Nkabom a Ɛyɛ Hu
WƆ 1959 mu no, akwahosan ho adwumayɛfo a wɔwɔ United States kae sɛ ɛrenkyɛ na wɔatu nsamanwaw (TB) ase. Nokwarem no, wɔ mfe a edii hɔ mu no yare no so tew koraa ma nnipa pii susuwii sɛ wɔadi so. Nanso TB asan aba, na anya ne hokafo a ne ho yɛ hu—HIV, ɔyare mmoawa a ɛma nipadua mu nkwammoaa a ɛko tia ɔyare mmoawa yɛ mmerɛw na ɛtaa kowie AIDS mu.
Ɛwom sɛ nnipa bɛboro ɔpepepem abien—wiase nnipa nyinaa nkyem abiɛsa mu biako—na wɔanya TB ɔyare mmoawa no de, nanso sɛ saafo yi nya yare no bere a edi kan a, hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ saa nnipa yi benya yare no ankasa wɔ wɔn nkwa nna yɛ ɔha mu 10. Nea ɛyɛ nwonwa no, asiane a ɛwɔ hɔ sɛ nnipa a wɔwɔ HIV bɛbɔ TB afe biako mu no yɛ ɔha mu 8. Enti, sɛ nnipa pii nya HIV a, ɛda adi sɛ nnipa pii betumi abɔ TB.
Oduruyɛfo Richard J. O’Brien a ɔyɛ adwuma wɔ WHO (Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde) no ka sɛ wɔ nnansa yi mfe mu no wɔn a wɔbɔ TB anya nkɔanim bɛyɛ ɔha biara mu 15 wɔ United States. Ɔka sɛ “nea ɛde” eyi “aba ne nkabom a HIV ne TB anya no.” Nanso, ɔhaw no yɛ kɛse sen biara wɔ aman a ennyaa nkɔso pii no mu. Nnipa ɔpepem awotwe a afe biara wɔbɔ TB no mu ɔha biara mu 90 na wɔwɔ aman a edi hia buruburoo no mu, na saa ayarefo yi mu bɛyɛ ɔpepem abiɛsa wuwu.
Wɔ wiase nyinaa no, nnipa bɛyɛ ɔpepem 4.4 na wɔwɔ yare abien a edi awu yi. WHO ka sɛ ɛrenkyɛ koraa TB bekunkum wɔn a wɔwɔ HIV no ɔpepem biako afe biara. Peter Piot a ɔyɛ Amanaman Nkabom HIV/AIDS Ho Dwumadi kwankyerɛfo panyin no kae sɛ: “Saa yaredɔm abien yi abom abɛyɛ ɔmanfo akwahosan ho haw a anibere wom sen biara nnansa yi.”
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 19]
New Jersey Medical School—Ɔman Nsamanwaw Ayaresabea