Mmofra a Wowuwu Ho Awerɛhosɛm
“Misusuw sɛ yɛn awo ntoatoaso yi ase retɔre.”—Johanna P., abeawa a wadi mfe 18 a afei na wafi sukuupɔn ase wɔ Connecticut, U.S.A.
POLISIFO bi huu biribi a ɛyɛ hu wɔ afuw bi a ɛda Hobat, Australia mantam a ɛyɛ supɔw, Tasmania, ahenkurow kurotia pɛɛ no mu. Ná mmeawa baanan a wɔadi fi mfe 10 kosi 18 wɔ fie no mu. Ná wɔn nyinaa awuwu, na wɔn papa a na ɔda wɔn ho a watow ne tirim tuo no na ekum wɔn. Ná ɔde abonnua atwa ne nsa nifa. Saa awudi anaa ahodɔmdi yi maa Tasmaniafo nyinaa ho dwiriw wɔn. Na ɛmaa asɛm bi a ɛkyere adwene sɔree nkurɔfo adwene mu—Dɛn ntia? Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wokunkum saa mmeawa baanan a wɔn ho nni asɛm no?
Mmeawa baasia a mmonnaatofo a na wɔayi no afi afiase too wɔn mmonnaa kunkum wɔn mu baanan no ho asɛm da so ara haw Belgiumfo. Na asɛmmisa koro no ara na ɛsɔre—Dɛn ntia? Wɔ Argentina no, ɛnanom bi gye di sɛ nnipa 30,000, a wɔn mu pii yɛ wɔn mmabarima ne wɔn mmabea na wɔyerae wɔ nea wɔfrɛ no ɔko bɔne nnɛ no mu.a Wɔyɛɛ saafo a wɔn asɛm yɛ yaw yi bi ayayade, maa wɔn aduru nomee, na afei wɔde wɔn guu wimhyɛn mu kogyaee wɔn guu po mu. Wogyaee binom guu po mu animono. Dɛn nti na na ɛsɛ sɛ wowuwu? Wɔn nanom da so ara hia mmuae.
Wɔ 1955 mu no Wiase Nyinaa Ɛnanom Bagua no daa no adi sɛ mfaso nni ɔko so, na wɔkae sɛ bagua no “rekasa atia denneennen, na mmea a wɔrepere abɔ wɔn mma ho ban nyinaa, akɛse ne nketewa, rebɔ kɔkɔ wɔ nneɛma bɔne a akodi ne akode a wɔyɛ de ba no ho.” Nea ɛyɛ nwonwa no, mmofra a wɔawuwu wɔ akodi a mogyahwiegu wom mu fi bere a wɔyɛɛ saa nhyiam no anya nkɔanim wɔ wiase nyinaa—ade kɛse a adesamma ahwere.
Mmofra Awuwuawuwu Fi Teteete
Efi tete na wɔakunkum mmofra. Wɔ yɛn afeha a ɛto so 20 a wɔkyerɛ sɛ anibuei aba yi mu mpo no, mmusua ntam akodi ama wɔde ani asi mmofra so titiriw akunkum wɔn. Ɛte sɛ nea ɛsɛ sɛ mmofra de wɔn nkwa twa wɔn mpanyimfo mfomso ne nneɛma a wɔyɛe so.
Nsɛmma nhoma The New Republic bɔ amanneɛ sɛ, wɔ Afrika man bi mu no, wɔakyerɛkyerɛ nyamesom mu mmofra a wɔadu wɔn mpanyin afe so a wɔyɛ asraafo a wɔfrɛ wɔn Awurade Ɔsɔretia Ho Asraafo ma wɔagye adi sɛ tuo aboba ntumi wɔn. Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔato asɛm no din “Mmerantebere ne Mmabaabere a Mfaso Nni So”! Enti, mmusua a wɔahwere wɔn mmabarima ne wɔn mmabea—a na wɔnyɛ nnipa a tuo ntumi nkunkum wɔn ankasa—no bisa ma ɛfata sɛ: Dɛn nti na yɛn mma no wuwui? Mfaso bɛn koraa na ɛwɔ so?
Nea ama ahohia ne amanehunu yi ayɛ kɛse koraa ne mmofra pii a wodi wɔn ho dɔm no.
[Ase hɔ asɛm]
a Nea wɔfrɛ no ɔko bɔne no sii bere a na asraafo kuw bi di tumi (1976-83), na emu no wokunkum nnipa mpempem pii a na wosusuw sɛ wotutu aban no ase no. Akontaabu foforo a ɛkyerɛ nnipa dodow a wokunkum wɔn da no adi sɛ efi 10,000 kosi 15,000.