“Nyan! Yɛ Nsɛmma Nhoma a Edi Mu”
Kramoni aberantewaa bi a wadi mfe 16 a ofi Benin City a ɛwɔ Afrika man Nigeria mu na ɔkaa asɛm a ɛwɔ atifi hɔ no. Ɔkyerɛkyerɛ mu wɔ krataa a ɔde kɔmaa Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Nigeria no mu sɛ:
“Mihuu Nyan! wɔ m’adamfo bi fie, na mefɛm emu akron. Mekenkan ne nyinaa da koro fi ti kɔpem ti! Merekyerɛw mabɛkamfo wɔn a wɔkyerɛw Nyan!—a Yehowa ka ho—wɔ adwuma pa a ɛte saa ho! M’ani gye sɛnea mode nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho nsɛm bata Bible ne Onyankopɔn ho no ho kɛse. Sɛ́ Nigeria Adebɔ Mu Nneɛma Ho Bammɔ Kuw no muni no, na merehwehwɛ nhoma a ɛka nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ne adebɔ mu nneɛma ho nsɛm de ahyehyɛ m’ankasa me nhoma korabea. Afei, mahu sɛ Nyan! yɛ nsɛmma nhoma a edi mũ. Mesrɛ sɛ monkyerɛ me ɔkwan a mɛfa so anya Nyan! ahorow abien a ɛba ɔsram biara no bi afi mo nkyɛn tee.”
Ebia ansa na wo worehu eyi no, na wonkenkan Nyan! da. Sɛ wopɛ sɛ wo nsa ka foforo a, yɛsrɛ sɛ fa abisade yi ho krataa kɔma Watch Tower, P. O. Box GP 760, Accra, Ghana, anaa address a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 5 no mu biara a ɛfata. Yɛn ani begye sɛ yɛde biako bɛmena wo anaasɛ wopɛ a, yɛbɛma obi ne wo abesusuw yɛn mmere a yɛte mu yi mu nsɛm a ɛresisi no ho.
□ Momfa Nyan! a aba foforo no bi mmena me
□ Mesrɛ sɛ mo ne me mmɛyɛ ofie Bible adesua a wontua hwee.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 32]
Globe: Courtesy of Replogle Globes, Inc.