‘Ɛsɛ sɛ Obiara a Ɔwɔ Asase so Kenkan Saa Nhoma Yi’
ƆKENKANFO bi a ofi Alabama, U.S.A., daa komam anisɔ a ɔwɔ ma Nyan! adi, na ɔkyerɛwee sɛ:
“Seesei ara na merekenkan Nyan! nsɛmma nhoma bi a aba atwam a wɔato din “Wodii Nkonim Kosii Owu Mu” (July 8, 1993) awie. Ná mintumi mfa nto hɔ. Na aba pii wom, nkontompo nnim, ɛma nimdeɛ.
“Misusuw sɛ ɛsɛ sɛ obiara a ɔwɔ asase so nya hokwan kenkan saa nhoma yi!”
Wotintim Nyan! wɔ kasa horow 78 mu de ma afoforo nimdeɛ. Emu nsɛm no fa nyamesom ne nyansahu, ɛne asetra, nkate, ne abusua mu nsɛm a nkurɔfo pii dwen ho ho.
Sɛ wopɛ sɛ wo nsa ka Nyan! anaasɛ wopɛ sɛ obi ba wo fie ne wo bɛbɔ Bible nkyerɛkyerɛ so mfaso ho nkɔmmɔ a, yɛsrɛ wo kyerɛw Watch Tower, Box 760, Accra, Ghana, anaa address a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 5 no mu nea ɛfata.