Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 4/8 kr. 32
  • Ɛmaa Ɔbarima no Nsa Kaa Ne Sika Bio

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛmaa Ɔbarima no Nsa Kaa Ne Sika Bio
  • Nyan!—1999
Nyan!—1999
g99 4/8 kr. 32

Ɛmaa Ɔbarima no Nsa Kaa Ne Sika Bio

Bere a ɔbarima bi te kar mu retu kwan afi kurow biako so akɔ foforo so wɔ Nigeria, Afrika Atɔe fam no, ɔne ne yɔnko kwantuni bi bɔɔ “Nneyɛe a Onyankopɔn Kyi,” adesua asɛm bi a ɛwɔ Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa no mu ho nkɔmmɔ. Bere a kar no gyinaa adidibea bi no, ɔbarima a na n’ani abegye nhomawa no ho yiye no de ne nsa kyerɛɛ ade bi a na okura so kaa ho asɛm sɛ: “Ɛyɛ sika. . . . miyi fii akwantufo bag a egu kar no akyi no biako mu.”

Nanso afei de na ɔbarima a ɔfaa sika yi anu ne ho wɔ nea ɔyɛe no ho ma enti na ɔpɛ sɛ ɔsan de ne wura ade ma no. Aberante guadini bi a na ɔne wɔn retu kwan no kyerɛe sɛ ade no yɛ ne dea. Ná naira 150,000 (bɛyɛ $1,700) na ɛhyem. Owifo a na wadi oguadini yi akyi kilomita 500 no ka kyerɛɛ oguadini no sɛ ɛsɛ sɛ ɔda onii a ɔne no bɔɔ nsɛm a ɛwɔ nhomawa no mu ho nkɔmmɔ no ase. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛno na ɛkaa no ma ɔde ne sika no maa no bio.

Bere a ofirikafo no ne akwantufo a aka no huu nea asi no, wɔn ho dwiriw wɔn, ma enti wɔn nyinaa pɛe sɛ wonya nhomawa no bi. Ansa na asɛm no resi no, na oguadini no mmaa Adansefo no kwan ma wɔne no nkasae da, nanso afei de ɔpɛe sɛ wɔne no yɛ Bible adesua.

Wo nsa betumi aka nhomawa a ɛsom bo a ekura nkratafa 32 yi bi denam krataa a ɛka ho no a wobɛhyehyɛ amena address a wɔde ama wɔ so no anaa address a ɛwɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 5 no mu nea ɛfata no so.

Momfa Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa no bi mmrɛ me.

Kyerɛ kasa ko

Mesrɛ sɛ mo ne me mmɛyɛ ofie Bible adesua a wontua ho hwee.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena