So Nea Aniwa Hu So na Wugyina Bu Atɛn?
SO WUGYINA sɛnea nhoma bi akyi te so na ehu nea ɛwom? Ebetumi adaadaa wo. Nea ɛbɛyɛ na annaadaa wo no, di kan hwɛ emu nsɛm no. Turkeyfo anansesɛm mu nipa bi a wagye din, Nasreddin Hoja, asɛm no na ɛkyerɛkyerɛ eyi mu. (Nea hoja kyerɛ wɔ Turkeyfo kasa mu ne “ɔkyerɛkyerɛfo.”) Ɔyɛ “onitefo ne gyimifo, onim nyansa yɛ kwasea nso . . . Ɔwɔ ahofama, nanso ɔwɔ sintɔ ahorow.” Ɔyɛ “obi a asetra mu tebea a wɔnhwɛ kwan na ɛmfata ntumi nni ne so.”—Tales of the Hoja, a John Noonan kyerɛwee, Aramco World (Aramco Wiase), September-October 1997.
Anansesɛm biako a wɔto no fa n’akwantu bi a otu kɔsraa Turkey panyin bi ne no didii ho. “[Nasreddin] huruw fii n’afurum so kɔbɔɔ pon no denneennen. Bere a wobuee no no, ohui sɛ apontow no gu so. Nanso ansa na obetumi ada ne ho adi no, nea ɔreto pon no hwɛɛ ne ntade a akwantu no ama ayɛ fĩ no ka kyerɛɛ no animtiaabu mu sɛ wɔnhwehwɛ adesrɛfo wɔ ha.”
Nasreddin fii hɔ koyii ne bag a ɛda afurum no akyi no, “sesa hyɛɛ n’atade a ɛyɛ fɛ sen biara: ɔhyɛɛ sirikyi batakari fɛfɛ bi a wɔde aboa nhwi anwene ano, bɔɔ sirikyi abotiri kɛse bi. Osiesiee ne ho wiei no, ɔsan kɔbɔɔ pon no bio.
“Saa bere yi de, nea ɔreto no pon gyee no fɛw so . . . Asomfo de akɔnnɔ nnuan besisii n’anim. Nasreddin Hoja hwiee kankyee biako mu nkwan guu ne batakari bɔtɔ biako mu. Nea ɛyɛɛ ahɔho a aka no ahodwiriw no, ɔde nam a wɔatotõ no bi hyehyɛɛ n’abotiri mu. Afei, wɔ ne fiewura a ne ho adwiriw no no anim no, ɔde ne batakari ano nhwi no bɔɔ kankyee a ɛmo wom no mu kae sɛ ‘Di, nhwi, di!’
“Nea ɔtoo pon no bisaa no sɛ: ‘Eyi ase ne dɛn?’
“Hoja buae sɛ: ‘Me wura, merema me ntade no aduan. Sɛnea wo ne me dii nsɛm dɔnhwerew fã a atwam ni no da no adi pefee sɛ, ɛnyɛ me, na mmom, wɔn na woreyɛ wɔn hɔho!’”
Hwɛ sɛnea yegyina nea aniwa hu so nkutoo bu atɛmpa anaa atɛmmɔne mpɛn pii! Bere a odiyifo Samuel susuwii sɛ Dawid nua Eliab na Yehowa bɛpaw no Israel hene foforo no, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Nhwɛ ne ho tebea ne ne nipadua tentenyɛ, na mempɛ no; na menhwɛ nea onipa hwɛ, na onipa hwɛ nea etua aniwa, na [Yehowa, NW] de, ɔhwɛ komam.” (1 Samuel 16:7) Yiw, nea ɛwɔ komam na Yehowa gyina so bu atɛn, na ɛnyɛ nea etua aniwa. Woyɛ w’ade dɛn?
[Kratafa 31 mfonini]
Yehowa bɔɔ Samuel kɔkɔ sɛ ɔmmma nea aniwa hu nnaadaa no