Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 1/8 kr. 23-25
  • Anim Akam​—Nigeria ‘Agyiraehyɛde’ a Ɛretwam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Anim Akam​—Nigeria ‘Agyiraehyɛde’ a Ɛretwam
  • Nyan!—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adwene a Wokura Wɔ Ho no Gu Ahorow
  • Fɛwdi Ano a Wogyina
  • Amammerɛ a Ɛretwam
  • Nyansahyɛ
    Yɛn Ahenni Som—1998
  • Efi Yɛn Akenkanfo Hɔ
    Nyan!—1982
  • Munnyina Pintinn Wɔ Kristofo Ahofadi Mu!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • So Mmusua Ntam Nitan Teɛ?
    Nyan!—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 1/8 kr. 23-25

Anim Akam​—Nigeria ‘Agyiraehyɛde’ a Ɛretwam

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ NIGERIA HƆ

DA KORO anɔpa bi wɔ 1960 mfe no awiei mu no, Danjuma a na wadi mfe asia no kɔɔ n’agya nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ ɔntete n’anim akam sɛnea wɔatete Igalafo anim ma wɔde hoahoa wɔn ho no. Ná Danjuma te nka sɛ ontumi nnyina sɛnea ne mfɛfo sukuufo di ne ho fɛw esiane akam a onni wɔ n’anim nti no ano bio. Ɛwom sɛ Igala nkokoaa na wɔtaa tete wɔn akam no bere a wosua koraa sɛ wobesuro sɛ wɔbɛtete wɔn anim no de, nanso mmarimaa no buu akam no sɛ akokoduru ho sɛnkyerɛnne. Wobuu wɔn a wonni akam no bi no sɛ ahufo a wosuro sekan.

Ɛde besi saa bere no, na Danjuma papa mpɛ sɛ ɔtete ne ba no anim akam. Nanso saa anɔpa no, ne ba no bo a na wasi sɛ ɔde bɛkyerɛ n’akokoduru no hyɛɛ no maa ɔfaa sekan tetee abarimaa no anim akam akɛse abiɛsa wɔ n’afono ho.

Ná Danjuma papa nim sɛ nea akam no kyerɛ ankasa no ne akokoduru nni hwee yɛ. Mmom no, na ekuru no bewu abɛyɛ etwa a wɔde bɛhyɛ no nsow. Ɛbɛba abɛyɛ ‘agyiraehyɛde’ a ɛrenyera anaa wontumi nsakra no. Ɛbɛma n’abusuafo ahu ne ba no ntɛm pa ara, na ama wafata sɛ obenya hokwan ahorow wɔ Igala abusua no mu. Nanso na akam no bɛma wada nsow wɔ mmusua afoforo bɛboro 250 a wɔwɔ Nigeria no mu.

Ɛwom sɛ ɛnyɛ Afrika nkutoo na wɔtete akam de, nanso wofii ase wɔ asasepɔn no so akyɛ. Helani abakɔsɛm kyerɛwfo Herodotus kyerɛw Cariafo a na wɔte Egypt no ho asɛm wɔ afeha a ɛto so anum A.Y.B. sɛ: “Na wɔde sekan tetee wɔn moma so de kyerɛe sɛ wɔnyɛ Egyptfo na mmom wɔyɛ ananafo.” Nsensanee bi wɔ kɔbere mfrafrae honi ti bi a wɔyɛe wɔ Ife, Nigeria, mfe ahanson a atwam ni no ho, na nnipa pii susuw sɛ ɛyɛ abusua akam. Afei nso wohu anim akam wɔ tete Nigeria ahemman Benin, abaduaba ho.

Ɛnyɛ akam nyinaa na wɔtete de hyɛ abusua bi mufo nsow. Ná akam no bi ne ahonhonsɛmdi anaa nyamesom wɔ abusuabɔ, na ɛda so ara te saa. Afoforo nso yɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ dibea wɔ abusua bi mu. Wɔtete akam no bi nso de pɛ ahoɔfɛ.

Wɔn a wɔn ho akokwaw na wɔtete anim akam yi, na ɛyɛ ahorow ahorow. Ebi yɛ honam no ani a wɔtete kakraa bi, na ebi nso yɛ etwa akɛse a wɔde nsateaa trɛw mu ma ɛyɛ akɛse. Ɛtɔ mmere bi a wɔde aduru ka kuru no mu ma ne kɔla ka akam no mu. Abusua biara wɔ sɛnea wɔtete wɔn akam. Sɛ nhwɛso no, akam nsensanee nteateaa a efi soro kosi fam a ebiara da afono biako so no, ma wɔhyɛ Ondo mmarima ne mmea nsow. Akam nsensanee abiɛsa a ɛbeabea afono biako biara so no hyɛ Oyofo no nsow. Wɔ wɔn a wonim nea akam kyerɛ no fam no, sɛ wohu obi anim ara pɛ a, na wahu abusuakuw, kurow, anaa abusua mpo a onii no fi mu.

Adwene a Wokura Wɔ Ho no Gu Ahorow

Sɛnea akam no ne ɛho ntease a ɛwɔ akyiri no gu ahorow no, saa ara nso na adwene a wokura wɔ ho no te. Nnipa pii de akam no hoahoa wɔn ho. Nigeria Daily Times samufo bi kae sɛ: “Ebinom bu akam no sɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ wɔdɔ wɔn man. Ɛma wɔte nka sɛ wɔyɛ wɔn nananom asefo amapa.”

Saa na Nigeriani barima bi a wɔfrɛ no Jimoh, adwene yɛ no, na ɔkae sɛ: “M’ani nwui wɔ Oyo akam a wɔatete me no ho da efisɛ ɛkyerɛ sɛ meyɛ Yorubani a mifi Alafin kurom.” Ɔsan ka sɛnea akam no gyee no nkwa wɔ 1967 Nigeria Ɔmanko no mu ho asɛm sɛ: “Wɔbaa fie a na mete mu . . . no so, ma wokunkum obiara. Esiane m’anim akam no nti, awudifo no amfa wɔn nsa anka me.”

Afoforo nso mpɛ akam no koraa. Tajudeen ka fa n’anim akam no ho sɛ: “M’ani nnye ho, na medome da a wɔde maa me no.” Abeawa bi a onnya nnii mfe aduonu kamfo ne maame sɛ wɔamma wɔantwa no akam yayaw no bi wɔ ne mmofraberem. Ɔka sɛ: “Sɛ wotwaa me akam a, anka mekum me ho.”

Fɛwdi Ano a Wogyina

Wodii Danjuma a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm yi mfiase no ho fɛw esiane sɛ na onni akam no bi nti. Mpɛn pii no wɔn a wɔwɔ bi mmom na wodi wɔn ho fɛw. Bɛboro mfe 45 a atwam ni no, G. T. Basden kyerɛwee wɔ ne nhoma Niger Ibos mu sɛ: “Akam tete ne nkyerɛwee a wokurukyerɛw gu nkurɔfo ho no retwam. Mmerante . . . pii ani begye sɛ wɔbɛpopa [wɔn akam no]. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ obi de hoahoa ne ho bere a ɛho ahohorabɔ a ohyia wɔ ɔman no afã foforo no ma ɛyɛ aniwude wɔ n’ankasa abusuafo mu no.”

Akyinnye biara nni ho sɛ saa nsɛm no wom nnɛ. Ajai a onyaa digrii wɔ adwene ne nneyɛe ho nimdeɛ mu wɔ Lagos Sukuupɔn mu no suaa akam a wɔtete wɔ Nigeria ho ade nnansa yi. Ɔkae sɛ: “Nnansa yi, anyɛ yiye koraa wɔ nkuropɔn te sɛ Lagos mu no, nnipa a wɔatete wɔn anim akam na wɔnnɔɔso, na nkurɔfo di wɔn ho fɛw. Sɛ nhwɛso no, ɛnyɛ nwonwa sɛ wobɛte sɛ nkurɔfo frɛ obi kɛnɛl, a ɛnyɛ sɛ ɔyɛ sraani, na mmom akam nsensanee a ɛwɔ n’anim no ne nsensanee dodow a ɛwɔ kɛnɛl Sraadi atade mu no yɛ pɛ. Wɔfrɛ ebinom ɔsebɔ, esiane nsensanee a ɛwɔ wɔn afono ho no nti, anaa wɔfrɛ ebinom, nusu a entwa da. . . . Susuw sɛnea eyi nya sɛnea ankorankoro bu wɔ ho no ho hwɛ.”

Gyama sukuu mu na wohyia ɔhaw no kɛse paa. Ná Samuel nkutoo na wɔatete n’anim akam wɔ n’adesuakuw no mu. Ɔka sɛ: “Ná wɔserew me wɔ sukuu mu paa. Ná m’adesuakuw mufo frɛ me ‘keteke kwan’ ne ‘abarimaa a keteke kwan da n’anim no.’ Ná wɔserew me bere nyinaa moma wɔn nsateaa abiɛsa so. Ɛbrɛɛ me ase.”

Ɔyɛɛ dɛn gyinaa ano? Samuel toa so sɛ: “Da koro bi de, na ehuro no mu yɛ den araa ma mekɔɔ me kyerɛkyerɛfo a ɔkyerɛ yɛn abɔde a nkwa wom ho ade no nkyɛn kobisaa no sɛ ebia wobetumi ayi akam no afi m’anim anaa. Ɔka kyerɛɛ me sɛ gye sɛ wɔyɛ me oprehyɛn twa me honam fam hɔ, nanso ɛnsɛ sɛ mema ɛhaw me efisɛ nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ Nigeria wɔ akam. Ɔkae sɛ esiane sɛ m’atipɛnfo no nnyinyinii nti na wodi me ho fɛw no, na sɛ yenyinyin a, ehuro no nyinaa to betwa. Afei nso ɔkae sɛ ɛnyɛ akam no na ɛkyerɛ nipa ko a mɛyɛ anaa nipa ko a meyɛ.

“Ɛno maa me ho sianee me, na akam no ho atenka bɔne a na mewɔ no tu yerae. Mprempren nkurɔfo ntaa nka m’akam no ho asɛm bio. Sɛ mpo wɔka ho asɛm a, meserew. Ɛnsɛee me ne afoforo ntam abusuabɔ. Sɛnea mete nti, afoforo bu me, ɛnyɛ akam a mewɔ nti.”

Amammerɛ a Ɛretwam

Esiane sɛ mmofra na wɔtaa tete wɔn anim akam nti, na Nigeriafo dodow no ara a akam wowɔ wɔn anim no ntumi nyɛ ho hwee. Nanso sɛ wɔbɛyɛ awofo a, wɔn na ɛsɛ sɛ wosi ho gyinae sɛ ebia wɔbɛtete wɔn mma anim anaa wɔnyɛ saa.

Nnipa bi paw sɛ wɔbɛyɛ saa. Sɛnea Lagos Times International kyerɛ no, nneɛma pii nti na wosi gyinae saa. Nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Ebinom da so ara bu no sɛ ɛma ahoɔfɛ. Afoforo nso gye di sɛ akam a wɔtete no betumi aboa ma wɔahu baabi a obi fi na wɔatumi ahwɛ n’anim adi aboa no. Ade foforo nso ne sɛ wɔde kyerɛ sɛ abofra bi yɛ ɔdehye wɔ abusua no mu.”

Nanso ɛnnɛ, awofo bebree nni ntease horow yi akyi. Wɔ wɔn a wɔn ani gye akam a wɔatete wɔn no ho fam mpo no, kakraa bi na wɔde sekan to wɔn mma anim twitwa wɔn akam. Eyi te saa titiriw wɔ nkurow akɛse mu. Ɛyaw a ɛwom ne yare a wobetumi anya afi mu, ne animtiabu ne nyiyim ho haw a abofra no betumi ahyia wɔ n’asetra mu daakye no nyinaa yɛ nneɛma a ɛma awofo po sɛ wɔbɛtete akam.

Ɛda adi sɛ gye a na akam a wɔtete nkurɔfo anim agye din, ne gye a na wogye tom no reyera ntɛmntɛm. Ɛte sɛ nea daakye, wɔ Nigeria no, nkurɔfo de ‘agyiraehyɛde’ no bɛhyɛ wɔn kotoku mu sen sɛ wɔde bɛbɔ wɔn anim.

[Kratafa 23 mfonini]

Anim akam ma wohu abusuakuw ahorow

[Kratafa 24 mfonini]

Anim akam yɛ amammerɛ a ɛretwam

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena