So Adam Ne Hawa Traa Ase Ankasa?
“NÁ ƆBARIMA a odi kan no de Adam na na ɔbea a odi kan no de Hawa; wɔne yɛn awofo a wodi kan.” Eyi ne adwene a, wɔdaa no edi wɔ 1947 mu wɔ The Catechism for Use by French Diocesses a ɛyɛ nhoma titiriw a wɔde kyerɛkyerɛ Fransefo mmofra Katolekfo gyidi no mu.
Nanso wɔ afe biako akyi, wɔ 1948 mu no, asɔre no nhoma titiriw a ɛwɔ Franse kasa mu a wɔfrɛ no Catholicisme no kae sɛ: “Adannandi nkyerɛkyerɛ biara a ɛma wogye di sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ ɔkra no nyɛ nea ɛne Bible no nhyia.” Saa afe koro no ara mu no, Paapa no Bagua a Ɛhwehwɛ Bible no mu no kaa Genesis kyerɛwtohɔ a ɛfa adebɔ ho no ho asɛm sɛ ɛyɛ “nkyerɛkyerɛmu a, agye din a ɛfa nea ɛyɛe a adesamma abusua no bae ho” a wɔaka ho asɛm wɔ “sɛnkyerɛnne kwan so kasa tiawa a nnipa a wonnyaa nkɔso pii no adwene bɛte ase” mu.
Wɔ 1981 mu no, Paapa John Paul II kaa asɛm a edi so yi kyerɛɛ Asɔre no Nyansahu Sukuu no: “Bible no ankasa nka nea ɛyɛe a amansan no bae ne emu nhyehyɛe ho asɛm sɛ nyansahu mu asɛm na mmom sɛ́ ɛbɛkyerɛkyerɛ abusuabɔ pa a ɛda onipa ne amansan no ntam no mu.” Na La Bible de la Liturgie (Bible Mu Ɔsom) a wogye toom wɔ 1976 mu no ka Katolek asɔfo pii adwene wɔ asɛm a ɛfa Genesis adebɔ kyerɛwtohɔ ho no ho asɛm tiawa sɛ: “Nokwarem, ɛnyɛ abakɔsɛm mu nokwasɛm, na saa ara na ɛte wɔ nyansahu mu nso.”
Ɛnsɛ sɛ woyi asɔre afoforo a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no fi asɛm a ɛfa adannandi nkyerɛkyerɛ a wokura mu ho no mu. Alexandre Westphal kae sɛ: “Ɛnsɛ sɛ wobu no sɛ ɛyɛ asɛm a esii ankasa wɔ nnipa baanan asetra mu ho asɛm a wɔaka, na mmom adesamma ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mfiase ho amanneɛbɔ a wɔde sɛnkyerɛnne kwan so kasa ne nsɛm a wɔabɔ wɔn tirim aka di dwuma wom.” (Genesis 2:7-4:16) Wɔ 1949 mu no, ɔsɔfo Panyin a ɔwɔ Canterbury no kae sɛ: “Sɛ́ kuw no, Kristofo Asɔre no agye adannandi nkyerɛkyerɛ no atom sɛ asɛm a wɔada no adi wɔ nyansahu mu.”
Enti, Fransefo dapɛn dapɛn atesɛm krataa a wɔfrɛ no L’Express de animtiaabu nne kae sɛ fi a onipa fi mmoa ahemman no mu no yɛ nea obiara nnye ho akyinnye nnɛ, “gye sɛ wɔn a wonnim biribi no ne nkwapae kakraa bi pɛ.”
Adebɔ Ho Kyerɛwtohɔ No Ne Nyansahu
Nanso so ɛfata sɛ yɛbɛpow adebɔ ho kyerɛwtohɔ a wɔagye atom mfehaha pii no mprempren wɔ animtiaabu mu saa? Ampa, Genesis nhoma no nka ɔkwan a wɔfaa so bɔɔ afifide ne mmoa no ho asɛm pii, nanso sɛnea wɔdaa ɛho nsɛm adi no ne nyansahu mu nokwasɛm ahorow hyia pɛpɛɛpɛ.
Sɛ nhwɛso no, Bible no kyerɛ sɛ nnipa nyinaa fi faako, wofi nnipa baanu a wodi kan, Adam ne Hawa, mu na ɛbae. Ɔresi adesamma fibea koro no so dua no, André Langaney a ɔyɛ Musée de l’Home (Tete nneɛma a ɛfa onipa ho) dwumadibea no panyin abadiakyiri no kyerɛkyerɛɛ mu wɔ Fransefo nsɛmma nhoma a ɛba daa ɔsram a wɔfrɛ no Science et Vie a wɔhyɛɛ da yɛe mu sɛ: “Awosu ne abakɔsɛm mu nokwasɛm ahorow kyerɛ sɛ Nnipa biakoyɛ no yɛ nea emu dɔ, nea ɛkɔ akyiri sen honam ani hwɛbea a ɛsonosonoe anaa nea edi awosu mu nneɛma ahorow so mu.”
Genesis nhoma no de mmuae ma wɔ nsemmisa ahorow a ɛsen nea nyansahufo te ase ho nso. Bere a ɔrebua asɛm a ɛfa “onyin ho asɛm a ɛyɛ nwonwa a ntease nnim.” ho no, Francois Jacob a onyaa Nobel akyɛde no gye toom sɛ: “Nea ɛma ɛba saa no yɛ nea wɔnte ase. Ampa, ɛyɛ nea ɛyɛ nwonwa kɛse sɛ ade a ɛno ankasa tumi ba denam ɔkwan a ɛyɛ nwonwa na ɛyɛ hwanyann so ntumi nhwɛ ne ho wɔ tebea a eye mu. Ebia nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nkwa- boaa nkesua tumi dan onipa no ne ade a ɛyɛ nwonwa sen biara a ebetumi asi wɔ asase so.”
Bible no nso kyerɛkyerɛ mu sɛ wɔ ɔkwan bi so no ɛyɛ nwonwa sɛ, ɛsɛ sɛ onipa wu. Sɛnea adebɔ ho kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Genesis nhoma no mu kyerɛ no, wɔbɔɔ onipa ma watra ase, ma w’ahwɛ ne ho wɔ tebea a eye mu’ daa. Nanso, na eyi gyina ɔne nea ɔbɔɔ no no ntam abusuabɔ pa a obekura mu so. Bere a nnipa a wodi kan no boapa tew atua tiaa N’apɛdeyɛ no, wɔyɛɛ bɔne. Ɛyɛ bɔne na ɛde owu a ‘ɛyɛ nea ntease nnim’ no baa adesamma so. Bɔne ‘dan owu’ maa nnipa, sɛnea na Onyankopɔn abɔ kɔkɔ sɛ ɛbɛba no.—Romafo 7:13; Genesis 3:16-19.
Enti, ɛnyɛ nea nyansa nnim sɛ wobegye kyerɛwtohɔ a ɛfa nea ɛyɛe a onipa bae ho a wohu wɔ Bible mu no adi. Nokwarem, nsɛm a edi hɔ no de adanse bɛma de akyerɛ sɛ Kristoni rentumi mpow kyerɛwtohɔ a ɛfa bɔ a wɔbɔɔ onipa ho no a ɔhaw ahorow remfi mu mma a ɛrenka ne gyidi a Kristosom gyina so no—Kristo afɔrebɔ wu no. Yɛsrɛ wo kɔ so kenkan.