Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w85 10/1 kr. 3-4
  • Dɛn Na Ɛho Hia Titiriw Wɔ W’asetra Mu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Na Ɛho Hia Titiriw Wɔ W’asetra Mu?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsusuwii Ne Nea Ɛyɛ Papa
  • Biribi A Ɛho Hia Kɛse
  • Ɔdɔ Bɛn Na Ɛma Yɛn Ani Gye Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Obiara Pɛ Sɛ Esi No Yiye Daakye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2021
  • Mfomso Bɛn na Ɛwɔ Sika ho Dɔ Mu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Mfomso Bɛn na Ɛwɔ Sikapɛ Mu?
    Nyan!—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
w85 10/1 kr. 3-4

Dɛn Na Ɛho Hia Titiriw Wɔ W’asetra Mu?

NÁ WƆKA ne ho asɛm sɛ ɔne obi a ɔwɔ sika sen obiara wɔ wiase. Ná n’ahonyade a ɔwɔ no yɛ Amerika sika dɔla ɔpepepem pii. Nnipa pii ani gyee ne ho sɛ ɔyɛ obi a waforo yiyedi antweri no adu ne soro. Nanso aka mfe abien ansa na wawu no, J. Paul Getty kae sɛ: “Ɛnyɛ nea sika ne anigye wɔ biribi yɛ ankasa. Ebia ɛne awerɛhowdi mmom na ɛwɔ biribi yɛ.”

Wɔ nea nnipa pii susuw sɛ ɛho hia titiriw wɔ asetra mu no akyidi mu no, odwumayeni kɛse a ogyee din yi dii yiye ma ɛtraa so wɔ ɛno mu. Nanso so na ɛte sɛ nea ɔyɛ obi a onyaa anigye denam nea na wayɛ adwumaden anya no so? Anaa so na ɛte sɛ nea ɔyɛ obi a awiei koraa no ohui sɛ nea wayɛ adwumaden wɔ ho no nyɛ nea ɛho hia ankasa?

Nsusuwii Ne Nea Ɛyɛ Papa

Dɛn na wubu sɛ ɛho hia titiriw wɔ w’asetra mu? Ebia nnipa binom bɛka sɛ ahofadi ne nea wɔpɛ titiriw. Ebia afoforo bɛka sɛ yiyedi ne ade titiriw wɔ wɔn asetra mu. Afoforo nso de nea wɔn ankasa pɛ a wobenya bedi biribi foforo biara kan.

Ɛwom sɛ wɔmpɛ sɛ wobegye atom de, nanso ɛyɛ nea nnipa pii asetra kwan ne wɔn nneyɛe da no adi sɛ sika ne anigyede ne nea ɛho hia titiriw wɔ wɔn asetra mu ankasa. Wosi wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ adefo anaasɛ, wɔyere wɔn ho sɛ ‘wobegye wɔn ani’ araa ma ɛnhaw wɔn sɛ wobu wɔn ani gu wɔn abusua, wɔn akwahosan, ne wɔn honhom mu yiyedi so wɔ saa a wɔyɛ no mu. Na nea ɛne eyi hyia no, Bible no ka too hɔ sɛ wɔ “nna a edi akyiri” no mu no nnipa bɛyɛ “ahopɛfo, sikapɛfo” ne “wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn.”​—2 Timoteo 3:1, 2, 4.

Biribi A Ɛho Hia Kɛse

Yesu Kristo a ɔde Kristosom sii hɔ no bisaa asɛm bi a ɛkanyan adwene. Obisae sɛ, “Sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne kra a, mfaso bɛn na obenya? (Marko 8:36) Susuw ɛno ho. Dɛn na onipa betumi ayɛ bere a onni nkwa no? Ɔrentumi nyɛ hwee!​—Ɔsɛnkafo 9:5, 10.

Ebia woda so ara yɛ aberante anaa ababaa ma enti wote nka sɛ wowɔ bere pii a wode bɛyɛ nneɛma a wopɛ sɛ woyɛ. Nanso so ɛte saa ankasa? Ɔko, nsɛmmɔnedi, nyarewa, ne asiane akã mmarima ne mmea ahoɔdenfo pii agu fam​—mpofirim ara a wɔnhwɛ kwan. Dɛn na ɛbaa wɔn nsusuwii ne wɔn botae ahorow no so?

Ebia wowɔ abusua anaasɛ ebia woadi mfe kakra. Enti ebia wobɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ wode wo bere ne w’ahoɔden nyinaa yɛ daakye a ahotɔ wom ho adwuma ma wo ankasa ho ne w’adɔfo ansa na woasusuw biribi foforo biara ho. Nanso dɛn na wobɛka sɛ ɛyɛ nea ahotɔ wom? Sɛnea wunnim no, nneɛma bo a ɛkɔ soro, adwuma a ɛsɛe, ne adwuma a wonnya nyɛ ama nnipa pii sika a wɔpɛe wɔ wɔn asetra mu no asã na wɔayɛ ahiafo ne wɔn a wonni afi a wɔtete mu. Wɔ eyi akyi no, esiane sɛ tebea a atwa wiase no ho ahyia no nyɛ nea egyina faako nti, anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ sɛ nsakrae ahorow bi a wɔnhwɛ kwan remma nneɛma a woayɛ adwumaden anya no mfi hɔ?

Enti akyinnye biara nni ho sɛ wuhu hia a ɛho hia sɛ wohwehwɛ wo botae ahorow mu hwɛ no. Enti, dɛn na wususuw sɛ ɛho hia titiriw wɔ w’asetra mu ankasa?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena