Wiase Nsɛm
Nsu Ho Nsɛnnennen
France nsɛmma nhoma L’Express ka sɛ: “Sɛ wɔanyɛ nsu asɛm no ho biribi a, osukɔm bɛde adesamma baasa biara mu baanu ansa na adu afe 2025.” Atesɛm krataa Le Figaro ka sɛ: “Mprempren wiase nnipa baanan biara mu biako na wonni nsu wɔ wɔn atrae.” Nea ɛbɛyɛ na wɔadi nsu ho nsɛnnennen yi ho dwuma no, Amanaman Nkabom no Ahyehyɛde a Ɛhwɛ Nhomasua, Nyansahu, ne Amammerɛ So no yɛɛ amanaman ntam nhyiam bi wɔ Paris, wɔ March 1998 mu. Ananmusifo bɛboro 200 a wofi aman 84 mu bae, a na France mampanyin ka ho, no susuw akwan a wɔbɛfa so abɔ wiase nsu ho ban ho. Ɔhaw ahorow a wɔtwee adwene sii so no mu biako ne nsu a wɔtaa sɛe no esiane nnɔbae so a wɔde gugu a wonni ho nimdeɛ yiye ne nsu dorobɛn a enwini nti. France mampanyin Jacques Chirac sii so dua sɛ nsu yɛ nnipa nyinaa agyapade, ma enti ɛsɛ sɛ wɔhwɛ so yiye wɔ wiase nyinaa.
Adwumayɛdan mu Kafe Kuruwa Ho Kɔkɔbɔ
The Toronto Star bɔ amanneɛ sɛ: “Ahawfo nketewa—a ɔyare mmoawa a wɔn ho yɛ hu te sɛ E. coli (nsono mu ɔyare mmoawa) ka ho—redɔɔso, efisɛ nkurɔfo nhohoro wɔn nkuruwa mu yiye, anaasɛ wɔmfa nnuru a ekunkum ɔyare mmoawa nhohoro ade a wɔhohoro wɔn nsa wom mu ne mmeae a wɔnoa nnuan wɔ adwumayɛdan dodow no ara mu.” Nhwehwɛmufo Charles Gerba ne Ralph Meer yɛɛ nhwehwɛmu wɔ kafe nkuruwa ne nnwinnade a wɔde yɛ kafe wɔ adwumayɛdan 12 mu. Wohuu nsono mu mmoawammoawa a ɛtɔ mmere bi a wɔn ho yɛ hu te sɛ E. coli wɔ adwumayɛdan mu nkuruwa no bɛyɛ ɔha biara mu 40, ne sapɔw no ɔha biara mu 20 mu. Gerba ka sɛ: “Ɛno yɛ ahotew a enni hɔ ho adanse.” Amanneɛbɔ no de ba awiei sɛ: “Sɛ wonni afiri a wɔde hohoro nkyɛnsee mu a, ɛsɛ sɛ wɔde nsuɔhyew a samina wom hohoro kafe nkuruwa mu, na afei wɔde nsu a aduru a ekunkum ɔyare mmoawa wom hohoro mu. Ɛsɛ sɛ wɔhoro ntamagow ne sapɔw no bere nyinaa.”
Mmofra Ani Gye Nneɛma Nketenkete Ho
Wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ ɛna pa ama wo mma? Wɔ nhwehwɛmu bi a Whirlpool Ahyehyɛde no yɛe wɔ Amerika mmofra 1,000 a wɔadi fi mfe 6 kosi 17 mu no, wohui sɛ wɔn mu dodow no ara pɛ sɛ wɔyɛ nneɛma nketenkete, nneɛma a wɔne wɔn maamenom yɛ no daa, ne titiriw, “sɛ́ wɔbɛbom atra faako.” Nea mmofra no ani gye ho kɛse ne sɛ wɔne wɔn Maame “bɛbom adidi anwummere.” Nea ɛto so abien ne sɛ “wɔne wɔn bɛbom apue akodidi” na “wɔabom akodi gua.” Nea edi ɛno akyi pɛɛ a ɛto so abiɛsa ne sɛ “wɔbɛtra faako abɔ nkɔmmɔ.” Na akwan a mmofra no ani gye ho kɛse sɛ wɔbɛfa so ada wɔn maamenom ase nso yɛ nketenkete. Wɔn mu ɔha biara mu aduɔson kae sɛ wɔtaa yɛ wɔn maame “atuu na wɔfew wɔn ano.” Akwan a wɔn ani gye ho bio nso ne sɛ wɔbɛka sɛ, “Medɔ wo” ne “Meda wo ase.”
Mframa Bɔne Ho Asiane Ma Karkafo
The Times a ɛwɔ London bɔ amanneɛ sɛ: “Mframa bɔne a karkafo a ɔte kar mu wɔ baabi a kar akyere so bɛhome no yɛ nea ɔte sakre so anaa nea ɔnam kwankyɛn bɛhome no de mmɔho abiɛsa, ne nea ɔte bɔs mu de mmɔho abien.” Nhwehwɛmu bi a Europa Asoɛe a Ɛhwɛ Nneɛma a Atwa Yɛn Ho Ahyia Ho Nsɛm So yɛe no da no adi sɛ, karkafo a wɔtete wɔn kar mu wɔ baabi a kar akyere so a ɛnam bɔkɔɔ wɔ kwantempɔn so no home “mframa a awuduru pii wom.” Andrew Davis a ɔyɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho dwumayɛni no, kyerɛ sɛ, nea ɛne adwene a nkurɔfo pii kura bɔ abira no, karkafo behia nkataanim kɛse asen sakrekafo a wɔbɛn wusikwan.
Anantwi a Wɔma Wonya Ahotɔ
The Globe and Mail a ɛwɔ Canada no bɔ amanneɛ sɛ, wɔde mpikyi a wɔatwitwa kar tae dedaw ho rɔba ahyehyɛ mu regu anantwibuw mu. Wosusuw sɛ mpikyi a ne pipiripi yɛ sɛntimita 5 no betumi ama anantwi no anyinyin akyɛ na ama wɔakyi wɔn nufusu bere tenten. Sɛnea amanneɛbɔ no kyerɛ no, “anantwi a wokyi wɔn nufusu no da semɛnte so wɔn nkwa nna mu dodow no ara,” na “ɛma wɔn nan ho tutu akuru na wɔtɔ gu so.” Ɛnyɛ mmoa no nan ho haw nko na mpikyi no ma ɛso tew na mmom ɛma wɔn nkotodwe anim tɔ wɔn bere a wɔrebu nkotodwe ada no. Obi a ɔyɛ mpikyi no ka sɛ, adwene a wɔde yɛ ne sɛ wɔbɛma anantwi no ate nka sɛnea wɔreda wɔ sare so wɔ adidibea no pɛpɛɛpɛ.
Spain Mmofra ne TV
Europa Nsɛm Ho Amanneɛbɔfo kyerɛ sɛ, sɛnea Carlos María Bru a ɔyɛ Amanaman Nkabom Mmofra Foto Bagua a ɛwɔ Spain no muni kyerɛ no, abofra a ɔwɔ Spain a ɔtaa hwɛ TV betumi ahu awudi 10,000 ne ntua 100,000 ansa na wadi mfe du. Afei nso, Ɔbenfo Luis Miguel Martínez kae sɛ bɛboro Spain mmofra baanan biara mu baasa a wɔadi fi mfe 4 kosi 12 na anyɛ yiye koraa no, wɔde bɛyɛ nnɔnhwerew abien ne fã hwɛ TV, na bɛyɛ wɔn mu baanan biara mu biako de bɛboro nnɔnhwerew anan na ɛhwɛ da biara. Amanneɛbɔ no ka sɛ, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, “mmofra de nnɔnhwerew 937 na ɛhwɛ TV afe biara, a ɛkyerɛ sɛ, ɛboro nnɔnhwerew 900 a wodi wɔ sukuu afe biara no so.” Sɛnea Ricardo Pérez-Aznar a ɔwɔ Complutensian Sukuupɔn mu Nyansahu Asoɛe no kyerɛ no, TV so basabasayɛ ka asetram nneɛma a ebetumi de basabasayɛ aba wiase no ho.
Bere a Edi Kan a Wɔyɛɛ Chinafo Abakɔsɛm Ho Kyerɛwtohɔ
Efi bere tenten na wɔasusuw sɛ afe 841 A.Y.B., a ɛyɛ Gong He a ofi Atɔe fam Zhou ahene abusua mu no nniso afe a edi kan no, ne bere a wodii kan yɛɛ Chinafo abakɔsɛm ho kyerɛwtohɔ. Nanso, China Today bɔ amanneɛ sɛ, wɔahu kyerɛwtohɔ bi a na wɔadi kan ayɛ a ɛka bere bi a bosome kyeree owia bi ho asɛm nnansa yi ara. Kyerɛwtohɔ no kyerɛ sɛ bere a bosome kyeree owia yi sii Ɔhene Yi a ofi Zhou ahene abusua mu no afe a edi kan mu. Nyansahufo ne abakɔsɛm akyerɛwfo akyerɛ sɛ bere a bosome kyeree owia yi sii wɔ 899 A.Y.B. mu, ma enti ɛde bere a wofii ase yɛɛ Chinafo abakɔsɛm ho kyerɛwtohɔ no akɔ akyiri bɛboro mfe aduonum. Outline of the History of the Chinese People nhoma no ka sɛ: “Wɔnyɛɛ kyerɛwtohɔ yi mu nsakrae biara de besi afeha a ɛto so 20 yi mu.” Ɛka kyerɛwtohɔ yi ho asɛm sɛ ɛyɛ “mmoa atitiriw a Chinafo ayɛ wɔ adesamma nyinaa anibue ho abakɔsɛm mu no biako.”
Ehua Ahorow a Ɛyɛ Nwonwa
Efi bere tenten na wɔn a wɔyɛ bobesa ahu hia a ɛho hia sɛ wɔnam bobesa hua so hu nsonsonoe a ɛwɔ bobesa ahorow mu. Mprempren, bere a nyansahufo pɛ sɛ wɔyɛ bobesa a ɛyɛ dɛ paa no, wɔahwehwɛ nnuru 500 anaa nea ɛboro saa a ebetumi ama bobesa bi huam ada nsow. New Scientist nsɛmma nhoma no bɔ amanneɛ sɛ, nyansahufo no ahwehwɛ nkurɔfo a wɔte ade hua yiye hɔ mmoa. Baguafo a wohuahua nneɛma yi de nneɛma bi a wɔde fra bobesa mu hua atoto gyeene, ɛwo, afifide bi a wɔfrɛ no asparagus, tawa, kookoo, ne borɔdɔma guanee hua ho. Nneɛma no bi hua yɛ nwonwa pii, na ebi te sɛ “sɔks mu pampan, nkesua a aporɔw ne rɔba a wɔrehyew.” Bobesa a akaw bi hua betumi agu ahorow. Nhwehwɛmufo Jane Robichaud ka sɛ: “Egyina sɛnea obi tumi te ade hua so, sɛ ebia ɛma bobesa no hua gu ahorow anaa ɛma etu hua te sɛ pɔnkɔ nnaso a afɔw.”
Owia Hyew Tumi Pira Wɔ Onwini Ase
Sɛnea nhwehwɛmu bi a Australia Queensland Nnuruyɛ Nhwehwɛmu Asoɛe yɛe kyerɛ no, ɛda adi sɛ dua anaa kyinii nwini ase a nkurɔfo bɛhyɛ remmɔ wɔn ho ban koraa mfi owia mu nsõ a awuduru wom ho. Sɛnea wɔbɔɔ amanneɛ wɔ The Canberra Times mu no, owia mu nsõ a awuduru wom a apete no tumi ka obi bere a ɔwɔ onwini ase. Oduruyɛfo Peter Parsons a ɔyɛ afifide ne mmoa ho ɔbenfo a ɔka ho na wɔyɛɛ nhwehwɛmu no bɔ kɔkɔ sɛ: “Sɛ bere tenten a ɛfata sɛ obi gyina awia mu wɔ owigyinae wɔ Australia asasetam no nhenkurow mu yɛ simma 10 kosi 12 a, ɛnde [owia mu nsõ a awuduru wom] betumi ahyew nkurɔfo a wogyina anaa wɔda onwini ase wɔ bere a ennu dɔnhwerew biako mu apira wɔn.” Owia mu nsõ a awuduru wom pii wɔ awɔw bere ne kusukuukuu bere mu mpo. Oduruyɛfo Parsons ka sɛ, sɛnea ɛte no, “dodow a wutumi hu wim kɛse no, dodow no ara na asiane no yɛ kɛse.”
Mogya Ho Nhyiam Wɔ Bulgaria
Wɔyɛɛ mogya ho bammɔ ne nneɛma foforo a wɔde si mogya ananmu bere a wɔreyɛ oprehyɛn ho nhyiam wɔ afe yi ahyɛase wɔ Sofia, Bulgaria. Nhyiam no maa nnuruyɛfo a wofi Bulgaria mmeae nyinaa nyaa hokwan ne mogya ho abenfo a wofi aman awotwe mu susuw nsɛm ho. Ɔbenfo Ivan Mladenov a ɔwɔ Sofia kae sɛ, wɔ nniso a atwam no ase no, ‘na wonni mogya mu fĩ ne mogya mu nyarewa ho nimdeɛ ahe biara anaasɛ na wonnim ho hwee koraa,’ na na ‘wobu nsɛm a ayarefo bisa wɔ ho no sɛ suban bɔne a ebetumi ama wɔde ayaresa akame wɔn.’ Sɛnea wɔn a wɔkɔɔ nhyiam no yɛɛ wɔn ade no daa no adi sɛ wɔanya hokwan a ɔyarefo wɔ sɛ osisi nneɛma ho gyinae na ɔte ayaresa a wɔde rema no no ase ho nimdeɛ pii wɔ Bulgaria, sɛnea Europa Asɛnnibea a Edi Hokwan Ahorow a Nnipa Wɔ Ho Dwuma pene so no.