Nyan! Aboa Moscow Kyerɛkyerɛfo Bi
Ɔkyerɛkyerɛfo bi kyerɛw Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Russia no sɛ, wayɛ nhyehyɛe sɛ ɔde Nyan! mu nsɛm bɛkyerɛ ne sukuufo ade. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ:
“Mete nka sɛ Nyan! boa me ma minya asetra ho ntease foforo, ɛkanyan me honhom, na ɛmma minnwennwen pii. Meda mo ase wɔ apere a onipa ne mmoawammoawa a wɔde nyarewa ba di ho nsɛm a ɛyɛ anigye [February 22, 1996, Engiresi de] no ho. Migye di sɛ ofie biara a enya mo nsɛmma nhoma no bi no nya so mfaso.” Ɔde kaa ho sɛ: “M’ani begye ho pii sɛ me nsa bɛka Nyan! . . . Akyinnye biara nni ho sɛ mo nsɛmma nhoma no bɛboa me.”
Krataa bi a ɛte saa a efi Stavropol, kurow bi a emu nnipa bɛboro mpem ahanu aduonum, a ɛwɔ Moscow kesee fam apuei bɛboro akwansin 700 bae no kenkan sɛ: “Mepɛ sɛ mekra Nyan! Nnansa yi ara na me nsa kaa nsɛmma nhoma yi abien. Emu nsɛm no kyerɛkyerɛɛ ɔhaw ahorow a nnipa hyia no mu. Ebi kaa nsɛm bi a na mentee da. Eyi ne bere a edi kan a manya nneɛma ho nkyerɛkyerɛmu a ɛfata saa.”
Sɛ wopɛ sɛ wo nsa ka Nyan! foforo anaa wopɛ sɛ obi ba wo fie ne wo bɛbɔ Bible mu nkɔmmɔ a, kyerɛw, Watch Tower, Box 760, Accra, Ghana, anaa address a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 5 no mu nea ɛfata.