Nokware Kristosom Agyiraehyɛde
Ahɔhoyɛ amapã a efi koma mu yɛ nokware Kristosom agyiraehyɛde. Bere a wohwiee honhom kronkron guu asomafo no so wɔ Pentekoste da afe 33 Y.B. no, wɔn a na wɔabɛyɛ Kristofo foforo no bebree traa Yerusalem suaa Ahenni ho asɛmpa no ho ade pii ansa na wɔrekɔ wɔn nkurow mu wɔ asase afã horow. Kristofo a na wɔwɔ Yerusalem no yii ahɔhoyɛ adi kyerɛɛ wɔn, gyee wɔn ani wɔ wɔn afie mu, na wɔtontɔn wɔn ahonyade mpo buu no sɛ ne nyinaa yɛ kwasafode. (Asomafo no Nnwuma 2:42-46) Akyiri yi asomafo no yɛɛ nhyehyɛe pa kyekyɛɛ nnuan maa akunafo a wɔwɔ wɔn mu a na ahia wɔn no.—Asomafo no Nnwuma 6:1-6.
Ahɔhoyɛ yɛ Kristofo ahwehwɛde. Ɛwom sɛ na wɔn mu pii ahyia ɔtaa a emu yɛ den ma wɔafow ebinom nneɛma de, nanso Paulo hyɛe sɛ: ‘Mommma mo ani mmpa ahɔhoyɛ so.’ (Hebrifo 13:2; 10:34) Petro daa no adi sɛ ɛsɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu da no adi, bere a ɔkae sɛ: “Monyeyɛ mo ho hɔho a huhuhuhu nni mu” no. (1 Petro 4:9; fa toto 2 Korintofo 9:7 ho.) Bere a Paulo resi Kristofo asɛyɛde titiriw a wɔwɔ wɔ wɔn mfɛfo gyidifo ho so dua no, ɔkyerɛwee sɛ, Kristofo ‘nyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo.’—Galatifo 6:10.
Na ahɔhoyɛ ka su atitiriw a wɔhwehwɛ fi wɔn a wɔbɛpaw wɔn sɛ ahwɛfo wɔ Kristofo asafo ahorow mu no ho. (1 Timoteo 3:2; Tito 1:7, 8) Afei nso, Paulo hyɛɛ Timoteo a na ɔyɛ ɔhwɛfo wɔ Efeso no sɛ, ɛsɛ sɛ Kristofo akunafo a na wɔde wɔn din bɛka wɔn a na wɔma wɔn honam fam mmoa no ho no yɛ wɔn a ‘wɔayɛ hɔho.’ (1 Timoteo 5:9, 10) Ɛda adi sɛ na saa mmea yi agye Kristofo asomfo anaa asɛmpatrɛwfo a wɔkɔsraa asafo no anaasɛ wɔkɔsom wɔn no akɔ wɔn afie mu, ɛwom mpo sɛ bere bi a atwam no na anka wobebu saa nsrahwɛfo yi mu pii sɛ ‘ahɔho’ de. Na Lidia yɛ ɔbea a ɔte saa. Ná n’ahɔhoyɛ yɛ soronko, na Luka bɔɔ amanneɛ sɛ: “Ɔhyɛɛ yɛn.”—Asomafo no Nnwuma 16:14, 15.