Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 6/8 kr. 25-27
  • “Ade a Akokɔ Di Akyi Wɔ Nsu Mu...”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Ade a Akokɔ Di Akyi Wɔ Nsu Mu...”
  • Nyan!—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asɛnnennen Titiriw Bi
  • Atiefo a Wɔkyerɛ Anisɔ
  • Nkratawa a Wɔde Di Dwuma ma Mfaso Fi Mu Ba
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Fa Nkratawa Trɛw Asɛmpa no Mu
    Yɛn Ahenni Som—2012
  • Onyankopɔn Som Ho Anisɔ Awowaw Me
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Nea Enti a Nkratawa Som Bo Kɛse wɔ Yɛn Som Adwuma mu Nnɛ
    Yɛn Ahenni Som—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 6/8 kr. 25-27

“Ade a Akokɔ Di Akyi Wɔ Nsu Mu...”

Efi Nyan! kyerɛwfo a ɔwɔ Nigeria hɔ

BERE a yɛn asafo ketewa a ɛwɔ Nigeria kesee fam no nsa kaa yɛn Ahenni Asɛm a ɛto so 34 a wɔkyekyɛɛ wɔ wiase nyinaa no, yɛn ho peree yɛn sɛ yɛde bi bɛkɔ yɛn asasesin no afã biara. Na ɛno nyɛ adwuma a ɛda fam. Nkuraa pii wɔ yɛn asasesin no mu a emufo yɛ akuafo a wodua bankye, bayerɛ, ne nnuan foforo. Saa nkuraa yi wɔ kwaeberentuw mu tɔnn. Ná wɔn nkyɛn a yɛbɛkɔ no bɛyɛ den de, nanso na ɛnyɛ nea yentumi nkɔ. Ne nyinaa da nkyɛn, Onyankopɔn pɛ ne sɛ yɛde asɛmpa no bedu nnipa ahorow nyinaa nkyɛn, a akuafo a wɔwɔ kwae no mu ka ho.—1 Timoteo 2:3, 4.

Enti, wɔ October 16, 1995 no, yɛn mu 18 siim anɔpa 7:30 kɔɔ akuraa bi a ɛde Abomgbada a ɛwɔ bɛyɛ kilomita 3.5 ase. Wɔ kwan so no, na ɛsɛ sɛ yetwa asuten bi. Na nsu no deda yɛn asen mu.

Na ɛsɛ sɛ yetwa asuten kɛse bi ansa na yɛatumi adu akuraa foforo ase da no ara. Saa bere yi, anuanom mmarima baanan ne onuawa biako pɛ na etumi twae. Kuw no mufo a aka no kaa akyi.

Nnipa pii tiee yɛn saa da no. Nea ɛmaa yɛn anigye yɛɛ kɛse ne nea yɛfrɛɛ no yɛn kwaem ade no. Bere a yɛrekɔ no, yɛtetee nnuaba a ɛsow wɔ kwae no mu bi dii. Yehyiaa akuafo a wɔpɛ ahɔhoyɛ a wɔn ani sɔɔ mmɔden a yɛbɔe sɛ yebedu wɔn nkyɛn no; na wɔmaa yɛn akutu de kum yɛn sukɔm. Yɛne nnipa bɛyɛ 250 kasae, kyekyɛɛ nkratawa a na yɛwɔ nyinaa.

Asɛnnennen Titiriw Bi

Yehyiaa asɛnnennen ankasa wɔ nnanu akyi. Ná ɛde rekɔ Ose Anasi, akuraa bi a na ɛbɛyɛ sɛ wɔnhyɛɛ da nkɔɔ hɔ asɛnka da, yɛ kilomita 12. Na ebinom retwentwɛn wɔn nan ase wɔ ɛhɔ kɔ no ho. Na Asubɔnten Urasi twa yɛ hu, na na yɛn mu pii nnim asuguare. Na nsu no mu nantew bɛyɛ hu esiane nnunsin a ano yɛ hwirenhwiren a ɛwom nti. Na mmeae a atɛkyɛ wɔ no bɛyɛ toro, na sɛ obi hwe ase a, na obetumi apira. Na na atwene a ɛhɔfo ayeyɛ a ɛwɔ kwan no so no bi nni ahoɔden. Na awɔ, adɛnkyɛm, ne asuten a amemem wom wɔ hɔ.

Nanso yɛn mu dunsia yɛɛ sɛ yɛbɛkɔ. Yɛnantew bɛyɛ kilomita 1.5 ansa na yɛreforo ɔkorow atwa Asubɔnten Urasi a ano yɛ den na ɛyɛ hu no. Ansa na yɛredu ɔkorow no ho no, na ɛsɛ sɛ yesian bepɔw kuronkuron bi. Na ɛyɛ asusow bere, na na asubɔnten no ayiri. Ɛhɔ dɔte nyinaa yɛ twann; na ɛhɔ yɛ toro yiye wɔ asusow bere mu. Bere a yefii ɔkorow no mu sii fam no, yehui sɛ na anammɔnkwan no adan asuten a na afã bi mu dɔ bɛyɛ mita 1. Ɛhɔ na yɛn amanehunu no fii ase ankasa.

Yɛnantew anammɔnkwan a adan asuten no mu bɛyɛ simma 30. Na ɛfam yɛ toro yiye araa ma yɛn mu pii hwehwee ase wɔ atɛkyɛ no mu maa yɛn Bible, nsɛmma nhoma, ne nkratawa fɔwee. Na yɛn ani agye, enti sɛ na obi hwe ase a, na yɛn nyinaa serew a nea ɔhwee ase no nso ka ho bi.

Bere a yetwaa asuten ketewa bi no, amemem tetaree yɛn anan ho. Onuawa kumaa bi a amemem fam ne nan ho no teɛteɛɛm denneennen. Ɔkɔɔ so teɛteɛɛm bere a yɛwaee amemem no akyi mpo no. Yɛfaa ɛno nso sɛ aseresɛm ne abaninsɛm a yɛredi no fa, na yɛtoaa yɛn kwan no so.

Bere a yɛretwa asuten foforo no, onua biako yɛɛ sɛ ɔrennantew nsu no mu sɛnea afoforo ayɛ no, na mmom obehuruw atwa. Otumi twaa nsu no, na ɛnyɛ atɛkyɛ no. Ɔwatiriw butuw atɛkyɛ no mu. Ɔsɔre hwehwɛɛ ne ho hui sɛ wampira, na afei ɔkae sɛ: “Ɛnyɛ hwee; ɛka osuahu no ho.” Yɛkaee sɛ ɔsomafo Paulo nso hyiaa “asubɔnten so asiane,” a ebia ɛsen nea yehyiae no.—2 Korintofo 11:26.

Yɛfaa twene bi a na ɛhɔfo ayɛ a na ɛyɛ hu so, nanso yɛn nyinaa tumi faa so. Efi hɔ no, ɛfam yɛɛ toro kɛse, enti yɛhwehwee ase mpɛn pii.

Na daa kwampaefo bi a ɔreyɛ adi mfe 70 ka yɛn ho. Ɔbae saa anɔpa no sɛ ɔrebɛma yɛn nantew yiye. Nanso bere a yɛbɔɔ mpae srɛɛ Yehowa nhyira wiei no, obisae sɛ: “Mɛyɛ dɛn atumi atra fie bere a moafi adi reka asɛm no?” Ɔyɛɛ sɛ ɔne yɛn bɛkɔ, na biribiara nni hɔ a yɛkae a etumi maa ɔsesaa n’adwene. Ɔkae sɛ Yehowa bɛka ne ho. Enti ɔkɔe.

Bere a ɔhwee ase daa ayeya wɔ fam a ɛhɔ yɛ toro no, obiara anserew. Bere a na ɛhaw yɛn no, yebisae sɛ ebia wapira anaa. Obuae sɛ: “Dabi. Mekɔɔ fam nkakrankakra sɛnea ɛbɛyɛ a mimpira asase no.” Yɛde abotɔyam serewee, na yɛkaee Yesaia 40:31, a ɛka sɛ “wɔn a wɔtwɛn Awurade [Yehowa, NW] no nya ahoɔden foforo” no.

Atiefo a Wɔkyerɛ Anisɔ

Awiei koraa no yeduu baabi a yɛrekɔ no. Sɛnea nkurɔfo no tiee asɛm no hyɛɛ yɛn nkuran yiye. Ɔbarima bi bɔɔ hu bere a ohui sɛ yɛrebɛn ne fie no, nanso bere a ohuu nnipa ko a yɛyɛ no, ɔkae sɛ: “Ɛyɛ den sɛ megye adi sɛ asɛm a mobɛka akyerɛ yɛn nti na mutwaa kwan a ɛso fa yɛ den yi bae. Yɛn ani sɔ.” Yɛde ɛhɔ bɛ bi buae sɛ: “Ade a akokɔ di akyi wɔ nsu mu no ho hia no.” Ɔbarima no tee ase.

Okuafo foforo kae sɛ: “Sɛ asɛm no adu ha a, na ɛkyerɛ sɛ nkwagye adu yɛn nkyɛn.” Na wɔn mu pii wɔ nsɛmmisa, na yebuae. Wɔkae sɛ yɛmmra bio, na yɛhyɛɛ bɔ sɛ yɛbɛyɛ saa.

Yɛmaa nkratawa 112 wɔ Ose Anasi—nea na yɛwɔ nyinaa. Ne nyinaa mu no, yedii nnipa bɛyɛ 220 adanse.

Yɛresan yɛn akyi no, yɛyerae. Anka ebegye yɛn dɔnhwerew biako ne fã ansa na yɛatumi asan yɛn akyi akɔ akuraa no ase, nanso na ade resa ntɛmntɛm. Yɛbɔɔ Yehowa mpae komm, na yɛyɛɛ sɛ yɛbɛkɔ yɛn anim, ɛwom sɛ na saa a yɛbɛyɛ hwehwɛ sɛ yɛnantew asuten a emu yɛ hu a ɛdeda yɛn asen mu de.

Yetwa wiei no, yehuu kwan, na ɛyɛɛ yɛn nwonwa sɛ yehui sɛ na yɛatwa kwan a ɛkɔ yɛn fie no mu anum mu nkyekyem anan. Anyɛ yiye koraa no, yera a yɛyerae no twaa yɛn kwan no so dɔnhwerew biako! Nokwarem no, yɛn nyinaa ani gyei, na yɛdaa Yehowa ase. Yeduu fie bere a na owia retɔ—a na yɛabrɛ na ɔkɔm de yɛn, nanso na yɛn ani agye yiye.

Akyiri yi, bere a na yɛreka ɛda no mu osuahu ahorow a yenyae ho asɛm no, onuawa biako kae sɛ: “Na mate hɔ nsɛm pii, enti na minim sɛ merekɔhwe ase. Ɛnyɛ asɛmpa no a, anka sɛ wɔma me wiase sika nyinaa mpo a, merenkɔ saa beae yi!” Onua biako teɛɛm sɛ: “Afei de, asɛmpa no adu Ose Anasi!”

[Kratafa 27 mfonini ahorow]

Yɛnam ɛhɔfo twene bi so

Yetwaa nsuten pii a amemem wom

Yɛforoo ɔkorow twaa Asubɔnten Urasi wɔ ɔkwan a esian a ɛyɛ hu yi ase

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena