Hena Na Ɔde Abɔkɔn Bae?
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ GERMANY HƆ
WIASE nyinaa no, mmarima bɛyɛ ɔpepem 600 na wɔbɔ daa. Wɔ Germany no, mmarima dodow no ara wɔ abɔkɔn ahorow bɛyɛ 20. Mmarima pii de abufuw ka bere a wɔrebɔ abɔkɔn no sɛ: ‘Hena koraa na ɔde adwene yi bae?’ Ɛhe na abɔkɔn fi bae?
Kurow bi a ɛwɔ Belgium, Steenkerke, hyɛ wɔn ho anuonyam sɛ wɔn na wɔde abɔkɔn “bae.” Wɔ 1692 mu no, Engiresi asraafo kɔtow hyɛɛ Fransefo dɔm a na wɔabɛsoɛ hɔ no so mpofirim. Sɛnea Germany atesɛm krataa Frankfurter Allgemeine Sonntagszeitung kyerɛ no, “na [France] asraafo mpanyimfo no nni bere a wɔde besiesie wɔn ho yiye. Nanso na wɔde wɔn ataade duku no kyekyere wɔn kɔn ahoɔhare so bere a wɔde ano pɔw no wurawura wɔn ntade pɔtwom tokuro mu de kyekyere wɔn kɔn no. Aha! abɔkɔn mfiase ankasa ne no.”
Nanso, asraafo ahosiesie foforo yi nyɛ nea na wɔnyɛɛ bi da. Wɔn a wonim abɔkɔn ho abakɔsɛm yiye no ka sɛ wɔ mfeha a abɛsen kɔ mu no, na Chinafo hempɔn Cheng (Shih Huang Ti) asraafo de ntama a ɛte sɛ duku bɔ wɔn kɔn mu de kyerɛ wɔn dibea.
Nanso, gyama nea na agye din yiye ne duku a na Croatiafo a wɔko ma Franse Hene Louis XIV bɔ no. Bere a wɔrebɔ nkonim ho nsra bi wɔ Paris no, Croatiafo duku horow no yɛɛ Fransefo no fɛ ara ma wɔtoo din cravates, a efi Croatni Cravate din mu, na wɔn nso fii ase bɔɔ duku no. Sɛnea atesɛm krataa a yɛabɔ din dedaw kyerɛ no, “efi saa bere no, wonnyaee abɔkɔnbɔ, ɛwom sɛ Steenkerke asraafo na wodii kan de duku yɛɛ abɔkɔn a wɔabɔ no pɔw de.”
Wɔ France ɔman anidan (1789-99) no mu no, na ɔbarima biara de ne “croat,” anaa duku kɔla a ɔde abɔ ne kɔn mu na ɛkyerɛ amammui ko a ɔpɛ. Wɔ afeha a ɛto so 19 mu no, Europafo a wɔn ani gye ahosiesie ho yiye no “fii ase” de siesiee wɔn ho. Ɛyɛ saa bere no na wɔpagyaa cravat anuonyam so fi asraafo ne amammuifo mu kɔkaa mmarima pii ntade ho. Ɛnnɛ, ɛnyɛ sɛ wogye abɔkɔn tom wɔ mmeae horow pii wɔ wiase nyinaa nko; wɔ mmeae bi mpo no, ɛyɛ nhyɛ.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 31]
Tete ntaade a wɔatwa no mfonini/Dover Publications, Inc., New York