Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w81 11/1 kr. 17-20
  • Ɔfã 11: Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni Abɛn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔfã 11: Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni Abɛn
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • SƐNKYERƐNNE KWAN SO NGO NE NGO NTOAA NO
  • “NA AYEFOROKUNU NO KYƐE NO”
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
w81 11/1 kr. 17-20

Ɔfã 11: Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni Abɛn

31, 32. (a) Ɛbɛ no atirimpɔw ne sɛ ɛbɛkyerɛ dɛn wɔ sɛnkyerɛnne kwan so “mmabun” no ho? (b) Su a ɛfa ɔtwɛn ho bɛn na ɛsɛ sɛ wokura mu, sɛnea wɔnam Paulo so daa no adi wɔ Filipifo 3:20, 21 no?

31 Na ngo no yɛ ade a ɛma kanea dɛw. Sɛ enni hɔ a ntama a ɛda kanea no mu rentumi nkɔ so nnɛw. Dɛn na kanea a wɔasɔ a wokura kɔɔ ayeforohyia no ase no yɛɛ ho sɛnkyerɛnne? Bere a yɛrema asemmisa yi ho mmuae no, ɛsɛ sɛ yɛkae nea enti a Yesu buu saa bɛ no. Atirimpɔw no ne sɛ ɛbɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wonya kwan kɔ ɔsoro ayeforohyia no ase no nya agyiraehyɛde bi, su bi na ɛsɛ sɛ wokura eyi mu kosi awiei, ɛmfa ho sɛ bere bɛn na ayeforohyia dwumadi no fi ase, na wɔkɔ so kosi sɛ awiei koraa no wodu. Ayeforokunu no fi a ɔde “n’ayeforo” no kɔ mu no mu. Ade biako ne sɛ, bere a “ɔsoro ahenni” kuw no wɔ asase so wɔ wiase a aduru sum yi mu no, ɛsɛ sɛ wɔkɔ so yɛ “mmabun” wɔ honhom mu. Wɔn anidaso wɔ ɔsoro ayeforokunu no mu, na saa adeyɛ yi mma wongu wɔn ho fi wɔ wiase a ɛho ntew no mu. Ɛsɛ sɛ “wodi oguammaa no akyi baabiara a ɔkɔ.” (Adi. 14:4) Ɛsɛ sɛ wɔyɛ sɛ ɔsomafo Paulo a ɔkae sɛ:

32 “Na yɛn de, yɛn man a yebu no wɔ ɔsoro, efi hɔnom nso na yɛtwɛn agyenkwa a ɔyɛ Awurade Yesu Kristo a ɔbɛsakra yɛn ahobrɛase nipadua ama asɛ n’anuonyam nipadua, sɛnea n’ahoɔden adwuma a ɔde betumi abrɛ nneɛma nyinaa ase nhyɛ n’ase no te no.”​—Fil. 3:20, 21.

33. (a) Bere tenten bɛn na ɛsɛ sɛ wɔkɔ so kura wɔn honhom mu mmabunyɛ no mu, na wɔde akyerɛ sɛ wɔfata ma dɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu kaa wɔn ade a wɔbɛyɛ ma ɛne tebea a wagye atom no ahyia no ho asɛm?

33 Enti kura a wokura wɔn honhom mu “mmabunyɛ” mu no yɛ ɔpɛ a wɔwɔ ne gyinae a wɔasi sɛ wɔbɛkyerɛ sɛ wɔfata sɛ ɔsoro Ayeforokunu no gye wɔn sɛ “n’ayeforo” no. Ɛsɛ sɛ wɔn da biara da asetra kyerɛ eyi wɔ adesamma wiase a aduru sum yi mu. Wɔ ne Bepɔw so Asɛnka wɔ afe 31 Y.B. mu no mu no, Yesu Kristo, Ayeforokunu no ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Mone wiase kanea. Kurow a ɛda bepɔw so ntumi nhintaw, nanso wɔnsɔ kanea mfa nsi ɔkorow ase na wɔde si kaneadua so, na ɛhyerɛn ma wɔn a wɔwɔ ɔdan no mu nyinaa. Saa ara na momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wonhu mo nneyɛe pa, na wɔnhyɛ mo agya a ɔwɔ soro no anuonyam.”​—Mat. 5:14-16.

34. Sɛnea Paulo nsɛm a ɛwɔ Filipifo 2:14-16 kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na ná ɛsɛ sɛ Kristofo no hyerɛn?

34 Ɔsomafo Paulo nso ka kyerɛɛ mfɛfo Kristofo sɛ: “Monkwati huhuhuhu ne nkyinnye nyɛ ade nyinaa, na moayɛ nnipa a wonnunu wɔn na wɔyɛ kronn Onyankopɔn mma a wonni dɛm, nnɛ mma abusua a wɔakontɔn na wɔakyea a mohyerɛn wɔn mu sɛ akanea ewiase mu, sɛ mukura nkwa asɛm, na Kristo da no mahoahoa me ho sɛ m’ammirika a mitui anyɛ ohunu, na me brɛ adwuma a meyɛe nso anyɛ ɔkwa.”​—Fil. 2:14-16.

35. Enti afei, dɛn na kanea a wɔasɔ a mmabun no kura no yɛ ho mfonini, na wɔde eyi rehwɛ dɛn kwan?

35 Sɛnea ɛbɛma “ɔsoro ahenni” kuw no ahyerɛn sɛ “wiase kanea” no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ “nnwuma pa” a ɛhyɛ ɔsoro Agya no anuonyam; ɛsɛ sɛ wɔyɛ nneɛma nyinaa a huhuhuhu ne nkyinnyegye nni mu, wɔyɛ wɔn a wonnunu wɔn, wɔyɛ kronn sɛnea ɛte Kristofo asetra mu, wɔda wɔn ho adi sɛ wonni dɛm sɛ Onyankopɔn mma. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ eyi a wɔhwɛ kwan sɛ Ayeforokunu no bɛba ɔbɛfa wɔn akɔ ne soro Agya no fi. Eyinom a wɔyɛ no na wɔyɛ ho mfonini sɛ “mmabun” a wokura wɔn akanea a wɔasɔ na wɔama so no. Ɛyɛ biribi a ɛbɛma Ayeforokunu no ani agye, wɔ wiase a ɛwɔ anadwo sum mu no mu.

SƐNKYERƐNNE KWAN SO NGO NE NGO NTOAA NO

36. Dɛn na “ngo” sɛ kanea no mu nsu, no yɛ ho mfonini?

36 Afei, dɛn na kanea no mu nsu a ɛne ngo no yɛ ho mfonini? Egyina hɔ ma nea ɛma “ɔsoro ahenni” kuw no kɔ so hyerɛn sɛ akanea wɔ wiase a aduru sum no mu no. Ne saa nti, ɛbɛyɛ “nkwa asɛm” no ho mfonini, a ɛsɛ sɛ “wokura mu den;” na wɔakyerɛw sɛ: “Me nan ase kanea ne wo asɛm, na ɛyɛ me kwan so hann.” (Dw. 119:105) “Wo nsɛm mu bue ma hann, ɛma nkwasea hu nyansa.” (Dw. 119:130) Sɛ ɛho mfonini no, nea ɛka “ngo” no ho ne Onyankopɔn honhom kronkron, adeyɛ tumi kronkron a aniwa ntumi nhu a Onyankopɔn de boa ma obi te Onyankopɔn Asɛm no ase no. (Yoh. 16:13) Afei, saa honhom kronkron no da ne ho adi nso wɔ Kristoni mu wɔ aba a ɔsow mu, wɔ honhom aba te sɛ ɔdɔ, anigye asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo ne anidahɔ mu. (Gal. 5:22, 23) Saa honhom mu “ngo” yi wɔ tumi a ɛde hyerɛn.

37. Dɛn na mmabun no wɔ a wɔwɔ ngo wɔ wɔn “nso ntoaa” mu no yɛ ho mfonini, na dɛn nti na ɛte saa?

37 Wɔ ɛbɛ no mu no, ná ɛsɛ sɛ “mmabun” no nya ngo wɔ ngo ntoaa mu, a wobetumi ahwie bi agu akanea a wokura no mu. Wɔrentumi nyɛ wɔn ankasa nipadua “ngo ntoaa” denam nom a wɔbɛnom ngo no, na afei sɛ ehia wɔn a, wɔapuw agu akanea no mu ma akɔ so adɛw no so. Nanso, “ntoaa” a ngo wom no kyerɛ sɛ na wɔwɔ ngo wɔ wɔn nneɛma mu, a ɛnyɛ wɔ wɔn ankasa nipadua mu sɛ ntoaa mmom. Enti “ɔsoro ahenni” kuw no wɔ Onyankopɔn Asɛm ne ne honhom kronkron no a wɔde ama no, yiw, ɔwɔ wɔ n’ade mu. Sɛnea ɛfata no, afei, “ngo ntoaa” a wɔyɛɛ ho mfonini wɔ ɛbɛ no mu no gyina hɔ ma “mmabun” kuw no mufo no ara, sɛ́ wɔn a wɔwɔ sɛnkyerɛnne kwan so “ngo” no. Nokwarem no, wohia saa “ngo” yi bebree bere a wɔkɔ kohyia Ayeforokunu no na wɔka nnipa a wodi n’akyi no ho no.

38. Afei, dɛn ho nsɛnkyerɛnne na mmabun no akanea no yɛ, na ɔkwan bɛn so na ɛhyerɛn?

38 Wɔ ɛbɛ no mu no, mmabaa du no de ngo akanea na edii dwuma na ama anadwo adeyɛ no ase ahyerɛn. Afei, dɛn na saa akanea no yɛ ho mfonini nnɛ wɔ ɛbɛ no mmamu mu? Ade koro no ara a ngo “ntoaa” no yɛ no, efisɛ tete akanea no wɔ nea wɔde kanea ngo gu mu a ɛte sɛ “ngo toaa” no ara. “Ɔsoro ahenni” kuw no mufo no ara ne sɛnkyerɛnne kwan so akanea no. Ɛnyɛ sɛ wɔnom ngo no na afei wopuw gu wɔn ho nyinaa na wɔde gya atom na ama wɔayɛ “gyatɛn a nkwa wom” a wɔato santen wɔ wɔn a wɔredi dwuma no kwan mu te sɛ mogya adansefo a wɔde wɔn ho abɔ afɔre de rehyɛ Ayeforokunu no anuonyam. Dabi, mmom Onyankopɔn Asɛm a ɛma hann ne ne honhom kronkron no ahyɛ wɔn ma, na eyi ma wɔhyerɛn wɔ honhom mu de di ɔsoro Ayeforokunu a wɔahyɛ no anuonyam no ni. Esiane wɔn honhom mu su horow nti, wɔn ankasa yɛ “akanea wɔ wiase no mu.” Esiane asetra a wɔwom wɔ Onyankopɔn Asɛm ne ne honhom no tumi ase nti, wɔhyerɛn de hyɛ No anuonyam.

39. (a) Dɛn nti na “mmabun” no anhu bere tenten a ɛsɛ sɛ wɔde twɛn ayeforokunu no? (b) Dɛn na mmabun a wɔyɛ mmadwemma no hui afei sɛ nyansa wom sɛ wɔyɛ?

39 Esiane sɛ wɔamfa anadwo dɔnhwerew bi ansi hɔ amma ayeforokunu no a ɔde befi fie a wɔde n’ayeforo no maa no wɔ mu no mu na ɛno akyi wadi wɔn a wɔka ne ho no anim akɔ ɔno ankasa fie akɔtra hɔ nti, na mmabaa a wɔwɔ ɛbɛ no mu no nnim bere tenten pɔtee a ebia wɔde bɛtwɛn ayeforokunu no ba. Enti na wonnim bere tenten a ɛsɛ sɛ wɔma wɔn kanea no kɔ so dɛw kosi. Enti ɛbɛyɛ nea nyansa wom ma wɔn sɛ wɔde ngo begu wɔn akanea mu na wɔde bi agu ngo toaa mu nso. Mmabaa “mmadwemma” anaa anyansafo no huu eyi na ‘wɔfaa ngo guu wɔn ntoaa mu’ kaa wɔn akanea a wɔasɔ no ho, Mmabaa “nkwasea” a wonnim nyansa anaasɛ agyimifo no anyɛ saa, na nkwasea a wɔyɛ wɔ eyi fam no bɛdaa adi bere a bere kɔɔ so no.

40. (a) Wɔ bɛ no mmamu mu no, ɔkwan bɛn so na mmabaa “mmadwemma” kuw no fa ngo gu wɔn ngo ntoaa mu? (b) Ɔkwan bɛn so na eyi boa wɔn ma wɔkyerɛ sɛ wodi nokware wɔ asiwa a wasi wɔn ama Ayeforokunu no?

40 Wɔ ɛbɛ no mmamu mu no, wɔn a wɔde mmabaa anum a wɔyɛ “mmadwemma” no yɛ wɔn ho mfonini no fa ngo gu ntoaa mu ka ho, sɛ yɛbɛka no saa a, denam Onyankopɔn Asɛm no a wosua, na ɛwɔ wɔn adwene ne wɔn koma mu, denam ankorankoro kokoam adesua so, Kristofo nhyiam horow ase a wɔkɔ a ɛhɔ na wosua na wɔbɔ Onyankopɔn Asɛm ho nkɔmmɔ ne ɛdenam saa Onyankopɔn Asɛm no a wɔde di dwuma denam afoforo a wɔne wɔn kyɛ no so. Wɔbɔ mpae srɛ Onyankopɔn honhom na wɔhwehwɛ sɛ ‘honhom no bɛkɔ so ahyɛ wɔn ma.’ (Efe. 5:18) Wɔ asiane biara a ɛbɛba daakye mu no, saa wɔn honhom mu “ngo” a ɛdɔɔso no bɛboa wɔn na ama wɔn boasetɔ tumi no ano ayɛ den bio na wɔakɔ so ahyerɛn sɛ “wiase kanea” de akyerɛ sɛ wɔakɔ so adi nokware wɔ asiwa a wɔasi wɔn ama ɔsoro Ayeforokunu no mu.

“NA AYEFOROKUNU NO KYƐE NO”

41. (a) Bere bɛn na edi kan a Amanamanmufo bɛyɛɛ “ababaa a efi nkaa no” kuw a wofii adi kohyiaa Ayeforokunu no mufo fã? (b) Esiane nea ɛtoo Yudafo no wɔ afe 70 Y.B, nti, so “mmabun” no hyiaa Ayeforokunu no saa bere no?

41 Ofupɛ bere mu wɔ afe 36 Y.B. mu no, wobuee kwan maa momonotofo a wɔnyɛ Yudafo, Amanaman mufo no ma wɔabɛyɛ Kristosom a ɛyɛ “nyamesom a ɛho tew na ɛho nni fi” Onyankopɔn anim no mufo. Saa Amanaman mufo a wɔagye adi yi nyaa Onyankopɔn honhom kronkron ne akyɛde ahorow no sɛnea Yudafo a wɔgye dii wɔ Pentekoste da afe 33 Y.B. mu nyae no. (Aso. 10:1 kosi 11:18; 15:7-19) Enti eyinom nso bɛyɛɛ “ababaa a efi nkaa no” kuw no fã a ‘wagye no aware’ ama Kristo. (2 Kor. 11:2) Wonyaa “mmabaa du” bɛ no mmamu mu kyɛfa fi saa bere no rekɔ, na sɛ yɛbɛka no wɔ kasa a wɔde buu bɛ no mu a, “wɔtasee wɔn akanea fii adi sɛ wokohyia ayeforokunu no.” Wɔ afe afe 70 Y.B. mu no, Roma asraafo bɛsɛee Yerusalem kuropɔn no ne n’asɔredan fɛfɛ no, ɛwom sɛ saa ɔsɛe a ɛyɛ hu no daa Onyankopɔn atemmu a etia Yudafo antikristofo a wonnye nni no adi de, nanso “ababaa a efi nkaa no” kuw no anhyia ɔsoro Ayeforokunu a wofii adi kohyiaa no no.​—Luka 21:20-24; Mateo 24:15-22; Marko 13:14-20.

42, 43. (a) Ɛrekɔ afeha a edi kan no awiei no, adiyisɛm bɛn na ebia ɛhyɛɛ “ababaa a efi nkaa no” kuw no nkuran wɔ n’anidaso no mu, nanso saa adiyisɛm no baa awiei dɛn? (b) Wɔ ne nhoma a edi kan a ɔkyerɛwee wɔ ɛno akyi no mu no hena ba a waba dedaw na Yohane dan adwene kɔɔ so?

42 Mfe pii betwaam, na ɛde rekɔ afeha a edi kan Y.B. awiei, bɛyɛ afe 96 Y.B. mu no, ɔsomafo Yohane nyaa Adiyisɛm a ɛyɛ nwonwa a na ɛbɛda ɔsoro Ayeforokunu Yesu Kristo ne “n’ayeforo” a wɔyɛɛ wɔn ho mfonini sɛ Yerusalem Foforo no ho asɛm adi. (Adiyisɛm 21:1 kosi 22:17) Eyi bɛyɛ nkuranhyɛ pii ama “ababaa a efi nkaa no” kuw a na wɔda so ara kura wɔn anidaso sɛ wobehyia Ayeforokunu a ɔresan aba no mu. Nanso, ɔsoro Ayeforokunu no de Adiyisɛm no baa awiei a ose: “Nea odi nneɛma yi ho adanse no se: ‘Ampa ara mereba ntɛm.’” Mmuaema mu no, ɔsomafo Yohane a na wabɔ akwakora no gyee so se: “Amen! Yiw! Awurade Yesu bra,” na Yohane de kaa ho baa awiei sɛ: “Yɛn Awurade Yesu dom nka mo nyinaa.” (Adi. 22:20, 21) Ɛno akyi mfirihyia abien, bɛyɛ afe 98 Y.B., na ɔsomafo Yohane kyerɛw ne nkrataa abiɛsa no mu nea edi kan, na ɔkae wɔ mu se:

43 “Mmofra nkumaa, ɛdɔn a edi akyiri ni; na sɛnea moate sɛ antikristo no rebɛba, na mprempren yi antikristo bebree aba: ɛnna yɛde hu sɛ dɔn a edi akyiri ni.” “Yenim sɛ obiara a Onyankopɔn awo no no, ɔnyɛ bɔne; na mmom nea Onyankopɔn awo no no, ɔhwɛ ne ho so, na ɔbɔne no nka no. Yenim sɛ yefi Nyankopɔn, na wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.”​—1 Yoh. 2:18; 5:18, 19.

44. (a) Yohane wu wɔ ɛno akyi buee kwan maa hena ba? (b) Saa bere no, ɔkwan bɛn so na ná “mmabaa du” kuw no akanea a wɔasɔ no fa hyerɛn, na ná anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ wɔ hyia a wobehyia Ayeforokunu no ho?

44 Ɔkyerɛw ne nkrataa abiɛsa no ne Yesu asetra ho asɛm nhoma a wɔfrɛ no Yohane nsɛmpa no akyi bere tiaa bi na ɔsomafo akwakora yi wui, a akyinnye biara nni ho sɛ ɔne “Oguammaa no asomafo dumienu” no mu nea otwa to. Yohane wu no bebue kwan nkakrankakra ama nea ɔreba, a ɛnyɛ Ayeforokunu Kristo no, na mmom antikristo a Yohane abɔ kɔkɔ afa ne ho no. (2 Tes. 2:7, 8) Afei, na “wiase kanea” no ayɛ sɛ nea adum. Kuw a wɔde “mmabaa du” yɛɛ wɔn ho mfonini no sɛnkyerɛnne kwan so “akanea” no dɛw ano brɛɛ ase. Nokwarem no, na “mmabun” ankasa no dodow aka kakraa bi pɛ. Sɛ́ anka wobenya Awurade Yesu sanba no ho anigye mmom no, wɔmaa anigyede afoforo a ɛyɛ wiase no mu nneɛma ho anigye gyee wɔn a kã ara kwa na wɔde wɔn ano ka sɛ wɔyɛ Kristofo no adwene. Bere tenten twaam nanso na ɔmma.

45. Ɔkwan bɛn so na enyaa mmamu, sɛ, “na ayeforokunu no kyɛe no, wɔn nyinaa totɔɔ nko na wɔdedae” titiriw wɔ Konstatino bere so?

45 Eyi ne nea mmabaa du bɛ no ka siei wɔ nsɛm yi mu sɛ: “Na ayeforokunu no kyɛe no. wɔn nyinaa totɔɔ nko na wɔdedae.” (Mat. 25:5) Saa ara, na wɔ nyamesom kuw a ɛka sɛ ɛne Kristo asafo no mu no, emufo no brɛe wɔ twɛn a wɔtwɛn Ayeforokunu no ba no mu. Nokwarem no, wɔ nea wɔfrɛ no Konsiantino Ɔkɛseɛ no “adwensakra” ne yɛ a ɔyɛɛ nea wɔkyerɛ sɛ ɛne Kristosom wɔ ne bere so Ɔman Asɔre wɔ Roma Ahemman no mu no nti, ɛbɛdaa adi sɛ wonhia Kristo sanba no. Ná wɔde Kristoman asi hɔ afei, asɔfo mpanyin a wɔwɔ asɔre no mu dodow de wɔn ho bɔɔ Roma Ɔman no na wofii ase dii hene wɔ nyamesom kwan so. Ɛnyɛ sɛ na Yesu Kristo asomafo anokwafo no ada wɔ owu mu nko, na mmom wɔn a na wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo asɔfo mpanyin yi dae wɔ Kristofo asɛyɛde ne hia a ehia sɛ wɔkɔ so ma Kristofo asafo no yɛ kronn, na ɛde ne ho fi nnipa nyansa ahorow ne atetesɛm ahorow ho ne hia a ehia sɛ wɔyɛ kronkron a nkekae biara nni wɔn ho wiase no mu wɔ ahotew, ne nyamesom a ɛho nni fi Onyankopɔn anim mu no mu.

46. (a) Ɔkwan bɛn so na “mmabaa du” kuw no nna yi ne Yesu asɛm a ɔka siei wɔ bɛ a ɛfa awi ne nwura ho no wɔ nsɛdi? (b) Ná honhom mu nna yi bɛkɔ so akosi bere tenten bɛn, na bere bɛn na ná wɔbɛkyerɛ bɛ no mmamu fa a edi akyiri no?

46 Saa nyamesom mu tebea yi ne nea wɔyɛɛ ho mfonini wɔ Yesu awi ne nwura ho bɛ no mu no wɔ nsɛdi, a emu na ɔkae se: “Ɔsoro ahenni te sɛ onipa bi a oguu aba pa n’afuw mu. Na nnipa dae no, ne tamfo bae beguu wura bi awi no mu, na osiim kɔe.” (Mat. 13:24, 25) Ogu akyi bere tenten ansa na otwa bere no ba, na abebu kwan so “onipa” no aba otwa adwuma no mu na waka ma wɔatutu nwura no afi mu na waboaboa “awi” ankasa no ano agu ne san so. Nea ɛyɛ anigye no, ɔrekyerɛkyerɛ ɛbɛ yi nyinaa mu no, Yesu de nsɛm koro no ara a n’asomafo no de dii dwuma bere a wɔrebisa no asɛm a wɔakyerɛw wɔ Mateo 24:3 no dii dwuma. Yesu kae sɛ: “Twabere no ne wiase awiei.” (Mat. 13:39) Bere a wiase nneɛma nhyehyɛe yi awiei kɔ so kyɛ no, nna a wɔka siei wɔ “mmabaa du” bɛ no mu no nso bɛyɛɛ nea ɛware. Na mmabaa du bɛ no mmamu no fã a edi akyiri no bɛyɛ “sɛnkyerɛnne” a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ “wiase awiei” mu no fã.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena