Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w80 3/1 kr. 21-23
  • Ghana Gye Ahenni Mpaemuka No So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ghana Gye Ahenni Mpaemuka No So
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • Nsɛmti Nketewa
  • NNIPA PII HWEHWƐ BIBLE MU NOKWARE
  • PINTINN A WOGYINA MA BIBLE MU NOKWARE BOA AFOFORO
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
w80 3/1 kr. 21-23

Ghana Gye Ahenni Mpaemuka No So

YESU kae wɔ ne nkɔmhyɛ kɛse a ɛfa awiei bere no ho sɛ: “Na wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa, de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”​—Mat. 24:14.

Ghana yɛ “wiase nyinaa” a wɔreka “asɛmpa” no mprempren wɔ hɔ no fa. Nea afi mu aba ne sɛ nnipa pii anya mfaso afi Yehowa Adansefo adwuma a wɔyɛ bere a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde Bible asɛm no bɛma obiara no mu. Adwuma no atrɛw wɔ mfirihyia du a atwam no mu, na mprempren yi Adansefo bɛyɛ 21,000 na wonya “asɛmpa” a wɔpae mu ka bere biara no mu kyɛfa.

Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔde akyerɛ saa adwuma yi kwan no, wɔhyehyɛɛ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea nea edi kan wɔ Ghana wɔ afe 1947 mu. Ankyɛ na adwuma no nkɔso hwehwɛe sɛ wonya nneɛma horow a wɔde bedi ho dwuma. Wɔde eyinom fii ase no ankyɛ koraa na afei de ɛho behiae sɛ wonya ofie a ɛso a wobetumi atra mu de adi asafo ahorow a ɛredɔɔso no ho dwuma. Enti wosii ɔdan foforo na wohyiraa eyi so wɔ afe 1963 mu. Nanso ankyɛ na saa ɔdan yi bɛyɛɛ nea afei de esua koraa ma ɔsom adwuma no a ɛrekɔ so no. Enti wɔhwehwɛɛ asase foforo wɔ Nungua, kurow bi a ɛbɛn Accra mu. Afei de wɔreyɛ nhyehyɛe wɔ hɔ na wɔasi baa dwumadibea foforo a ɛso ne nhoma tintimbea.

Yehowa Adansefo a wɔn dodow akɔ anim ntɛmntɛm wɔ Ghana no di sɛnea Ghanafo asiesie wɔn ho sɛ wobetie Bible mu asɛm no ne nnamyɛ a wɔde di asɛmpa a wosua no ho dwuma no ho adanse. Nhwɛso horow bedi sɛnea Bible mu nokware ho kɔm de Ghanafo no ho adanse. Nea edidi so yi yɛ amanneɛbɔ bi a efi asafo biako mu wɔ Accra.

NNIPA PII HWEHWƐ BIBLE MU NOKWARE

“Wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛmmɛkasa nkyerɛ nnipa kuw bi a wɔn dodow bɛyɛ 60 a wɔapɛɛpɛɛ Bible no mu na wɔhwehwɛ sɛ wohu nokware som. Esiane sɛ wɔde bere bi asua Bible no wɔ kokoam nti, wofii ase sɛ wɔbɛto nsa afrɛ asɔre horow no mu akyerɛkyerɛfo na wɔabɛkasa akyerɛ wɔn na wɔne wɔn asusuw nsɛm ho. Bere a wɔatie saa anyamesom akwankyerɛfo yi abisabisa wɔn nsɛm horow no, wɔka kyerɛɛ wɔn kuw no mu kwankyerɛfo no sɛ ɔnto nsa mfrɛ yɛn nso.

“Kuw no mu kwankyerɛfo no kae sɛ atirimpɔw titiriw a ɛma wosii gyinae sɛ wɔbɛto nsa afrɛ no ne sɛ, bere a wɔde bere bi asua ade no, wohui sɛ asɛyɛde bi da wɔn so sɛ wɔka asɛm kyerɛ nnipa no. Enti wofii ase sɛ wɔbɛkɔ afie afie. Ɔkae sɛ asɛm a nnipa no bisa wɔn ara ne sɛ, ‘So moyɛ Yehowa Adansefo?’ Na ɛno mu na wɔma mmuae sɛ, Dabi. Saa osuahu yi hyɛɛ kuw no nkuran sɛ wɔnto nsa nfrɛ yɛn. Wɔpaw nsɛm horow a wɔne yɛn besusuw ho. Sɛ ɔkasafo biako ka Bible mu nkyerɛkyerɛ biako ho asɛm wie a, kuw no bisa no nsɛm pii. Ɔsram biako akyi no, wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛne wɔn mmɛyɛ kuw Bible adesua bere biara. Bere a yɛne wɔn asua Bible mu mfitiase nkyerɛkyerɛ no awie no, kuw no kwankyerɛfo no ka kyerɛɛ yɛn sɛ wahu sɛ yɛn na yɛwɔ nokware no, na wosii gyinae sɛ wɔde wɔn ho bɛbɔ yɛn ho.

“Na saa kuw yi ka kuw foforo bi ho wɔ kurow foforo mu. Ankyɛ na wɔtee nea kuw a edi kan no asi gyinae sɛ wɔbɛyɛ. Wɔtoo nsa frɛɛ mpanyimfo a wɔwɔ yɛn asafo no mu no sɛ wɔmmra mmɛkyerɛkyerɛ nsɛm mu mma wɔn. Nea efii mu bae awiei ne sɛ wɔbɔɔ saa kuw no mu nnipa 18 asu.”

PINTINN A WOGYINA MA BIBLE MU NOKWARE BOA AFOFORO

Adansefo baanu kɔsraa akuraa bi a wɔfrɛ no Amanya wɔ Firaw mantam no mu. Wɔkaa Ahenni no ho asɛm kyerɛɛ wɔn, Adansefo no fii ase ne kuw ketewaa bi a wɔn ani gye Bible no ho suaa ade. Nanso obiara ansi gyinae pintinn amfa nea wɔresua no ho. Ɛbae sɛ na aberante bi wɔ akuraa no ase a wawie ntoaso sukuu a wasan aba rekyerɛ ade wɔ Local Authority Middle School no mu. Saa aberante yi yɛ Protestante asɔre no muni a ɔyɛ nnam, na wɔma ogyina asɛnka agua mu ka asɛm kyerɛ wɔn. Adansefo no mu biako a na ɔyɛ ɔpanyin ma saa aberante yi wɔ bere a na wɔrekɔ ntoaso sukuu no hyiaa no na ɔkasa kyerɛɛ no. Ɔdansefo no ankae saa aberante yi bio de kosii sɛ aberante no ankasa daa ne ho adi kyerɛɛ no. Mfiase no aberante no ante asɛm no ase yiye, nanso ogyee nhoma, Dɛn na Anyamesom Ayɛ Ama Adesamma? Bere a ɔne no asua nhoma yi atiri kakra no, ogye toom sɛ n’asɔre no nkyerɛkyerɛ ne Kyerɛwnsɛm no nhyia. Enti osii gyinae sɛ obegyae asɔre no.

Da foforo a Adansefo baanu no kɔsraa saa akuraa no ase no, aberante yi ka kyerɛɛ wɔn sɛ ɔrebɛyɛ biribi; nanso ɔrenka nkyerɛ wɔn gye akyiri. Wɔ nokwarem no, ɔkyerɛw krataa kɔmaa asɔre no sɛ wagyae. Ɔsɔfo a ɔhwɛ saa asɔre no so no bɔɔ piriw. Ɔtoo nsa frɛɛ aberante no sɛ ɔmmɛsra no, na obisaa aberante no sɛ so ɛyɛ nokware sɛ ɔno na ɔkyerɛw krataa no anaa. Ɔmaa mmuae sɛ yiw. Ɔsɔfo no annye antom, na mmom ɔka kyerɛɛ aberante no sɛ ɔnsan nkɔ na ɔnkosusuw asɛm no ho bio nnansa, na ɔmmra mmɛtwe ne krataa no nsan. Aberante no kae sɛ nea waka no ara na waka, nanso esiane sɛ ɔkae sɛ ɔnkosusuw ho nti ɔbɛyɛ saa. Ɛno mu ara na afei wɔbɔɔ aberante no asɔre mpanyimfo no amanneɛ a n’abusua panyin no nso ka ho. Wɔkaa n’anim yaw no pii. N’abusuapanyin no nso kae sɛ sɛ ɔkɔ akyiri kodu sɛ ɔbɛtwe ne ho afi sɔre no mu a, ɔrensɔre ntia asɔre foforo biara a ɔbɛkɔ a honhomsɔre ahorow no nso ka ho anaasɛ ɔbɛsan akɔ Roma Katolek asɔre a na ɔwɔ mu kan no mu. Nanso, sɛ́ ɔbɛyɛ Yehowa Adansefo no mu biako de, wokyi! Aberante no bɔɔ ɔdansefo biako pɛ a ɔte akuraa no ase no amanneɛ. Ɔbea yi hyɛɛ no nkuran sɛ onnyina gyinae a wasi sɛ ɔbɛyɛ Yehowa Adansefo no mu biako no akyi, na onnyaa mu. Ɔbea no ka kyerɛɛ no sɛ mprempren de ɛbɛyɛ den kakra ama no, nanso sɛ otumi gyina hɔ pintinn a, nneɛma bɛsakra na ebia obetumi aboa wɔn a wɔsɔre tia no no mpo mu binom ma wɔanya Bible mu nokware no ho nimdeɛ. Ɔpenee so.

Akyiri no, wɔtoo nsa frɛɛ aberante no sɛ ɔmmra mmegyina asɔremma no nyinaa anim na ɔnka nea enti a ɔregyae asɔre no nkyerɛ wɔn. Ɔbɔɔ Adansefo no amanneɛ na wɔboaa no ma osiesiee ne ho. Ɔde Awurade Mpaebɔ no na efii ase wɔ asɔre no mu, na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ asɔre no nkyerɛkyerɛ sɛ wɔn a wobenya nkwa nyinaa yɛ wɔn a wɔrekɔ soro no nteɛ. Ntɛm ara na ɔsɔfo no sɔre gyinae kae sɛ wɔamfrɛ no sɛ ɔmmɛka asɛm nkyerɛ wɔn, na mmom ɔmmɛkyerɛ wɔn nea enti a ɔregyae asɔre no. Aberante no kae sɛ esiane sɛ nea enti a ogyaee asɔre no gyina Bible no so nti ɔrentumi nka biribi a emfi Bible no mu. Ɔsɔfo no remma kwan na wakɔ so bio; enti wɔpam no fii asɔredan no mu. Ntɛm ara na mpaapaemu baa asɔre no mu. Ebinom pɛ sɛ wotie no, bere a afoforo nso rempene so sɛ obue Bible no mu. Eyi buee kwan maa “asɛmpa” no ka kɛse wɔ saa akuraa no ase, na nnipa pii baa aberante no nkyɛn sɛ wɔpɛ sɛ wotie nsɛm no mu yiye.

Nea edii akyi bae ne sɛ, wɔtoo nsa frɛɛ aberante no sɛ ommehyia wɔn abusuapanyin no. Ɛha nso na mpanyimfo a wɔwɔ kuw no mu no fii ase kaa n’anim. Ɛha na afei aberante bi a wonim no sɛ ɔyɛ ɔsabofo nso baa nhyiam no ase. Ɔbɛtraa kuw no mu a wasi ne ti ase. Mpofirim ara na ɔsɔre gyinae. Ɔteɛɛm ka kyerɛɛ wɔn sɛ wontie no. Nea ɔkae ni, bere a obiara adan n’ani hwɛ no no: “Dɛn nti na muresiw saa aberante yi kwan sɛ ɛnsɛ sɛ ɔsom ne Nyankopɔn? So moahu obi a ɔte sɛ me a ɔnom nsa pii a ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako? Anaasɛ, moahu abeawa bi a wanyinsɛn denam aguamammɔ mu a ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako? Dɛn nti na mohaw no? Nkwaseafo! Munnyaa no na ɔnsom ne Nyankopɔn!” Ɛno na afei ɔtraa ase, nanso obiara antumi ammisa no asɛm biara anaasɛ wɔbɛkasa atia aberante no. Ɛno de nhyiam no baa awiei.

Teokrase nhyiam horow ayɛ bere titiriw wɔ nokware som mu ntrɛwmu mu wɔ saa asase yi so. Eyinom abubu adwemmɔne a nnipa kura wɔ wɔn ho, titiriw adwemmɔne a ɔman no mu mpanyimfo kura wɔ wɔn ho no pii. Sɛ nhwɛso no, wɔ wɔn “Adwumayɛfo a Wɔwɔ Anigye” Ɔmantan Nhyiam a wɔyɛe wɔ Mampong, Ashanti, wɔ December 1977 mu no, ɔmanhene a ɔte saa beae hɔ no baa nhyiam no ase wɔ da a etwa to no so. Na nhyiam no ho nhyehyɛe ne su a anuanom no kura no yɛɛ no nwonwa yiye. Onni nsɛm a ɔde bɛkyerɛkyerɛ ne nkate horow no mu. Saa ara nso na ne mpanyimfo a wodii n’akyi bae no nso tee nka ara ne no. Nea obetumi aka ara ne sɛ: “Mo ho yɛ fɛ; mo ho tew!”

Wɔ Yehowa sohwɛ ne n’ahobammɔ a wɔwɔ no nti, wɔ ɔsɔretia no nyinaa akyi no, “asɛmpa” no a wɔpae mu ka ne asuafo a wɔyɛ no kɔ so wɔ asomdwoe mu. Yɛhwɛ kwan sɛ pii bɛba abɛdan Awurade Yesu Kristo asuafo. Eyi te saa, efisɛ wɔ April 11, 1979, wɔ yɛn Awurade Nkae adidi no ase no, nnipa a wɔbaa ase wɔ Ghana nyinaa no boro 70,000.

[Kratafa 23 adaka]

“Na ɔte Ngo Bepɔw so no, asuafo no baa ne nkɔm wɔ ɔfa bɛkae sɛ: Kyerɛ yɛn da ko a eyinom bɛba, na ɛdɛn na ɛbɛyɛ wo ba ne wiase awiei no ho sɛnkyerɛnne? Na Yesu bua see wɔn sɛ: . . . Na wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”​—Mat. 24:3, 14.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena