Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 3/8 kr. 26-29
  • Anwonwasɛm a Ɛyɛ Anigye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Anwonwasɛm a Ɛyɛ Anigye
  • Nyan!—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔdɔ ne Kɔlege
  • Nyamesom Ho Anigye
  • Ɔhaw Bere
  • M’asetra so a Midii
  • Me ne Paapa Abusuabɔ
  • Sɛnea Mihuu Me Maame a Ɔwoo Me
  • Ɔfrɛ no ne Anwonwasɛm No
  • Nhyiam a Werɛ Remfi Da
  • Kristofo Apɛgyade a Ɛsom Bo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Asomdwoe Aba Me ne Onyankopɔn ne Me Maame Ntam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Bere Tenten Akodi a Emu Yɛ Den a Mede Huu Nokware Gyidi No
    Nyan!—1995
  • Nokware no Ma Minyaa me Nkwa Bio
    Nyan!—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 3/8 kr. 26-29

Anwonwasɛm a Ɛyɛ Anigye

Ná Dana Folz adi mfe awotwe bere a ohui sɛ wɔde no ama abagye no. Mfe bi akyi no, ofii ase susuw ho sɛ, ‘Hena ne me maame? Ná ɔte dɛn? Dɛn nti na ɔde me maa abagye? So mewɔ nuabarimanom anaa nuabeanom?’ Kenkan sɛnea awiei koraa no, Dana huu ne maame a ɔwoo no ne anwonwasɛm a edii akyiri no ho asɛm.

WƆWOO me August 1, 1966, wɔ Ketchikan, Alaska, U.S.A. Ná me nuabea Pam sen me mfe abien. Ná yɛn papa yɛ asetram yiyedi ho odwumayɛni wɔ Indiafo Asetra Ho Nsɛm Adwumayɛbea, na woyii no kɔɔ mmeaemmeae mpɛn pii. Yɛkɔtraa mmeaemmeae wɔ Alaska. Ɛno akyi no, yɛtraa Iowa, Oklahoma, Arizona, ne Oregon.

Bere a yɛkɔsraa abusuafo wɔ Wisconsin wɔ 1975 ahohuru bere mu no, me papa nua mma bi kaa me papa nua ba foforo ho asɛm yayaaya. Wɔkae sɛ: “Wɔde no maa abagye, enti omfi Folz abusua mu ankasa.” Bere a yɛsan kɔɔ fie no, mibisaa Maame eyi ho asɛm, na sɛnea ne ho dwiriw no ma ɔyɛɛ n’anim no yɛɛ me nwonwa. Ɔkyerɛkyerɛɛ nea abagye kyerɛ no mu. Saa anadwo no, bere a na ɔrete nusu no, ɔka kyerɛɛ me sɛ wɔde me maa abagye, na me nuabea no nso saa ara.

Abagye ho asɛm no ho anhia me ahe biara saa bere no, na bere twaam a mansusuw ho koraa. Na mewɔ maame ne papa, na na asetra ye ara. M’awofo sii gyinae sɛ wɔrenni atutra bio, na wɔbɛma abusua no atra faako. Bere a midii mfe akron no, yɛtraa Vancouver, Washington. Na me ne Paapa ka yiye, bere a na me ne Maame nte saa. Na mepɛ ahofadi ne atuatew, na ebia abasamtu a eyi ma Maame nyae no nti na na ɛte sɛ nea yɛnka pii no.

Ɔdɔ ne Kɔlege

Bere a na mewɔ ntoaso sukuu no na mihyiaa Trina, na yɛbɛyɛɛ nnamfo ntɛm ara. Bere a miwiei no, migyee nhomasua mu mmoa kɔɔ Oregon State Sukuupɔn, wɔ Corvallis, Oregon. Mede m’adagyew dii Vancouver akɔneaba kɔsraa Trina a na aka afe biako ansa na wawie ntoaso sukuu no. Mansua ade pii, nanso misusuwii sɛ mɛyɛ ade wɔ kɔlege. Na amanneɛbɔ a ɛwɔ me kyerɛwtohɔ kratasin a edi kan so no haw adwene yiye—na ɛne nea enye koraa a manya pɛn! Mefɛree. Nanso mannyae Trina sra; na mede me nhoma kɔ na ama matumi asua wɔ nsrahwɛ no mu.

Afei, da bi, bere a na mete me motosakre so fi Vancouver resan akɔ sukuu no, minyaa akwanhyia bi a na ɛyɛ hu. Ɛno akyi bere tiaa bi no, mipiraa kɛse sen saa bere a na meretwa kwan mu a kar bɔɔ me no. Mifii ase yɛɛ adwuma, na m’ani annye ho sɛ mɛkɔ kɔlege bio.

Nyamesom Ho Anigye

Bere bi akyi no, me ne Trina trae. Na yegye Onyankopɔn di, na na yɛpɛ sɛ yehu no. Nanso, yɛtee nka na asɔre ahorow no yɛ nyaatwom. Enti yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛn ankasa bɛkenkan Bible no, nanso yɛantumi anhu ne ti ne ne nkɔn.

Da bi, bere a na mereyɛ adwuma wɔ Portland, Oregon no, mfɛfo adwumayɛfo no fii ase dii ɔbarima bi a na mibu no sɛ ɔne onipa pa a mahyia no pɛn no ho fɛw. Randy yɛɛ komm gyinaa ahoguan no ano. Saa da no, mibisaa no akyiri yi sɛ: “Ɛyɛ ampa sɛ woyɛ ɔsomfo sɛnea nkurɔfo ka no?”

Ɔkae sɛ: “Ɛte saa, meyɛ ɔsomfo.”

Mibisae sɛ: “Wɔ henanom mu?”

“Meyɛ Yehowa Adansefo no mu biako.”

“Henanom ne Yehowa Adansefo?”

Ɔde ahodwiriw bisae sɛ: “Wunnim ampa?”

Mekae sɛ: “Yiw, henanom ne Yehowa Adansefo? Wobɛkyerɛ me?”

“Yiw,” ɔserew kae sɛ, “wubehu. Dɛn na woreyɛ awia yi adidi bere?”

Ɛno ne awia adidi bere mu Bible mu nkɔmmɔbɔ ahorow no mu nea edi kan. Da bi anadwo, mekaa ho asɛm kyerɛɛ Trina. Ɔteɛɛm sɛ: “Ɛne Yehowa Adansefo nnkasa. Wɔn ani mmuei! Wɔnyɛ Kristofo mpo. Wonni Buronya.” Na ɔkɔɔ so kaa nneɛma foforo a wate afa Yehowa Adansefo ho kyerɛɛ me.

Mekae sɛ: “Atosɛm na obi aka akyerɛ wo.” Bere a yɛbɔɔ nkɔmmɔ pii no, mitumi ma ogye toom sɛ ɔntee asɛm no mu yiye. Ɛno akyi no, ofii ase ma mibisaa Randy nsɛm ahorow, na mede mmuae a emu da hɔ na egyina Kyerɛwnsɛm so brɛɛ no ntoatoaso. Awiei koraa no, Trina kae sɛ: “Na minnim da sɛ eyi nyinaa wɔ Bible mu, nanso meda so ara gye di sɛ wɔn ani mmuei. Sɛ wopɛ sɛ wokɔ so ne no ka Bible ho asɛm a, ɛmfa me ho; nanso mfa mmeguan me ho wɔ fie.”

Ɔhaw Bere

Migyee nea na meresua wɔ Bible mu no dii, nanso metee nka sɛ mintumi mfa mmɔ me bra. Ná ɛte sɛ nea me ne Trina ko dodo. Enti me ne m’adamfo bi sii gyinae sɛ yebegyae yɛn mpenanom na yɛahyɛ asetra foforo ase wɔ Oklahoma. Meyɛɛ nhyehyɛe gyee ahomegye bere fii adwumam. Ankyɛ na me ne m’adamfo no kɔtraa kurow ketewa bi a ɛbɛn Texas hye so mu. Ankyɛ biara na mefee Trina kɛse, nanso misii gyinae sɛ megye m’ani ara.

Mihui sɛ sɛ obi di mfe 19 a na otumi nom nsa wɔ Texas, enti bere a m’adamfo no tuu kwan no, mitwaa ɔhye no anadwo bi kogyee m’ani wɔ rock-’n’-roll asanombea bi. Mebowee yiye, na mede me kar kɔpemee na woyii me fii mu de me kɔtoo afiase.

Bere bi akyi no, mitumi ne me papa dii nkitaho, na obeyii me fii afiase. Afei Trina san gyee me, na medaa no ase! Mesan kɔyɛɛ m’adwuma dedaw no, na me ne Randy fii Bible mu nkɔmmɔbɔ ase bio.

M’asetra so a Midii

Aka kakra na adu mfe abien fi bere a midii kan tee Yehowa Adansefo ho asɛm no na misii gyinae sɛ mede me ho bɛhyɛ Bible adesua no mu yiye. Saa bere no na madi mfe 20, na abagye a mekaa ho asɛm wɔ asɛm yi mfiase no ho nsɛm fii ase haw me. Enti mifii ase hwehwɛɛ me maame a ɔwoo me no anibere so.

Me ne ayaresabea a wɔwoo me wɔ Alaska no kasae wɔ telefon so, na mibisaa ɔkwan a memfa so. Bere a mihuu nea mɛyɛ no, minyaa m’awoda ho adanse krataa, na mihui sɛ na me maame din de Sandra Lee Hirsch; nanso na me papa din nka ho. Bere a Sandra woo me no na wadi mfe 19 pɛ, enti misusuwii sɛ ɛbɛyɛ sɛ na ɔyɛ osigyani abeawa a ɔkɔɔ ɔhaw mu na ehu kaa no ma osii gyinae a ɛyɛ den yiye. Ná nsɛm pii nni m’awoda ho adanse krataa no so a ɛbɛma mahu me maame.

Saa bere no, esiane Bible adesua a na me ne Randy yɛ no nti, na migye di sɛ mahu nokware som. Nanso midii nkogu mpɛn pii wɔ tawa a na menom de gu me ho fĩ no a na megyae no mu. (2 Korintofo 7:1) Metee nka sɛ Yehowa agyae m’akyi di. Afei, Ɔdansefo bi kaa biribi wɔ Ahenni Asa so ma ɛboaa me ankasa. Ɔkae sɛ Satan ne obi a ɔpɛ sɛ yedi nkogu, na ɛyɛ awerɛhow sɛ yehu sɛ ebinom gyae ma daa nkwa bɔ wɔn. Ɔkae sɛ: “Ehia sɛ yɛde yɛn nnesoa gu Yehowa so, na yɛde yɛn ho to ne so koraa ma ɔboa yɛn wɔ ɔhaw bere mu.”—Dwom 55:22.

Ɛno pɛpɛɛpɛ na na mepɛ sɛ mete! Mifii ase de nea ɔkae no dii dwuma, bɔɔ mpae mpɛn pii hwehwɛɛ Yehowa mmoa. Ankyɛ na migyaee tawanom, na me ne Trina waree, na mede me ho bɛhyɛɛ Bible adesua no yɛ mu bere nyinaa. Bere kɔɔ so no, Trina nso fii ase suaa ade. Mede nsu mu asubɔ yɛɛ m’ahosohyira ho sɛnkyerɛnne maa Yehowa wɔ June 9, 1991. Ɛno akyi bɛyɛ adapɛn abien na yɛwoo yɛn babea, Breanna Jean.

Me ne Paapa Abusuabɔ

Na mebɛn me papa. Ná ɔyɛ ɔyamyefo a sɛ mehaw a na ɔhyɛ me nkuran bere nyinaa. Nanso, sɛ mihia nteɛso a na ɔde ma. Enti, na ɛyɛ den ma me wɔ 1991 mfiase no bere a metee sɛ Paapa anya ahurututu mu kokoram a edi awu no. Saa bere no na Maame ne Paapa atu kɔ Hamilton, Montana. Ná yɛtaa kɔ hɔ kɔhwɛ no bɔ mmɔden sɛ yɛbɛboa Maame.

Yetumi de nhoma So Asetra Yi Ara Na Ɛwɔ Hɔ? maa Paapa. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛkan, na ɔkae sɛ n’abusua yiyedi ho nsɛm na ɛhaw no. Wɔ me nsrahwɛ a edi akyiri mu no, ɔkaa sɛnea odi ahurusi sɛ meyɛ ne babarima, ne sɛnea ɔdɔ me kɛse no ho asɛm kyerɛɛ me. Afei, bere a nusu guu no no, ɔdan n’ani kyerɛɛ mfɛnsere no. Yɛyɛɛ yɛn ho atuu mpɛn pii ansa na merefi hɔ. Paapa kenkanee nhoma no bɛyɛ nkyekyem abiɛsa mu biako ansa na ɔrewu wɔ November 21, 1991.

Paapa wui na yetu kɔɔ Moses Lake, Washington no, minyaa ɔpɛ a emu yɛ den koraa sɛ mɛhwehwɛ m’asetra bere a atwam no mu. Nanso ɛmfa ho bere pii a mede yɛɛ nhwehwɛmu no, yɛammu yɛn ani angu honhom fam yiyedi so. Trina bɔɔ asu wɔ June 5, 1993, na asram asia akyi no, ɔwoo yɛn babea a ɔto so abien, Sierra Lynn.

Sɛnea Mihuu Me Maame a Ɔwoo Me

Mekɔɔ so bisabisaa Alaska mmara adwuma no nsɛm, kyerɛw nkrataa pii kɔmaa aban nnwumayɛbea pii, na m’ankasa meyɛɛ nhwehwɛmu wɔ kɔmputa so nso. Ne nyinaa ankosi hwee. Afei, ɛrekɔ 1995 awiei no, mekɔyɛɛ me nipadua mu nhwehwɛmu ma wohui sɛ mewɔ komayare bi. Ná madi mfe 29 pɛ, na me duruyɛfo pɛe sɛ ohu m’akwahosan ho nsɛm ho kyerɛwtohɔ.

Oduruyɛfo no kyerɛw abisade tiawa a emu da hɔ sii so dua sɛ m’abagye nkrataa so nsɛm ho betumi ahia ama m’akwahosan mu yiyedi. Bere bi akyi no, yɛn nsa kaa mmuae. Ná ɔtemmufo bi asɛm wom a ɔreka sɛ onnye nni sɛ m’akwahosan ho nsɛm no yɛ nea ɛyɛ anibere kɛse sɛ wobebue nkrataa no mu. M’abam bui. Nanso adapɛn kakraa bi akyi no, krataa bi fi ɔtemmufo a ɔto so abien hɔ bae. Asɛnnibea no ahyɛ sɛ mewɔ ho kwan sɛ mitumi hwɛ m’abagye ho nkrataa mu!

M’abagye ho nkrataa no ankasa bae wɔ January 1996 mfiase. Ɛkaa me maame a ɔwoo me no kurom ne n’abusua ho asɛm. Ntɛm ara na mede kɔmputa hwehwɛɛ Sandra din ne ne kurow din yɛɛ nhwehwɛmu, na mibehuu telefon nɔma asia. Me ne Trina sii gyinae sɛ ɛyɛ papa sɛ Trina kasa wɔ telefon no so. Ɔfrɛ a ɛto so abiɛsa mu no, ɔbea bi kae sɛ Sandra yɛ ne nuabarima ba, na ɔde ne telefon nɔma mae.

Ɔfrɛ no ne Anwonwasɛm No

Bere a Trina frɛe no, ɔbea a ogyee so no ampɛ sɛ ɔbɛda ne ho adi. Awiei koraa no, Trina kaa no pen sɛ: “Wɔwoo me kunu wɔ Ketchikan, Alaska, wɔ August 1, 1966, na mepɛ sɛ mihu sɛ wone onipa a merehwehwɛ no no anaa.” Ɔbea no yɛɛ komm kyɛe, na afei, ɔde nne a ɛrepopow bisaa Trina din ne ne telefon nɔma kae sɛ ɔbɛfrɛ no akyiri yi. Mansusuw sɛ ɔbɛsan afrɛ ntɛm. Enti misii gyinae sɛ mɛkɔ akɔpɛ nneɛma a yehia wɔ sotɔɔ.

Bere a mesan bae no, na Trina rekasa wɔ telefon no so a na nusu ataataa no. Ɔde telefon no maa me. Ansa na me ne Maame bekyia yɛn ho akasa kakra no, Trina kaa no ntɛm so guu m’asom sɛ, “Na ɔpɛ wo ankasa.” Maame asɛm yɛɛ me mmɔbɔ bere a ofii ase sɛ ɔreka ne ho asɛm no. Mekae sɛ: “Mepɛ sɛ meda wo ase wɔ nkwa mu a wode me bae no ho. M’asetra ye, na mewɔ nneɛma a mihia nyinaa. Minyaa awofo a woye na wɔwɔ dɔ pii, na seesei mewɔ ɔyere pa ne mmabea baanu a wɔn ho yɛ fɛ. M’ani agye yiye.”

Ofii ase sui. Bere a yɛkɔɔ so kasae no, ɔka kyerɛɛ me sɛ wɔtoo no mmonnaa na onyinsɛnee, na wɔhyɛɛ no sɛ ɔmfa me mma obi; afei ɔka kyerɛɛ me sɛ ɛno akyi no, ɔwaree na bere bi akyi no, bere a na wɔayɛ no oprehyɛn ma ɔda ayaresabea no, ogya kum ne babea kumaa no ne ne maame. Ɔkae sɛ saa bere no ɔtee nka sɛ Onyankopɔn na wabɛfa adɔfo no kɔ de retwe n’aso wɔ ne babarima a ɔde no mae no ho. Ntɛm ara na mekae sɛ: “Dabi, Onyankopɔn nyɛ n’ade saa!” Ɔkae sɛ, onim saa seesei, efisɛ saa asiane no akyi no wafi ase “rehwehwɛ Bible mu nokware” na seesei ɔyɛ “Bible suani.”

Mifii ase susuw sɛ, ‘Eyi ntumi nyɛ nokware,’ bere a mibisae sɛ: “Henanom na wɔne wo sua ade?” Ɔyɛɛ komm bere tenten. Na afei ɔkae sɛ: “Yehowa Adansefo.” Ná me ho repopo araa ma mantumi ankasa. Awiei koraa no, bere a na meresu no, mebɔɔ mmɔden kae sɛ, “Me nso meyɛ Ɔdansefo saa ara.” Bere a mema emu daa hɔ yiye no, n’ani gyei kɛse. Na ɛyɛ nwonwa yiye!

Maame bɛyɛɛ Ɔdansefo wɔ 1975 mu, wɔ ne babea no wu akyi bere bi. Bere a ne kunu fii ase nyaa honhom fam nkɔso no, ɔkaa me ho asɛm kyerɛɛ no. Ɔkyekyee ne werɛ kae sɛ wɔbɛhwehwɛ me. Nanso, ankyɛ na onyaa kar akwanhyia wui, gyaw no mmofra nkumaa baasa a ɔbɛtete wɔn. Yɛde nnɔnhwerew pii kasae mpɛn pii wɔ ɛno akyi anwummere anwummere. Awiei koraa no, yesii gyinae sɛ yebehyia wɔ Phoenix, Arizona, wɔ February 1996 dapɛn a ɛto so abien no mu. Ná Maame adi kan ayɛ nhyehyɛe sɛ ɔne Kristoni bea bi bɛkɔ hɔ.

Nhyiam a Werɛ Remfi Da

Me ne Trina gyaw yɛn mma no wɔ fie wɔ saa akwantu yi mu. Bere a mifii wimhyɛn mu sii no, mihuu me maame, na awiei koraa no mitumi yɛɛ no atuu. Bere a yɛyɛɛ yɛn ho atuu no, ɔkae sɛ ɔde mfe 29 na atwɛn sɛ ɔbɛyɛ me atuu, na okuraa me mu kyɛe. Yenyaa nsrahwɛ a ɛyɛ anigye twitwaa mfonini dii nkɔmmɔ pii. Nanso, nea na ɛsen biara no ne Maame nkyɛn a metrae wɔ Ahenni Asa so wɔ Phoenix no! Yɛboom tiee asɛm, na yegyinaa faako na ɛtoo Ahenni nnwom no. Ɛyɛ anigyesɛm a me werɛ remfi da.

Wɔ April 1996 mu no, me nuabea Laura fi ne kurom Iowa bɛsraa yɛn. Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ yɛne no nyaa Kristofo fekubɔ! Me ne me nuanom mmarima baanu a mahu wɔn foforo no nso akasa wɔ telefon so. M’abusuafo a mahu wɔn no yɛ anigyesɛm, nanso biako a me ne wɔn ayɛ wɔ ɔdɔ mu wɔ Yehowa ahyehyɛde mu no yɛ akyɛde a yɛn Nyankopɔn, Yehowa, nkutoo na obetumi de ama.—Sɛnea Dana Folz ka kyerɛe.

[Kratafa 29 mfonini]

Me ne me maame a ɔwoo me

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena