Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w80 2/1 kr. 23-24
  • Mpaninyɛ Ho Asɛnnennen No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mpaninyɛ Ho Asɛnnennen No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • Nsɛmti Nketewa
  • “Mfe Pa” anaasɛ Ɛnte Saa?
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
w80 2/1 kr. 23-24

Mpaninyɛ Ho Asɛnnennen No

OBIARA mpɛ sɛ onyin. Ɛyɛ nokware. Yɛpɛ osuahu ne nimdeɛ a efi mfe pii mu no; nanso yɛmpɛ sintɔ ne anohyeto ahorow a mpanyinyɛ de ba nipadua no ne adwene no so no. Na saa ara nso na yɛmpɛ nea edi akyi ba​—owu. Sɛ yɛwɔ nea yebetumi apaw a ɛda adi ankasa sɛ yɛbɛpaw mpanyinyɛ mu nimdeɛ ne mmerante bere mu ahoɔden. Ɛno na na ɛwɔ Ponce de Leon adwene mu bere a na ɔhwehwɛ “Mmerante bere mu Asuti” wɔ Florida mfehaha bi atwam no.

So wobetumi asiw mpanyinyɛ ano, anaasɛ wɔama asan akyi? So wobetumi anya nyansa a efi mfe mu ba ne mmerante bere mu ahoɔden no wɔ bere koro mu a ɛbɛtra hɔ daa? Yɛde ahotoso ne awerɛhyem ma mmuae sɛ, YIW! Bere bɛn? Abɛn akyɛn sɛnea wususuw, sɛe nea akyiri no yɛbɛkyerɛkyerɛ mu wɔ saa nsɛmma nhoma yi mu no.a

Nanso ansa na wɔbɛma mpanyinyɛ asan akyi no, emu ɔhaw horow ne asɛnnennen no ne yɛn bɛtra. Na ɛsɛ sɛ yetumi gyina eyinom ano.

“Mfe Pa” anaasɛ Ɛnte Saa?

Ebinom afrɛ nkwakora bere ne mmerewa bere sɛ “mfe pa.” Bere a nyarewa, abasamtu, anaasɛ osuro nhaw obi no, mfe a akɔ anim betumi ayɛ bere a emu dwo a wobetumi de ato tete agya Abraham bere a onyaa mu osuahu no ho, efisɛ Bible no ka sɛ “na Abraham gyaa mu na owui dwen pa mu, wabɔ akwakoraa, na mfe amee no.”​—Gen. 25:8.

Nanso ebinom bɛfrɛ nkwakora bere sɛ ɛnyɛ “mfe pa,” na mmom “asiane mfe.” Wobisaa obi a wagye din yiye wɔ wiase bere a odii mfirihyia 70 no sɛ dɛn na osusuw wɔ nkwakora bere ho. Ɔmaa mmuae sɛ: “Ɛte sɛ asu a obi agu.” Ɔde ɔpanyin a wayɛ anaa onyin a ato no no too hyɛn a po asorɔkye abɔ no abɛto mpoano na mframa no asorɔkye rebubu no gu fam no ho. Anaasɛ sɛnea Boston adwene ho nyansahufo Dr. Rebecca Black kae no:

“Wɔma nnipa gye di sɛ sɛ wogyae adwumayɛ wɔ wɔn mpanyinyɛ bere mu a wɔn ani begye wɔ ɛno akyi. Nanso wɔnyɛ biribiara mfa nsiesie wɔn mma wonhu nea ɛwɔ hɔ bere a obi agyae adwumayɛ​—na mpɛn pii no ɛde asiane na ɛba.”

Enti mpanyinyɛ ho a wosusuw no de nsusuwii a ɛne ne ho bɔ abira pii na ɛba. Obi susuw ne mmerante bere a ayera, n’ahoɔden a ɛso retew ho ne afei owu a ɛbɛto no no ho. Nea wosusuw ho a ɛba adwenem nso ne nea obi atumi ayɛ wɔ asetra mu ne obu ne nidi a onya fi afoforo hɔ.

Enti mpanyinyɛ yɛ asɛnnennen. Na ɛsɛ sɛ nnipa pii hyia eyi. Nanso ɔkwan bɛn na wɔbɛfa so ayɛ saa na “mfe amee” wɔn te sɛ Abraham? Dɛn na wobetumi ayɛ? Dɛn na mmerante betumi ayɛ afa wɔn awofo a wɔanyin no ho?

Bisa Yehowa Adansefo na wɔbɛboa wo ama woanya saa nsemmisa a ɛho hia yi ho mmuae.

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ January 8, 1980 Nyan! nsɛmma nhoma no mu.

March Da Biara Da Asɛm

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena