Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 4/8 kr. 22-25
  • Adwennwen a Eye ne Nea Enye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adwennwen a Eye ne Nea Enye
  • Nyan!—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adwennwen Ahorow Abiɛsa
  • Sɛnea adwennwen Hyɛ Yɛn So
  • Wubetumi Agyina Nhyɛso Ano—Nanso Ɔkwan Bɛn So?
    Nyan!—1981
  • Dɛn Ne Saa Ade A Wɔfrɛ “Nhyɛso” Yi?
    Nyan!—1981
  • Ahotɔ A Wobenya Wɔ Nhyɛso Mu—Mprempren Ne Afei De Kosi Daa
    Nyan!—1981
  • Dɛn Ne Adwinnwen?
    Nyan!—2020
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 4/8 kr. 22-25

Adwennwen a Eye ne Nea Enye

“Esiane sɛ ɛnyɛ nipadua mu ahiade pɔtee bi na ɛde adwennwen ba nti, obiara wɔ adwennwen bi bere nyinaa.”—Oduruyɛfo Hans Selye.

ANSA na hama sankubɔfo bɛbɔ dwom no, ɛsɛ sɛ ɔyere ne sanku nhama no mu—nanso ɛsɛ sɛ emu den no kosi baabi. Sɛ emu yere pii a, ɛbɛtetew. Nanso sɛ nhama no mu gow dodo a, ɛrentumi nnyigye koraa. Enti ɛsɛ sɛ emu den no yɛ hɔ-ne-hɔ.

Saa ara na adwennwen te. Adwennwen pii betumi adi awu, sɛnea yɛahu dedaw no. Na sɛ yennwennwen koraa nso ɛ? Bere a w’ani betumi agye nea efi mu ba ho no, nokwasɛm no ne sɛ wuhia adwennwen—anyɛ yiye koraa no, kakra. Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ woretwa kwan bi mu, wuhu mpofirim ara sɛ kar bi de mmirika reba wo so. Ɛyɛ adwennwen na ɛbɛma woatwe wo ho agyina nkyɛn—ntɛm ara!

Nanso ɛnyɛ tebea a egye ntɛmpɛ mu nkutoo na adwennwen ho hia. Wuhia adwennwen na wode ayɛ da biara da nnwuma nso. Adwennwen kakra da obiara so bere nyinaa. Oduruyɛfo Hans Selye ka sɛ, ‘ɔkwan biako pɛ a obi bɛfa so akwati adwennwen ne sɛ obewu.’ Ɔde ka ho sɛ asɛm, “adwennwen da ne so” no nkyerɛ hwee te sɛ nea asɛm, “ne ho ayɛ hyew” nso nkyerɛ hwee no. Selye ka sɛ: “Nea saa nsɛm no a yɛka no kyerɛ ankasa ne adwennwen ntraso anaa ahoɔhyew ntraso.” Wɔ saa asɛm yi mu no, ahomegye nso hwehwɛ sɛ wodwennwen, na saa ara na ɛte wɔ nna ho, esiane sɛ ɛsɛ sɛ wo koma kɔ so bɔ na w’ahurututu yɛ adwuma nti.

Adwennwen Ahorow Abiɛsa

Sɛnea adwennwen mu den gu ahorow no, saa ara na ahorow abiɛsa na ɛwɔ hɔ.

Yɛwɔ adwennwen a emu yɛ den, a nea ɛde ba ne da biara asetra mu haw. Mpɛn pii no, ɛyɛ a na ɛfa tebea a ɛnyɛ anigye a ehia sɛ wodi ho dwuma ho. Esiane sɛ eyinom ba mpofirim nti, mpɛn pii no wotumi di saa adwennwen no so. Nanso, ebinom wɔ hɔ a wofi ɔhaw biako mu kɔ foforo mu—nokwarem no, ɛte sɛ nea ɔhaw yɛ wɔn asetra fã. Wotumi di saa adwennwen a emu yɛ den yi mpo so. Nanso ebia ɔmanehunufo no rempɛ sɛ ɔbɛsesa n’asetra kwan sakasaka no kosi sɛ obehu nkɛntɛnso a ɛrenya wɔ ɔno ne wɔn a wɔbɛn no so no ansa.

Bere a adwennwen a emu yɛ den yɛ bere tiaa mu de no, adwennwen a wontumi nnyae tra hɔ bere tenten. Ɔmanehunufo no nhu ɔkwan biara a ɔbɛfa so ayi ne ho afi tebea a ɛma odwennwen no mu, sɛ́ ɛyɛ ohia mu yawdi anaa adwuma bɔne ho awerɛhowdi—anaa adwuma a onnya nyɛ. Abusua mu haw a ɛto ntwa da nso betumi ama obi anya adwennwen a wontumi nnyae. Obusuani a ɔyare a obi hwɛ no nso betumi ama wadwennwen. Sɛnea ɛte biara no, adwennwen a wontumi nnyae betumi ama odwennwenfo no abrɛ da biara, dapɛn biara ne ɔsram biara. Asɛm no ho nhoma bi ka sɛ: “Ade a enye koraa wɔ adwennwen a wontumi nnyae ho ne sɛ ɛka nkurɔfo hɔ. Nkurɔfo hu adwennwen a emu yɛ den ntɛm esiane sɛ ɛyɛ foforo nti; wobu wɔn ani gu adwennwen a wontumi nnyae so esiane sɛ akyɛ, wonim no yiye, na ɛtɔ da bi a ɛkame ayɛ sɛ wɔpene so nti.”

Awerɛhosɛm a emu yɛ den, te sɛ mmonnaato, akwanhyia, anaa asiane na ɛde amanehunu akyi adwennwen ba. Wɔn a wɔadi ako ne wɔn a wɔde wɔn agu nneduaban mu na mpɛn pii no wɔwɔ saa adwennwen yi. Nea ɛka nkate fam adwennwen ho ne ahude ahorow a wɔkaakae no pefee wɔ mfe pii akyi mpo, ne nsɛm nketenkete a etumi haw wɔn kɛse. Ɛtɔ mmere bi a, ɔmanehunufo no kɔ tebea bi a wɔfrɛ no post-traumatic stress disorder ([PTSD] amanehunu akyi adwennwen ho haw) mu.—Hwɛ adaka a ɛwɔ atifi hɔ no.

Sɛnea adwennwen Hyɛ Yɛn So

Ebinom ka sɛ sɛnea yɛyɛ yɛn ade wɔ adwennwen ho seesei no gyina adwennwen ko a na ɛda yɛn so bere bi a atwam ne sɛnea na ne kɛse te so kɛse. Wɔka sɛ ayayade tumi sɛe “ɔkwan” a amemene no fa so yɛ adwuma, na ɛma adwennwen hyɛ onipa no so pii daakye. Sɛ nhwɛso no, wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ nnipa 556 a wodii ako wɔ Wiase Ko II mu mu no, Oduruyɛfo Lawrence Brass hui sɛ asiane a ɛwɔ hɔ sɛ wɔn a wɔfaa wɔn dommum ɔko mu betumi anya yare a ɛma nnipa fã dwudwo no yɛ kɛse sen wɔn a wɔamfa wɔn dommum no de mmɔho awotwe—wɔ bere a wodii kan huu amane no akyi mfe 50 mpo. “Hu a saa nkurɔfo yi hui sɛ wɔyɛ POW [prisoner of war (ɔko mu dommum)] no ho adwennwen no mu yɛɛ den araa ma ɛsakraa sɛnea wɔyɛɛ wɔn ade wɔ adwennwen ho akyiri yi—ɛhyɛɛ wɔn so.”

Animdefo ka sɛ, ɛnsɛ sɛ wobu ani gu ayayade a obi hyiae ne mmofraberem no so, esiane nkɛntɛnso kɛse a eyi betumi anya wɔ ne so nti. Oduruyɛfo Jean King ka sɛ: “Wɔmfa mmofra a wɔyɛ wɔn ayayade mu dodow no ara nkɔ oduruyɛfo hɔ. Wɔfa ɔhaw no mu, yɛ biribiara wɔ asetra mu, na mfe bi akyi no, wɔba yɛn nnwumayɛbea a wɔanya adwenemhaw anaa komayare.” Sɛ nhwɛso no, susuw yaw a obi di bere a ɔhwere ne wofo no ho. Oduruyɛfo King ka sɛ: “Adwennwen kɛse a ɛba bere a wusua no betumi ahyehyɛ ɔkwan a amemene no fa so yɛ adwuma no foforo, na ɛremma entumi nni da biara da adwennwen ho dwuma sɛnea ɛsɛ.”

Nokwarem no, sɛnea obi yɛ n’ade wɔ adwennwen ho no betumi agyina nneɛma foforo pii nso so, a ebi ne sɛnea ne honam fam su te ne nneɛma a obenya ma aboa no ma wagyina ayayade ano no. Nanso, ɛmfa ho nea ɛde ba biara no, adwennwen yɛ nea wobetumi adi so. Nokwarem no, eyi nyɛ mmerɛw. Ɔbenfo Rachel Yehuda ka sɛ: “Ka a wobɛka akyerɛ obi a adwennwen hyɛ no so sɛ onnnwennwen no te sɛ nea woreka akyerɛ obi a ɔyare kɔdaanna sɛ ɔnna kɛkɛ.” Nanso, pii wɔ hɔ a obi betumi ayɛ de atew adwennwen so, sɛnea asɛm a edi hɔ bɛkyerɛ no.

[Kratafa 23 adaka]

Adwumam Adwennwen—“Wiase Nyinaa Haw”

Amanaman Nkabom amanneɛbɔ bi ka sɛ: “Adwennwen abɛyɛ akwahosan ho haw a emu yɛ den sen biara no mu biako wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu.” Ɛda adi kɛse wɔ nnwumam.

• Sika a aban adwumayɛfo a wɔwɔ Australia gyei wɔ adwennwen ho no nyaa nkɔanim ɔha biara mu 90 wɔ mfe abiɛsa pɛ mu.

• Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ France no daa no adi sɛ ayarehwɛfo ɔha biara mu 64 ne akyerɛkyerɛfo ɔha biara mu 61 na wɔka sɛ adwennwen tebea a wɔyɛ adwuma wom no ama wɔahaw.

• Wobu akontaa sɛ nyarewa a adwennwen de ba ma United States bɔ ka dɔla ɔpepepem 200 afe biara. Wobu akontaa sɛ mfiridwuma mu akwanhyia ɔha biara mu 75 kosi 85 na efi adwennwen.

• Wɔ aman pii mu no, wohui sɛ mmea dwennwen pii sen mmarima, na ɛda adi sɛ esiane sɛ wɔyɛ nnwuma pii wɔ fie ne adwumam nti.

Akyinnye biara nni ho sɛ adwumam adwennwen yɛ, sɛnea UN amanneɛbɔ frɛ no no, “wiase nyinaa haw.”

[Kratafa 24 adaka]

PTSD—Tebea a Ɛmfata Ho Nneyɛe Pa

‘Bere a yɛn kar pemee asram abiɛsa akyi no, na mintumi nnyae su, na na mintumi nna anadwo. Ná misuro sɛ mefi fie kɛkɛ.’—Louise.

LOUISE wɔ amanehunu akyi adwennwen ho haw (PTSD), yare bɔne a ɛma obi kaakae ayayade bi anaa ɔso ho dae. Obi a ɔwɔ PTSD no nso betumi abɔ hu wɔ nneɛma nketenkete ho. Sɛ nhwɛso no, adwenemyare ho nimdefo Michael Davis ka obi a ɔkɔɔ Vietnam ko no bi suahu sɛ, ɛda a ɔreyɛ n’ayeforo no oguan kohintaw wuram bere a ɔtee kar bi a ɛretotow tuo su no. Davis ka sɛ: “Ná nsɛnkyerɛnne pii wɔ hɔ a anka ɛsɛ sɛ ɛma ohu sɛ biribiara rekɔ so pɛpɛɛpɛ. Ná mfe 25 atwam; na ɔwɔ United States, ɛnyɛ Vietnam; . . . Ná ɔhyɛ ataade fitaa, ɛnyɛ akotade. Nanso bere a biribi kanyan no amonom hɔ ara no, oguan kohintawee.”

Akono amanehunu yɛ nneɛma a ɛde PTSD ba no biako pɛ. Sɛnea The Harvard Mental Health Letter kyerɛ no, “asɛm bi anaa nsɛm a esisi toatoa so a edi awu ankasa anaa ebetumi adi awu anaa epira yiye anaa ebetumi adi dɛm” na ɛde ɔhaw no ba. Ebetumi ayɛ asiane, akwanhyia, anaa onipa nneyɛe bi: nsuyiri, ogya, asasewosow, kar a ɛpem, ɔtopae ne atuo a wɔtotow, ayayade, nkurɔfo a wɔkyere wɔn sie, ntua, mmonnaato, anaasɛ mmofra a wɔto wɔn mmonnaa.” Ayayade a obi behu anaa ɛho ade a osua—ebia denam adanse a ɛyɛ ahodwiriw anaa mfonini ahorow so—no betumi ama wanya PTSD ho nsɛnkyerɛnne, titiriw sɛ wɔn a ɛtoo wɔn no yɛ abusuafo anaa nnamfo a wɔbɛn no a.

Nokwarem no, nneyɛe a nkurɔfo da no adi wɔ ayayade ho no gu ahorow. The Harvard Mental Health Letter kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nnipa a wohu ayayade no mu dodow no ara nnya adwenemhaw ho nsɛnkyerɛnne a anibere wom, na mpo sɛ wonya nsɛnkyerɛnne a, ɛnhyɛ da nyɛ te sɛ PTSD de no.” Na wɔn a wɔn adwennwen no ma wonya PTSD no nso ɛ? Bere kɔ so no, ebinom tumi di nkate a ɛyawdi no de ba no so, na wonya ahomeka. Afoforo kɔ so kaakae ayayade no mfe pii akyi.

Wɔ emu biara mu no, ɛsɛ sɛ wɔn a wohu PTSD ho amane—ne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔboa wɔn no—kae sɛ egye boasetɔ na obi ho asan no. Bible tu Kristofo fo sɛ ‘wɔnkyekye wɔn a wɔn koma atu werɛ,’ na ‘wɔntɔ wɔn bo ase mma nnipa nyinaa.’ (1 Tesalonikafo 5:14) Wɔ Louise a yedii kan kaa ne ho asɛm no fam no, asram anum twaam ansa na ɔretumi aka kar bio. Wɔ akwanhyia no akyi mfe anan no, ɔkae sɛ: “Ɛmfa ho nkɔanim a manya no, m’ani rennye karka ho bio da sɛnea na ɛte bere bi no. Ɛyɛ biribi a ɛsɛ sɛ meyɛ, enti meyɛ. Nanso sɛ mede toto bere a mihyiaa akwanhyia a na mintumi nyɛ hwee no ho a, manya nkɔanim kɛse.”

[Kratafa 25 mfonini]

Adwennwen da adwumayɛdan mu adwumayɛfo pii so

[Kratafa 25 mfonini]

Ɛnyɛ adwennwen nyinaa na enye mma wo

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena