Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w84 10/1 kr. 14-19
  • Kristofo Ayeforohyia Ahorow a Ɛde Anigye Ba

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kristofo Ayeforohyia Ahorow a Ɛde Anigye Ba
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nneɛma A Wɔyɛ Ma Ɛtra So
  • Mmara Kwan So Aware​—Bible Mmere Mu Ne Nnɛ
  • Ayeforohyia Ahorow Wɔ Ahenni Asa So
  • Ma W’ayeforohyia Da Nyɛ Anigye Kɛse na Ɛho Mmra Nyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Ayeforohyia a Ɛhyɛ Yehowa Anuonyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Ayeforohyia Horow a Ɛyɛ Anigye A Ɛhyɛ Yehowa Anuonyam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Aware A Nidi Wom Wɔ Onyankopɔn Ne Nnipa Anim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
w84 10/1 kr. 14-19

Kristofo Ayeforohyia Ahorow a Ɛde Anigye Ba

1, 2. Nnipa pii yɛ wɔn ade dɛn wɔ asɛmfua “ayeforohyia” no ho, na dɛn ntia? (Mateo 19:4-6)

ƆSOMAFO Yohane a ɔyɛ obi a ɔde n’ani hui no bɔ amanneɛ sɛ: “Wohyiaa ayeforo wɔ Kana a ɛwɔ Galilea, na Yesu ne na wɔ hɔ. Na wohyiaa Yesu ne n’asuafo nso baa ayeforo no ase.” (Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.)​—Yohane 2:1, 2.

2 Woyɛ w’ade dɛn wɔ saa asɛm a ɛwɔ Yohane 2:1, 2 no ho? Sɛ ɛyɛ nea w’ani gye ho a, ɛrenyɛ nwonwa, efisɛ asɛmfua “ayeforohyia” no de anigye nkate bi ba. Nkurɔfo ani gye ayeforohyia ho. Sɛnea yɛkenkan wɔ Genesis 2:18-24 no, wohyiaa ayeforo a edi kan no wɔ Paradise, bere a na nnipa nni bɔne no. Yɛn Bɔfo no na ɔyɛɛ saa ɔbarima ne ɔbea a wɔyɛ pɛ ayeforohyia no ho nhyehyɛe na na ɛyɛ nea ɔpene so nso. Ná ɛyɛ adeyɛ a nidi anaa anuonyam wom na ɛyɛ nhwɛso a anigye wom ma daakye ayeforohyia ahorow.

3. Dɛn na Kyerɛwnsɛm no de bata ayeforohyia ho, nanso asɛm a emu yɛ den bɛn na asɔre? (Yeremia 7:34)

3 W’ani a egye ayeforohyia ho no ne nea yɛkenkan wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no hyia. Ɛreka wɔn a wonya kyɛfa wɔ ɔhene ayeforohyia mu ho asɛm no, Dwom 45:15 se: “Wɔde anigye ne ahosan na ɛde wɔn reba, wɔkɔhyɛn ɔhene aban mu.” Anigye da adi nso wɔ nhwɛso ahorow a wɔde aware yɛ wɔ Bible mu no mu. (Mateo 22:2-4; 25:1-10; Adiyisɛm 19:6-9) Yiw, ɛwom sɛ wɔretu anammɔn a anibere wom​—nnipa baanu a wɔde wɔn ho rehyɛ aware nhyehyɛe kronn no mu​—nanso ɛsɛ sɛ wɔkae sɛ ayeforohyia yɛ adeyɛ a anigye ne nidi wom. Nanso, amanneɛbɔ ahorow a efi wiase nyinaa kyerɛ sɛ ayeforohyia ahorow pii ntaa mma saa na ɛde ɔhaw ne awerɛhow brɛ awarefo no ne wɔn a wɔbaa ase no. Eyi ayɛ nea ɛyɛ nokware wɔ ayeforohyia ahorow a ɛfa Yehowa asomfo mpo ho mu. Dɛn ntia?

4. (a) Dɛn nti na ayeforohyia pii taa yɛ baguam adeyɛ? (b) Dɛn na Yesu kae wɔ aware ho wɔ yɛn bere yi mu?

4 Wɔ nsase ahorow pii so no nnipa baanu tumi ware wɔ adeyɛ ketewa bi a nnipa kakraa bi na ehyiam mu a ɛne mmara kwan so ahwehwɛde ahorow hyia mu. Sɛ nnipa bi a wɔreware paw adeyɛ a ɛte sɛɛ a, ɛnsɛ sɛ afoforo kasa tia wɔn anaasɛ wosusuw sɛ wɔn ani awu wɔ biribi mu. Ebia ebetumi aba sɛ ɛno na wɔpɛ na ebetumi ayɛ nea mfaso ankasa wɔ so nso, sɛ ebia wɔ sika fam no, ɛbɛma wɔasiesie wɔn ho anya kyɛfa kɛse wɔ Yehowa som adwuma no mu. (Luka 12:29-31) Nanso, ayeforohyia pii yɛ baguam adeyɛ a nnamfo ne abusuafo pii wɔ hɔ. Enti nsakrae a aba wɔ nnipa baanu no asetra mu no bɛyɛ nea wogye tom kɛse wɔ faako a wɔte no. Sɛ nyamesom mu adeyɛ anaa Bible mu ɔkasa bi ka ho a, ɛma honhom fam nneɛma ho asɛm ba mu. Na afoforo betumi anya awarefo no anigye no mu kyɛfa. Eyinom yɛ nneɛma pa. Nanso ayeforohyia akɛse de asiane ahorow ba, titiriw wɔ nnɛ bere yi a wiase no de ne ho ahyɛ ‘ware a wɔware ne ma a wɔma aware mu’ ma enti ‘wonhu’ sɛ ɛrenkyɛ nneɛma nhyehyɛe bɔne yi bɛba awiei no.​—Mateo 24:37-39.

5. Henanom na ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani gye Onyankopɔn afotu a ɛfa ayeforohyia ho no ho?

5 Sɛ wo ankasa woredwene Kristofo ayeforohyia a anigye wom ho ama wo daakye a, nneɛma bi wɔ hɔ a ɛho hia sɛ wususuw ho. Nanso yɛn a ebia wɔbɛto nsa afrɛ yɛn anaa wɔn a wonya Kristofo ayeforohyia mu kyɛfa no nyinaa betumi anya mfaso afi Bible mu afotu a ɛfa asɛm yi ho no ho a yebesusuw no mu.

Nneɛma A Wɔyɛ Ma Ɛtra So

6. Ayeforohyia akɛse betumi de ɔhaw ahorow bɛn aba?

6 Wɔ wiasefo pii fam no, ayeforohyia kɛse betumi ayɛ gyinabea ho sɛnkyerɛnne, sika anaa asetra mu dibea a ɛkorɔn ho adanse a wohu. Nea ɛyɛ awerɛhow no, ebetumi aka Kristofo mpo ma wɔabɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɔ afoforo ani denam ntade a ne bo yɛ den a wɔbɛhyɛ anaa nhyehyɛe akɛse a wɔbɛyɛ so. (Galatifo 5:26) Kristofo mpanyimfo bi a wɔwɔ Afrika Atɔe Fam kasa tiaa “nkate a ano yɛ den a wɔwɔ sɛ wobesuasua wiase no wɔ nneyɛe, ahohoahoa ne wɔn ani a wogye a anohyeto biara nni mu” wɔ ayeforohyia ase no, nnansa yi. Eyi sɛe nidi ne anigye a ɛfata wɔ wɔn a ‘wɔmmɔ wɔn bra wɔn honam akɔnnɔ mu, na wɔnnyɛ nea ɔhonam no pɛ’ bio asetra mu no. (Efesofo 2:8) Sɛ́ anka ɛbɛma wɔn ani agye na ayɛ ade pa a wɔkae no, ayeforohyia ahorow a ɛte sɛɛ taa de ‘ahohwi, ɔtan, ahoɔyaw, atutuw, nitan, agobɔne’​—ɔhonam nnwuma​—na ɛba.​—Galatifo 5:19-21.

7. Dɛn na ebia ɛbɛka nnipa binom na ama wɔapɛ ayeforohyia akɛse?

7 Abakɔsɛm kyerɛ yɛn sɛ bere a Ptolemy VI Philometor de ne babea maa Alexander Balas a ofi Siria aware no, “wohyiaa no ayeforo apɔmpɔmpɛ kɛse mu te sɛ nea ahene yɛ no wɔ Ptolemais.” (1 Makabeefo 10:58, The Oxford Annotated Bible) Ɛnnɛ, nnipa bebree a wonni sika pii te nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔn (anaa wɔn mma) ware wɔ “apɔmpɔmpɛ kɛse mu te sɛ nea ahene yɛ no.” Ebia wobenya adwene a ɛte sɛɛ denam nneɛma ho dawuru a wɔbɔ no so. nnwumawuranom a wonya sika wɔ ayeforohyia akɛse mu no ma wonya adwene a ɛne ayeforo a ɔyɛ “ɔhemmea da koro,” te sɛ nea nkratasin a wɔatintim a wɔde to nsa frɛ afoforo, mfonini ahorow a wotwa, nhwiren anaa nkawa ahorow bi bɛma moahyia ayeforo a edi mu anaasɛ ɛyɛ pɛ. Wɔpɛ sɛ wote nka sɛ, ‘Eyi yɛ pɛnkoro pɛ, ɛsɛ sɛ minya nea eye sen biara’​—sɛ́ ɛyɛ nea wubetumi anaasɛ wurentumi. Saa “asetra mu ahohoahoa” yi yɛ wiase a ɛretwam no de. (1 Yohane 2:15-17) Kristofo mpanyimfo bi kae sɛ: “Yɛahu akansi honhom bi. [Sɛ nhwɛso no,] esiane wiase no nneyɛe a anya wɔn so nkɛntɛnso nti, ayeforo no ne nnipa a wɔka ne ho no betumi asesa wɔn ntade a wɔhyɛ a ne bo yɛ den yiye no mpɛn anan anaa anum.”

8. (a) Dɛn na yebetumi asua afi Bible mu nkyekyem ahorow mu a ɛfa nnipa a wɔrehyia ayeforo ahosiesie ho? (b) Dɛn nti na Kristofo binom apaw ayeforohyia ntade a wɔwɔ no?

8 Bible no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ayeforohyia yɛ biribi a enhia ahosiesie a ɛfata. Sɛ nhwɛso no, yɛkenkan “ayeforokunu a ɔkeka ne ho bɔ n’abotiri, ne ayeforo a ɔde ne nnwinne hyehyɛ ne ho” ho asɛm. (Yesaia 61:10; Dwom 45:13, 14; Yesaia 49:18; Yeremia 2:32; Hesekiel 16:9-13; Adiyisɛm 21:2) Wɔka Kristo sɛnkyerɛnne kwan so ayeforo no ho asɛm sɛ ‘ofura nwera pa a ɛhoa fitaa a ɛho tew.’ Enti, ɛyɛ nea ɛfata sɛ ayeforo ne ayeforokunu (ne wɔn a wɔka wɔn ho) no hyɛ ntade a ɛho tew na ɛyɛ fɛ, nanso wonhia ntade a ne bo yɛ den a ɛde sika fam ahokyere ba. Awarefo binom ahyɛ da apaw ntade a ne bo ba fam kakra sen sɛnea wobetumi atɔ. Dɛn ntia? Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenhyɛ ntade a ebetumi ayɛ nea ɛyɛ nwonwa kyɛn so a ebetumi ama wɔn a wɔahyiam no ayɛ basaa anaa ebetumi asɛe nidi, anigye ne honhom fam nneɛma ho asɛm a ɛwɔ ayeforohyia no mu no.​—Adiyisɛm 19:8; Mmebusɛm 11:2; 1 Timoteo 2:9.

9. Ɛsɛ sɛ yɛte nka dɛn wɔ ayeforohyia amanne anaa atetesɛm ahorow ho?

9 Ade foforo a ɛma wɔyɛ nneɛma tra so wɔ ayeforohyia ahorow ase ne si a wosi ho amanne ahorow so dua wɔ ɔkwan a ɛmfata so no​—ɛho nhyehyɛe ahorow pii a ɛho “abenfo” ka sɛ ɛsɛ sɛ wodi akyi no. Eyi nkyerɛ sɛ Onyankopɔn asomfo hyɛ da pow biribiara a ɛyɛ amanne wɔ baabi a wɔwɔ no a ɛfa ayeforohyia ho no.a Ɛdefa bere a ɔreware ho no, Bible no kyerɛ sɛ, ‘Simson tow pon wɔ hɔ, efisɛ saa na mmerante taa yɛ.’ (Atemmufo 14:10) Nanso, amanne anaa nneɛma ahorow a ɛte saa a wobedi akyi katee betumi ama ayeforohyia bi ayɛ basaa na asɛe ntease ankasa a ɛwɔ adeyɛ no mu ne anigye a ɛsɛ sɛ obiara nya no.

Mmara Kwan So Aware​—Bible Mmere Mu Ne Nnɛ

10. Ná ayeforohyia ahorow no te dɛn wɔ Bible mmere no mu?

10 Yebetumi anya mfaso afi nea Bible no ka wɔ ayeforohyia ahorow ho no mu, sɛ ɛyɛ nea ɛsono nneɛma ahorow a wɔyɛ wɔ yɛn bere yi mu ne faako a yɛwɔ no mpo a. Wɔ Bible mmere mu no na mmara kwan so anaa nyamesom mu adeyɛ titiriw biara ho nhia. Ayeforokunu no bɛkɔ ɔbea a ɔreware no no fi na ɔde no adi ne nkyɛn mu wɔ baguam akɔ ne fi. Ná wɔyɛ eyi a nnipa baanu no, wɔn abusuafo a wɔbɛn ne wɔn a wɔrehwɛ adeyɛ a ɛyɛ anigye no, nyinaa ani agye. Ná ayeforo ne ayeforokunu no taa de ntade a ɛyɛ fɛ siesie wɔn ho na wɔtow pon wɔ ɔbarima no fi na wohyia nnipa afoforo ba hɔ.​—Genesis 24:65-67; Mateo 1:24; 25:1-10; fa toto 1 Makabeefo 9:37, 39 ho.

11. Ná tebea no te dɛn wɔ aware ho nkrataa a wohia ho wɔ tete mmere no mu?

11 Ná aman a atwa Hebrifo ho ahyia no wɔ mmara horow a ɛhwehwɛ sɛ wɔkyerɛw aware nhyehyɛe ahorow no to hɔ. Bere a Bible no mmɔ kyerɛwtohɔ ahorow a ɛte sɛɛ din no, ɛka aware ‘apam’ ho asɛm. (Malaki 2:14) Bible mu anatõ tenteenten no ma yehu sɛ ebia na wɔyɛ aware ho kyerɛwtohɔ wɔ ɔkwan bi so, na, nea ɛyɛ anigye no, Yosef ne Maria penee mmara kwan so dinkyerɛw bi so. (Luka 2:1-5; 3:23-38) Afeha a ɛto so anum A.Y.B. mu nhoma mmobɔwee ahorow a efi Yudafo mansin bi mu wɔ Elephantine (Egypt) no so na aware ho nhyehyɛe ahorow wɔ, emu biako kenkan sɛ:

‘. . . maba wo fi sɛ fa wo babea Miphtahiah ma me aware. Ɔyɛ me yere na meyɛ ne kunu fi saa da yi kosi daa. Matua nnwetɛbona 5 ama wo sɛ nea mede ayɛ wo babea Miphtahiah ho ade . . . ’

12. (a) Yehowa Adansefo te nka dɛn wɔ aban mu aware ho? (b) Dɛn na eye sɛ wɔbɛyɛ, sɛ aban mu ne nyamesom mu adeyɛ bi wɔ hɔ a?

12 Yehowa Adansefo hu sɛ ɛsɛ sɛ ayeforohyia ne faako a wɔwɔ no mmara hyia, na wɔnam saa yɛ so ‘de Kaesare de ama Kaesare.’ (Marko 12:17; Romafo 13:1, 7) Ebia na mmara no hwehwɛ sɛ nnipa baanu no kɔ ma oduruyɛfo hwɛ wɔn mogya, wɔn nsa ka tumi krataa na wɔka ntam wɔ aware ho dwumadifo a wɔama no tumi bi anim. Wɔ nsase binom so no, aban adwuma mu mpanyimfo te sɛ kuropɔn sohwɛfo anaa ɔtemmufo nkutoo na obetumi ahwɛ ma wɔahyehyɛ aware ahorow. Nanso, Kristoman asɔre ahorow no mufo te nka mpɛn pii sɛ wonnya nwaree ankasa kosi sɛ wobehyia ayeforo wɔ asɔre no mu. Nokware Kristofo gye tom sɛ aban mu aware yɛ nea edi mũ, nanso ebinom pɛ (anaa ebia faako a wɔwɔ no bɛma wɔate nka) sɛ ɛsɛ sɛ Kyerɛwsɛm mu ɔkasa bi di aban mu de no akyi. Sɛ ɛyɛ nea wɔbɛyɛ saa a, ɛnde eye sɛ wɔbɛyɛ eyi ntɛm ara wɔ aban mu aware no akyi.b

13. Sɛ Kristoni ɔpanyin na ɔrebɛhwɛ so a, dɛn na ebia ɔbɛyɛ ansa na ayeforohyia no adu so?

13 Aman binom ma Yehowa Adansefo asomfo tumi a wɔde hwɛ ma wɔhyehyɛ aware ahorow. Mpɛn pii asafo mu mpanyimfo a wɔyɛ mmarima a wɔwɔ osuahu, nhumu, wɔn ho akokwaw na wɔwɔ Onyankopɔn Asɛm no mu nimdeɛ na wɔyɛ eyi. Ebia ɔpanyin a wɔsrɛ no sɛ ɔnhwɛ so no ne nnipa a wɔrebɛware no bedi kan ahyiam. Sɛnea ɛte no, ebia wɔbɛpɛ sɛ wosi so dua kyerɛ no sɛ biribiara nni hɔ a esiw wɔn aware no ho kwan wɔ abrabɔ mu anaa mmara kwan so. Ebia ɔde Kyerɛwsɛm mu afotu a eye bɛma te sɛ agya. Ebia ɔne wɔn besusuw nhyehyɛe ahorow a wɔayɛ ama adeyɛ no ne apontow biara a ebedi akyi aba nso ho, efisɛ ɔbɛpɛ sɛ onya ahonim pa wɔ adeyɛ yi a wɔresrɛ no ma wadi dwuma kɛse wom yi ho.​—Mmebusɛm 1:1-4; 2:1; 3:1; 5:15-21; Hebrifo 13:17, 18.

14. Ayeforohyia ɔkasa ahorow bɛn na ɛyɛ nea ɛfata?

14 Sɛ́ ɛyɛ nea aban mu adeyɛ bi di anim anaasɛ dabi no, ayeforohyia ɔkasa a Yehowa Adansefo somfo ma betumi aboa asi so dua sɛ, efi ne mfiase pɛɛ no, ɛsɛ sɛ aware yɛ nea honhom mu nneɛma ho asɛm wom. Ɔkasa ahorow a ɛte sɛɛ nyɛ tenten pii a wɔde ka nea Bible no ka wɔ aware ho nyinaa ho asɛm, na saa ara na ɛnsɛ sɛ wɔde yi nsɛnkwaa anaa wɔde kamfo awarefo no ma ɛtra so dodo. Ɔkasa yi a ɛkari pɛ, ɛyɛ anigye na efi Kyerɛwnsɛm mu yi ho betumi aba wɔn a wɔreware no ne afoforo a wɔwɔ hɔ nyinaa mfaso.c​—2 Timoteo 3:16.

15. Ɔkwan bɛn so na ɛsono ntam a Yehowa Adansefo ka no wɔ ntam afoforo a wɔka nnɛ no ho?

15 Ayeforohyia pii wɔ hɔ a ntanka ahorow ka ho. Nea wɔka wɔ “nnɛyi” wiase ayeforohyia binom ase no yɛ nea woyi fi anwensɛm ahorow mu, anaa wɔka asetra mu nsɛm ahorow. Time atesɛm krataa mu asɛm bi a ɛfa “Asiane Ahorow a Ɛwɔ Ofie Ntanka Ahorow Mu” ho no kyerɛe sɛ ɔsɔfo bi bisae sɛ: “Gina, so wopene so sɛ wobɛdɔ Peter asen sɛnea wopɛ chocolate no?” Afei obisaa Peter sɛ: “So wopene so sɛ wobɛdɔ Gina asen anɔpa atesɛm krataa?” Nanso, asɛm no sii so dua sɛ “ayeforohyia yɛ baguam adeyɛ” na ɛsɛ sɛ ɛhyɛ asetra mu anammɔn a ɛho hia a wɔretu no anuonyam. Wɔ Yehowa Adansefo ayeforohyia ase no, ntanka ahorow no bɛyɛ nea ɛne baabi a wɔwɔ no mmara hyia. Baabi a wɔma ho kwan no, wobetumi aka ntam a ɛhyɛ Onyankopɔn, a ɔyɛ aware hyehyɛfo no anuonyam yi:

“Me​—​—fa wo ​—​—sɛ m’ayeforohyia yere a mɛdɔ no na mahwɛ no sɛnea ɔsoro mmara a wɔada no adi wɔ Kyerɛw Kronkron no mu ma Kristofo kununom kyerɛ no, bere dodow a yɛn baanu bɛtra ase abom wɔ asase so sɛnea Onyankopɔn aware ho nhyehyɛe no te no.”

“Me​—​—fa wo ​—​—sɛ m’ayeforohyia kunu a mɛdɔ no na mahwɛ no na mabu no kɛse sɛnea ɔsoro mmara a wɔada no adi wɔ Kyerɛw Kronkron no mu ma Kristofo ɔyerenom kyerɛ no, bere dodow a yɛn baanu bɛtra ase abom wɔ asase so sɛnea Onyankopɔn aware ho nhyehyɛe no te no.”

Ɛnsɛ sɛ wɔyɛ nsakrae bi wɔ ntam yi ka mu anaasɛ wɔde biribi si ananmu ma ɛyɛ sɛnea awarefo no pɛ.d

Ayeforohyia Ahorow Wɔ Ahenni Asa So

16, 17. (a) Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo kuw no ho wɔ ayeforo a wohyia wɔ Ahenni Asa so no mu? (Yakobo 3:17) (b) Dɛn nti na eyi yɛ nea eye?

16 Wɔaka akyerɛ Kristofo sɛ wɔnware wɔ “Awurade mu nko.” (1 Korintofo 7:39) Sɛ Kristofo baanu a wɔwɔ gyinabea pa wɔ asafo no mu pɛ sɛ wohyia wɔn ayeforo (anaa, wɔma ayeforohyia ɔkasa) no wɔ Ahenni Asa so a, ɛsɛ sɛ wɔsrɛ kwan fi mpanyimfo kuw no hɔ.e Ɛnyɛ nea saa mmarima yi ankasa pɛ wɔ ayeforohyia nhyehyɛe ahorow mu na wɔbɛpɛ sɛ wɔyɛ, na mmom wobebisa nhyehyɛe ahorow a nnipa baanu no ayɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenyɛ biribi wɔ Asa no so a ebetumi ahaw asafo no.​—Fa toto 1 Korintofo 14:26-33 ho.

17 Sɛ nhwɛso no, wɔabɔ nneɛma ahorow a ɛhaw adwene ho amanneɛ wɔ ayeforohyia ahorow a wɔanyɛ wɔ Ahenni Asa so ho. Ansa na biako rebefi ase no, wɔbɔɔ nnwom a ano yɛ den na ayeforokunu no ne wɔn a wɔka ne ho no baa asa a wɔakogye no so a wɔresaw. Ahɔho a wɔaba no kɔkaa wɔn ho sawee araa kosii sɛ ná ɛsɛ sɛ oguamtrani no ma wogyae sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi abɔ mpae ma wɔafi ayeforohyia ɔkasa no ase. Ɛda adi sɛ na ɛno nyɛ adeyɛ a ɛfata Kristofo ayeforohyia. Nanso, ɛkyerɛ nea enti a mpanyimfo no hwɛ yiye wɔ Ahenni Asa so ayeforohyia ahorow ho no. Wɔ Asa no so no, nnwom a ɛma nkɔso, te sɛ nea ɛwɔ Yehowa Adansefo nnwom nhoma mu no nkutoo na wɔbɛbɔ. Ɛsɛ sɛ nhwiren anaa biribi a ɛte saa biara a wɔde siesie hɔ no yɛ nea ɛfata a ɛntra so, na saa ara na ɛsɛ sɛ ɛyɛ wɔ ɔkwan a ayeforohyia-kuw no fa so ba Asa no so ne mfonini ahorow a wotwitwa no ho.​—Filipifo 4:5.

18. Henanom na wobetumi aka ayeforo ne ayeforokunu no ho wɔ ayeforohyia no mu? (1 Korintofo 5:13; Yakobo 2:1-4)

18 Wɔ Bible mmere mu no, na wɔtaa nya “ayeforokunu adamfo” ne ayeforo no mfɛfo a wɔyɛ mmea. (Yohane 3:29; Dwom 45:14) Mpɛn pii eyi te saa wɔ Ahenni Asa so ayeforohyia ahorow ho nso. Nanso odwo ho hia wɔ nnipa dodow a wɔma wɔyɛ eyi ne sɛnea wosiesie wɔn ho na wɔyɛ wɔn ade no mu. Ɛbɛyɛ nea ɛmfata sɛ wɔbɛma nnipa a wɔatu wɔn anaasɛ wɔn abrabɔ ne Bible nnyinasosɛm ahorow bɔ abira kɛse aka ayeforohyia-kuw no ho. (2 Korintofo 6:14-16) Sɛ́ anka wɔbɛpaw nnipa a wɔagye din, anaa wɔn a wɔbɛma wɔn akyɛde a ne bo kɔ anim mmom no, Kristofo awarefo (nẽ akasafo) pii pɛ sɛ wobenya wɔn a wɔbɛn wɔn wɔ Yehowa som mu wɔ ayeforohyia-kuw no mu.

19. Nneɛma afoforo bɛn a wɔbɛma wɔn adwene aba so na ɛbɛboa ma Ahenni Asa so ayeforohyia ayɛ anigye?

19 Sɛ ɛyɛ nea wɔbɛyɛ wɔ Ahenni Asa so a, wobetumi de nkaebɔ tiaa ama wɔ ayeforohyia bere no ho. Saa kwan no so no, asafo no behu sɛ wɔbɛyɛ biribi wɔ Asa no so na sɛ wɔpɛ a, wobetumi aba bi. Esiane sɛ Kristofo nhyiam titiriw na wɔyɛ wɔ Ahenni Asa no so nti, ayeforohyia no bɛyɛ bere a ɛne eyi nhyia. Bere ho nhyehyɛe biara a wɔbɛyɛ no da ɔdɔ ne wɔn nyinaa ho a wosusuw a ɛbɛma wɔaba bere ano adi. Wɔ bɛ bi a Yesu bui a ɛfa ayeforohyia bi ho mu no, “ayeforokunu no kyɛe no,” ɛde ɔhaw a emu yɛ den brɛɛ ebinom.​—Mateo 25:1-12.

20. Ayeforohyia ho asɛm foforo bɛn na ɛho hia sɛ yesusuw ho?

20 Odiyifo Yesaia kyerɛwee sɛ “ayeforokunu ho sɛpɛw no ayeforo ho.” (Yesaia 62:5) Ayeforo no nso ani gye n’ayeforohyia da no. Wɔn a wɔba ase no pii nso ‘ani gye’ wɔ Kristofo ayeforohyia ahorow ho. (Yohane 3:29) Mpɛn pii wɔda saa anigye no adi na ebi ba bɛka ho denam hyia a wohyiam wɔ ayeforohyia no akyi, nea wɔfrɛ no ayeforohyia apontow no so. Afotu bɛn na Yehowa de ma wɔ n’Asɛm mu a ɛbɛma anigye aba wɔ aguabɔ ahorow a ɛte sɛɛ ase sen sɛ ɛde ɔhaw bɛba? Momma yɛnhwɛ.

[Ase hɔ nsɛm]

a Sɛnea ɛbɛyɛ a wubenya ayeforohyia amanne ahorow ho nsɛm no, hwɛ January 15, 1969 Watchtower no nkratafa 58 ne 59.

b Sɛ bere tenten bi twam a, ebia nnipa baanu no adeyɛ no bɛto wɔn a wɔwɔ hɔ no hintidua sɛ ebia wɔte hɔ sɛ okunu ne ɔyere anaasɛ wɔnyɛɛ saa.​—2 Korintofo 6:3.

c Wubetumi ahu Kyerɛwsɛm mu nsɛm a wobetumi de ɔkasa yi agyina so no wɔ Watchtower March 15,1969, nkratafa 174-9; March 1, 1974, nkratafa 274-7; March 15, 1977, nkratafa 172-85.

d Sɛ aban dwumayeni panyin bi ama aware no adi mũ dedaw na sɛ wɔde Kristofo ayeforohyia ɔkasa redi akyi a, ɔsomfo no betumi akyerɛ sɛ wɔayɛ mmara kwan so de no dedaw. Awarefo binom pɛ sɛ wobetĩ ntanka yi mu bio wɔ Onyankopɔn ne asafo no anim.

e Wɔ bere bi mu no, wɔama nnipa baanu a wɔresom Onyankopɔn a wɔretwɛn nhyiam bi ma wɔabɔ wɔn asu ahyia ayeforo wɔ Ahenni Asa so.

So Wokae Nsɛm Yi?

□ Ɛho hia sɛ Kristofo ma wɔn oni da hɔ wɔ asiane bɛn a ɛfa ayeforohyia akɛse ho ho?

□ Dɛn ne Yehowa Adansefo gyinabea wɔ aban mu anaa nyamesom mu ayeforohyia ho?

□ Ɔkwan bɛn so na nnipa baanu a wɔreware gyinaesi wɔ wɔn ayeforohyia ho betumi ama Kristofo anigye a ɛwɔ adeyɛ no mu no ayɛ kɛse?

□ Ayeforo ahorow bɛn na wobetumi ahyia wɔ Ahenni Asa so?

[Kratafa 17 mfoni]

Hebrini ayeforokunu de n’ayeforo bɛba fie wɔ anigye ne nidi mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena