Wiase Nsɛm
Ahosiesie a Wɔyɛ Ma Afe 2000
The Wall Street Journal ka sɛ: “Mfiridwuma mu nsɛnnennen betumi asi wɔ afe 2000 mu, nanso [U.S.] Sikasɛm Nhyehyɛe Asoeɛ no pɛ sɛ wohu sɛ nea ɛbɛba biara no Amerikafo betumi atɔ nnuan wɔ mfirihyia apem a yɛrebɛhyɛn mu no mu. Sikakorabea kunini no ama kwan sɛ wontwa sika dɔla ɔpepepem 50 nka ɔman no sika ho sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo betumi anya sika afi wɔn sikakorabea horow ne kɔmputa afiri a edi sika ho dwuma hɔ.” Wobetwa sika yi awie wɔ September 1999 awiei mu. Ebetumi aba sɛ kɔmputa a akyɛ a ɛde nɔma abien a etwa to na egyina hɔ ma afe no bedi mfomso aka sɛ afe 2000 yɛ afe 1900. Animdefo bi susuw sɛ kɔmputa horow bi ntumi nyɛ adwuma esiane saa akwanside a wɔfrɛ no Y2K no nti. Ɛbɛgye bere ne adwuma pii a wɔde bɛsakra kɔmputa ahorow no ansa na wɔatumi adi ɔhaw yi ho dwuma, nanso afei ara na sikakorabea horow ne nnwumakuw bi afi kɔmputa dwumadi ase. Atesɛm krataa no ka sɛ: “Nea ɛma sikasɛm ho nsɛnnennen a ebetumi aba no haw ɔmanfo binom kɛse no ne asɔre horow a wɔka sɛ Bible sɛnkyerɛnne a ɛyɛ hu” ne “bere a mmusua pii bɛsɛe” bɛhyɛ mfirihyia apem yi awiei ho agyirae no.
Tɔnkomda Ba Bio
Nnipa baasa na wɔbɔɔ amanneɛ wɔ 1974 mu sɛ tɔnkomda ayɛ wɔn wɔ Angola. Nnansa yi, Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no buu akontaa sɛ anyɛ yiye koraa no, nnipa 300,000 na wonyaa ɔyare no bi. Nnipa ɔpepem pii nso betumi anya ɔyare no bi. Ohurii na ɛde tɔnkomda ba. Sɛ ohurii no twe obi a ɔwɔ yare no bi mogya a, ɔkɔka obi foforo de yare no san no. Wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ afum anaa wosi nneɛma wɔ nsu mu—ne ne titiriw no, nkokoaa a wɔhyɛ wɔn maamenom akyi mpo—betumi anya yare no. Mfiase no, wɔn a wɔwɔ yare no bi no ti pae wɔn, nya atiridii, na wɔfe. Esiane sɛ wontumi nna anadwo nti, ade kye a wɔtɔ nko. Ɔyare aboawa no kɔ nkate nkwaadɔm atitiriw no mu kowie amemene no mu, na ɛma ɔyarefo no nya adwenemyare, tɔ mum, na owu. The Daily Telegraph a ɛwɔ London no bɔ amanneɛ sɛ ɔyare no ano a wobesiw na wɔasa wɔn a abɔ wɔn no yare no bo yɛ den na ɛyɛ adwumaden—egye U.S dɔla 90 na wɔatumi asa obi yare, “ade a ne bo yɛ den paa wɔ Angola.”
W’apɔw mu a Wobɛteɛteɛ
The Physical Activity Guide nsɛmma nhoma a nnansa yi Canada Apɔwmuden Asoɛe no yii no adi no ka sɛ: “Ɛnsɛ sɛ woma w’apɔw mu a wobɛteɛteɛ no yɛ denneennen na ama woanya apɔwmuden.” Sɛnea The Toronto Star bɔɔ ho amanneɛ no, “w’apɔwmuden ne sɛnea wo koma bɔ no betumi atu mpɔn denam simma 10 biara a wubenya de ateɛteɛ w’apɔw mu nkakrankakra kosi sɛ ne nyinaa bedu dɔnhwerew biako da biara no so.” Dɛn ne apɔw-mu-teɛteɛ dwumadi horow binom a wɔkamfo kyerɛ no? Ebi ne anantenantew, atrapoeforo, adɔw, ne apɔw mu totow. Efie nnwuma te sɛ aprapra anaa fam popa nso ho hia, na etumi ma obi teɛteɛ n’apɔw mu yiye. Nsɛmma nhoma no de nyansahyɛ ma sɛ adwuma a wɔde teɛteɛ apɔw mu bɛhyɛ wo da biara da dwumadi mu a wobɛyɛ no “bɛma woatumi adu simma 60 botae no ho da biara.” Oduruyɛfo Francine Lemire a ɔyɛ Mmusua Ho Nnuruyɛfo Sukuu a ɛwɔ Canada no titrani no ka sɛ: “Nhwehwɛmu horow kyerɛ sɛ sɛ wonteɛteɛ w’apɔw mu a, w’akwahosan ho bɛba asɛm te sɛ nea wonom sigaret ara pɛ.”
Kɔmputa Ho Asiane a Wimhyɛn Hyia
The Daily Telegraph a ɛwɔ Sydney, Australia, no ka sɛ: “Animdefo gye di sɛ bere bi bɛba a elɛktronik mfiri a wotumi kura (PED) te sɛ kɔmputa ketewa, telefon a wɔde nantew, compact Disk anaa kɔmputa a wɔde di agoru betumi adi awu kɛse te sɛ nsɛmmɔnedifo topae ara pɛ. Amanneɛbɔ foforo bi ka sɛ wimhyɛn a wɔde fa akwantufo ahyia nsɛnnennen akɛse 50 esiane sɛ na wɔn a wɔte mu no kura elɛktronik mfiri.” Nhwɛso biako a ɛde mae ne wimhyɛn a na ɛreba abesi wɔ Melbourne, Australia wimhyɛn gyinabea no. Wimhyɛn no a na wɔayɛ ma ɛno ankasa kyerɛ ne ho kwan no dan hwɛɛ benkum fam na ɛtwe kɔɔ nkyɛn kakraa bɛyɛ sɛ digrii 30. Nanso na obiara mfaa ne nsa nkaa mfiri a ɛkyerɛ no kwan no. Nhwehwɛmu daa no adi sɛ na obi a ɔte akongua a ɛtɔ so abiɛsa so no asɔ ne kɔmputa ketewa bi ɛmfa ho sɛ na nea ɔreka wimhyɛn no aka sɛ wonnum elɛktrɔnik afiri biara no. Mfiri a ɛtete saa tumi yɛ ma wimhyɛn twe kɔ soro, twe ba fam, yera kwan, anaasɛ mframa a ehia no so tew bere a ɛrekɔ no. Elɛktronik mfiri a wotumi kura yi ne wimhyɛn a wɔde kɔmputa kyerɛ no kwan no betumi adi nkitahodi na ebetumi anya so nkɛntɛnso. Wɔn a wɔtete anim nkongua so no na wɔde asiane kɛse paa ba esiane sɛ wɔte bɛn faako a ɛlɛktronik mfiri wɔ wɔ wimhyɛn no mu nti.
Ɔkwan Foforo a Wɔfa so Yi Mmofra Fi Yafunu Mu
Germany atesɛm krataa Augsburger Allgemeine bɔ amanneɛ sɛ: “Ɔkwan foforo a wɔfa so yɛ oprehyɛn de yi abofra fi yafunu mu betumi ama awo ayɛ ntɛm na ayɛ mmerɛw kɛse. Sɛ oduruyɛfo no de Misgav-Ladach kwan a wɔfa so gye awo no na ɛredi dwuma a, sɛ anka ɔde sekamma a wɔde yɛ oprehyɛn betwa nea ɔrewo no afuru so sɛnea wɔtaa yɛ no no, ɔde ne nsa pagya srade ntini ne ntini a ɛwɔ ɔbea a ɔrewo no yafunu mu no.” Esiane sɛ wontwitwa mmea no honam pii nti, mogya ntu wɔn pii, na honam no afa abiɛsa a ɛwɔ honam no ani nkutoo na wɔpam sen sɛ anka wɔbɛfa ɔkwan dedaw no so apam honam no afa ason a ɛwɔ honam no ani no. Bio nso, ɔkwan a wɔfa so yɛ oprehyɛn no nnye bere pii, ɛbrɛ nyarewa a obi nya wɔ oprehyɛn akyi no ase kɛse, enhia aduru a ɛma yaw ano brɛ ase pii, na wobetumi ayi mmea no afi ayaresabea hɔ wɔ nnansa de kosi nnanum akyi. Wɔde saa kwan a wɔfa so yɛ oprehyɛn yi too ayaresabea a ɛwɔ Israel a wodii kan de dii dwuma no.
Wɔanhwɛ Kwan sɛ Ɛbɛba Saa
Kuropɔn mu kar nkyereso taa ma afirikafo boasetɔ ho ba asɛm kɛse. Nhwehwɛmu a adwene ne nneyɛe ho nimdefo bi yɛe wɔ La Sapienza Sukuupɔn a ɛwɔ Rome no daa no adi sɛ, sɛ kar kyere so pii a, nnipa pii keka ɔsom ho nsɛm a ɛmfata. Sɛnea atesɛm krataa Corriere della Sera kyerɛ no, “ntanka ne kasafi a ebu ɔsom animtiaa no mu ɔha biara mu nkyekyem 54” no fi kar nkyereso ho ɔhaw horow a esii karkwan a ɛdeda nkuraase so no. Nanso, wɔ nkurow akɛse mu no, wɔtaa de “asodi no to ahotefo ne mmea akronkronfo so” kɛse. Atesɛm krataa no ka sɛ: “Nnansa yi wɔ nkuro akɛse mu no, kasafi a wɔtaa frɛ no ntanka no mu ɔha biara nkyem 78 fi kar nkyereso.” Kar nkyereso abɛyɛ ɔhaw kɛse wɔ Rome esiane akwan a wɔresiesie ama Katolekfo Afahyɛ a wobedi no afe 2000, a ɛbɛma wɔde wɔn bɔne afiri wɔn no. Asɔremma a wɔbɛyɛ Afahyɛ no Bɛhwɛadefo no guamtrani no ka sɛ: “Ɛyɛ nwonwa nanso ɛyɛ nokware sɛ wɔ Rome no, nea afahyɛ no bedi kan de aba ne ntam pii a wɔbɛkeka na ɛnyɛ bɔne fafiri.”
Aboa Hoɔdenfo Tardigrade
New Scientist nsɛmma nhoma no bɔ amanneɛ sɛ wɔka sɛ aboa tardigrade a ne tenten nnu milimita fa no ho yɛ den sen abɔde a nkwa wom wɔ asase so biara. Wɔtaa frɛ no nsu mu osisi esiane sɛnea sɛ wɔde afiri a ɛma nneɛma nketewa yɛ akɛse hwɛ no a ɔbɔ si no nti, na ɔwɔ anan awotwe na ɔte sɛ aboa a ɔwɔ dade nkataho. Obetumi agyina awɔw ne ɔhyew a ɛyɛ digrii -270 kosi digrii 151 ano, gyina X ray, ne baabi a hwee nni na mframa nkɔ hɔ te sɛ po ase no mmɔho asia ano. Yebetumi ahu aboa yi wɔ nsuka ne abo ntokuro mu. Mmoa nketewa yi bi atumi asan aba nkwa mu bere a wɔada faako wɔ abohonhwi a awo a wɔtetew fii nkaede ho mu bɛboro mfirihyia 100 wɔ tete nneɛma akorae no. Dɛn nti na eyi te saa? Ɔbenfo Kunihiro Seki a ɔwɔ Kanagawa Sukuupɔn mu wɔ Japan no ka sɛ fi bere a ɛte sɛ nea aboa no awu na “ne kɛse so tew ɔha biara mu nkyem 50 anaa nea ɛboro saa, na ne mu nsu twe koraa.”
Sankudwom a Wɔbɔ De Gyegye Hyɛntiafo Ani
Ɛnnɛ hyɛntiafo tie nnwom a nnipa te sɛ Strauss, Vivaldi, Chopin, Tchaikovsky, Mozart, Bach, Bizet, Schubert, ne Brahms abɔ bere a wɔretwɛn wɔ keteke akwan a ɛwɔ asase ase gyinabea ahorow 18 a ɛwɔ Rio de Janeiro no. Atesɛm krataa, O Globo ka sɛ mpanyimfo a wɔhwɛ keteke kwan a ɛwɔ asase ase gyinabea ahorow no susuw sɛ ɛdenam saa kwan yi so no, “wobetumi ama hyɛntiafo ayɛ komm bere a wɔretwɛn keteke a ɛbɛba no.” Bere a woyiyii nnwom a wɔbɛbɔ no, wɔpaw nea wɔde bɛgyegye hyɛntiafo no ani, nanso na ɛnyɛ nea enti a wɔyɛɛ saa ne sɛ wɔbɛma wɔanya adwene no sɛ ɛhɔ yɛ beae a wobetumi asaw. Mário Miranda a ɔyɛ Rio de Janeiro keteke dwumadi nhyehyɛe sohwɛfo no kae sɛ: “Yɛanhwɛ kwan sɛ wɔbɛkyerɛ ho anigye saa.”
Obiara Ho Wom Bi
The Guardian Weekly atesɛm krataa mu asɛm bi ka sɛ: “Efi 1970 reba no, nnipa asɛe asase so nneɛma bɛboro ɔha biara mu nkyekyem 30, na ama kwae, nsu ne ɛpo a yɛn nkwa gyina so no asɛe kɛse.” Asɛm no a egyina amanneɛbɔ a ahyehyɛde abiɛsa a Asase So Nneɛma Ho Sikasɛm (WWF) ka ho de mae nnansa yi so no ka sɛ ɛwom sɛ obiara nim sɛ Atɔe Fam aman horow no na wɔsɛe asase so nneɛma kɛse de, nanso ɛnnɛ, aman a wonnyaa nkɔso pii no resɛe “asase so nneɛma wɔ ɔkwan a ɛyɛ hu so.” Asase So Nneɛma Ho Sikasɛm so panyin bi ka sɛ: “Na yenim sɛ enye, nanso bere a yɛyɛɛ nhwehwɛmu yi na ɛma yehuu sɛnea asɛe fa.” Krataa no ka sɛ, bere a wɔbɔ aban ahorow no sobo sɛ wɔn na wɔantumi ansiw ɔhaw no ano no, ɛka nso sɛ “anibiannaso a wɔayɛ wɔ asase so nneɛma ho no ho asodi da obiara so.”