Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 12/8 kr. 28-30
  • Yɛde Yɛn Ho too Onyankopɔn So Bere A Yɛkɔɔ Amanehunu Pii Mu No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛde Yɛn Ho too Onyankopɔn So Bere A Yɛkɔɔ Amanehunu Pii Mu No
  • Nyan!—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Awo no Mu
  • Ɔhaw Afoforo a Yehyiae
  • Yɛde Yɛn Ho Too Yehowa So Kɛse
  • JoAnn Ba Fie
  • Yɛn Asetra Nnɛ
  • So Woayi Bere Pɔtee Bi Asi Hɔ a Wode Sua Bible?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Meresom Wɔ Bere A Ɔsom Adwuma No Mu Retrɛw Kɛse Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • ‘Masɔ Gyidi no Mu’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Ka Kyerɛ Wɔn Sɛ Wodɔ Wɔn
    Yehowa Adansefo Binom Asetenam Nsɛm
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 12/8 kr. 28-30

Yɛde Yɛn Ho too Onyankopɔn So Bere A Yɛkɔɔ Amanehunu Pii Mu No

Sɛnea Rosie Major Ka Kyerɛe

M’asebea hui sɛ me nan ase ataatae kɛse bere a na menyem m’abakan asram anum no. Saa da no wɔ March 1992 mu no, na me ne me kunu Joey nnim da sɛ nea na yɛrebehyia no bɛsɔ yɛn ahotoso wɔ Yehowa mu no ahwɛ.

DAPƐN biako akyi no, oduruyɛfo a ɔhwɛ apemfo a na mekɔ ma ɔhwɛ me no hui sɛ me mogya bɔ ntɛmntɛm dodo. Bere a ɔkae sɛ wobegye me ato hɔ ahwɛ me no, ɛhaw me kɛse. Nhwehwɛmu a wɔyɛe no daa no adi sɛ manya mogyammoroso, yare a ɛyɛ hu a ɛtaa yɛ apemfo.a

Oduruyɛfo no kaa no anibere so sɛ, nea ɛbɛyɛ na wabɔ me ne abofra no ho ban no, ɔbɛyɛ me oprehyɛn ayi abofra no. Ɛmaa me ne me kunu ho dwiriw yɛn kɛse. Mede ayamhyehye kaa sɛ: “Na sɛ́ akokoaa no anya asram asia pɛ! Ɛbɛyɛ dɛn na yɛn ba no atumi anya nkwa bere a ɔnna awotwaa mu?” Oduruyɛfo no fi ayamye mu kae sɛ: “Eye, mɛtwɛn kakra. Nanso, sɛ wo yare no mu yɛ den a, ɛsɛ sɛ miyi abofra no.” Nnafua dummiɛnsa akyi no, me yare no mu yɛɛ den paa. Oduruyɛfo no frɛɛ me kunu ne no susuw asɛm no ho, na yɛde amemenemfe penee so sɛ onyi abofra no.

Awo no Mu

Anadwo ansa na wɔreyi abofra no, Oduruyɛfo McNeil, a ɔhwɛ apemfo ne nkokoaa no ne yɛn hyiae kyerɛkyerɛɛ yɛn nsɛnnennen a ebetumi asɔre wɔ akokoaa a ne bere nsoe koraa a merebɛwo no no ho, n’amemene betumi atɔ kyima, n’aharawa ho betumi aba asɛm a entumi nyɛ adwuma yiye, ne nyarewa afoforo pii. Mebɔɔ mpae srɛɛ “Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so” ne ahoɔden a ɛbɛma mapene nea ebesi biara so na magyina ano nso. (Filipifo 4:7) Ade kyee anɔpa no, wɔyɛɛ me oprehyɛn yii abofra no. Ná ne mu duru yɛ gram 700 pɛ. Yɛtoo ne din JoAnn Shelley.

Nnanum akyi no, mekɔɔ fie a na akokoaa no nka me ho. Ná me babea kumaa no da ayaresabea hɔ baabi a wɔhwɛ mmofra, sɛ ebia obenya nkwa a. Adapɛn abien akyi no mpafe sii JoAnn. Yɛn ani gyee sɛ ne ho tɔɔ no, nanso wɔ nna kakraa bi akyi no, onyaa yafunu yare bi ma enti na ɛsɛ sɛ wɔde no kɔto baabi a wɔhwɛ mmofra a wɔn yare mu ayɛ den. Bɛyɛ nnansia no, JoAnn ho tɔɔ no kakra na ne mu mpo fii ase yɛɛ duru. Yɛn ani gyee paa! Nanso yɛn anigye no anni gyina. Oduruyɛfo McNeil ka kyerɛɛ yɛn sɛ JoAnn mogya so atew. Ɔhyɛɛ nyansa sɛ yɛmma no erythropoietin (EPO) na ama ne mogya no akɔ soro. Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Bahamas no ne Hospital Information Services ananmusifo a wɔwɔ Brooklyn, New York no dii nkitaho. Wɔyɛɛ ntɛm maa Oduruyɛfo McNeil huu ɔkwan foforo koraa a wɔfa so de EPO di dwuma ne sɛnea obetumi anya bi ho asɛm, na ofii ase de dii yare no ho dwuma.

Ɔhaw Afoforo a Yehyiae

Yedii awerɛhow adapɛn dodow bi. Saa bere yi na yafunyare, ntehyewa (home a ensi so), mogya a ɛso atew, ne mpafe rehaw JoAnn. Na yesuro sɛ yare yi mu biara betumi akum no. Nanso JoAnn ho tɔɔ no nkakrankakra. Odii asram abiɛsa no, na ɔda so ara da ayaresabea hɔ na na ne mu duru yɛ kilogram 1.4 pɛ. Nanso bere a edi kan koraa wɔ n’asetram no, saa bere yi de na n’ankasa tumi home a wɔmfa mframa biara nsi no so. Na ne mogya akɔ soro sɛnea ɛsɛ. Oduruyɛfo no kae sɛ sɛ ne mu tumi yɛ duru gram 500 ka ho a, ɔbɛma yɛde no akɔ fie.

Adapɛn abiɛsa akyi no, ntehyewa huhuuhu bi san yɛɛ JoAnn. Nhwehwɛmu a wɔyɛe no ankosi hwee. Na yare no taa ba bere biara a ɔredidi. Awiei koraa no, yebehui sɛ JoAnn anya yafunyare bi a ɛma ɔfe bere biara a obedidi. Sɛ odidi a, ne dwɛɛdwɛɛwa no ntumi nkata yiye, enti ɛma ɔsan fe biribiara a wadi no. Sɛ ɛba saa a, aduan no si ne menewa mu na ɛmma ontumi nhome.

Wɔ October mfiase no, ɔyare bi sanee JoAnn wɔ baabi a na wɔhwɛ mmofra wɔ ayaresabea hɔ no. Ɔyare yi kunkum nkokoaa a wɔn bere anso na wɔwoo wɔn no mu pii. Saa bere yi a na JoAnn ayɛ mmerɛw paa no na ntehyewa a na ano yɛ den sen biara yɛɛ no. Mmɔden biara a yɛbɔe sɛ yɛbɛma no anya ahoɔden no yɛɛ kwa. Ɛkaa kakraa bi na oduruyɛfo no aka sɛ obewu, nanso mpofirim ara na ofii ase homee—nanso ɔsan tɔɔ mum bere tiaa bi akyi. Wɔsan de mfiri hyehyɛɛ n’anum ne he hwene mu sɛnea ɛbɛyɛ a obenya mframa, na saa bere yi de, na yenim sɛ JoAnn awiei ara nen. Nanso, onyaa ahoɔden, na yɛn ani sɔɔ nea Yehowa yɛ maa yɛn no.

Yɛde Yɛn Ho Too Yehowa So Kɛse

Yebetumi aka sɛ nsɛnnennen a yehyiae ansa na yɛrewo JoAnn no te sɛ nea yefiri hyɛn mu atɔ po mu baabi a yebetumi aguare kɛkɛ akɔ po no ano. Nanso mprempren de na ɛte sɛ nea yɛatɔ po bun mu, a yentumi nhu asase biara. Sɛ yesusuw mmere a abɛsen kɔ no ho a, yetumi hu sɛ ansa na yɛrebɛwo no no, na ɛtɔ mmere bi a yɛde yɛn ho to yɛn ankasa so dodo. Nanso nsɛnnennen a yehyiae bere a yɛwoo JoAnn no ama yɛasua sɛnea ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so wɔ tebea biara a ɛboro nnipa ahoɔden so mu. Yetumi dii afotu a Yesu de mae no akyi—sɛ yɛbɛma da biara mu nsɛm ho ahia yɛn. (Mateo 6:34) Yetumi de yɛn ho too Yehowa so, ɛwom mpo sɛ ɛtɔ mmere bi a na yennim nea ɛsɛ sɛ yɛbɔ ho mpae mpo de. Yɛda Yehowa ase saa bere yi wɔ Bible mu nyansa ne “tumi a ɛboro so” a ɛboaa yɛn ma yetumi gyinaa nsɛnnennen a ɛyɛ hu a ɛte saa ano no ho.—2 Korintofo 4:7.

Mpɛn pii no sɛ nsɛnnennen sɔre a, na ɛyɛ den ma me sɛ mɛhyɛ me ho so. Na medwene JoAnn nkutoo ho. Me kunu, Joey, boaa me kɛse ma mekarii pɛ wɔ honhom fam. M’ani sɔ nea ɔyɛe no kɛse.

JoAnn Ba Fie

JoAnn ho tɔɔ no nkakrankakra. Da bi ɔno ankasa tumi yii ade a ɛma otumi home no fii n’anum. Oduruyɛfo McNeil hui sɛ afei de yebetumi de JoAnn akɔ fie. Yɛn ani gyee paa! Nea ɛbɛyɛ na yɛatumi de no akɔ fie no, yesuaa sɛnea sɛ ne home tua a yɛde aduan bɛfa ne hwene mu ama no. Yegyee afiri a yɛde bɛhwɛ sɛnea ne home ne ne koma bɔ a na yetua ho ka, na yesuaa sɛnea wɔma obi a ade atɔ ne so tumi nya ahoɔden ho ade nso. Awiei koraa no, wɔ October 30, 1992 mu no, woyii JoAnn fii ayaresabea hɔ. Yɛne no nyinaa dii nnafua 212 wɔ ayaresabea hɔ baabi a wɔhwɛ mmofra no.

Efi mfiase pɛɛ no, yenyaa nhyira fii Yehowa hɔ denam yɛn abusuafo ne Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ hɔ no mufo a wɔboaa yɛn no so. Na wɔba besiesie yɛn fie, noa aduan ma yɛn, de yɛn kɔ ayaresabea hɔ, na na wɔhwɛ JoAnn sɛnea ɛbɛyɛ a metumi ada kakra. Yɛnam saa kwan yi so huu wɔn suban pa a na yennim da no. Sɛ nhwɛso no, ebinom kaa nea ɛboaa wɔn honhom fam bere a wohyiaa nsɛnnennen no ho asɛm kyerɛɛ yɛn.

Yɛn Asetra Nnɛ

Yɛabɔ mmɔden pii ahwehwɛ ayaresa biara a yebetumi de aboa JoAnn wɔ n’amanehunu pii no mu. Bere a JoAnn nyaa asram 19 no obubui—esiane dɛm a odii wɔ adwene mu no nti. Afei wɔ September 1994 no, wɔyɛɛ no oprehyɛn wɔ yafunyare a na ɛma ɔfefe no ho. Wɔ 1997 mu no, abiribiriw bi a na ɛyɛ hu kaa JoAnn. Nanso anigyesɛm ne sɛ, nsakrae a yɛyɛe wɔ nnuan a na odi mu no maa abiribiriw no gyaee. JoAnn yare no nti, ontumi nnyin ntɛmntɛm. Nanso mprempren yɛde no kɔ sukuu soronko bi na ɔrebɔ mmɔden kɛse. Ɛwom sɛ ontumi nnantew, na ontumi nkasa yiye de, nanso yɛde no kɔ yɛn Kristofo nhyiam horow nyinaa ne afie afie asɛnka no nso. Ɔwɔ anigye ankasa.

Yehowa ama yɛanya awerɛkyekye wɔ sɔhwɛ mmere yi mu. Yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so de yɛn ho ato Yehowa so na ‘yɛadi ahurusi wɔ no mu’ ɛmfa ho ɔhaw biara a yɛnhwɛ kwan a ɛbɛto yɛn no. (Habakuk 3:17, 18; Ɔsɛnkafo 9:11) Yɛde anigye hwɛ Paradise asase a Onyankopɔn de ahyɛ bɔ, a ɛhɔ na yɛn dɔfo JoAnn benya akwahosan a edi mu koraa no kwan.—Yesaia 33:24.

[Ase hɔ nsɛm]

a Sɛ ɔpemfo bi nya yare yi bi a, ɛma ne ntini a mogya fa mu no yɛ denneennen ma enti mogya ntumi mmɔ mfa mu yiye nkɔ nipadua no akwaa horow, a awo akyi ade ne abɔdomaa a ɔda yafunu mu no ka ho mu. Ɛwom sɛ yennim nea ɛde yare yi ba de, nanso yɛwɔ nea yebetumi agyina so aka sɛ wonya saa yare yi fi awo mu.

[Kratafa 28 mfonini]

Yɛn babea JoAnn

[Kratafa 30 mfonini]

Ɛmfa ho sɛ JoAnn nni ahoɔden pii no, Ɔyɛ abofra a ɔwɔ anigye

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena