Ɔfã 22: Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni Abɛn
62 Ná eyi ho nhwɛso ahorow wɔ hɔ wɔ Amanaman Ntam Bible Asuafo Kuw no mu bere a Ɔwɛn-Aban no samufo a ɔno na ɔhyehyɛɛ Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo no wui wɔ 1916 Y.B. mu akyi pɛɛ no. Ankorankoro bi bɔɔ mmɔden sɛ wobenya tumi na wɔakyerɛ nneɛma kwan, a na ɛno bɔ Asafo no mmara ahorow abira. Akyinnyegye ahorow sɔree wɔ wɔn a wɔbom yɛ Awurade no ahyehyɛde no ho. Wɔn a na wɔrehwehwɛ tumi ne wɔn a ná wɔmpene mmɔden ahorow ankasa a na wɔrebɔ sɛ wobedi nneɛma ho dwuma sɛnea wɔn mmara no ne Bible nnyinasosɛm ahorow kyerɛ no abasa mu tui. Wɔnam nsɛm ahorow a wɔde wɔn ano kae, nea wotintimii ne asennibea a wɔde wɔn kɔe so ‘boroo ne nwurakwaa’ mo ara yiye. Wɔde wɔn ho kɔbɔɔ wɔn a, sɛ yɛbɛka no honhom fam a, wɔyɛ “asabofo” wɔ wiase yi mu no ho, titiriw wɔ Wiase Ko I bere no mu. Eyi nyinaa sɔɔ ahyehyɛde a na saa bere no ɛwɔ nyamesom ɔtaa a na kɔ ara na ɛrekɔ so ase no mudi hwɛe kɛse. Ɛde sɔhwɛ kɛse baa “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” kuw no so.
63. (a) Awerɛhyem bɛn na Yesu de mae sɛ “akoa bɔne” kuw a wɔte sɛɛ rensɛe ne fi a “n’asomfo” wom no? (b) Ɔkwan bɛn so na adeyɛ a wɔkaa ho asɛm too hɔ yi bae?
63 Yesu bɛ no sii so dua sɛ wɔ ne parousia anaa ba a waba no mu no, ɔremma wɔn a wɔyɛ atorofo a wɔwɔ “akoa bɔne” no su no bi no biara kwan mma wɔmmpae “gyidi fifo” no mu anaa wonni no so na wɔatwe ɛno afi n’adwuma sɛ ɔmma “n’asomfo” wɔn honhom mu “aduan ɛbere a ɛsɛ mu” no ho. Bere a ɔbɛhwɛɛ wɔn no, ɔtwee kuw a ada adi sɛ wɔyɛ abɔnefo no aso kɛse. Anaa, sɛnea Hela adeyɛ kasa a ɔde dii dwuma wɔ Mateo 24:51 kyerɛ no: “Wobetwa no mu abien.” ‘Otwa’ saa kuw a wɔyɛ wɔn ade sɛnea ɛmfata no fi “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” kuw no ho. Eyi daa adi wɔ ahofadi a wɔhwehwɛe ne twe a wɔtwee wɔn ho kɔtetew wɔn ankasa nyamesom akuw ahorow na wɔpaw wɔn a wɔbɛyɛ ti sɛnea wɔpɛ no mu. Nea efii wɔn adeyɛ no mu bae no wɔ hɔ a obiara a ɔpɛ betumi ahwehwɛ mu.
64. Henanom na owura no ma wɔn a wɔte sɛ “akoa bɔne” no ne wɔn nya kyɛfa, nanso henanom na na ɔmpɛ sɛ wɔbɛka wɔn ho?
64 Saa kuw a ‘wotwaa no mu abien’ no daa “akoa bɔne” no su ahorow no adi na onyaa n’asotwe a Yesu kae no, na anyɛ yiye koraa no wobetumi aka wɔn abom afrɛ wɔn “akoa bɔne” kuw. Wɔ Yesu bɛ no mu no ɔkae sɛ owura no bɛma “ɔno ne nyaatwomfo anya kyɛfa.” (Mateo 24:51) Wɔ bɛ a ɛne no hyia a ɛno mu no wɔfrɛ “akoa” no “ofiepanyin” no mu no, Yesu se: “Na wama ɔno ne akyinnyegyefo anya kyɛfa koro.” (Luka 12:46) Wɔ Awurade Yesu parousia anaa ba a waba no mu no ɛda adi sɛ ɔmpɛ sɛ onya wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo a wɔfa “akoa bɔne” no su biara wɔ ne “fi adwumayɛfo” anaa “n’asomfo” no mu. Wɔn a wɔte sɛɛ Kristosom dan bɛyɛ nyaatwom de, na wɔka nyamesom mu nyaatwomfo a wɔwɔ Kristoman mu no ho. Wɔda wɔn ho adi sɛ wɔyɛ atorofo, wɔnyɛ anokwafo, wontumi mfa ho nto wɔn so, na wɔmfata wɔ nea Awurade no paw wɔn sɛ wɔnyɛ no mu. Wɔka atorofo a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo wɔ Kristoman mu no ho.
65. Dɛn nti na wɔn a wɔte sɛ “akoa bɔne” no sũ na wɔtwɛre wɔn se?
65 Wɔ nyaatwomfo a wɔanni nokware a woyi “akoa bɔne” su adi no mu no, wonnya honhom mu anigye ankasa, na ɛsɛ sɛ wonya nea ɛba nyamesom mu nyaatwomfo ne atorofo so no ara bi. “Ɛhɔ na [wɔn] su ne [wɔn] setwɛre wɔ.” (Mateo 24:51) Eyi renyɛ esiane nu a wɔanu wɔn ho nti. Eyi nyɛ “Onyankopɔn kwan so awerɛhow” so ɛyɛ “adwensakra a ɛde kɔ nkwagye mu a wonnu wɔn ho wɔ ho.” (2 Korintofo 7:10) Nea wɔyɛ no fi abufuw ne huammɔdi kɛse mu. Ebia wɔbɛkɔ so ayɛ wɔn ade wɔ nyamesom kwan so, nanso wonnya anigye ne nhyira a efi akoa a wɔagye no atom no adwuma wɔ “nea [owura no] wɔ nyinaa so” ho dwumadi mu no bi.
KƆKƆBƆ A ETIA YI A WOBEYI YƐN
66. Sɛnea Luka kyerɛwtohɔ no kyere no, kɔkɔbɔ bɛn na Yesu de maa n’asuafo no bere a ɔde ne nkɔmhyɛ a ɛfa “sɛnkyerɛnne” no ho reba awiei no?
66 Wɔ ne nkɔmhyɛ a ɛfa “[ne] ba a waba ne nneɛma nhyehyɛe no awiei” ho no mu no, Yesu de kɔkɔbɔ pii mae sen bɛ yi a ɛfa sɛnea “akoa bɔne” bi tebea bɛyɛ ho no. Ɔkaa nsɛm ahorow kyerɛɛ n’asomafo no tẽe de bɔɔ n’asuafo nyinaa kɔkɔ wɔ “akoa bɔne” a ɔte sɛɛ kwan a wɔbɛfa so no ho. Sɛnea Luka kyerɛwtohɔ a ɛfa Yesu nkɔmhyɛ a ɛyɛ nwonwa no awiei ho no kyerɛ no, Yesu kae sɛ: “Na monhwɛ mo ho so yiye, na potwaa ne asabow ne nkwa yi mu nneɛma ho dadwen ne haw anhyɛ mo koma so, na ɛda no ammɛto mo mpofirim te sɛ afiri, na ɛbɛba wɔn a wɔte asase nyinaa ani nyinaa so. Enti monwɛn na monsrɛ daa, na moanya ahoɔden de aguan afi nneɛma a ɛrebɛba yi nyinaa mu, na moakogyina onipa Ba no anim.”—Luka 21:34-36.
67. Afei a wɔde wɔn asi wɔn Wura a wasan aba no ‘nneɛma‘ nyinaa so yi, dɛn nti na ɛho hia yiye ma saa “akoa” nokwafo kuw no sɛ wobetie ne kɔkɔbɔ no?
67 Ɛho hia yiye mprempren ma ankorankoro sɛ wobetie saa asɛm no, afei a wɔde Awurade Yesu a waba a aniwa nhu no no “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no asi “nea ɔwɔ nyinaa so” yi. Ɛda a “ahohiahia kɛse” a ebi mmae da bɛpae agu sɛnkyerɛnne kwan so Yerusalem a enni nokware, a ɛne Kristoman so no abɛn pɛɛ. Te sɛ afiri a ehuan mpofirim no, wɔbɛma saa da no aba wɔn a wɔte asase ani nyinaa so, na ɛbɛto wɔn a wɔn ani nna hɔ no wɔ wɔn potwaa ne asabow ne nkwa yi mu pɛsɛmenkominya nneɛma ho dadwen no mu. “Da” a ɛte sɛ afiri no de wɔn sɛe bɛba. “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” kuw no mufo mpɛ sɛ wɔne pɛsɛmenkominyafo a wontie kɔkɔbɔ a wɔn a wɔte sɛ “akoa bɔne” no ka ho no bɛbɔ.
68. (a) Dɛn bio a ɛsen wɔ a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no wɔ hɔ na ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ faako a “sɛnkyerɛnne” no kyerɛ sɛ yɛwɔ yi? (b) Enti dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn ankasa adesrɛ wɔ ahoɔden a yebenya ho?
68 Ntease nnim sɛ yɛbɛma yɛn adwenem ayɛ yɛn nãa wɔ bere a yɛwɔ mu yi ho. Efisɛ yɛayɛ sɛnea Yesu bɛ a ɛfa “borɔdɔma ne nnua afoforo nyinaa” ho kyerɛ no, na yenim baabi a yɛadu ne nea abɛn. “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” bɛ no adu ne mmamu awiei. Ɛnyɛ wɔ a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” kuw no wɔ hɔ nko, na mmom si a wɔde saa akoa no asi nea Awurade no wɔ nyinaa so ne hwɛ a ɔrehwɛ saa nneɛma no so no—nneɛma yi yɛ “sɛnkyerɛnne” no fã titiriw a ɛkyerɛ sɛ yɛte Ɔhene Yesu Kristo a wɔde no asi ahengua so no parousia, ba a waba a aniwa nhu no mu, na bere koro no ara mu nso, yɛte “nneɛma nhyehyɛe no awiei” no mu. (Mateo 24:3, NW) Ɛda a wɔde bɛsɛe “nneɛma nhyehyɛe” yi, Kristoman, ne wɔn nyinaa no abɛn sɛ wɔbɛma aba te sɛ afiri. Saa nokwasɛm yi ne ade a enti ɛsɛ sɛ ‘yɛwɛn’ no. Ɛho hia sɛ ‘yɛsrɛ daa, na yɛanya ahoɔden de aguan afi nneɛma a ɛrebɛba yi nyinaa mu, na yɛakogyina onipa Ba no anim.’—Luka 21:36.
62. Eyi ho nhwɛso ahorow bɛn na na ɛwɔ hɔ titiriw wɔ Wiase Ko I nna no mu, na eyi kaa “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” kuw no dɛn?