“Aka Yɛn Abom Kɛse”
Ɛno ne nea ɔyere bi kyerɛw faa Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So no no. Ɔkae sɛ: “Makenkan kakra ara yiye, nanso m’ani nnyee nhoma biara ho saa da sɛ eyi. Bere a me kunu adidi anɔpa na ɔkɔ no, mefa me nhoma no kenkan dɔnhwerew biako. Ɛyɛ anigye! Me kunu ba fie awia bedidi na ɔtwɛn sɛ ɔbɛte nneɛma afoforo a makenkan ho asɛm. Aka yɛn abom kɛse!”
Yɛte nka sɛ wo nso w’ani begye nsɛm a ɛwɔ nhoma yi mu no ho araa ma ɛbɛyɛ wo dɛ sɛ wobɛka nneɛma a woakenkan no ho asɛm akyerɛ afoforo. Nhoma no ka Bible nkyerɛkyerɛ a akyinnye wɔ ho biara ho asɛm, na wɔaka emu adanse no abom wɔ ɔkwan tiaa a ntease wom so a ɛma mmuae no mu da hɔ ma ɔkenkanfo no. Nhoma a ekura nkratafa 256 a ne trɛw bɛyɛ sɛ nsɛmma nhoma yi no kura mfonini horow a ɛkyerɛkyerɛ nneɛma mu bɛboro 150 a pii yɛ nea wɔde nnuru ahorow na ayɛ. Kra bi mprempren ara. Ɛyɛ C75 pɛ.
Mesrɛ mo momfa nhoma Wubetumi Atra Ase Daa Wɔ Paradise Wɔ Asase So no biako mmana me. Mede C75 ahyɛ mu.