Mmofra a Wɔadu Mpanyin Afe So Asoɔden—Efi Dɛn?
SO WUGYE adwene a nnipa pii kura sɛ mmofra a wɔn aso yɛ den taa fi mmusua a wodi hia mu, na mmofra a wofi mmusua a wɔwɔ “din pa” mu ntaa nni nsɛmmɔne no tom? Wɔ Asia no, ɛte sɛ nea ebinom gye saa nsusuwii no tom. Asia Magazine no ka sɛ: “Eyi nte saa bio. Akontaabu ne nsɛm a polisifo nsa aka wɔ Asia kyerɛ sɛ mmofra a wɔadu mpanyin afe so a wofi mmusua a wɔwɔ din pa mu no mu dodow no ara wia ade, di nsɛmmɔne, nom nnurubɔne, na wosi tuutuu.”
Sɛ nhwɛso no, mmofra a wɔadu mpanyin afe so a wodi nsɛmmɔne wɔ Japan nyinaa no mu fã na wofi mmusua a wɔwɔ din pa mu. Tebea no te saa ara wɔ Bangkok. Adisai Ahapanum, Muhita Ntetee Sukuu no panyin ka sɛ: “Wɔ mmere a atwam no, na ohia titiriw na ɛma mmofra di nsɛmmɔne. Ɛnnɛ, mmofra a wɔwɔ ha no mu nea ɛboro ɔha biara mu 50 na wofi mmusua a wɔn akatua ye na wonni sikasɛm mu ɔhaw biara mu.”
Ebinom ka sɛ nea ama tebea no aba saa ne ɛnanom a wɔyɛ nnwuma, awaregu a ɛrenya nkɔanim, honam fam adedodowpɛ ho adwene a abu so wɔ asetra mu. Eddie Jacob, mmofra a wɔadu mpanyin afe so a wɔwɔ adwenemyare atrae a ɛwɔ Singapore no kwankyerɛfo abadiakyire no ka sɛ: “Nea ama aba saa no ne mmusua mu haw—bere a ebia awofo no agyae aware, anaa bere a awofo no nni ahokafo, anaa bere a awofo no nyinaa yɛ adwuma na wobu wɔn ani gu mmofra no so no. Mmofra nya wɔn su ahorow fi fie.”
Bible no ka siei sɛ, mmofra bɛyɛ atuatewfo wɔ yɛn bere yi mu. (2 Timoteo 3:1, 2) Nanso saa nhoma koro no ara betumi ama mmusua anya su ahorow a ɛbɛma wɔayɛ biako, ɛmfa ho sɛnea wɔn sikasɛm te biara. Mfaso wɔ so sɛ yɛhwehwɛ Bible no mu, efisɛ “kyerɛw nyinaa fi Onyankopɔn home mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso ne trenee mu yɛn.” (2 Timoteo 3:16) Nokwarem no, Yehowa Adansefo—a wɔwɔ Asia, ne wiase nyinaa—renya mfaso sɛ mmusua wɔ Bible no a wosua no mu. Wɔn ani begye sɛ wɔbɛboa wo ma woayɛ saa ara.
[Kratafa 31 mfonini ahorow]
Nea wopaw no yɛ w’ankasa asɛm—asoɔden anaa Onyankopɔn anim dom