Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 9/8 kr. 6-7
  • 1945-1995—Mfe 50 a Nkɔanim Aba?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 1945-1995—Mfe 50 a Nkɔanim Aba?
  • Nyan!—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Honam Fam Nneɛma Mu Nkɔanim
  • Mmea—Saa Bere no ne Nnɛ
  • Nnipa Pii Atutradi De Nsɛnnennen Ba
  • Nea Ɛrekɔ so ne Nea Ɛbɛba Daakye Wɔ Afrika Aman Bi Mu
  • Dɛn Nti Na Afrika Ntumi Nhwɛ Ne Ho Wɔ Aduan Fam?
    Nyan!—1987
  • Na Wiase Te Dɛn Mfe 50 a Atwam Ni?
    Nyan!—1995
  • Dɛn Nti Na Asetra-Mu-Ayɛ Den?
    Nyan!—1989
  • Asese Nkurow​—Ahokyere Bere wɔ Nkurow Akɛse mu Ahiafo Atrae
    Nyan!—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 9/8 kr. 6-7

1945-1995—Mfe 50 a Nkɔanim Aba?

WOAHU nkɔso bi wɔ w’asetram wɔ mfe 50 a atwam yi mu?a Susuw aduruyɛ ho. Wɔ aman bi te sɛ Britania, Canada, Cuba, ne Sweden no, aban mmoa ne aban ayaresa mmoa nhyehyɛe a ɛka ho no a wofii ase no ma etumi yɛɛ yiye sɛ ɛmfa ho ayarefo sikasɛm tebea no, obiara benya oduruyɛfo ma wahwɛ no, na wanya ayaresabea a ɔbɛkɔ.

Aman a wonnyaa nkɔso pii no bi mpo atumi ayɛ ayaresa ho nhyehyɛe pa ama wɔn manfo. JAMA (The Journal of the American Medical Association) gye toom sɛ “aman a wonnyaa nkɔso pii no bi akwahosan asoɛe atumi ayɛ ama obiara tumi nya ayaresa a ɛsɛ a wɔn man no tumi tua ho ka. . . . Wɔanya nkɔanim kɛse ma wɔatumi atew nkokoa ne mmofra wu so wɔ China, Costa Rica, Sri Lanka, ne India mantam Kerala mu.”

Honam Fam Nneɛma Mu Nkɔanim

Sɛ yɛde 1945 sikasɛm tebea no toto 1995 de ho a, nnipa pii di yiye sen saa bere no. Seesei, nnipa pii a mfe 50 a atwam ni no anka wontumi ntɔ afɛfɛde no wɔ kar, TV, video, CD apaawa, fridge, telefon a wotumi de kura kɔ baabiara, ne ɛnnɛ asetra mu nneɛma foforo. Ebia woka saa nnipa ɔpepem pii no ho.

Sɛnea nhoma a ɛwɔ afã horow a ɛne A History of Private Life no akyerɛwfo kyerɛkyerɛ mu no, “Wiase Ko II no akyi mfe aduasa no, France [ne Europa atɔe fam aman foforo] nyaa sikasɛm mu nkɔso ntɛmntɛm, a ɛmfa ho sɛ anyi nnipa mu nyiyim amfi hɔ no, ɛde yiyedi brɛɛ nnipa a wɔwɔ gyinabea ahorow nyinaa mu. Bere a obiara wɔ ofie a ‘ɛfata,’ kar a ‘ne bo nyɛ den pii,’ ne television, ɛna afei mfaso foforo a aba a ɛne aban mmoa ne nnɛyi ayaresa no, sɛ wantumi annya paradise wɔ asase so mpo a, anyɛ yiye koraa no, obenya asetra a ɛsɛ.”

Nanso, asɛm no ne sɛ, Honam fam nneɛma pii no kyerɛ sɛ nnipa anya nkɔanim wɔ biribiara mu? Honam fam nneɛma pii a wonya no kyerɛ ankasa sɛ asetra rekɔ so yiye anaa ayɛ dwoodwoo? Bere a ebinom anya ahode pii no, ahiafo pii da so ara di hia. Ɛno ma ɛyɛ mmerɛw sɛ korɔnbɔ, dwowtwa, apoobɔ, ne amumɔyɛde afoforo bɛkɔ so. Onnibiefo no bi asi nketekrakye sɛ wobenya wɔn ho—ɔkwan biara so. Sɛ nhwɛso no, wɔ New York City no, wowia kar bɛboro 100,000 afe biara. Honam fam mfaso mfa dwoodwoo asetra mma.

Wɔanya nkɔanim wɔ nneɛma foforo mu, ɛwom sɛ ɛnyɛ sɛnea anka ebinom pɛ no de.

Mmea—Saa Bere no ne Nnɛ

Wiase Ko II no hyɛɛ mmea binom dwumadi foforo no mu den. Nea na akokwaw wɔn mu pii ne sɛ wɔbɛhwɛ mmofra ne fie bere a na wɔn kununom hwehwɛ wɔn ano aduan no. Wiase ko a ɛto so abien no maa eyi nyinaa sesae. Wɔde mmarima kɔɔ ako, na bere a wɔn yerenom ani baa wɔn ho so no, na wɔreyɛ adwuma wɔ mmeae a wɔyɛ akode anaa nnwuma a wɔn kununom gyaw hɔ kɔe no. Nnansa yi ara, ebinom akɔyɛ asraafo asua nnipakum. Mmea ɔpepem pii bɛyɛɛ adwuma gyee akatua, na wobehuu asetra foforo ne honam fam ahofadi a ɛbata ho no. Saa kwan ketewaa no so na wɔnam nkakrankakra benyaa nnɛyi “ɔbea a ɔwɔ ahofadi” no. Mmea binom ka sɛ wɔ aperepere a wɔredi na ama wɔne mmarima ayɛ pɛ mu no, wonnyaa nkɔanim koraa wɔ aman pii mu. Wɔka sɛ “anohyeto” bi wɔ hɔ a ɛmma wonnya dibea wɔ nnwuma pii mu.

Nnipa Pii Atutradi De Nsɛnnennen Ba

Nsakrae kɛse foforo a aba wɔ mfe 50 a atwam yi mu ne tu a nkurɔfo tu fi nkuraase na wogyae kuayɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhwehwɛ asetra pa wɔ kurow kɛse mu no. Ayɛ yiye ama ebinom. Nanso afoforo pii fam no, dɛn na ɛde aba?

Afe biara nnipa ɔpepem pii tu kɔtra nkurow akɛse a nnipa akyere so wɔ hɔ dedaw, a adan ho yɛ na, na ne bo yɛn den mu. Dɛn ne ade biako a ɛde aba? Asese nkurow a ɛde ɔyare, nsɛmmɔnedi, ne ɔman ase tutu ba. Saa adan a wɔn ankasa sisi a wɔde sumina so nnakagow anaa dade adaban yɛ yi ne adangow, barracas anaa chabolas (Spania kasa), a wiase yi mu nnipa a wɔba fam na wodi hia buruburoo no te mu. Saa asese nkurow yi—favelas wɔ Portugal kasa mu ne gecekondus wɔ Turkey kasa mu (a ɛkyerɛ “wosi no anadwo biako”)—yɛ biribi a ɛrekɔ so wɔ asetra mu ankasa a yentumi mmu yɛn ani ngu so, sɛ́ ɛyɛ Afrika, Amerika Kesee Fam, India, anaa baabi foforo biara no.

Nea Ɛrekɔ so ne Nea Ɛbɛba Daakye Wɔ Afrika Aman Bi Mu

Dɛn na yebetumi aka afa Afrika ho? Nnuruyɛfo baanu bi a wɔkyerɛw asɛm bi baa JAMA mu maa wɔn asɛm no asɛmti: “Afrika Da Asiane Mu—Daakye a Asiane Wom Nanso Ɛnkaa Akyi Dodo.” Wogye toom sɛ amammui fam ne asetram tebea a ɛwɔ Afrika mmeae dodow no ara no betumi de ɔhaw kɛse aba. Wɔkyerɛwee sɛ: “Aman a ɛbɛn Afrika Sahara [a aman 45 na ɛwɔ hɔ] no, ahu amane wɔ mfe 20 a atwam yi mu. Ɔkɔm, ɔpɛ, amanko, amammui mu ɔporɔw, AIDS, nnipa a wɔredɔɔso ntɛmntɛm, aduan a ɛmmɔ pii, nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a wɔresɛe no, de ɔhaw aba saa beae no . . . Abenfo ano kɔ bɛnkoro sɛ sɛnea ɛte biara, sikasɛm mu ahokyere, ohia, ne amanehunu bɛkɔ soro, anyɛ yiye koraa no, bere tiaa bi mu.” Asɛnkoro no ara bɔ amanneɛ sɛ wiase aman 40 a wodi hia buruburoo no mu 32 yɛ aman a ɛbɛn Afrika Sahara.

Afei abrabɔ fam tebea a ɛwɔ wiase nnɛ no nso ɛ? Asɛm a edi hɔ no bɛka “nkɔanim” a wiase no anya wɔ eyi mu ho asɛm tiawa.

[Ase hɔ nsɛm]

a Ɔkwan pii a yenni nti, yɛrenka nkɔanim anaa nsakrae a aba wɔ biribiara mu wɔ mfe aduonum a atwam ni mu no nyinaa ho asɛm.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 6]

USAF mfonini

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 7]

NASA mfonini

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena