Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g20 nɔma 3 kr. 14-15
  • Ɔtanhunu Ano Aduru Ankasa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔtanhunu Ano Aduru Ankasa
  • Nyan!—2020
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Aban Papa
  • 1. Ɛbɛkyerɛkyerɛ Nkurɔfo Ma Wɔabɔ Bra Pa
  • 2. Onyankopɔn Ahenni Betu Atɛnkyea Ase
  • 3. Ɔkannifo Papa
  • 4. Nkabom Ne Baakoyɛ
  • Ɔtanhunu—Saa Suban No Bi Wɔ Wo Ho Anaa?
    Nyan!—2020
  • Momma Yɛn Nyinaa Nyɛ Baako Sɛnea Yehowa Ne Yesu Yɛ Baako No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Ɔtan Hunu Befi Wiase—Da Bɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2020
g20 nɔma 3 kr. 14-15
Nkurɔfo a ɛsono mfe a wɔadi na ɛsono mmusuakuw a wofi mu reserew.

Ɔtanhunu Ano Aduru Ankasa

Bible mu afotusɛm a yɛaka ho asɛm wɔ nhoma yi mu no, nnipa ɔpepem pii de ayɛ adwuma, na ɛreboa wɔn ma wɔatu ɔtanhunu ase afi wɔn komam. Nanso yɛyɛ nnipa yi de, yɛn ankasa ntumi ntu ɔtanhunu ase korakora. Enti wei kyerɛ sɛ anidaso nyinaa asa anaa?

Aban Papa

Nnipa aban ayɛ ara sɛ wobetu ɔtanhunu ase. Nanso wontumi nyɛɛ ho hwee. Wei kyerɛ sɛ aban biara nni hɔ a ebetumi atu ɔtanhunu ase korakora anaa?

Sɛ aban bi betumi atu ɔtanhunu ase a, ɛsɛ sɛ etumi yɛ nneɛma a edidi so yi

  1. 1. Ɛsɛ sɛ etumi boa nkurɔfo ma wɔsesa adwene a wɔwɔ wɔ afoforo ho.

  2. 2. Ebinom wɔ hɔ a, nkurɔfo ne wɔn anni no yiye, enti ɛyɛ den sɛ wobenya afoforo ho adwempa. Wɔn a wɔte saa no, ɛsɛ sɛ aban no tumi kyekye wɔn werɛ na ɛka wɔn koma to wɔn yam.

  3. 3. Wɔn a wɔda aban no ano no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn a wodi nokware, na ɛsɛ sɛ wobu nnipa nyinaa sɛ wɔyɛ pɛ.

  4. 4. Sɛ obi fi he oo, ofi he oo, ɛsɛ sɛ aban no tumi ma nnipa nyinaa yɛ baako.

Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn ahyehyɛ aban bi a ɛbɛyɛ weinom nyinaa. Yɛfrɛ aban no “Onyankopɔn ahenni.”​—Luka 4:43.

Wo de, hwɛ nneɛma bi a aban no bɛyɛ.

1. Ɛbɛkyerɛkyerɛ Nkurɔfo Ma Wɔabɔ Bra Pa

‘Asase sofo nyinaa besua adetrenee.’​—YESAIA 26:9.

“Trenee nnwuma bɛyɛ asomdwoe, na nokware trenee aba bɛyɛ kommyɛ ne ahotɔ akosi daa.”​—YESAIA 32:17.

Dɛn na saa asɛm yi kyerɛ? Onyankopɔn Ahenni bɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo nneɛma pa. Sɛ nkurɔfo hu nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne anaa atɛntrenee ne atɛnkyea a, ɛboa ma wɔne wɔn ho wɔn ho tena asomdwoe mu, na ɛma wohu sɛ, ade a eye paa ne sɛ obiara bɛdɔ ne yɔnko.

2. Onyankopɔn Ahenni Betu Atɛnkyea Ase

Onyankopɔn ‘bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.’​—ADIYISƐM 21:4.

Dɛn na saa asɛm yi kyerɛ? Ɔhaw ne amanehunu a atɛnkyea ma nkurɔfo fa mu nyinaa, Onyankopɔn Ahenni beyi afi hɔ. Wɔn a nkurɔfo ateetee wɔn nyinaa behu sɛ ɛho nhia sɛ wɔyɛ bi tua wɔn ka.

3. Ɔkannifo Papa

“Ɛnyɛ nea n’ani hu so na obebu atɛn, na ɛnyɛ nea n’aso te so na obeyi ntɛn. Na ɔde atɛntrenee bebu ahiafo atɛn na ɔde trenee ayi asase so ahobrɛasefo ntɛn.”​—YESAIA 11:3, 4.

Dɛn na saa asɛm yi kyerɛ? Onyankopɔn aban a ɛwɔ soro no, Yesu Kristo na ɔyɛ so hene. Nnipa a obedi wɔn so wɔ asase so no, ɔne wɔn nyinaa bedi no pɛpɛɛpɛ, na ɔrenyɛ nyiyim. Yesu mmu ɔman bi sɛ ɛsen ɔman foforo, na ɔbɛhwɛ ama nnipa a wɔwɔ asase so baabiara adi ne mmara so.

4. Nkabom Ne Baakoyɛ

Onyankopɔn Ahenni akyerɛkyerɛ nkurɔfo ma ‘wɔwɔ adwenkoro na wɔwɔ ɔdɔ koro, na wɔayɛ baako wɔ ɔkra mu, na wokura nsusuwii koro wɔ adwene mu.’​—FILIPIFO 2:2.

Dɛn na saa asɛm yi kyerɛ? Wɔn a Onyankopɔn Ahenni no bedi wɔn so no, baakoyɛ a ɛbɛtena wɔn mu no, ɛrenyɛ nnipa aniso de kɛkɛ. Nea enti a wɔbɛyɛ baako ne sɛ wɔbɛdodɔ wɔn ho ankasa.

Ebia obi bebisa sɛ, aban a ɛte saa de, ɛhe na yebenya bi?

Adanse pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ aban a ɛte saa wɔ hɔ, na sɛ obi hwehwɛ mu nko ara a, obehu. Akwan mmiɛnsa a wubetumi afa so ayɛ nhwehwɛmu no ni:

  • Bisa Yehowa Dansefo bi na ɔmma wo adanse a ɛkyerɛ sɛ bɔhyɛ ahorow a ɛwɔ Bible mu no, Onyankopɔn Ahenni bɛma no abam nnansa yi ara.

  • Kɔ jw.org/tw, na hwɛ BIBLE NKYERƐKYERƐ > BIBLE NSƐMMISA HO MMUAE > ONYANKOPƆN AHENNI.

  • Kɔ Yehowa Adansefo nhyiam, na wo ara fa w’ani kɔhwɛ ɔdɔ ne baakoyɛ a ɛwɔ wɔn ntam no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena