ adwene ne nsusuwii ahorow mu tɔnn, na nea ɔka wɔ obi anaa biribi ho no yɛ nokware bere nyinaa. (Fa toto Hebrifo 4:12 ho.) Esiane n’ani ne ne nhumu a ɛyɛ pɛ no nti, ɔne Nea ohu nneɛma nyinaa no ampa.
5. Dɛn nti na ɛho hia sɛ wobedi kan abɔ yɛn kɔkɔ wɔ asiane ahorow a ɛwɔ ‘ohu mu a yɛbɛnantew’ no mu ho?
5 Nanso, sɛ́ nnipa ara kwa no, yɛrentumi nhu nea ɛwɔ onipa foforo koma mu yiye. Wɔ nimdeɛ ahorow a Onyankopɔn de ama yɛn no akyi mpo no, yɛnyɛ pɛ ma enti wobetumi adaadaa yɛn mpɛn pii. Nokwarem no, yɛn ankasa koma betumi adaadaa yɛn, efisɛ “ɛyɛ okontomponi sen ade nyinaa na emuɔ.” (Yeremia 17:9) Enti ɛyɛ nea ɛho hia yiye sɛ wobedi kan abɔ yɛn kɔkɔ wɔ asiane ahorow a ɛwɔ ‘ohu mu a wɔnantew’ mu no ho. So Yehowa de ahiade a ɛho hia ntɛm ara yi ama? Yiw, wayɛ saa! Sɛnea ɛbɛyɛ afotu ama yɛn no, wama wɔakyerɛw nsɛm atitiriw bi a esisii a ɛkyerɛ asiane a ɛwɔ ohu mu ara kwa a wɔnantew mu no ato hɔ.—Romafo 15:4.
6. ‘Ohu mu a wɔnantew’ no nyaa tumi bɛn wɔ Israelfo no so?
6 Onyankopɔn tete nkurɔfo a wɔyɛ Israelfo osuahu ahorow no da asɛm no adi kɛse. Ɛwom sɛ Yehowa de n’akwankyerɛ a mfomso biara nni ho maa saa ɔman a enyaa ɔdom kɛse no de, nanso ɔman no mufo a wonni gyidi no de komaden nantew “wɔn ankasa tirim agyina a wotui mu.” (Dwom 81:12) Esiane sɛ ‘wɔnam ohu mu’ nti, wɔdan kɔsom ahoni anaa anyame a wɔn aniwa ankasa hu. Esiane sɛ na wɔnam ohu mu nti, wosuroe wɔ wɔn atamfo no dodow ho. Bio nso, esiane sɛ na ‘wɔnam ohu mu na ɛnyɛ gyidi mu’ nti, Israelfo no gyee kyim wɔ akanni a na Onyankopɔn de ahyɛ Mose nsa no ho nso na wonwiinwii wɔ wɔn tebea wɔ asetra mu no ho. (Fa toto Yuda 16 ho.) Yiw, ɛda adi sɛ wɔn mu pii ani beree nea na ɛte sɛ ahofadi ne yiyedi a ɛwɔ aman a wɔatwa wɔn ho ahyia no mu no na wobuu wɔn ani guu nokwasɛm a ɛyɛ sɛ saa nkurɔfo no bra asɛe koraa a wɔwɔ adaemone nkɛntɛnso ase no so.—Leviticus 18:1-3, 30.
7. Dɛn na ɛbaa Israelfo a wɔpow ɔsoro akwankyerɛ no so?
7 Dɛn na ɛbaa Israelfo a wɔfaa wɔn ankasa kwan a wɔpɛ so na wɔpow ɔsoro akwankyerɛ no so? Yehowa abufuw baa wɔn so, na oyii n’ahobammɔ fii wɔn so maa wɔn atamfo dii wɔn so nkonim! Wɔ Bɔhyɛ Asase no so mpɔ no, na Israelfo taa bɛyɛ nkoa ma wɔn atamfo a wonni mmɔborohunu no. (Atemmufo 2:17-23) Esiane sɛ na wɔnte sɛ Mose a ɔpowee sɛ obenya Misraim sodifo kuw no wiase no mu ahotɔ no mu anigye no nti, Israelfo no pɛe sɛ ‘wobedi bɔne mu dɛw nna tiaa bi’ na wɔankɔ so annantew sɛ ‘wɔn a wohu nea wonhu No no.’ Ná wonni gyidi. Na kae, “gyidi nnim a, obi ntumi nsɔ [Onyankopɔn] ani.”—Hebrifo 3:16-19; 11:6, 24-27.
8. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ de tete Israelfo osuahu ahorow no bɔ wɔn ho kɔkɔ?
8 Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi anya kɔkɔbɔ afi saa nsɛm a esisii a atwam no mu. Yɛn nso, yɛwɔ asiane a ɛne yɛ a yebetumi ayɛ mmerɛw wɔ gyidi mu anaasɛ yɛn gyidi a ɛbɛsa koraa mpo no mu. So ɛnyɛ nokware sɛ nneɛma a yɛhwɛ wɔ ɔkwan a yɛn ani hu so no betumi anya yɛn so tumi wɔ ɔkwan a ɛmfata so ma enti yɛafi ase ‘anantew ohu mu’ bio? Yiw, ɛno nti na Yehowa fi ɔdɔ mu de akwankyerɛ ma wɔn a wɔbɛsom no wɔ gyidi mu no. Ɔde Israelfo no ne ɔkwan a ɔfaa so ne wɔn dii no yɛɛ asuade maa awo ntoatoaso a ɛbɛba akyiri yi a yɛn de yi nso ka ho. (1 Korintofo 10:11) Ɛnam ɛno so no, nimdeɛ a edi mu, gyidi a ɛyɛ den, ne boasetɔ hyɛ yɛn den.
9. Sɛ ‘yɛnantew ohu mu’ a, ɔkwan bɛn so na ebia yɛbɛte nka wɔ nneyɛe ahorow bi ne teokrase nhyehyɛe ahorow ho?
9 Sɛ akwankyerɛ a enni huammɔ a efi yɛn Bɔfo a ɔwɔ ɔdɔ no nkyɛn no nni hɔ a, yɛbɛtɔ asiane a ɛne gye a yebegye Mose Kɛse, Yesu Kristo, kyim mu na yɛn werɛ befi sɛ Onyankopɔn ne Kristo na wɔrekyerɛ nokware Kristofo kwan nnɛ. (Fa toto 1 Korintofo 11:3; Efesofo 5:24 ho.) Ebia yebehu Yehowa Adansefo ahyehyɛde no sɛ ɛyɛ nea efi nnipa ara kwa ma enti ebia yɛbɛte nka sɛ yɛwɔ hokwan sɛ yɛyɛ nea yehu sɛ eye wɔ yɛn ani so. (Fa toto Atemmufo 21:25 ho.) Bio nso, yebetumi atɔ afoforo a wosusuw sɛ bere dodow a ɔkwan bi a wɔfa so nhaw wɔn ahonim no de, ɛyɛ nea eye no mfomso no mu. Ebia afoforo befi ase asusuw sɛ teokrase ahyehyɛde no yɛ nea ɛwɔ hɔ ma wɔn ahotɔ ne yiyedi ne sɛ, ɛsɛ sɛ wɔma nneɛma a wɔhwehwɛ no nyinaa yɛ mmerɛw a wɔnhwɛ obi ho a ɔde bɔ afɔre biara kwan mfi wɔn hɔ. Nea ebetumi ayɛ asiane foforo ne adwene a obi benya sɛ ɛsɛ sɛ wɔma ahyehyɛde no nhyehyɛe ahorow ne nea yɛpɛ hyia mmom sen sɛ ɛne Onyankopɔn pɛ behyia no. Nanso, yɛn nhwɛsofo, Yesu Kristo, yɛɛ ne soro Agya no apɛde bere nyinaa wɔ anigye mu.—Dwom 40:8; Hebrifo 10:5-10.
10. Sɛ yebu yɛn ani gu ɔsoro akwankyerɛ so anaasɛ yebu no sɛ nea ɛho nhia titiriw biara a, ɔkwan bɛn so na ebetumi aka yɛn su wɔ asɛnka adwuma ne teokrase dwumadi afoforo ho?
10 Esiane sɛ wobu wɔn ani gu ɔsoro akwankyerɛ so anaasɛ wobu no sɛ ɛho nhia kɛse nti, ebia ebinom besusuw sɛ ɛsɛ sɛ wɔma yɛn adesua ahorow no yɛ ntiantia, ɛnsɛ sɛ mmeae ahorow a yɛyɛ nhyiam akɛse no yɛ nea ɛwɔ akyirikyiri, na ɛsɛ sɛ nneɛma ahorow a yesua ho ade no yɛ mmerɛw bere nyinaa a “aduan a ɛyɛ den” nka ho. (Hebrifo 5:12) Wɔ nsase a Kristofo wɔ asomdwoe ne ahotɔ so no, ebia ebinom de Ahenni nhyira horow no bedi agoru, a wɔte nka sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyere wɔn ho wɔ ɔsom kronn mu. Sɛ yenya su horow a ɛte sɛɛ a, yebetumi abɛyɛ “wɔn a wɔdɔ anigye sen Nyankopɔn” mpo, a ebetumi aba sɛ ɛkame ayɛ sɛ yɛde dapɛn awiei biara si hɔ ma ahomegye mmom sen sɛ yɛde bere a ɛte sɛɛ bedi dwuma wɔ asɛnka ne teokrase dwumadi afoforo a ɛkyerɛ ahofama a efi koma nyinaa mu ma Yehowa no mu. (2 Timoteo 3:1, 4) Sɛ ɛba saa a, so yebetumi aka nokware mu sɛ “yɛnam gyidi mu, na ɛnyɛ ohu mu” ampa?
11. Dɛn na ebetumi afi yɛn ho a yɛbɛkorɔkorɔ no mu aba, nanso ɛho hia sɛ yɛyɛ dɛn?
11 Asiane a ɛne yɛn nipadua a yɛbɛkorɔkorɔ no no nso wɔ hɔ. Ɛyɛ mmerɛw sɛ yebesusuw sɛ atipae kakraa bi anaasɛ ɔhaw bi a ɛte saa yɛ nea emu yɛ den sen sɛnea ɛte no ankasa. Ebia yɛn honam a ɛtɔ sin no bɛma yɛde eyi ayɛ anoyi a ɛremma yenni asɛyɛde bi te sɛ ɔkasa a yɛbɛma wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu ho dwuma. Nanso so ebetumi aba sɛ yɛrensusuw ma a yɛbɛma ɔhaw koro no ara asiw yɛn kwan wɔ anigyede bi a yɛde yɛn ho bɛhyɛ mu no mu? Ɛwom, ɛsɛ sɛ yɛde adwene a emu da hɔ di dwuma na yɛammu yare ahorow‘a anibere wom ho sɛnkyerɛnne ahorow sɛ ɛnyɛ hu biara. Nanso, ɛho hia sɛ yɛyere yɛn ho denneennen. (Luka 13:24) Na ampa, ɛsɛ sɛ yɛma gyidi da adi kɛse wɔ yɛn gyinaesi ahorow mu sɛnea ɛbɛyɛ a ‘yɛrennantew ohu mu’ nkutoo wɔ ɔkwan a ɛne yɛn ankasa tirim agyina a mmoa biara nka ho hyia so.—Romafo 12:1-3.
12. Ɔko bɛn na yehu sɛ yɛwom, na ɛhwehwɛ sɛ yebenya su bɛn?
12 Mma wo werɛ mfi sɛ yɛreko atia ahonhommɔne dɔm. (Efesofo 6:11-18) Yɛn tamfo kɛse, Satan Ɔbonsam, betumi de nkɛntɛnso a ano yɛ den aba yɛn so denam akode a wasiesie sɛ ɔde bɛsɛe yɛn gyidi wɔ Yehowa mu no a ɔde bedi dwuma no so. Satan de pɛsɛmenkominya su biara a ɛwɔ nnipa mu bedi dwuma. Na ɔremmu n’ani ngu adɔkɔdɔkɔsɛm biara a ebia ɛbɛma yɛn adwene adan no so. Sɛ yɛne Onyankopɔn “ɔbea,” anaa ne soro ahyehyɛde no ‘asefo’ no “nkae” no bɔ a, ɛnde na yɛwɔ ɔko mu. Ɛyɛ ɔko a yɛrentumi nnya ɔhome wom kosi sɛ Yehowa a ɔhyɛ yɛn den ma yetumi gyina Satan ntua ano no de Satan ahyehyɛde no nyinaa bɛba n’awiei. (Adiyisɛm 12:16, 17; 1 Petro 5:6-11) Enti, so ɛsɛ sɛ yɛyɛ nnam mprempren na yenya adwene a egye ntɛmpɛ? Yiw, ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa!—Dwom 31:24.
Nea Sɛ́ ‘Wɔbɛnantew Gyidi Mu’ No Kyerɛ
13. Dɛn na sɛ ‘wɔbɛnantew gyidi mu’ no kyerɛ?
13 ‘Gyidi mu a wɔbɛnantew’ no kyerɛ kɔ a wɔbɛkɔ wɔn anim wɔ tebea horow a emu yɛ den mu a wɔwɔ Onyankopɔn, kyerɛ a obetumi akyerɛ yɛn anammɔn kwan, ne ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔbɛma yɛanya ogye no mu gyidi. (Dwom 22:3-5; Hebrifo 11:6) Ɛkyerɛ pow a wobɛpow sɛ woremma nea aniwa hu ara kwa anaa onipa nsusuwii a mmoa biara nka ho nkyerɛ wo kwan. Gyidi bɛka yɛn ma yɛanantew a yɛde yɛn ani akyerɛ faako a Yehowa kyerɛ yɛn no, ɛmfa ho sɛ ebia ɔkwan no mu bɛyɛ den. Sɛ ‘yɛnantew gyidi mu’ a, yɛbɛyɛ te sɛ Dawid a ɔkae wɔ Onyankopɔn ho sɛ: “Wobɛkyerɛ me nkwa kwan, anika a ɛmee wɔ w’anim, anigye wɔ wo nifa daa” no. (Dwom 16:11) Bio nso, sɛ yɛma Yehowa kyerɛ yɛn anammɔn kwan a, ɛbɛma yɛanya asomdwoe na ɔbɛboa yɛn ma yɛadi nkonim, ɛmfa ho sɛnea nea ɛsɔre tia yɛn no kɛse te. (Yohane 16:33; Filipifo 4:6, 7) Nea ɛka nneɛma afoforo ho no, ‘gyidi mu a yɛbɛnantew’ no bɛma yɛne yɛn honhom mu nuanom, mmarima ne mmea, no ahyiam bere nyinaa asua Bible no, abɔ mpae.—Hebrifo 10:24, 25.
14, 15. (a) Na dɛn ne Yesu su wɔ ahonyade, anuonyampɛ, obi ho a ɔde hyɛ amammuisɛm mu ho? (b) Sɛnea wɔada no adi wɔ Kyerɛwnsɛm mu no, Yesu buu Onyankopɔn akwankyerɛ dɛn?
14 Nea ɛkyerɛ ne sɛ, ‘gyidi mu a yɛnantew’ no nso ma yɛbɛyɛ Yehowa nokware asomfo a wɔtraa ase tete no nnamfo. Nea na ɔyɛ wɔn mu otitiriw ne Yesu Kristo, “gyidi mu dikanfo ne ne wiefo” no. Bere a yɛbɔ mmɔden sɛ ‘yebedi n’anammɔn akyi’ no, dɛn na yehu?—Hebrifo 12:1-3; 1 Petro 2:21.
15 Yesu amfa ne ho anhyɛ wiase no amammuisɛm mu na wanhwehwɛ ahonyade ne anuonyam a na pii redi akyi no. Mmom no, ɔdaa no adi sɛ n’Ahenni no “mfi wiase,” na sɛ́ anka ɔbɛyɛ honam fam ade dodowpɛfo no, na ‘onni nea ɔde ne ti to’ mpo. (Yohane 6:14, 15; 18:36; Luka 9:57, 58) Ɛwom sɛ na Yesu wɔ adwene a ɛyɛ pɛ de, nanso wamfi ne pɛ mu anyɛ ade na mmom ɔhwɛɛ ne soro Agya no kwan ma wakyerɛ no kwan—Yohane 8:28, 29.
16. Esiane Yesu nhwɛso no nti, dɛn na wobetumi aka wɔ Yehowa Adansefo su ho?
16 Esiane Yesu nhwɛso no nti, dɛn na wobetumi aka wɔ Yehowa Adansefo ho nnɛ? Wiɛ, sɛ Onyankopɔn soro Ahenni no akyigyinafo no, yɛde obu ma aban “tumi a ɛwɔ anuonyam” no nso de kura afã biara a yenni wɔ amammuisɛm mu no mu. (Romafo 13:1-7; Mateo 6:9, 10; Yohane 17:16) Sɛ́ anka yɛbɛhwehwɛ ahonyade ne anuonyam wɔ wiase yi mu no, ‘yɛhwehwɛ Ahenni no kan’ mmom a yɛwɔ ahotoso sɛ Yehowa bɛma yɛn nsa aka asetra mu ahiade ahorow. (Mateo 6:24-34; Dwom 37:25) Na te sɛ Yesu no, ‘yɛmfa yɛn ho ntweri yɛn nhumu’ na mmom yɛde aseda gye yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no akwankyerɛ tom. (Mmebusɛm 3:5, 6) Ampa eyi nyinaa boa yɛn ma ‘yɛnantew gyidi mu.’
Sɔhwɛ ne Nhyira Horow
17. Ɛsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo tɔ wɔn bo ase wɔ dɛn mu bere a ‘wɔnantew gyidi mu’ no? Yɛsrɛ wo yɛ ho nhwɛso.
17 Wɔ nsase horow pii so no, ɛyɛ nea ɛsɛ sɛ mfɛfo Yehowa adansefo gyina ahokyere ne ahohia ahorow a ano yɛ den ne ɔtaa a emu yɛ den mpo ano, bere a ‘wɔnantew gyidi mu no.’ Ɛwom, gyidi ho sɔhwɛ ahorow ba wɔ akwan horow so. Sɛ nhwɛso no, susuw onuapanyin biako a ofi Ecuador ahokyere ne ne gyidi som no ho. Obehuu nokware no bere a wadi mfirihyia 80 na afei osuaa akenkan ne akyerɛw Wɔbɔɔ no asu wɔ mfirihyia abien akyi. Esiane sɛ na ɔte kwae mu baabi nti, na ɛsɛ sɛ ɔnantew nnɔnhwerew abiɛsa ansa na wadu Ahenni Asa so. Ná ne yere a ɔsɔre tia no no de ne ntade ne ne sika sie sɛnea ɛbɛyɛ a ɛremma ɔnkɔ Kristofo nhyiam horow no. Nanso ɔhaw ahorow yi antumi anni onua nokwafo yi so, Ɔsomee sɛ bere tiaa, anaasɛ akwampaefo boafo ɔsram biara mfe du na na ɔkaa asɛm wɔ nkuraa pii ase a mpɛn pii nkuraa no asefo yɛ no ayayade. Nanso akyiri yi bere a akwampaefo ne asɛmpatrɛwfo dii adanse wɔ mmeae yi no, nnipa pii kɔɔ wɔn nkyɛn na wɔsrɛe sɛ wɔne wɔn mmɛyɛ Bible adesua. Enti, nneɛma pa fii onua a ɔyɛ nnam yi adwumaden no mu bae. Akisikuru kum no bere a na wadi mfirihyia 92 nanso ɔde nnɔnhwerew 40 yɛɛ ɔsom adwuma no wɔ ɔsram koro no ara a owui no mu.
18. (a) Sɛ yebenya ɔsoro dom a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? (b) Sɛ yɛkɔ so ‘nantew gyidi mu, na ɛnyɛ ohu mu’ a, akatua ahorow bɛn na yebenya?
18 Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛkɔ so ara bɔ mmɔden a ɔhaw ne ahokyere ahorow mfa ho. (Mateo 24:13) Sɛ yebenya ɔsoro dom a, ɛho hia sɛ yɛde Onyankopɔn afotu di dwuma, yɛde yɛn ho to no so na yɛkɔ so ara twe yɛn ho fi wiase no, ne su ne n’akwan ahorow no ho. (Dwom 37:5; 1 Korintofo 2:12; Yakobo 1:27) Enti momma yɛmmɔ mmɔden sɛ yebesuasua yɛn nhwɛsofo, Yesu Kristo. Momma yɛmfa yɛn ho mmɔ afɔre na yennya ɔpɛ sɛ yɛbɛyere yɛn ho wɔ Yehowa anuonyam som adwuma no mu. Bere a yɛyɛ eyi no, yebetumi de ahotoso ahwɛ yɛn soro Agya no bɔ akɛse a wahyɛ n’asomfo anokwafo no mmamu kwan. Na hwɛ nhyira ahorow a ɛyɛ anigye ara a eyi de bɛba wɔ ne Nhyehyɛe Foforo a wahyɛ ho bɔ no mu. Nea ɛsen ne nyinaa no, ‘gyidi mu a yɛbɛnantew a ɛnyɛ ohu mu’ no bɛma yɛanya akatua a ɛne kyɛfa a yebenya wɔ Yehowa amansan tumidi no ho a wɔbɛtew mu no.
So Wokae?
◻ Dɛn ne asiane ahorow a ɛwɔ ‘ohu mu a wɔnantew’ mu no?
◻ Israelfo osuahu ahorow no de kɔkɔbɔ bɛn na ɛma Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ?
◻ Sɛ́ yɛbɛkorɔkorɔ yɛn ho mmom no, dɛn no ɛho hia sɛ yɛyɛ?
◻ ‘Gyidi mu a wɔnantew’ no kyerɛ dɛn a wɔyɛ?
[Kratafa 10 mfoni]
Bere a mfɛfo Yehowa adansefo de wɔn ho hyɛ teokrase dwumadi ahorow mu no, so wo ne w’abusua no taa de mo ani kyerɛ ahomegyebea bi?
[Kratafa 12 mfoni]
Yesu Kristo yɛɛ nhwɛso a ɛsen biara maa yɛn. Te sɛ ɔno no, so ‘wonam gyidi mu’?