Ɔtaa Wɔ Ɔman A Asomdwoe Wom Mu
BƐBORO mfe 60 no ɔman no ayɛ nea asomdwoe wom, a emufo wɔ adamfofa su na ɔhene yamyefo di wɔn so. Afei ɔhene no wui. Na mpofirim ara ɔman a asomdwoe wom no dan bɛyɛɛ baabi a wɔhaw nnipakuw ketewaa bi a wonim wɔn dɔ ma afoforo ne obu ma tumidi wɔ wiase nyinaa no. Dɛn nti na wɔtaa wɔn? Esiane ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛtra ase sɛnea Bible akwankyerɛ te nti. Ɛhe na eyi bae? Wɔ Swaziland.
Swaziland yɛ ɔman ketewa fɛfɛ bi a ne trɛw ne ne tenten yɛ bɛyɛ akwansin 6,700 a ɛda South Africa ne Mozambique ntam. N’atɔefam yɛ nea wura momono ne mmepɔw pii wɔ, na n’apueifam yɛ asase a ɛda fam na ɛte sɛ sare, na ɔman no mufo boro ɔpepem fã pɛ. Swazifo no bɛtraa asase yi so afeha a ɛto so 18 no mfiase hɔ. Afe 1903 no ɛbɛhyɛɛ Britania nniso ase, na ɛbɛyɛɛ ɔman a a ɛde ne ho wɔ 1968 mu, a ɔhene Sobhuza II di so.
Saa ɔbarima mmɔdenbɔfo yi gyee din sɛ, wɔ ne bere so no, na ɔno ne ɔhene a wanyin sen biara na wadi hene akyɛ sen biara wɔ asase so. Odii hene fii 1921 besii ne wu wɔ August 21, 1982. Na wonim no yiye wɔ ne nyansa ne nhumu ho. Bere a ne man no hyɛ South Africa ne Mozambique ntam na ɛsono aman abien yi mu biara amammui nhyehyɛe koraa no, wankɔ wɔn mu biara afã. Ne saa nti, Swaziland kɔɔ so yɛɛ ɔman a asomdwoe ne yiyedi wɔ mu.
Wɔn Nyamesom
Te sɛ Afrikafo pii no, Swazifo no de mfehaha pii asom nananom a wɔawuwu. Wɔ mfe kakraa yi mu no asɔre horow pii aba wɔ Swaziland, nanso tete amanne horow wɔ tumi kɛse wɔ wɔn mu dodow no ara so. Wɔ 1930 mfe no mfiase hɔ no Yehowa Adansefo de asɛmpatrɛwfo kɔɔ hɔ sɛ wɔnkɔtrɛw Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no mu. Mpɛn pii no asɛmpatrɛwfo yi kɔsraa Ɔhene Sobhuza, na ogyee wɔn fɛw so bere nyinaa te sɛ adehye.
Bere bi akyi no Swazifo no binom gyee asɛm a Yehowa Adansefo ka no toom. Esiane sɛ afei wodi Onyankopɔn mmara a wɔada no adi wɔ Bible mu no so nti, saafo yi nni nyamesom mu amanne horow bi a ɛne Kristofo gyidi nhyia no akyi bio. Eyi maa ahemfo bi sɔre tiaa wɔn, nanso ɔhene no amma kwan amma wɔamfa ɔtaa amma Yehowa Adansefo so. Enti Yehowa Adansefo wɔ anisɔ kɛse ma no, na wodi ne wu no ho awerɛhow ankasa. Nanso so eyi kyerɛ sɛ na ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ho hyɛ tete ayiyɛ ho amanne horow, te sɛ ti nhwi a wɔtwerɛw, mu anaa?
Ayiyɛ Mu Nneyɛe Horow
Nneyɛe horow a ɛtete sɛɛ ho hia wɔn a wɔyɛ no kɛse. Abibifo amanne horow ho ɔbenfo bi, Dr. I. Schapera, kyerɛwee sɛ: “Nananom a wɔawuwu a wɔsom wɔn no gyina gyidi a ɛne sɛ sɛ onipa wu a ɔkɔ so di n’abusuafo a wɔda so te ase no so tumi no so.” Ɛdefa eyinom a wɔawuwu no ho no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛ wɔhyɛ wɔn abufuw denam amanne a wobu so no so a, wɔn nso wobetumi ama ɔpɛ asi kɛse, de mmoa-yare aba, wobetumi ama asiane, ɔyare anaa owu mpo aba mmusua anaa nnipa nkorɛnkorɛ so.” Sɛ ɔhene bi wom a, eyi “mu bɛyɛ den kɛse mpo.” Enti, sɛ́ wɔrenyɛ ayiyɛ mu amanne horow mma ɔhene bi no bɛyɛ nea enye koraa wɔ wɔn a wogye tete amanne ahorow a ɛte sɛɛ di no fam.
Nanso, ɛsɛ sɛ Kristofo susuw sɛnea Yehowa Nyankopɔn bu nneyɛe a ɛtete saa ho. Mfe mpempem bi a atwam ni no Onyankopɔn ka kyerɛɛ ne nkurɔfo a wapaw wɔn no sɛ: “Monnsesa mo ho nkamaa na mommmɔ tikwaw mmma owufo biara; na ɔman kronkron ne wo ma [Yehowa] wo Nyankopɔn.”—Deuteronomium 14:1, 2.
Eyi yɛ nea ntease wom efisɛ biribiara nni hɔ a yɛyɛ a ɛbɛma obi a wawu ani agye anaasɛ ne bo afuw. “Awufo de, wonnim biribiara.” (Ɔsɛnkafo 9:5) Sɛ ɔhene mpo wu a, “ɔsan kɔ ne dɔte mu, da no ara ne tirim a ɔbobɔe yera.” (Dwom 146:3, 4) Saa bere no na wada, a onnim hwee. Anidaso ara a ɛwɔ hɔ ma no ne owusɔre a Onyankopɔn de bɛba daakye. Ɔrentumi mmoa anaasɛ ompira wɔn a na wɔhyɛ n’ase no.
Sɛ́ obi bɛbɔ tikwaw ama obi a wawu no bɛma afoforo asusuw sɛ onii gye di sɛ ne kra da so te ase. Adeyɛ a ɛte saa bɛyɛ nyaatwom adeyɛ ama Yehowa Adansefo mu biara. (Hesekiel 18:4) Ɛbɛkyerɛ sɛ ‘ɔredi atoro’ na ɛrensɔ Onyankopɔn ani. (Adiyisɛm 22:15) Afei nso, wɔbɔ nokware Kristofo kɔkɔ denneennen sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde nneyɛe a ɛnyɛ Kristofo de frafra wɔn som mu. (2 Korintofo 6:14) Wɔrentumi mfa wɔn ho nhyɛ ayiyɛ mu amanne horow a ɛne Bible bɔ abira mu, sɛ awerɛhow a wodi bere a adamfo bi awu no mu yɛ den sɛ dɛn mpo a.
Ɔman Mpanyimfo Sɔre Tia
September 13, 1982 no, The Times a wotintim wɔ Swaziland no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Amrado a ɔwɔ Lobamba Royal Residence no de nea ɛsɛ sɛ Swazifo nyinaa yɛ bere a wɔreyɛ Ɔhene Sobhuza II a wadan ne ho no ayi no ato gua. Baguani Vusumuzi Bhembe aka wɔ ɔman radio so sɛ, sɛ́ awerɛhodi ho sɛnkyerɛnne no, ɛsɛ sɛ Swazifo mmarima nyinaa bɔ tikwaw. . . . Mmea awarefo betwa dansinkran.” Ankyɛ na wofii ase haw wɔn a wɔn ahonim remma kwan mma wonni saa ahyɛde yi so no.
Yawda, September 23, 1982 no, Andreas Xaba, Swaziland Aban dwumayɛni bi a ɔhwɛ nyɛmmoa akwahosan so no panyin, Owura Mavimbela, bisaa no nea enti a ɔmmɔɔ tikwaw. Bere a Andreas bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ mu no, Owura Mavimbela ampene nea ɔka no so na ɔkɔfaa asraafo baasa fii asraafo atrae a ɛbɛn hɔ no bae. Nanso asraafo no sii gyinae sɛ polisifo na ɛsɛ sɛ wodi asɛm no ho dwuma.
Bere a wɔretwɛn polisifo no, Owura Mavimbela ka kyerɛɛ asraafo no mu biako sɛ ɔnkɔfa Andreas yere mfi fie mmra efisɛ ɔno nso ntwitwaa ne ti. Polisifo no bae, nanso ɔpanyin a ɔwɔ mu no kae sɛ ɛnsɛ sɛ wɔhaw Owura ne Owurayere Xaba, efisɛ aban ankyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔkyere wɔn a wontwitwaa wɔn ti no.
Nanso saa anwummere no asraafo baason baa Xaba ne ne yere fie a na Owura Mavimbela ka wɔn ho na wɔbɛfaa wɔn kɔɔ asraafo atrae hɔ. Ɛhɔ no asraafo no nyinaa hyiae, na bere a wobisabisaa wɔn nsɛm akyi no, wɔhwee Andreas ne ne yere pii. Wɔde wɔn koguu baabi na wɔhyɛɛ wɔn ma wɔdedaa fam na asraafo no de wɔn anan bobɔɔ wɔn. Awiei koraa no wɔhyɛɛ wɔn twerɛw wɔn ti na wogyaa wɔn ma wɔsan kɔɔ fie.
October 11, 1982 no, wɔde Yehowa Adansefo baanan kɔɔ ɔman asenniibea wɔ Manzini. Ansa na wɔde atemmu rema no, Asenniifo no Titrani, Mabhula Shongwe, hyɛe sɛ polisifo no ntwerɛw wɔn ti. Wɔyɛɛ eyi atirimɔden so. Ebinom a wɔde wɔn aniwa hui bɔ amanneɛ sɛ wɔn atifi nyinaa yɛɛ mogya. Afei wɔdaa atemmu no adi: afiasenna afe biako anaasɛ sika R100 a wobetua.
Nnanu akyi no wɔkyeree Adansefo 11, mmarima 10 ne ɔbea biako, wɔ Mhlume Company, faako a wɔyɛ adwuma. N’adekyee no awɛmfo a wofii saa adwuma yi mu kɔɔ mmarima yi afie kɔkyeree wɔn yerenom ne wɔn mma de wɔn nso koguu afiase. October 20 no wɔkae sɛ wɔn nyinaa nkɔkyerɛkyerɛ nea enti a wɔrentwerɛw wɔn ti no mu wɔ asenniibea. Obu mu no wɔkyerɛkyerɛɛ asɛm no mu, de Bible mu nsɛm te sɛ nea ɛwɔ Deuteronomium 14:1 ne Mateo 6:17, 18 no dii dwuma. Nanso, wɔkyerɛe sɛ wɔmfa wɔn mu biara nkɔto afiase afe biako anaasɛ obiara ntua R100. Na wɔtwerɛw wɔn ne wɔn yerenom ne wɔn mma nyinaa ti ɔhyɛ so nso. Akyiri yi woyii wɔn nyinaa adi fii Mhlume Company adwuma no mu.
September 28, 1982 no, Prince Logiyela Dlamini a ɔwɔ National Court wɔ Bunya no hyɛe sɛ Adansefo 13 a wɔyɛ adwuma wɔ Usuthu Pulp Company adwuma mu no mu biara ntua sika R60. Akyiri yi wɔhyɛe sɛ ɛnsɛ sɛ wɔsan kɔ faako a wɔyɛ adwuma hɔ bio. Wɔpɛe sɛ wohu wɔn adwuma mu mpanyimfo nanso wɔhyɛɛ wɔn ma wokopuee Privy Council kɛse a ɛwɔ Lobamba no anim October 7.
Saa bagua yi guamtrani, Owura Lusendvo Fakudze maa kwan maa Adansefo no kyerɛkyerɛɛ wɔn asɛm no mu. Asennii no mu no ahemfo no biako kae sɛ: “1975 mu na yɛpɛe sɛ yɛtɔre mo ase nanso ɔhene a waka baabi no na ɔbɔɔ mo ho ban. Afei hena na ɔbɛbɔ mo ho ban?” Awiei koraa no wɔka kyerɛɛ Adansefo no sɛ wɔde asɛm no bɛkɔ akɔto mpanyimfo no ne Ɔhemmaa no anim wɔ Lobamba. Na wɔka kyerɛɛ wɔn adwumawuranom sɛ mma wonnnye wɔn kosi sɛ wɔbɛtwerɛw wɔn ti.
Dapɛn a edi hɔ no wɔsan kyeree saa Adansefo yi. Na wɔde wɔn mu baasia bɛkɔ asenniibea October 19, wɔ National Court hɔ ara wɔ Bunya. Ɛda no soe no asenni bagua no titrani no amma. Ɛho behiae sɛ wotu asɛm no hyɛ da a edi so no na wɔpaw otitrani foforo, Owura Magomba Dlamini. Ɔhyɛe sɛ ɛsɛ sɛ wɔhyɛ Adansefo no twerɛw wɔn ti na ɔkae sɛ wɔmfa wɔn nkogu afiase asram abiɛsa, anaasɛ wontua sika R30.
Wɔn a wɔkyeree wɔn no mu binom ne Aaron Phakathi, Leonard Mabuza, Bartholomew Mbuli, Stephen Mngomezulu, John Shabangu ne Lina Mbuli. Ná wɔakyere eyinom mprenu wɔ asɛm koro no ara ho. Usuthu Pulp Company no yii wɔn nyinaa adi.
Bere a yɛrekyerɛw eyi no, anyɛ yiye koraa no na wɔakyere Adansefo bɛyɛ 90 de asotwe ama wɔn, sɛnea amanneɛbɔ a nsa aka kyerɛ no. Na wɔakyere ebinom bɛboro pɛnkoro.
Nneɛma Pa Bi Afi Mu Aba
Ɔhaw ahorow no nyinaa akyi no, osuahu ahorow bi a ɛhyɛ nkuran afi saa ɔtaa a na wɔnhwɛ kwan yi mu aba. Susuw amanneɛbɔ a Adansefo a wɔde wɔn koguu Manzini afiase de mae no ho
“Bere a yebeduu ha no na nneduafo so ɔhwɛfo no mpɛ yɛn asɛm koraa, na ɔkae sɛ yɛreko atia aban. Wamma kwan amma yɛn nuanom ammɛsra yɛn, na ɔmaa wɔde aduan a wɔde brɛɛ yɛn no nyinaa san kɔe. Nanso yɛkɔɔ so de obu maa no na yɛmaa mmuae ahobrɛase mu. Bere a ohuu eyi no, ne suban sakrae. Ɔde ne Bible maa yɛn na ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnka asɛm nkyerɛ nneduafo no nyinaa. Awiei no, obiara a ɔwɔ hɔ no hui sɛ nea ɛteɛ akyi a yedi nti na wɔde yɛn beguu afiase, na nneduafo ne polisifo no nyinaa hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yennyina pintinn.
Onyankopɔn Anaa Kaesare?
Yehowa Adansefo nim asɛm a ɔsomafo Paulo kae no: “Momma akra nyinaa mmrɛbrɛ wɔn ho ase nhyɛ tumi a ɛwɔ anuonyam no ase.” (Romafo 13:1) Wɔkae nso sɛ Yesu kae sɛ: “Momfa Kaesare de mma Kaesare.” Nanso, Yesu de kaa ho sɛ: “. . . ne Onyankopɔn de mma Nyankopɔn.” (Mateo 22:19-21) Bere a wɔka kyerɛɛ Yesu asomafo no sɛ wonnyae biribi a Onyankopɔn ahyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no, wɔkae sɛ: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa.” (Asomafo no Nnwuma 5:29) Wɔampɛ sɛ wɔyɛ wɔn sodifo a wɔyɛ nnipa no so asoɔden. Nanso bere a saa sodifo no hyɛɛ wɔn a na ɛsɛ sɛ wɔpaw osetie a wɔbɛyɛ ama Onyankopɔn ne osetie a wɔbɛyɛ ama nnipa mu biako no, ná ɛsɛ sɛ wodi kan tie Onyankopɔn.
Yehowa Adansefo di saa Kristofo nhwɛso yi akyi. Bere koro no ara mu no wɔbɔ mpae sɛ aman mpanyimfo no bɛte wɔn ase. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Na afei, nea edi ne nyinaa kan no, mitu mofo sɛ wɔnyɛ nkotɔsrɛ, odima, aseda . . . mma ahene ne wɔn a wodi tumi nyinaa, na yɛatra ase komm, na yɛn ho adwo yɛn.”—1 Timoteo 2:1, 2.
Akyinnye biara nni ho sɛ Swazi aban no nim sɛ Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ ‘wɔbɛtra ase komm.’ Sɛ́ kuw no, wotua wɔn tow na wɔtra ase wɔ ahotew ne nokwaredi mu. Nanso, efi Ɔhene Sobhuza wu so no, nyamesom mu ɔtaa a ɛyɛ hu rekɔ so. Afei nso, Adansefo mmarima no mmea pii nni adwuma a wɔbɛyɛ de ahwɛ wɔn ho, efisɛ wɔapam wɔn afi wɔn nnwuma ahorow mu.
Dɛn Na Wususuw?
So ɛyɛ wo nwonwa sɛ wɔ nnɛ bere yi mu no wobetumi ahyɛ ɔman bi mufo nyinaa sɛ wɔnsom awufo? So wugye di sɛ ɛsɛ sɛ nkurɔfo tumi som Onyankopɔn sɛnea wɔn ahonim te? So wo yam hyehye wo ma wɔn a wohu amane esiane hokwan a wɔde kame wɔn yi nti no? Sɛ saa a, ebia wobɛpɛ sɛ woyɛ telegram anaasɛ wokyerɛw krataa—wɔ obu ne ayamye mu—de kɔma Swazi Aban mpanyimfo no mu biako anaasɛ wɔn mu dodow bi. Mpanyimfo atitiriw a wubetumi akyerɛw wɔn no din na ɛwɔ adaka yi mu no.
[Ase hɔ nsɛm]
One square mile = 2.59 square kilometers.
[Kratafa 22 adaka]
Her Majesty the Queen Regent
Ndlovukazi Dzeliwe
Lobamba Royal Residence
P. O. Box 1
LOBAMBA
Swaziland
Chairman of the Supreme Council
Prince Sozisa
Lobamba Royal Residence
P. O. Box 1
LOBAMBA
Swaziland
Minister of Home Affairs
Prince Gabheni
P. O. Box 432
MBABANE
Swaziland
The Prime Minister
Prince Mabandla
P. O. Box 395
MBABANE
Swaziland
Minister of Justice
Mr. Polycarp KaLazarus Dlamini
P. O. Box 924
MBABANE
Swaziland
Commissioner of Police
Mr. Titus Msibi
P. O. Box 49
MBABANE
Swaziland
Federation of Swaziland Employers
P. O. Box 386
MBABANE
Swaziland
Councillor Vusumuzi Bhembe
Lobamba Royal Residence
P. O. Box 1
LOBAMBA
Swaziland
Councillor Lusendvo Fakudze
Lobamba Royal Residence
P. O. Box 1
LOBAMBA
Swaziland
Chief Justice
Mr. C. J. Nathan
P. O. Box 924
MBABANE
Swaziland
King’s Liaison Officer for Religion
Mr. A. K. Hlophe
P. O. Box 162
MBABANE
Swaziland