Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 10/8 kr. 28-29
  • Wiase Nsɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Nsɛm
  • Nyan!—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti a Mmofra Nom Nnubɔne
  • Ahude Ho Anigye a Wɔkyerɛ
  • Nsa a Wɔhohoro no Yiye
  • Tebea Bɔne a Ahiafo Wom
  • Ɔhaw a Sukuu mu Asanom Bebrebe De Aba
  • Britania Nsase a Awuduru Wom
  • Wɔayɛ Nkanea a Wɔde Gyina Mfiri Ama Mmoa?
  • Romania Nyisaa a Wɔwɔ AIDS
  • Anidaso Foforo ma Awarefo a Wontumi Nwo?
  • Hohoro Wo Nsa na Popa Ho!
    Nyan!—1998
  • Mmofra Wɔ Ahokyere Mu
    Nyan!—1993
  • Nnuru—Hena na Ɔde Di Dwuma?
    Nyan!—2001
  • AIDS—Nea Ayɛ Mmofra A Ɛyɛ Awerɛhow
    Nyan!—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 10/8 kr. 28-29

Wiase Nsɛm

Nea Enti a Mmofra Nom Nnubɔne

“Dɛn na yebetumi ayɛ na yɛn mma annom nnubɔne ne mmosa, na dɛn nti na ɛyɛ mmerɛw ma mmofra bi sɛ ‘wɔbɛka sɛ dabi’ sen afoforo?” Wobisaa saa nsɛm no nnansa yi wɔ Parents nsɛmma nhoma no mu, nea ehuu nneɛma bi a ebetumi ayɛ mmuae no wɔ Arizona Sukuupɔn a ɛwɔ U.S.A., nhwehwɛmufo nhwehwɛmu bi mu. Wɔnam nhwehwɛmu no so bisabisaa mmofra bɛyɛ 1,200 a wɔwɔ wɔn sukuu afe a ɛto so asia ne ason no mu nsɛm, na wɔtwee adwene sii nneɛma du a wosusuw sɛ ebetumi ama mmofra de nnuru adi dwuma ɔkwammɔne so na wɔabow nsa so. Nneɛma atitiriw abien a wɔkyerɛ sɛ ebetumi ama wɔayɛ saa ne “atipɛnfo nhyɛso a wɔma enya wɔn so tumi ne wɔ a wɔwɔ nnamfo a wɔnom nsa ne nnubɔne.” Nea ɛne eyi bɔ abira no, nhwehwɛmu no daa no adi sɛ nhomasua mu mmɔdenbɔ betumi asiw ano—efisɛ ebia ɛma obu a wɔwɔ ma wɔn ho no nya nkɔanim na ɛntaa mma wɔmfa wɔn a wɔde nnuru di dwuma ɔkwammɔne so nnamfo.

Ahude Ho Anigye a Wɔkyerɛ

Canada The Globe and Mail bɔ amanneɛ sɛ: “Ahude hwɛ aka mmofra hɔ.” Atesɛm krataa no ka sɛ “mmofra a wɔreyɛ adu mpanyin mfe so de ahude ho nkratasin, aseresɛm nhoma, mfonini, sini ne nnwom mpo mema wɔn ho wɔn ho.” Nea ɛbɛyɛ na nhoma tintimfo bi ama wɔanya saa nhoma a wɔpɛ n’akenkan ma ɛyɛ nwonwa no akenkan no, ɔmaa ahude ho nhoma a wɔyɛ ma mmofra a otintim no dodow kɔɔ anim fi anan wɔ afe biara mu koduu biako ɔsram biara. Afoforo tintim ahude ho nhoma abien ɔsram biara. Dɛn nti na wɔkyerɛ ahude ho anigye saa? Sɛnea nhoma kyerɛwfo Shawn Ryan kyerɛ no, “sɛ yɛhwɛ abakɔsɛm mu a, wɔkyerɛ ahude ho anigye kɛse bere a wɔayɛ mmerɛw na wonni anigye no.” Sɛnea The Globe kyerɛ no, Owura Ryan kae sɛ: “Ɛda adi sɛ wɔ afe apem ahankron aduɔkron mfe yi mu no, ɛda adi sɛ yɛn ani nsɔ nniso horow, yenni anigye na nsɛmmɔnedi ho hu aka yɛn. Eyi ne bere a ahude boa yiye.”

Nsa a Wɔhohoro no Yiye

The Toronto Star bɔ amanneɛ sɛ nnuruyɛfo ka sɛ adeyɛ a ɛnyɛ den a ɛne wo nsa a wobɛhohoro daa no “boa ma wukunkum ɔyare mmoawa a wɔde ɔpakum, influensa, menewam kuru, ayamkeka, ne nyarewa a emu yɛ den kɛse ba no.” Atesɛm krataa no de ka ho sɛ: “Nhwehwɛmu a . . . nsanyare ho duruyɛfo, Julio Soto, a ɔwɔ Montreal yɛe no kyerɛ sɛ nsa a wɔhohoro no yiye betumi ama nsanyare a ɔyare mmoawa de ba so atew kɛse—nyarewa a ɛmma obi ntumi nhome yiye so bɛtew bɛyɛ ɔha biara mu 54, na ayamtu so atew ɔha biara mu 72.” Canada Mmofra Nyarewa Ho Nnuruyɛfo Kuw ka sɛ obi nsa a ɔbɛhohoro no yiye kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔde ne nsa hyɛ nsu a wabue ase, ɔde samina twitwiw ho kosi sɛ ɔbɛkan 30 awie, na ɔde hyɛ nsu a wabue ase ma ɛhohoro ho kosi sɛ ɔbɛkan 5 awie, na awiei koraa no, ɔde mpopaho a ani tew a afoforo mfa mpopaa wɔn nsa anaa krataa mpopaho apopa ho anaa ɔde hyɛ afiri a ɛma nsa ho wo ase. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ nnuan ho adwuma wɔ adidibea, wɔtoto mogya nam tɔn, ne aguadidan mu mmeae a wɔtontɔn nnuan titiriw ma wɔn ani ku wɔn nsa a wɔbɛhohoro no ho yiye.

Tebea Bɔne a Ahiafo Wom

Sɛnea Wiase Nhyiam ma Asetra Nkɔso, nhyiam a UN yɛe nnansa yi wɔ Copenhagen, Denmark, kyerɛ no, ahiafo a wɔtete nkuraase wɔ wiase nyinaa no hyia ahokyere. Wɔkae wɔ nhyiam no ase sɛ nnipa bɛboro ɔpepepem biako di hia buruburoo, na wɔn mu bɛboro fã da kɔm da biara. Adwuma a wonnya nyɛ ka ho bi na ɔhaw no aba. Nnipa a wɔnyɛ adwuma anaa wonni adwuma a wɔyɛ no daa ho akontaabu kyerɛ sɛ wɔn dodow akɔ soro adu ɔpepem 800. Wɔka ne nyinaa bom a, wiase no mu nnipa a wɔaso adwumayɛ mu bɛyɛ ɔha biara mu 30 nni adwuma pa a wɔyɛ. Nnipa ɔpepepem 1.1 kosi ɔpepepem 1.3 gye da koro akatua a ennu (U.S.) dɔla biako. Nnipa bɛyɛ ɔpepem 905 na mprempren wonnim akenkan ne akyerɛw a ɛda adi sɛ ɛno na ɛma ɔhaw no mu yɛ den no. Wɔn a wonnim akenkan ne akyerɛw no dodow so nhuan ntɛmntɛm; mmofra ɔpepem 130 nkɔ sukuu ɛwom sɛ wɔaso sukuukɔ de, na wɔhwɛ kwan sɛ ebedu afe 2000 no, na wɔn dodow akɔ soro akodu ɔpepem 144.

Ɔhaw a Sukuu mu Asanom Bebrebe De Aba

Sɛnea U.S. News & World Report kyerɛ no, nsa a kɔlegefo nom no bebree no ma wohyia ɔhaw kɛse nnansa yi—wɔ wɔn a wɔmfa wɔn ho nhyɛ asanom bebrebe mu mpo mu. Bere a nsɛmma nhoma no reka nea efii nhwehwɛmu a wɔyɛe wɔ kɔlege 140 mu bae a wotintim wɔ The Journal of the American Medical Association mu ho asɛm tiawa no, ɛkae sɛ kɔlegefo a wobisabisaa wɔn nsɛm no ɔha biara mu 44 de wɔn ho hyɛ asanom bebrebe mu—kyerɛ sɛ, wɔ adapɛn abien a na atwam no mu bere bi mu no, na mmarima no anom mpɛn anum atoatoa so, na na mmea no anom mpɛn anan. Na wɔn mu ɔha biara mu dunkron de wɔn ho hyɛ asanom bebrebe mu; anyɛ yiye koraa no na wɔanom nsa pii mprɛnsa wɔ bere koro no ara mu. Wɔn mu dodow no ara tee nea obi betumi ahwɛ kwan sɛ ebefi mu aba no nka—wɔyɛɛ bosaa, wɔne afoforo dedae mpofirim, wɔtoo sukuu mu, wopirapirae, wɔsɛee nneɛma, ne ade. Na sukuufo a wɔaka no nso huu amane. Wɔ sukuu ahorow a sukuufo no pii de wɔn ho hyɛ asanom bebrebe mu mu no, na ɛsɛ sɛ wɔn mu 10 biara mu 9 di ɔhaw a afoforo asanom bebrebe de ba no bi ho dwuma, te sɛ pɛ a wɔpɛ sɛ wɔne wɔn da, nneɛma a wɔsɛe no, sɛe a wɔsɛe wɔn nna, ne ɔyaw a wɔde gu wɔn anim ase.

Britania Nsase a Awuduru Wom

New Scientist nsɛmma nhoma bɔɔ amanneɛ nnansa yi sɛ Britania Ahobammɔ Asoɛe gye toom sɛ ɛwɔ nsase dodow bi a akode mu afide asɛe no araa ma wontumi ntɔn saa agyapade no da. Asoɛe no wɔ nsase 3,400 wɔ Britania, a ne trɛw yɛ hekta 242,000. Wɔde eyi mu nkyem abiɛsa mu abien tete asraafo na wosua atuo tow wɔ hɔ. Esiane sɛ wɔatew sraadi ho sika so nti, ahyɛ Asoɛe no ma wɔpɛ sɛ wɔtɔn nsase yi bi, nanso ɛda adi sɛ wonnim sɛnea agyapade no pii asɛe kɛse ma enti nnipa ntumi ntra so. Anyɛ yiye koraa no, wosusuw sɛ nnuru a bere bi wɔde kekaa asraafo mfiri bi ne nnwinnade ho no mu afide bi asɛe nsase no awotwe. Aboba a antow a ɛyɛ hu wɔ mmeae a wosua atuotow no pii. Na anyɛ yiye koraa no, wogye di sɛ Wiase Ko I mu aboba a mframa bɔne bi wom a wɔamfa ɔkwan pa so antow angu wɔ 1918 mu wɔ asase no biako so.

Wɔayɛ Nkanea a Wɔde Gyina Mfiri Ama Mmoa?

Efi bere tenten no, mmoa a wotwa lɔre akwan mu ayɛ asiane ama afirikafo ne mmoa nyinaa. Fransefo abɔde ho nsɛmma nhoma Terre Sauvage bɔ amanneɛ sɛ akwanhyia pii a mmoa a wotwa lɔre akwan a ɛnam kwae mu ma esisi nti, Fransefo Ɔman Kwae Ho Dwumadibea no mfiri ho nimdefo ahu anwonwade bi. Sɛ kanea kɔkɔɔ sɔ a, mmoa gyina! Nhwehwɛmu ahorow akyerɛ sɛ sɛnea kanea kɔkɔɔ sɔ mpɛn pii no tumi ma mmoa dwori bere tiaa bi. Mprempren wɔasisi nneɛma akɔkɔɔ a lɔre a ɛreba anim akanea ma ɛhyerɛn wɔ lɔre akwan a ɛnam Franse kwae mu ho, nanso sɛ anka ɛbɛma ahyerɛn ato afirikafo no so no, ɛhyerɛn gu kwae no mu. Seesei mmoa no twɛn kosi sɛ akanea no bedum ansa na wɔahuruw asi kwan no mu.

Romania Nyisaa a Wɔwɔ AIDS

Reuters nsɛm ho amanneɛbɔ sɛnkyerɛwfo Roxana Dascalu kyerɛw sɛ wɔ Romania no, nnipa a wɔwɔ HIV a ɛma obi nya AIDS no mu ɔha biara mu 93 yɛ mmofra a wonnii mfe 12. Ɔka sɛ faako a mmofra a wɔwɔ HIV wɔ paa wɔ Europa ne hyɛn gyinabea kurow Constantsa mu, baabi a saa mmofra no mu 1,200 te na wɔn mu 420 awu dedaw no. Wɔkyerɛe sɛ mogya a wɔde ma ne mpaane a na wɔnnoa ho ansa na kan nniso no gui wɔ 1989 mu no na ɛmaa ɔyare no yɛɛ mmofra yi mu bɛyɛ fã. Hyɛn mu adwumayɛfo ahiafo na wɔtɔn mogya a AIDS wom no dodow ara, na wɔde kɔɔ ayaresabea ne mmeae a wɔhwɛ nyisaa tẽẽ. Amanneɛbɔ no ka sɛ wɔ ayaresabea a wɔhwɛ mmofra a wɔwɔ HIV no bi no, nkonimdi “nnyina mmofra dodow a wotumi kɔ so tra nkwa mu no so, na mmom sɛnea wɔyɛ wɔn ade wɔ wɔn nkwa nna awiei ne sɛnea wogyina owu ano no so.” Ayaresabea dwumayɛni bi ka sɛ: “Yɛmma mmofra no nwu sɛ ankonam wɔ wɔn mpa mu. Ɔyarehwɛfo bi ma wɔn so to ne nsa so, ɔtra odonko akongua yi so na ɔtow wɔn odonko.”

Anidaso Foforo ma Awarefo a Wontumi Nwo?

France nsɛm ho amanneɛbɔ adwuma France-Presse bɔ amanneɛ sɛ aduyɛ bi reboa awarefo a wontumi nwo no ma wɔatumi awo. Aduyɛ yi a wofii ase wɔ Denmark no yɛ ahwehwɛ paane fɛfɛ bi a wɔde fa ɔbarima no nkwaboaa biako pɛ de hyɛ mmadwoa mu wɔ ɔbea no mu. Ɛwom sɛ adeyɛ no gye ahwɛyiye ne ahokokwaw kɛse (nkwaboaa biako yɛ milimita biako mu nkyem apem mu abien pɛ; na badwoa biako yɛ milimita biako mu nkyem du mu biako) de, nanso adeyɛ no atumi ayɛ yiye. Ɛso mfaso foforo ne sɛ adeyɛ no kɔ so wɔ ɔbea no nipadua mu, na wɔde ne kunu nkwaboaa na edi dwuma na ɛnyɛ obi a wonnim no de—ma enti wɔkwati abrabɔ ne ɔsom mu nsɛm a ɛkanyan nkate kɛse no. Esiane sɛ nkwaboaa a onni ahoɔden na ɛmma awarefo a wontumi nwo mu nkyem abiɛsa mu biako nwo nti, oduruyɛfo bi a ɔyɛ ade yi te nka sɛ awarefo pii betumi anya anidaso foforo sɛ seesei wobenya abusua.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena