Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
◼ Dɛn nti na Yehowa Adansefo pow sɛ wɔde wɔn Bible adesua nhoma horow no bɛsesa nnipa a wohyia wɔn nyamesom nhoma horow no?
Yehowa Adansefo yɛ wɔn baguam som adwuma no sɛnea ɔsoro akwankyerɛ a wɔde ama no te. Yesu kae sɛ wɔ “wiase awiei” bere yi mu no, “wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:3, 14) Enti Adansefo no nkɔ nkurɔfo afie a wɔrehwehwɛ nokware no anaasɛ emu nkyerɛkyerɛmu. Mmom no wɔde nnɔnhwerew pii asua nokware a efi Onyankopɔn Asɛm mu no, na bere a wɔagye “asɛmpa” no atom no, wofi osetie mu kɔka kyerɛ afoforo.
Ebia nnipa pii a wogye di sɛ ‘papa wɔ nyamesom ahorow nyinaa mu’ no besusuw sɛ, sɛ́ wubenya adwene a ɛbɔ wɔn de yi abira no kyerɛ sɛ wunni adwene a emu dɔ. (Fa toto Yesu asɛm a ɔkae wɔ Mateo 7:13, 14, 21-23 no ho.) Helafo nyansapɛfo a na wɔwɔ tete Atene no hyɛɛ “adwene a emu abue” a ɛte sɛɛ ho nkuran na wɔn ani gyee ho sɛ “wɔbɛka anaa wɔbɛte asɛm foforo bi.” (Asomafo no Nnwuma 17:18-21) Nanso bere a ɔsomafo Paulo baa wɔn anim no na ɛnyɛ nea ɔrebetie wɔn nyansa ne nsusuwii horow no. Ɔde hokwan no kaa nea onim sɛ ɛyɛ nokware no ho asɛm, sɛ́ ɛyɛ nea wobuu no sɛ obi a n’adwene mu nnɔ anaasɛ dabi no. Bere a saa Atenefo no binom dii ne ho fɛw no, wɔn mu pii tiee no na wogye dii.—Asomafo no Nnwuma 17:32-34; 2 Korintofo 6:14-18.
Ɛda adi sɛ na Paulo nim Helafo nkyerɛkyerɛ horow no bi na ɔde nimdeɛ a ɛte sɛɛ dii adanse a etu mpɔn kɛse. (Asomafo no Nnwuma 17:28) Saa ara nso na Yehowa Adansefo nim afoforo gyidi horow no. Wɔanya nyamesom ahorow a ɛwɔ beae a wɔwɔ no gyidi horow no ho nimdeɛ atitiriw no kakra. Wɔaka nkyerɛkyerɛ ahorow a ɛte sɛɛ ho asɛm wɔ nhoma a wɔfrɛ no Dɛn Na Nyamesom Ayɛ ama Adesamma? no mu, ne afei nso wɔ Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu nsɛm ahorow pii mu. Wɔada nsɛm a ɛte sɛɛ a ɛfa nyamesom ahorow no ho adi a ɛkyerɛ sɛnea ɛne Bible nokware nkyerɛkyerɛ ahorow no bɔ abira.
Onyankopɔn Asɛm no bɔ Kristofo kɔkɔ sɛ “Satan ankasa po dan ne ho sɛ hann bɔfo. Enti sɛ n’asomfo nso dan wɔn ho yɛ sɛ trenee asomfo a, ɛnyɛ ade kɛse bi; na ebewie wɔn sɛnea wɔn nnwuma te.” (2 Korintofo 11:14, 15) Satan ankasa danee ne ho sɛ “hann bɔfo” na otumi daadaa Hawa a ɔyɛ onipa a ɔyɛ pɛ no mpo. (1 Timoteo 2:14) Enti ɛbɛyɛ nea nyansa nnim ne bere a ɛho hia a wɔsɛe no sɛ Yehowa Adansefo begye anaasɛ wɔde wɔn ho bɛma atoro nyamesom nhoma horow a wɔahyɛ da asiesie de redaadaa nkurɔfo no. Ɛnyɛ wɔn adwene ne sɛ wɔbɛhwe awerɛhow tebea a Yudafo no kɔɔ mu a Paulo kaa wɔn ho asɛm sɛ “wɔsesaa Onyankopɔn nokware no gyee atoro” no mu.—Romafo 1:25.
Bio nso, nyamesom nhoma horow a ebia nkurɔfo bɛka akyerɛ Yehowa Adansefo sɛ wɔnkenkan no binom yɛ nea nnipa a wɔawae afi nokware no ho na wɔkyerɛwee anaasɛ wɔn tirim asɛm na ɛwom. Wɔka kyerɛ nokware Kristofo sɛ wɔntwe wɔn ho mfi nnipa a wɔawae yi ho. (2 Yohane 9-11; Tito 3:10, 11) Ɛnde ɛyɛ nea ɛfata sɛ June 15, 1983 Engiresi Ɔwɛn-Aban no de afotu mae sɛ:
“Wɔ afeha a edi kan mu no, Himeneo ne Fileto wae fii nokware no ho na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe afoforo gyidi. Ná Onyankopɔn nnyinasosɛm ne sɛ: ‘Nsɛnhuhuw a ɛho ntew no de, yi wo ho fi ho.’ (2 Timoteo 2:16-19) Kristofo a wokuraa saa nnyinasosɛm no mu no yɛ wɔn a na wɔn ani begye ho sɛ wobetie nnipa a wɔawae no, na saa ara nso na na wɔrennye nneɛma bɔne biara a eyinom akyerɛw a wɔrekyekyɛ ‘de apɛ aniwu mfaso’ no. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔboa wɔn nneyɛe bɔne no wɔ sika fam denam wɔn nhoma a wobɛtɔ no so? (Tito 1:11) Sɛ́ Kristofo anokwafo no, momma yenkura ɔkwan a yɛnam so suaa Bible mu nokware no nea edi kan no mu wɔ anisɔ ne nokwaredi mu.—Fa toto 1 Timoteo 4:16 ho.”—Kratafa 15.
Enti, ɛyɛ nyansa ne obu ma Onyankopɔn afotu nti na Yehowa Adansefo mfa Bible adesua mmoa nhoma horow a ekura Kyerɛwnsɛm mu nokware no nsesa nyamesom nhoma ahorow a wɔde trɛw atoro anaa nnipa a wɔawae adwen horow mu no.
[Kratafa 29 adaka]
“Efisɛ ahuhusɛnkafo ne nnaadaafo asowuifo pii wɔ hɔ, ne titiriw no wɔn a wofi twetiatwa mu a ɛsɛ sɛ wosiw wɔn ano; wɔn na aniwu mfaso nti wɔkyerɛkyerɛ nea ɛnsɛ de dan afi mu butuw. Wɔn mu bi a ɔyɛ wɔn ankasa diyifo kae sɛ: Kretafo yɛ atorofo daa, mmoa bɔne, akwadwofo odidifo.”—Tito 1:10-12.
July Da Biara Da Asɛm
(wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)