Nnuan a Wɔmfa Atere Nni
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ GHANA HƆ
NNIPA pii de adinam, sekamma ne atere na edidi. Afoforo a wɔtetee wɔn wɔ Apuei fam no de nnua a ɛbɔ ho abien na edidi. Nanso ɛnyɛ nnuan nyinaa na ɛsɛ sɛ yɛde adinam ne sekamma di. Nnuan bi wɔ hɔ a, sɛnea ebinom ka no, sɛ wode wo nsa di a na ɛyɛ dɛ. Susuw nam a wɔatoto a ne mfe nkasɛɛ wom, akokɔnam a wɔatwitwa, keeki ne paanoo anaa spring rolls ho hwɛ.
Na nkwan nso ɛ? So wode wo nsa bɛnom? Ebia wobɛka sɛ ‘entumi nyɛ yiye da!’ ‘Ɛyɛ hyew na ɛbɛka wo nsa ho, na entumi nnyina wo nsam ɔkwan biara so.’ Wɔ Afrika aman pii mu no, nnipa taa de wɔn nsa nom nkwan sɛnea Asiafo de nnua didi no. Ma yɛnka Ghanafo aduan bi a wɔde wɔn nsa di ma no yɛ dɛ ho asɛm nkyerɛ wo.
Fufu ne Nkatekwan
Borɔde ne bankye, a wodua wɔ wiase mmeae a osu tɔ na owia bɔ kɛse no, na wɔnoa de wɔw fufu. Wogua borɔde ne bankye no hohoro ho, na afei wɔanoa kosi sɛ ɛbɛben. Sɛ wohwie ho nsu no gu a, wɔde wɔmma ne waduru wɔw kosi sɛ ɛbɛfe ayɛ motõõ. Sɛ borɔde ne bankye no fra yiye na ɛyɛ mmerɛw a, wotwitwa yiyi no ntoantoa.
Wɔde nkate a wɔayam, mogyanam anaa apataa, tomantosi, gyeene, mako ne nneɛma afoforo a ɛma nkwan mu yɛ huam na ɛyɛ nkatekwan. Wɔkyew mogyanam anaa apataa no ho ma no yɛ huam, na afei wɔahono nkate a wɔayam no agu ho. Wɔyam atosode no de ka nkwan no ho, wonu mu ma ɛfra, na wogyae ma ehuru kosi sɛ ɛbɛben. Afei woyi fufutoa to ayowa mu na wɔde nkatekwan a ɛyɛ hyew no agu so.
Sɛnea Wodi No
Bere a wɔayɛ aduan dɛdɛɛdɛ yi ama wo no, wobɛyɛ dɛn de wo nsa adi? Ɛno ara ne sɛ wubehu kwan pa a wɔfa so di no no.
Nea edi kan no, hohoro wo nsa yiye. Afei fa wo nsa nifa to nkwan no mu. Nanso hwɛ yiye! Ebia na nkwan no yɛ hyew paa!
Afei fa wo nsateaa twa fufu no. Fa torɔma no bɔ nkwan no mu na fa wo kokurobeti mia so kakraa bi ma emu mmɔ tokuro na atumi asaw nkwan kakra.
Afei ma wo nsa a torɔma no hyem no so. Bere a worema so no, dan w’abakɔn ne wo nsateaa no kyerɛ w’ano, na hwɛ hu sɛ woremma wo nsateaa no so nsen w’abakɔn. Woreyɛ saa nyinaa no, hwɛ hu sɛ woremma nkwan no ntene mfa wo nsa ho mmedu w’abatwɔw.
Si wo ti ase kakra, na sɛ wo nsa du w’ano a, fa nsateahene ne peteansa pia fufu no ne nkwan no so hyɛ w’anom. Mene, nanso hwɛ yiye. Esiane sɛ mako wɔ Ghanafo nnuan mu nti, ebetumi ahyehye w’ano kakra!
Ɛsɛ sɛ wofa saa kwan yi ara so kosi sɛ wubedi fufu no nyinaa awie. We atomde a ɛkeka ho te sɛ nnam a egu so no nso; nwe mfra fufu no. Sɛ nkwan no bi ka a, wubetumi de wo nsa anom.
Sɛnea Wɔte Nka Fa
Ghanafo binom ka sɛ wɔpɛ sɛ wɔde wɔn nkatede anum no nyinaa di dwuma wɔ adidi mu. Sɛ worenoa aduan no a egyigye w’asom na wote ne hua. Wode w’ani ne wo tɛkrɛma di dwuma bere a woredidi no. Nanso sɛ wode nkatede a ɛtɔ so anum no bedi dwuma a, gye sɛ wode wo nsa ka.
Ɛmfa ho baabi a wufi no, nya awerɛhyem sɛ yɛn Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn, ani gye “nnipa nyinaa” ho. (1 Timoteo 2:4) Eyi ma yetumi nya amanne a egu ahorow. Sɛ woyɛ obi a daa wode atere na ɛnom nkwan mpo a, w’ani betumi agye eyi ho.