Bible No Adwene
Nnamfo Ntam Boseabɔ
“ƆBƆNEFO FƐM, NA ONTUA, NA ƆTRENEENI HU MMƆBƆ, NA ƆMA.”—DWOM 37:21.
“MMƆ bosea; efisɛ bosea taa hyew, na ɛsɛe nnamfo ntam.” Saa na Engiresi agokyerɛwfo William Shakespeare kae de tii nyansasɛm a akyɛ yi mu. Akyinnye biara nni ho sɛ nneɛma a etumi sɛe nnipa ntam no kakraa bi na wobetumi de atoto boseabɔ ho. Ɛmfa ho nhyehyɛe pa a wɔyɛ wɔ ho ne adwempa a wɔde gye mpo no, ɛnyɛ bere nyinaa na nneɛma wie yiye.—Ɔsɛnkafo 9:11, 12.
Biribi betumi asi ma ayɛ den ama nea ogyee bosea no sɛ obetua anaasɛ ontumi ntua koraa. Anaasɛ ebetumi aba sɛ mpofirim ara, ade wura no behia sika a ɔde bɔɔ bosea no. Sɛ nneɛma a ɛtete saa si a, sɛnea Shakespeare kae no, etumi sɛe nnipa ntam.
Ampa, ebia na obi wɔ ntease pa a enti ogye bosea. Sɛ akwanhyia a ɛyɛ hu to no anaa n’adwuma sɛe ma ne sikasɛm yɛ basaa a, ɔbɛte nka sɛ ɛno nkutoo ne ɔkwan a obetumi de atwitwa ne ho. Bible hyɛ wɔn a wobetumi no nkuran sɛ wɔmmoa wɔn a ade ahia wɔn no bere a ɛwɔ wɔn tumi mu sɛ wobetumi ayɛ saa no. (Mmebusɛm 3:27) Eyi betumi ayɛ sika a wɔde bɔ wɔn bosea. Nanso ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ nhyehyɛe a ɛte saa no susuw wɔn asɛyɛde ho?
Nnyinasosɛm Ahorow a Ɛsɛ sɛ Wosusuw Ho
Bible no nyɛ sikasɛm ho akwankyerɛ nhoma. Ɛnka nsɛm a ebia ebehia sɛ wosusuw ho wɔ boseabɔ mu no nyinaa ho asɛm. Egyae nsɛm te sɛ mfɛntom a ɛsɛ sɛ wogye anaa wonnye, ne dodow a ɛsɛ sɛ wogye no ma ankorankoro a ɛfa wɔn ho no.a Nanso Bible no de nnyinasosɛm ahorow a emu da hɔ pefee, na efi ɔdɔ mu a ɛsɛ sɛ obiara a ɔbɔ bosea de di dwuma wɔ ne su ne ne nneyɛe mu no ma.
Susuw nnyinasosɛm ahorow a ɛfa nea ogye bosea ho no ho hwɛ. Ɔsomafo Paulo tuu Kristofo fo sɛ ‘wɔnne obiara ka, gye sɛ ɔdɔ a wɔde bɛdodɔ wɔn ho wɔn ho.’ (Romafo 13:8) Ɛwom sɛ na Paulo reka nnyinasosɛm a ɛkɔ akyiri ho asɛm de, nanso yebetumi afa n’afotu no sɛ ɛka a obi bɛde ho kɔkɔbɔ. Ɛtɔ mmere bi a, eye sɛ wubedi hia sen sɛ wobɛde obi ka. Dɛn ntia? Mmebusɛm 22:7 kyerɛkyerɛ mu sɛ “ɔdefɛmfo yɛ nea ɔde fɛm akoa.” Ɛsɛ sɛ nea ogyee bosea no hu sɛ asɛyɛde bi da ne so kosi sɛ obetua sika no. Sɛ yɛbɛka no yiye a, ne sika nyinaa nyɛ ne dea. Ɛsɛ sɛ ɛka a obetua ma ɛne nhyehyɛe a wɔyɛe no ahyia yɛ ade titiriw wɔ n’asetra mu, anyɛ saa a, ɛde asɛm bɛba.
Sɛ nhwɛso no, sɛ bere a ɛsɛ sɛ ɔkafo no de tua ka no pa ho a, nea ɔde sika no fɛmee no bo betumi afuw. Ebia nea ɔde sika no fɛmee no benya nneɛma a ɔkafo no yɛ te sɛ ntade a ɔtɔ, aduan a odi wɔ adidibea, anaa akwamma a okodi wɔ baabi no ho adwemmɔne. Obetumi anya ne ho menasepɔw. Ebetumi ama wɔn ntam anaa wɔn mmusua ntam ayɛ basabasa anaa asɛe koraa. Sɛ nea ɔbɔɔ bosea no anni ne bɔhyɛ so a, awerɛhosɛm a ɛte saa na ebetumi afi mu aba.—Mateo 5:37.
Nanso sɛ mpofirim ara tebea bi a wɔyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye to no ma enti wantumi anni ne bɔhyɛ so ɛ? So eyi bɛma wɔatwa ɛka no mu? Ɛnte saa ankasa. Odwontofo no ka sɛ ɔtreneeni ka “amanenya ntam a, ɔnsakra.” (Dwom 15:4) Wɔ asɛm a ɛte saa mu no, ade a ɛkyerɛ ɔdɔ na nyansa wom a ɛsɛ sɛ ɔyɛ ne sɛ ɔbɛkɔ akɔkyerɛkyerɛ tebea no mu akyerɛ nea ogyee ne nkyɛn bosea no. Ɛno ansa na afei wobetumi ayɛ ɛho nhyehyɛe foforo. Eyi de asomdwoe bɛba, na ɛbɛma Yehowa Nyankopɔn ani agye.—Dwom 133:1; 2 Korintofo 13:11.
Nokwarem no, ɔkwan a obi fa so ko ne ka no ma wohu ne suban yiye. Anibiannaso su a obi bɛda no adi wɔ sɛnea otua ne ka ho no ma wohu sɛ onsusuw afoforo ho. Sɛ yɛbɛka no yiye a, onipa a ɔwɔ suban a ɛte saa no yɛ pɛsɛmenkominya—nea ɔpɛ na ehia no titiriw. (Filipifo 2:4) Kristoni a ɔboapa bu n’ani gu ne ka so no sɛe ne gyinabea wɔ Onyankopɔn anim, na ne nneyɛe no betumi akyerɛ sɛ ɔyɛ oniberefo a ne tirim yɛ den.—Dwom 37:21.
Nea Wɔbɔ Ne Hɔ Bosea
Ɛwom sɛ ɛho asodi da nea ogye bosea no so titiriw de, nanso nnyinasosɛm bi nso ka nea ɔde fɛm no. Bible no kyerɛ sɛ sɛ ɛwɔ yɛn tumi mu sɛ yɛboa ahiafo a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa. (Yakobo 2:14-16) Nanso ɛno nkyerɛ sɛ ɔkwan biara so no, ɛsɛ sɛ obi de sika fɛm, sɛ ɛba mpo sɛ nea ɔrehwehwɛ sika no yɛ ne honhom fam nua a. Bible no ka sɛ: “Onitefo hu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hintaw.”—Mmebusɛm 22:3.
Bere a obi a ɔda nhumu adi nim asiane ahorow a ɛwɔ boseabɔ mu paa no, obesusuw bosea ho asɛm biara a ɛbɛba n’anim no ho yiye. So abisade no fata? So nea ɔrepɛ bosea no asusuw asɛm no ho yiye? So nea ɔrebɛfɛm sika no di ne ho ni na ɔwɔ din pa? So ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔde ne nsa bɛhyɛ ɛho nhyehyɛe ase? (Fa toto Yeremia 32:8-14 ho.) So obetumi atua ampa?
Eyi nkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ Kristoni boa obi a ahia no a ɛda adi sɛ ne ka bɛyɛ den. Ɛnyɛ sikasɛm ho nhyehyɛe pa nko ne ade a Kristoni betumi ayɛ de aboa afoforo. Ɔsomafo Yohane bisae sɛ: “Nea ɔwɔ wiase asetrade na ohu ne nua sɛ ahia no na ɔbɔ no ayamɔnwene no, Onyankopɔn dɔ no te ne mu dɛn?” Yiw, ɛnsɛ sɛ Kristofo de ‘asɛm anaa tɛkrɛma dɔ, na mmom wɔnnɔ nneyɛe ne nokware mu.’—1 Yohane 3:17, 18.
Wɔ nsɛm bi mu no, ebia onua bi bɛpaw sɛ ɔremfa sika mfɛm ne nua a ahia no no. Ɔbɛpɛ sɛ ɔkyɛ no ade anaa ɔyɛ no mmoa wɔ kwan foforo so. Wɔ tebea a ɛte saa ara mu no, sɛ nsɛnnennen sɔre wɔ boseabɔ nhyehyɛe bi mu a, nea ɔde fɛmee no betumi apaw sɛ ɔde mmɔborohunu bedi dwuma. Obetumi asusuw nea ɔbɔɔ no bosea no tebea a asakra no ho na watwe da a ɔde betua no akɔ akyiri, atew ka no so, anaasɛ mpo watwa ɛka no mu koraa. Eyinom yɛ nsɛm a ɛsɛ sɛ ankorankoro si ho gyinae.
Ɛsɛ sɛ Kristofo ma ɛtra wɔn adwenem sɛ Onyankopɔn ani tua biribiara, na ɔbɛma yɛabu sɛnea yɛyɛ yɛn ade ne sɛnea yɛde yɛn ahonyade di dwuma ho akontaa. (Hebrifo 4:13) Akyinnye biara nni ho sɛ, Bible afotu a ɛne sɛ ‘yɛnyɛ yɛn ade nyinaa ɔdɔ mu’ no fa nnamfo ntam boseabɔ ho.—1 Korintofo 16:14.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ wopɛ mfɛntom a wogye wɔ bosea ho ho nsɛm pii a, yɛsrɛ wo hwɛ Ɔwɛn-Aban a ɛbaa October 15, 1991, nkratafa 25-8.
[Kratafa 22 mfonini]
“Sika Sesafo ne Ne Yere” (1514), a Quentin Massys yɛe
[Asɛm Fibea]
Scala/Art Resource, NY