Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 4/8 kr. 31
  • Ma Wonhu sɛ Wudwen Wɔn Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma Wonhu sɛ Wudwen Wɔn Ho
  • Nyan!—1999
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ahodɔmdi—Ade a Ɛrehaw Mmofra
    Nyan!—1998
  • Ɔhaw Bi a Ɛwɔ Wiase Nyinaa
    Nyan!—2001
  • Nea Enti a Asetra Fono Ebinom
    Nyan!—2001
  • Ahodɔmdi—Ade a Ɛrekɔ So a Wɔnte Ho Asɛm
    Nyan!—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 4/8 kr. 31

Ma Wonhu sɛ Wudwen Wɔn Ho

Efi Nyan! kyerɛwfo a ɔwɔ Canada hɔ

Ahoyeraw a afoforo nte ho asɛm rehyɛ nnipa pii a wɔn mfe akɔ anim wɔ Canada ma wokunkum wɔn ho ntɛmntɛm. Amanneɛbɔ bi a ɛwɔ Vancouver Sun atesɛm krataa mu no ka sɛ bere a mmofra a wɔbɔ mmɔden sɛ wobekum wɔn ho mu 200 biara mu 1 kowie owu mu no, wɔn a wɔadi boro mfe 65 no yɛ 4 biara mu 1. Na wogye di mpo sɛ “ɛnyɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wokum wɔn ho nyinaa na wɔbɔ ho amanneɛ, efisɛ ɛyɛ den sɛ wobehu sɛ ebia wɔn a ɔyare a emu yɛ den haw wɔn no ankasa na wowui anaasɛ wokum wɔn ho.”

Dɛn nti na wɔn a wɔn mfe akɔ anim pii mpɛ sɛ wɔtra nkwa mu bio? Adwenem ayaresa ho ɔbenfo, Oluwafemi Agbayewa a ɔwɔ British Columbia Sukuupɔn mu a waben wɔ nkwakoraa ne mmerewa ahokum mu nsɛm mu no ka sɛ adwenemhaw, tew a afoforo tew wɔn ho fi wɔn ho, ne ankonamyɛ, nso ka ho bi. Gerry Harrington a ɔyɛ kwankyerɛfo wɔ Ahokum Ho Nsɛm ne Nteteebea a ɛwɔ Calgary, Alberta, ka sɛ bere a nkurɔfo nyinyin no, “obu a afoforo wɔ ma wɔn, wɔn tumi, wɔn nkɛntɛnso, ne nyinaa fi wɔn nsa. . . . Nea wobehu ara ne sɛ afei de obiara mmisa wɔn adwene wɔ biribiara ho bio. Nea ɛto nnipa pii ne sɛ wɔde wɔn kɔto mmerewa ne nkwakora fie, na nea wɔyɛ ara ne sɛ wɔbɛtra ase ato sopaa na wɔahwɛ TV.” Nea ɛsɛe asɛm yi koraa ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɔmanfo twe adwene si mmerante ne mmabaa ne afei ahofadi, adwumaden, ne nneɛma a wɔyɛ no ahoɔhare—suban horow a ɛbrɛ ase bere a obi nyin no—so kɛse.

Nanso wɔ Yehowa Nyankopɔn ani so no, wɔn a wɔn mfe akɔ anim no som bo yiye. Yebetumi ahu adanse a ɛkyerɛ sɛ ɔte wɔn nkate no ase wɔ ahyɛde a ɔde maa tete Israelfo no mu: “Sɔre atifi dwen anim, na di akwakoraa anim ni, na suro wo Nyankopɔn.”—Leviticus 19:32.

Ɛnde, ɔkwan bɛn so na yebetumi “adi” wɔn a wɔn mfe akɔ anim no “anim ni”? Ɛwom sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na wɔbɛka nyansasɛm, na ebia onyin bɛma wɔn sintɔ ada adi kɛse de, nanso ɛfata sɛ yedi wɔn ni. Ma wonhu sɛ wudwen wɔn ho. Hwehwɛ nhumu ne nyansa fi wɔn nkyɛn fa kyerɛ sɛ wubu wɔn na wudi wɔn ni, titiriw bere a Onyankopɔn honhom ne nokware ntease a wɔanya wɔ N’asɛm mu, akyerɛ wɔn asetra kwan no.

Onyankopɔn Asɛm wɔ pii ka wɔ hwɛ a yɛbɛhwɛ na yɛadi wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ni no mu. Sɛ wopɛ ɛho nsɛm pii a, yɛsrɛ wo kyerɛw wɔn a wɔkyerɛw nsɛmma nhoma yi na bisa Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba nhoma no bi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena