Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 9/8 kr. 22-23
  • Nkate a Wɔayam Sɛnea Afrikafo Yɛ No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkate a Wɔayam Sɛnea Afrikafo Yɛ No
  • Nyan!—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Wodua Nkate
  • Sɛnea Wɔyɛ Nkate a Wɔayam
  • Wobɛyɛ Dɛn Ahu Nokware No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2020
  • Nnwuma a Wɔhyehyɛ wɔ Aman a Ennyaa Nkɔso Pii Mu
    Nyan!—1994
  • Ɛmo—Wopɛ Nea Wɔanoa Anaa Nea Wɔnnoae?
    Nyan!—1995
Nyan!—1999
g99 9/8 kr. 22-23

Nkate a Wɔayam Sɛnea Afrikafo Yɛ No

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ CENTRAL AFRICAN REPUBLIC HƆ

WƆ Atɔe fam nsase so no nea wonim sɛ wɔde nkate a wɔayam yɛ ara ne sɛ wɔde fa paanoo a wɔatwitwa no ntrantraa so. Nanso wɔ Afrika nsase bi so no, edi akoten pii wɔ da biara da asetra mu. Ɔkwan bɛn so?

Wɔ Afrika mfinimfini fam no, wɔde nkate a wɔayam na ɛyɛ nnuan a agye din pii no bi. Sɛnea ɛte wɔ mmeae a afei na wɔrenya nkɔso no, ɛtaa yɛ den sɛ wubenya esiam ne aburosiam—nneɛma a wɔde gu forɔe ne nkwan mu ma epi no. Nkate a wɔayam na wɔtaa de si eyinom ananmu.

Nanso, ɛnyɛ ɛno ara ne sɛ wobɛtɔ nkate a wɔayam wɔ gua so. Sɛ wokɔ hɔ a, wɔde atere nketewa na ɛtete tɔn, na ne bo taa yɛ den. Enti Afrikafo mmea pii ani gye ho sɛ wɔn ankasa bɛyɛ wɔn ade. Ɔkwan a wɔnam so yɛ saa adwumaden yi yɛ nwonwa. Yenyaa nsɛm a edidi so yi fii Afrikafo mmea binom a wɔne yɛn bɔɔ nkɔmmɔ no hɔ.

Sɛnea Wodua Nkate

Ɛda adi sɛ nkate nyɛ ade a ɛho adwuma yɛ den. Ne fã a ɛyɛ den paa ne sɛ wobɛdɔ asase no afutum so. Wɔyɛ eyi wɔ osutɔbere mfiase bere a asase no mu da so ara wo na emu yɛ den no. Wɔhyehyɛ “nkate” yi wɔ April mu, na sɛ osu tɔ ntɛm a, wotumi tu no wɔ August awiei anaa September mfiase.

Nkate nyɛ den wɔde nsa na ɛbɔ—ɛte sɛ adua. Nkate nsow wɔ dua so, sɛnea ebia wususuw no; na mmom wɔde hyehyɛ fam, na ne nhini no wɔ ɔkwan soronko a ɛfa so bɔ wɔ fam. Enti ɛbɔ wɔ fam.

Wɔ Afrika mfinimfini aman mu no, asase a wodua so nkate tɛtrɛtɛ bɛyɛ mita 90 na ne tenten mu nso bɛyɛ mita 50. Nnipa binom dua bi wɔ mfikyifuw mu. Wɔtaa de asɔ ne sekan na ɛyɛ mu adwuma. Eyi gye mmɔdembɔ! Mfitiase no, ɛsɛ sɛ wunya ho adagyew paa. Ɛsɛ sɛ wɔwɛn afuw no sɛnea ɛbɛyɛ a mmoa ntutu aba no nwe. Afei nso ɛsɛ sɛ wɔdɔ mu na wɔdwaadwaa mu.

Sɛ edu bere a wɔrebetu nkate no titiriw a, na ehia sɛ wɔwɛn afuw no. Sɛ ne tu bere reyɛ adu a, wubetumi ama mmofra akɔwɛn afuw no. Ɔbea bi kae sɛ obi a ɔne no bɔ hye hui sɛ ne nkate nwura no bi sensɛn nnua atenten bi a ɛbɛn hɔ so. Nsoroboa na atutu akɔwe wɔ soro hɔ!

Abusuafo nyinaa na wɔtaa bom tu nkate no. Obiara kɔ afuw no mu hɔ kɔboa. Wɔde wɔn nsa na etu, na wɔde gu hɔ ma no dwan, na wɔatetew de agu nkyɛnsee akɛse mu, na adwumayɛfo no asoa de aba fie.

Afei dɛn na wɔyɛ nkate no? Bere a wɔahohoro ho no, wɔde nkyene noa bi. Na ɛhɔ ara abusua no tumi we bi, nanso wɔde fã dodow no ara sie na akyiri yi wɔde anoa aduan. Enti wɔde gu awia mu wɔ baabi a ɛbɛn fie ma ɛwo. Ɛsɛ sɛ obi hwɛ pam mpɔnkye a wɔnenam hɔ a wɔbɛpɛ sɛ wɔwe no.

Sɛ nkate no wo a, wɔde gu apa so wɔ dɔtedan a wɔde ɛserɛ abɔ so mu. Eyi mma nkate no mmɔ ntuw, ɛmma mmoa ne mmofra a wɔn ano yɛ wɔn medi-medi bere a wɔn Maame wɔ afuw mu reyɛ adwuma no nwe.

Sɛnea Wɔyɛ Nkate a Wɔayam

Ansa na wɔbɛyam no, ɛsɛ sɛ wɔbɔ nkate no. Afei wɔkyew no kyɛnsee traa mu wɔ bukyia so. Eyi ma ɛyɛ huam, na ɛyɛ mmerɛw sɛ wobehuan ho. Wogyae nkate no ma no dwo, na wohuan ho. Wɔde afiri yam nkate a wɔakyew no fekɔfekɔ. Sɛ afiri nni hɔ a, ɔbaa warefo de gu ɔbo traa so de toa anaa ɔbo yam.

Afei de wobetumi de nkate a wɔayam no agu forɔe mu ma api, na wɔde adi bankye, borɔde, anaa ɛmo. Sɛ wunnim sɛnea nkate a wɔayam dɛ te a, dɛn nti na wonsɔ bi nhwɛ?

Wubetumi afa akwankyerɛ a wɔde ama yi so na wode nam, gyeene, aanwo, ne tomantosi ayɛ forɔe no. Noa nam no ma no nyɛ mmerɛw, na sɛ wopɛ a twitwa ɛfan nso ka ho. Bere a esi gya so no, fa nsu kakra hono nkate a wɔayam no—kuruwa biako biara ne nam nkaribo abien na ɛkɔ—na num ma no nkye nyɛ forɔe. Ma no nsi ogya a ano yɛ den so simma du anaa nea ɛboro saa na amma nkate no annye mu pii. Sɛ forɔe no ampi sɛnea wopɛ no a, fa nkate a wɔayam no bi fra mu. Fa nkyene kakra gu mu. Sɛ wopɛ mako a, wubetumi de kakra afra.

Nnipa pii ahu sɛ sɛ wɔde forɔe a ɛte saa di ɛmo a, ɛyɛ dɛ yiye! Sɛ ebia ɛsono sɛnea woyɛ wo de no a, wubetumi asua nneɛma a wotumi de nkate a wɔayam yɛ nso—sɛnea Afrikafo yɛ no no!

[Kratafa 22 mfonini ahorow]

Wotu nkate, afei wɔsoa de kɔ fie kɔbɔ na wɔayam

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena