Yɛ Daakye A Ahotɔ Wom Ho Adwuma Mprempren
NOKWAREM no, nneɛma kakraa bi na wubetumi ayɛ de abɔ wo honam fam nneɛma ho ban. Ampa, wo sika a wode bedi dwuma nyansam kɛse betumi ama ahokyere ahorow no bi ano abrɛ ase. Nanso nneɛma ahorow a ɛreka sikasɛm nhyehyɛe no pii yɛ nea worentumi nyɛ ho hwee koraa. Nanso, biribi wɔ hɔ a wubetumi ayɛ de abɔ asomdwoe a wubenya ne wo yiyedi ho ban. Bible no ka sɛ: “Nyansa yɛ ahobammɔ te sɛ nea sika yɛ ahobammɔ; nanso mfaso a ɛwɔ nimdeɛ so ne sɛ nyansa gye ne wura nkwa.”—Ɔsɛnkafo 7:12, NW.
Saa nyansa yi kɔ akyiri sen wiase nhoma ara kwa a wosua. “Na [Yehowa] na ɔma nyansa, n’anom na ntease ne nimdeɛ fi ba.” (Mmebusɛm 2:6) Wubetumi anya saa nyansa yi denam adwuma a ɛne Bible no a wubesua no so. Ɔkwan bɛn so na ɛyɛ “ahobammɔ”? Ade biako ne sɛ, Bible no mu nimdeɛ ma wususuw nnɛyi sikasɛm mu ahokyere no ho wɔ ɔkwan foforo so koraa. Woba behu sɛ yɛte nea Bible no frɛ no “nna a edi akyiri” no mu. (2 Timoteo 3:1-4) Awiei koraa no, wobeyi nneɛma nhyehyɛe a ayɛ basaa na nneɛma atu afra wom no afi hɔ wɔ Onyankopɔn atemmuda no mu. (2 Petro 3:12, 13) Na sɛnea Mmebusɛm 11:4 bɔ kɔkɔ no, “Adedodow nye mma hwee abufuw da.”
Sɛ woba behu nneɛma yi a, ɛma wukwati dadwen horow a honam fam nneɛma akyidi a mfaso biara nni so de ba no pii. Wo ho mpere wo sɛ wobɛkora honam fam nneɛma a wowɔ mprempren no so, efisɛ wunim sɛ ahonyade ahorow no retwam akɔ. Na sɛ ɛyɛ nea worentumi ntɔ nneɛma afoforo a aba so mpo a, w’aba mu mmu. “Na yɛamfa hwee amma wiase, nanso yɛrentumi mfa hwee mfi mu nkɔ. Na sɛ yɛwɔ nnuan ne nea yɛde kata yɛn ho a, momma ɛno ara nnɔɔ yɛn so.”—1 Timoteo 6:7, 8.
Wɔn a wɔwɔ “ahotɔ” wɔ sika fam no mpo betumi anya mfaso afi nyansa a efi Onyankopɔn hɔ no mu. Ɔsomafo Paulo kae bio wɔ 1 Timoteo 6:17, 18 sɛ: “Ahonyafo a wɔwɔ wi yi ase, kasa kyerɛ wɔn sɛ wonnwen akokurokosɛm, nso wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyade a enni hɔ daa so, na wɔmfa wɔn ani nto Nyankopɔn a ɔma yɛn ade nyinaa ma ɛdɔɔso sɛ yenni no so, sɛ wɔnyɛ yiye, nnya wɔn ho nnwuma pa fam.” Wɔ Bible mmere no mu mpo no, na ahonyade yɛ nea “enni hɔ daa.” Enti na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ ahonyafo no hu sɛ ahotɔ biara a ɛte sɛ nea sika de ba no yɛ nnaadaa ara kwa. Ná ɛsɛ sɛ ‘wɔde wɔn ani to’ Onyankopɔn so.
Nanso na eyi nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ asetra yɛ nea wɔte hɔ ara kwa retwɛn sɛ “awiei” no bɛba. Na ɛsɛ sɛ ‘wɔyɛ yiye, nya wɔn ho nnwuma pa fam.’ Ɛda adi sɛ na eyi kyerɛ bere ne ahoɔden pii a wɔbɛsɛe. Na nnɛ sɛ wɔbɔ adwuma din a nnipa pii guan. Na wo nso ɛ? So ɛyɛ wo pɛ sɛ wobɛfa ɔkwan a Bible kyerɛ no so? Pii bebua sɛ, ‘Mintumi nhu.’ Ebia, wobɛpɛ sɛ wudi kan hu sɛnea saa a wobɛyɛ no ho bɛba wo mfaso. Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? So ɛfata bere ne mmɔdenbɔ a ɛhwehwɛ no nyinaa ankasa? Ma yɛmfa sika-dwuma ho nnyinasosɛm atitiriw bi nni dwuma na aboa wo ma woanya mmuae ahorow bi a emu da hɔ.
Wo Adwuma No Kɛse Ho A Wubesusuw
Nneɛma a ɛfa asiane ho, bosea ho nhyehyɛe horow, daakye akwanhwɛ ahorow, mfaso a wɔde ani bu sɛ wobenya ne nneɛma afoforo ho mfaso a wobenya, yɛ nneɛma ahorow a adwumawura a n’ani da hɔ bɛhwehwɛ mu ansa na ɔde ne sika ayɛ adwuma. Ɔkwan bɛn so na wubetumi de eyi adi dwuma wɔ kari a wubekari nneɛma ahwɛ sɛ ebia wobɛpɛ sɛ ‘wode w’ani to Onyankopɔn so’ no mu?
Nea edi kan no, susuw nea boseabɔ ho nhyehyɛe pa kyerɛ no ho. Titiriw no, ɛkyerɛ bu a wobu obi sɛ odi nokware a egyina ne kan adwuma so. Wɔ saa nokwasɛm yi mu no, mprempren sikasɛm nhyehyɛe no yɛ nea wobehu sɛ ɛtɔ sin koraa. Bio nso, ahotoso ahe na wobetumi anya wɔ nyamesom ne amammui akannifo no mu ankasa?
Wɔ ɔkwan foforo so no, sɛ ɛba nokwaredi so a, wubebu Onyankopɔn dɛn? Ɔtemmufo Yosua de ne nkwa nna nyinaa som Onyankopɔn. Mfe pii a wɔde nantew sare a hwee nni so so, koo ɔko ahorow na obuu ɔman a wɔn aso yɛ den atɛn no amma ahotoso a ɔwɔ wɔ Onyankopɔn mu no ano ammrɛ ase. Ɔde ahotoso kae sɛ: “Ɛnnɛ merekɔ asase sofo nyinaa kwan; na munhu mo koma nyinaa mu ne mo kra nyinaa mu sɛ, asɛm biako pɛ ntɔɔ fam, asɛmpa a [Yehowa] mo Nyankopɔn kae wɔ mo ho no nyinaa mu: ne nyinaa aba mu ama mo, emu asɛm biako pɛ antɔ fam.” (Yosua 23:14) Yehowa anya nokwaredi ho kyerɛwtohɔ a ɛsen nnipa ahyehyɛde biara de koraa. Bɔ a ɔno na wahyɛ ho adwuma a wɔyɛ wɔ nnyinaso a ɛyɛ den te sɛ ɔbotan.
Na nneɛma a ɛfa asiane ho no nso ɛ? Mmara a ɛda hɔ ne sɛ, ‘Sɛnea adwuma no ho mfaso a wɔhwɛ kwan kɛse te no, saa ara na ɛho asiane te.’ Ade biako nti a wode wo ho to asiane mu kɛse bere a wode wo ho to onipa ahyehyɛde so no ne sɛ, onipa tumi, nhumu ne nkwa wɔ anohyeto. Sɛnea ɛfata no, Bible no tu fo sɛ: “Mommfa mo ho nto ahene anaa onipa ba a nkwagye bi nni no mu so. Ne honhom fi kɔ, ɔsan kɔ ne dɔte mu, da no ara ne tirim a ɔbobɔe yera.” (Dwom 146:3, 4) Nanso, wɔn a wɔde wɔn ho to Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow so no mfa wɔn ho nto asiane ahorow a ɛte sɛɛ mu. Sɛ́ Amansan Hene no, nneɛma a Yehowa wɔ no nni ano! Obiara nni hɔ a obetumi ama n’atirimpɔw asɛe. Owu ankasa mpo ntumi nsiw obi kwan wɔ nya a obenya “mfaso” afi ne nokwaredi adwuma no mu no ho, efisɛ Yehowa hyɛ bɔ sɛ obenyan asomfo anokwafo, sɛ ɛyɛ nea ɛho hia a.—Yohane 5:28, 29; Asomafo no Nnwuma 24:15.
Daakye nhyira ne mfaso horow a efi paw a obi paw sɛ ɔde ne ho bɛto Onyankopɔn so mu ba nso ɛ? Okyinsoromma yi bɔfo no dii kan huu biribi a eye kyɛn so ma asase sen nneɛma bo a ɛkɔ soro bere nyinaa, efi a emu retrɛw kɛse, basabasayɛ a wontumi nsiw ano ne akode ho akansi a ɛrekɔ anim kɛse no. Wahyɛ bɔ sɛ ‘ɔbɛsɛe wɔn a wɔsɛe asase no.’ (Adiyisɛm 11:18) Ɔbɛma ɔko ne akodeyɛ ‘agyae.’ (Dwom 46:9) Obiara nni hɔ a obeyi asase sotefo a wɔyɛ atreneefo no hu, efisɛ basabasayɛ ne owu ho hu bɛyɛ nneɛma a atwam. (Mika 4:4) So obi betumi ahwɛ daakye pa kwan?
“Yɛ Ho Adwuma” Mprempren
Kae sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ adwumaden ansa na wo nsa aka nhyira horow yi. Ebegye wo bere ne mmɔdenbɔ. Nanso so daakye a ahotɔ wom fata eyi? Sɛ nhwɛso no, Yesu kaa “oguadini” bi a na ɔpɛ sɛ odi nhene pa ho gua ho asɛm wɔ ne bɛ ahorow no biako mu. “Ohuu ahene pa biako a ne bo yɛ den no, ɔkɔtɔn nea ɔwɔ nyinaa de kɔtɔe.” (Mateo 13:45, 46) Obi a n’ani sɔ Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛfa trenee Ahenni ho no bɛyɛ n’ade te sɛ ɔbarima a ɔwɔ bɛ yi mu no. Ɔbɛma ayɛ nea edi kan wɔ n’asetra mu. Wɔ ne fam no, nea ɔde bɛbɔ afɔre wɔ ho biara fata.—Mateo 6:33.
Enti dɛn ho adwuma na wobɛyɛ? So wobɛyɛ te sɛ tete Israelfo a wodii honam fam nneɛma akyi sen sɛ wɔbɛma wɔn ani agye Onyankopɔn som ho no? Saa nnipa yi yɛɛ adwumaden kɛse sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya adan afɛfɛ a wɔaduradura mu. Nanso, odiyifo Hagai de wɔn too ɔbarima a ‘n’apaade gu foto a wafiti ɛto mu’ ho. (Hagai 1:4-6) Hwɛ abasamtu ara a ɛbɛyɛ sɛ wubehu sɛ sika a woabrɛ anya no afa sika kotoku a ɛto atew mu atɔ fam ayera! Ɛnnɛ honam fam nneɛma yɛ nea enni hɔ daa na ɛretwam.
Enti yɛka kyerɛ obiara sɛ onso Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow no mu na ɔmfa ne ho nto ne so koraa. Ɛdenam Bible no a wobɛbɔ mmɔden akɔ so asua na wode afotu a nyansa wom no adi dwuma so no, wo nsa betumi aka nhyira akɛse a ɛsen biara a daa nkwa wɔ paradise asase so ka ho! Eyi ne adwuma a ɛsɛ sɛ woyɛ mprempren wɔ daakye a ahotɔ wom a Onyankopɔn de ahyɛ bɔ wɔ n’Asɛm no mu no ho.—Efesofo 3:20, 21.
[Kratafa 5 mfoni]
Bere a wasom nokwaredi mu wɔ n’asetra mu akyi no, na Yosua betumi aka wɔ Yehowa bɔhyɛ ahorow ho sɛ: “Emu asɛm biako pɛ antɔ fam”
[Kratafa 6 mfoni]
Honam fam nneɛma akyidi te sɛ ‘ɔpaani apaade a egu foto a wɔafiti to mu’