Wiase Nsɛm
Dɛn na Ɛde Anigye Ba?
Sɛnea nhwehwɛmu bi a wɔkaa ho asɛm wɔ The Daily Telegraph a ɛwɔ London mu kyerɛ no, ɛwom sɛ Britaniafo wɔ apɔwmuden ne ahoɔden sen mfe 25 a atwam ni no de, nanso wonni anigye kɛse. Bere a nnipa asetra ho nimdefo bi a ofi Amerika regye nea wohu yi a ɛne Asetra Mu Nsɛm a efi Nkontaabu Asoɛe Kɛse no hɔ atom no, osii so dua sɛ, anigye ankasa fi “asetra mu atirimpɔw” a “botae pa akyidi” ka ho mu na ɛba. Bere a New Zealand nhwehwɛmufo baanu bisabisaa nnipa bɛyɛ 400 nsɛm wiei no, wɔkaa saa ara—sɛ nnipa dodow no ara bu anigye sɛ nea efi “hu a wohu sɛ nhyehyɛe pa wɔ wɔn asetra mu no.” Ɛda adi kɛse sɛ awarefo ne wɔn a wɔwɔ nyamesom mu gyidi a emu yɛ den betumi ate abotɔyam nka. Esiane sɛ aware ne nyamesom mu gyidi resɛe wɔ Britania nti, atesɛm krataa no de baa awiei sɛ “sɛ́ ɔman no, yɛn anigye bɛkɔ so akɔ fam ara.”
DNA ne Ɛpo a Awu Nhoma Mmobɔwee No
Wofii Ɛpo a Awu Nhoma Mmobɔwee no asekyerɛ ase bere a wohui wɔ Yuda anhweatam so wɔ 1947 mu akyi pɛɛ. Ɛde besi nnɛ no, wɔakyerɛ nhoma mmobɔwee no bɛyɛ 15 ase. Nea aka bɛyɛ sɛ nketenkete asinasin 10,000 a efi nhoma mmobɔwee ɔhaha pii mu. Ayɛ den sɛ wɔbɛkeka asinasin no abom. Anoano no asuw dodo ma, wontumi nkeka nsisi anim, na esiane sɛ esin biara kura nkyerɛwde kakraa bi nti, wontumi nkeka mmom mma ntease mma mu. Mprempren, sɛnea International Herald Tribune no ka no, abɔde mu nyansahu bɛboa. Ɔkwan bɛn so? Wɔkyerɛw nsɛm no guu mmoa nhoma so, enti wɔnam DNA so betumi ahu mmoa akuw pɔtee a esin biara fi mu anaa aboa pɔtee a efi ne mu. Nhomanimfo wɔ anidaso sɛ, eyi bɛma ayɛ mmerɛw sɛ wɔbɛhyehyɛ akuwakuw asinasin no na wɔde atoto ho.
Mmusua a Asɛe Wɔ Mmeae Pii
The New York Times reka nnansa yi amanneɛbɔ bi ho asɛm no, ɛkae sɛ: “Wiase nyinaa no, abusua asetra nhyehyɛe resakra yiye wɔ aman a edi yiye ne wɔn a wodi hia nyinaa mu. Ɛnyɛ nnipakuw bi anaa ɔman bi nkutoo na abusua mu basabasayɛ ka wɔn.” Amanneɛbɔ a egyina nhwehwɛmu a Aman mu Nnipa Bagua yɛe so wɔ aman pii mu no twe adwene si nneɛma te sɛ, awaregyae ne ɛnanom a wonnyee wɔn aware a ɛredɔɔso. Nhwehwɛmu no kyerɛwfo biako, Judith Bruce, ka sɛ: “Adwene a ɛne sɛ, abusua no yɛ ahyehyɛde bi a ase atim na biakoyɛ wom a agya no na ɔde sika ma na ɛna no nso hwɛ wɔn wɔ nkate fam no nyɛ nokware.” Aware a wogu denam ntetewmu, abusua no a wɔnhwɛ wɔn, anaa awaregyae so no renya nkɔanim ntɛmntɛm na ɛkame ayɛ sɛ ɛnanom a wonnyee wɔn aware nso abu so baabiara. Sɛ nhwɛso no, wɔn a wɔwo wɔ Europa Kusuu Fam nyinaa no mu nkyem abiɛsa mu biako yɛ ɛnanom a wonnyee wɔn aware. Nhwehwɛmufo twe adwene si “mmea ahofadi,” a wɔn sikasɛm tebea ne ɔfã kɛse a worenya wɔ adwumayɛ mu a ɛreyɛ kɛse no so, sɛ ɛne ade titiriw a ɛde nsakrae ahorow pii aba abusua no mu. Beae a nea ɛrekɔ so yi da nsow ne Japan, faako a ɛnanom a wonnyee wɔn aware ne awofo a wonni ahokafo mmusua da so ara yɛ nea wɔntaa nhu. Nanso agyanom a wɔagyae aware no mu baanan biara mu baasa ntua sika a wɔde hwɛ wɔn mma no.
Agyanom Bɔne Ahorow
Israel Asoɛe a Ɛhwɛ Nyamesom Ho Nsɛm so no agye atom sɛ wɔde Yudafo mpempem pii a wobu wɔn sɛ wɔn ho yɛ hu a wɔabara wɔn sɛ wɔnnware Yudafo foforo, esiane sɛ wɔyɛ aware a wɔbara mu mma nti din sie. Wɔn a wɔayɛ aware nhyehyɛe no bi kyerɛ sɛ, bere a wɔn ayeforohyia ho nhyehyɛe rebɛn n’awiei no nkutoo na wohu eyi. Ortodɔks rabifo na wosi gyinae a etwa to. Times Union a ɛwɔ Albany, New York, no bɔ amanneɛ sɛ, bere a Shoshana Hadad ne Masoud Cohen bɔɔ mmɔden sɛ wɔde wɔn ba a wadi mfe anan no din rekɔhyɛ aban kyerɛwtohɔ mu wɔ Asoɛe a Ɛhwɛ Ɔman no mu nsɛm so no, wohui sɛ wɔatwa wɔn 1982 aware no mu, “esiane bɔne bi a ɔbea no abusuafo yɛɛ bɛyɛ mfe 2,500 a atwam ni no nti.” Ɛde ka ho sɛ: “Atemmu no gyina tete atesɛm bi so. Rabifo gye di sɛ Hadad nana bi a ɔtraa ase tete no . . . waree obi a na wagyaa no aware wɔ bɛyɛ 580 Y.B. mu.” Efi saa bere no, wɔmmaa obiara a ofi Hadad abusua no mu hokwan sɛ ɔnware obiara a wɔfrɛ no Cohen. Wobu Cohenfo no sɛ tete asɔrefi asɔfo no asefo ma enti ɛsɛ sɛ wodi mmara titiriw bi so. Shoshana bisa sɛ: “Sɛ me nanabarima bi yɛɛ biribi wɔ Asɔrefi a Edi Kan no mmere so a, so ɛsɛ sɛ yehu ho amane de besi nnɛ?” Asoɛe a Ɛhwɛ Nyamesom Ho Nsɛm so no ka sɛ, wobetumi abɔ awarefo no sobo wɔ nsɛmmɔnedi ho wɔ asennibea wɔ kyerɛ a wɔankyerɛ sɛ wɔadaadaa rabi no a ɔkaa wɔn boom wɔ aware mu no.
Nea Ɛreba: Asia Man a Edi Kan a Kwae Nni Mu
Amanaman Nkabom Nkɔsodwuma Asoɛe (UNDP) bɔ kɔkɔ sɛ, ɛrenkyɛ Philippinefo kwae bɛsa koraa. “Nnipa a wɔkɔ so dɔɔso ne nnua a wotwa no basabasa a wonnua bi nsi ananmu” resɛe nsase a nnua wɔ so a ɛwɔ Philippines no. Ansa na wiase nyinaa ko a ɛto so abien reba no, na ɔman no ɔha mu nkyekyem 60 kosi 70 yɛ kwae. Ɛnnɛ, ɔha mu nkyekyem 15 pɛ na ɛyɛ kwae. UNDP nsɛmma nhoma, Update, bɔ amanneɛ sɛ: “Ebedu afe 2000 no, Philippines bɛyɛ Asia man a edi kan a ne nsase a kwae ne nnua wɔ so nyinaa bɛsa.”
“Wɔahyira Yehowa Adansefo”
Sɛnea ɛte wɔ aman pii mu no, mogya ho aniwusɛm asɔre wɔ Italy. Wɔkyerɛ sɛ wɔkyekyɛɛ mogya lita mpempem pii maa mmeae a wɔma mogya, a wɔanhwehwɛ mu ahe biara anaa wɔammɔ ho ban sɛnea ɛsɛ, ma enti ama nnipa mpempem pii aba asiane a ɛne sɛ wobetumi anya nyarewa te sɛ AIDS ne mmerɛbo mu yare mu. Ɔreka tebea a ɛyɛ ahobow a ɛne sɛ wobu mfaso a wobenya no sen akwahosan ho asɛm no, Italiafo atesɛm krataa Il Manifesto no samufo, Luigi Pintor, de nsɛm yi na efii n’asɛm a ɔkyerɛwee no ase: “Wɔahyira Yehowa Adansefo, a . . . esiane nyamesom mu ntease ahorow nti wonnye mogya no. Bere a wɔkenkan atesɛm nkrataa saa mmere yi no, wɔn nkutoo ne nkurɔfo a ɛho renhia sɛ wɔhaw wɔn ho wɔ nea ɛrekɔ so . . . wɔ mogya ho nnwuma, ne ayaresabea ahorow a wɔtɔn mogya na wɔde mogya mu ade nsunsu ne emu nneɛma foforo ma wɔn mfɛfo nnipa mu no ho.”
Ɔsono Nya Ɔhosiesiefo
Asono a wɔwɔ India kesee fam mantam a ɛne Kerala mu, taa de wɔn asonse atenten no soa nneɛma a emu yɛ duru. Nanso wɔde asono no pii di dwuma wɔ asɔrefi mu aperɛntentu ne nyamesom afahyɛ ahorow ase. Ansa na saa afahyɛ ahorow yi bedu so no, ɛnyɛ sɛ ɔhosiesiefo a wotua no ka besiesie ne ho nko, na mmom ɔbɛtwerɛtwerɛw asonse no ho ma ɛyɛ ketewa. Onipa biako pɛ a ɔyɛ saa adwuma a ne yɛ nna fam yi wɔ Kerala, P. K. Sasidharan, suaa eyi fii ne nanabarima nkyɛn. Ɔyɛ dɛn hu dodow a ɛsɛ sɛ ɔtwerɛtwerɛw? Ne nhwɛsode—a egyina ɔsono no tenten, ne kɛse, ne sɛnea ne honamdua te so—no yɛ abusua no ahintasɛm a wɔakora so yiye. Sɛ aboa no ma ho kwan a, dwumadi no gye bɛyɛ nnɔnhwerew abiɛsa, nanso ebetumi agye bere tenten wɔ ɔsono a ɔyɛ basabasa na ne ho yɛ hu ho. Ahosiesie no akyi no, ehia sɛ wɔtwerɛtwerɛw ɔsono a wɔde no yɛ adwuma se mfe abien biara, na ama ne tenten no ayɛ nea ɛfata ma nneɛma soa.
Mmofra a Akodi Di Wɔn Awu
Mmere bi no, na wɔn a ɔko ahorow di wɔn awu titiriw ne asraafo. Nanso ɛnte saa bio. Wɔ mfe du a atwam mu no, ɔko ahorow ama mmofra pii adi dɛm na wɔawuwu sen asraafo. Amanneɛbɔ a efi Amanaman Nkabom Mmofra Yiyedi Foto a ɛne The State of the World’s Children 1995 ka sɛ, mmofra bɛyɛ ɔpepem abien awu wɔ ɔko ahorow mu wɔ mfe du a atwam no mu. Mmofra foforo ɔpepem 4 kosi 5 a aka no nso apirapira, wɔapia bɛboro ɔpepem 5 akogu aguanfo atrae, na bɛboro ɔpepem 12 nni afie a wɔte mu. Amanneɛbɔ no ka sɛ: “Eyi yɛ akontaabu a ɛyɛ aniwu. Na ɛmma daakye awo ntoatoaso nnya anidaso pa ne wɔn mmɔden a wɔbɔ sɛ wobenya dwoodwoo asetra ne biakoyɛ no nso.”
Kaperɛ a Ɛnsom Bo
Ɔkasamafo ma beae a wɔyɛ dwetɛbona wɔ Britania Adehye Sika Twabea no kae sɛ: “Nnansa yi, nnipa pii nnyina hɔ mpo mfa kaperɛ wɔ fam.” Nanso ɛnyɛ Britania nko. Wɔ United States no, da biara nkaperɛ pii yera anaa wɔtow gu ma enti ɛresa wɔ sikakorabea ahorow no. Nnansa yi ara, Key Sikakorabea a ɛwɔ New York kae sɛ ɛbɛma obiara a ɔde nkaprɛ 50 ba no sika sɛnt 55. Esiane eyi nti, wonyaa ɔpepem anum wɔ nnawɔtwe abien mu. The Sunday Times a ɛwɔ London no bɔ amanneɛ sɛ, wonya sika nketenkete $1,000 daa wɔ sumina kɛse bi a ɛwɔ Massachusetts mu—mpɛn pii no ɛyɛ nkaperɛ—denam nsõ no mu a wɔhwehwɛ so.
Anidaso Ma Wɔn a Wonya Komayare
Oduruyɛfo Peter Liu, koma ho nhwehwɛmufo panyin wɔ Toronto Ayaresabea, kyerɛ sɛ: “Bere bi a atwam no na wosusuw sɛ, ɔkwan biara so, koma no begyae bɔ bere a koma no apira kɛse, nanso wobetumi asiesie denam apɔw mu teɛteɛ so.” The Globe and Mail bɔ amanneɛ sɛ, bere a wɔde akisi yɛɛ nhwehwɛmu ma ɛyɛɛ yiye akyi no, Ayaresabea no Fã a Ɛhwɛ Adwuma a Koma Yɛ so no maa wɔn a wɔwɔ komayare no “nantew nkakrankakra twaa kwan a ɛware da biara.” “Nea efi mu bae mfiase no kyerɛ sɛ, nantew a wɔnantew bɛyɛ kilomita biako da biara no betumi ama nnipa no koma a ɛregyae bɔ ‘anya ahoɔden.’” Nanso Oduruyɛfo Liu kae sɛ, ɛnyɛ sɛ nantew no yɛ denneennen dodow, na ɛsɛ sɛ wɔma obi hwɛ nantew no so.