Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 9/8 kr. 15-17
  • Nteɛso Ayɛ Nkwagye Ama Me

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nteɛso Ayɛ Nkwagye Ama Me
  • Nyan!—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛnnennen Ano a Migyinae
  • Tebea Foforo mu Asetra
  • Aware ne Abusua
  • Nsemmisa a na Minnya Ho Mmuae
  • Awiei Koraa Wɔma Mmuae No
  • Yɛayɛ Biako Wɔ Nokware Som Mu
  • Minyaa Nokware Ahonyade wɔ Australia
    Nyan!—1994
  • “Munni Nea Eye Akyi Daa”
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • Bible Tumi Sesa Nnipa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Yehowa Kyerɛkyerɛɛ Me Ma Meyɛɛ N’apɛde
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 9/8 kr. 15-17

Nteɛso Ayɛ Nkwagye Ama Me

BERE a midii mfe anan no, m’awofo de me kɔɔ apɔw-mu-teɛteɛ sukuu bi. Ná ɛhwehwɛ sɛ misuasua sɛnea wɔyɛ no, na na me ne mmeawa foforo na ɛsɛ sɛ yɛbom yɛ. Ɛno akyi pɛɛ no, mifii ase suaa asaw. Nteɛso bɛyɛɛ m’asetra fã.

Na m’awofo mfa nteɛso nni agoru koraa, na na wɔhwɛ kwan sɛ wɔn mma bɛda suban pa adi, wɔrenyɛ basabasa, na wobebu ade. Ɛtɔ mmere bi a, na misusuw sɛ nea wɔyɛ no mfata, nanso seesei a mibu kɔmpɔ hwɛ m’akyi—bere a matete m’ankasa mma baasa—no, mahu nteɛso so mfaso. Nokwarem no, meda m’awofo ase sɛ wodwen me ho pii saa.

Ahohyɛso ho ntetee a minyae ntɛm, ne adwuma a yɛboom yɛe sɛ kuw no nso boaa me akyiri yi wɔ asetram.

Nsɛnnennen Ano a Migyinae

Bere a midii mfe awotwe no, minyaa atiridii a ɛma ɔkwaha, ɔyare bi a ɛkaa me too mpa mu. Metee ɛyaw denneennen wɔ nkotodwe abien nyinaa mu, na wɔamma mannantew asram 12. M’abusua a wɔwɔ ɔdɔ no turu me kɔɔ baabiara. Obiara ansusuw sɛ metumi asaw bio. Nanso hwɛ a m’awofo hwɛɛ me ne yɛn abusua no duruyɛfo ahokokwaw ne boasetɔ nti, minyaa ahoɔden koraa ma mesan fii m’asaw no ase sii me bo sen bere biara sɛ mɛyɛ nea onim asaw sen biara.

Bere a midii mfe 16 no, m’awofo maa kwan ma migyaee sukuu na ama matumi atoa m’adwuma a ɛne asaw no so. Mede nnam ne anigye yɛɛ eyi. Awiei koraa no, mifii ase suaa ballet asaw. Eyi gyee ahohyɛso sen bere biara. Mede nnansia suae dapɛn biara wɔ mfe abiɛsa ne fã mu.

Bere a midii mfe 19 no, wɔyɛɛ sɔhwɛ a wɔde kɔ Australia Ballet Sukuu no. Na akansi a wɔnam so gye obi wɔ sukuu a ɛwɔ din yi mu no mu yɛ den. Na wɔbɛpaw nnipa kakraa bi na afi Australia nyinaa. Anigyesɛm ne sɛ na meka wɔn a wɔpaw wɔn no ho. Enti, mifii asram 18 ntetee a ɛyɛ den ase. Na ballet, nipadua a wɔde kasa, drama ne mfoniniyɛ ne adwinni adesua ka sukuu no ho. Ballet asaw yɛ fɛ, nanso egye ahoɔden ankasa na ama ayɛ sɛnea ennye mmɔdenbɔ biara. Enti nea ɛbɛyɛ na yɛn nan mu ayɛ den no, yɛkɔteɛteɛɛ yɛn apɔw mu wɔ beae a wɔyɛ saa.

Awiei koraa no, wɔyɛɛ sɔhwɛ a ɛma wogye obi wɔ Australia Ballet Kuw no mu wɔ June 1970 mu. Bio nso, wɔfaa me, na dapɛn biako ntam no na makɔka kuw no ho.

Tebea Foforo mu Asetra

M’ani baa me ho so no, na mewɔ akwantu mu bere a edi kan wɔ m’asetra mu, a wɔapia me ahyɛ tebea foforo koraa bi mu. Yɛn kuw no kyinkyinii Australia, na afei yɛkɔɔ Asia. Na ɛte sɛ nea mete wiase foforo bi a ɛwɔ n’ankasa mmara ne gyinapɛn ahorow mu. Na yɛde bere tenten yɛ adwumaden awia ne anadwo, na na yɛde anan a ɛho atutu akuru, ɛho fi mogya, na ɛho abobɔ mpumpunnya nso na ɛyɛ. Nanso asaw no maa adwumaden no yɛɛ nea ɛfata. Na ɛyɛ anigye sɛ wubegyina adehwɛ pon so.

Bere a yɛsan baa Australia no, kuw no mufo yaree influensa, na amma yɛn mu pii antumi ansaw. Mantumi ansaw asram abiɛsa. Bere a mesan kɔɔ ballet kuw no mu no, mifii ase hyiaa ɔhaw wɔ tra a na mɛtra ase sɛ obi a ɔsaw no ho—na mebɔ mmɔden bere nyinaa sɛ mɛyɛ m’ade pɛpɛɛpɛ, na mannya fekubɔ biara anka ballet ho, efisɛ na bere ne ɔbrɛ mma me ne afoforo mmɔ fekuw. Mfe pii a wɔde tetee me nyinaa akyi no, na eyi bɛyɛ m’adwuma no awiei?

M’adwene fii ase tu frae. Mebɛyɛɛ ɔhopɛfo araa ma metew me ho fii afoforo ho. Awiei koraa, bɛyɛ afe biako akyi no, minyaa ɔyare bi a ɛmaa nneɛma pii haw me nipadua a wɔfrɛ no urticaria. Eyi nti, me nipadua nyinaa honhon, kekaa me, atape no nyinaa keka boom kosii sɛ meyɛɛ kɛse kɔɔ. Eyi na ɛde biribiara baa awiei—mifii Australia Ballet Kuw no mu. Edii asram pii ansa na me ho retɔ me. Bio nso, m’awofo hwɛɛ me ma minyaa ahoɔden.

Aware ne Abusua

Wɔ 1974 mu no, mihyiaa aberante fɛfɛ bi. Ná ɔyɛ ogofo a ɔwɔ n’ankasa adwuma. Yɛwaree na yetuu kwan kyinkyin Europa nyinaa. Bere a yɛsan baa Australia no, yɛwoo yɛn abakan, Justin, wɔ 1976 mu. Akyiri yi yetu kɔtraa Perth, Australia Atɔe Fam ahenkurow no mu, na yɛtɔɔ ahɔhodan bi. Hwɛ asetra kwan mu nsakrae araa a eyi yɛ!

Ná adwuma no sõ, efisɛ na yɛn ankasa rebɔ mmɔden ahwɛ ahɔhodan no so. Na mesɔre anɔpa nnɔnnan, na ɛtɔ mmere bi a, meyɛ adwuma no kosi da a edi hɔ no anɔpa ansa na mawie. Nhyɛso yi akyi no, na adaemone haw adwene yiye wɔ ahɔhodan no mu. Eyi kaa yɛn asetra nkakrankakra, titiriw me kunu a medɔ no no. Enti mfe abiɛsa akyi, esiane aware mu ɔhaw ne sika fam ahokyere nti, yesii gyinae sɛ yɛbɛtɔn ahɔhodan no na yɛasiesie yɛn aware sɛnea yebetumi.

Na yɛn abusua mufo abɛyɛ baanum bere a yɛwoo yɛn mmabea baanu, Bianca ne Victoria, no. Wɔantɔ ahɔhodan no ntɛm, na saa bere yi mu na mifii ase hwehwɛɛ Onyankopɔn mmoa. Na mekae Awurade Mpaebɔ a misua guu me tirim bere a na meyɛ abofra no. Na mekae bere nyinaa, na mebɔe bere nyinaa.

Awiei koraa no, wɔtɔɔ ahɔhodan no. Nanso, ɔyare bi a wɔfrɛ no aneurysm kum me kunu bere a aka adapɛn abiɛsa pɛ ma yɛafi Perth akɔ Melbourne no. Na wadi mfe 32 pɛ. Midii awerɛhow traa so, na ano ammrɛ ase bere a Katolek sɔfo bi a ɔwɔ Melbourne ka kyerɛɛ me sɛ esiane sɛ adaemone haw me kunu nti, ɛda adi pefee sɛ wɔda so ara wɔ me nso me so nkɛntɛnso bɔne. Enti ɔde “nhyira” nsu petee me ne me mma no nyinaa so ne maame fie a na yɛte no mu dan biara mu.

Nsemmisa a na Minnya Ho Mmuae

Mfe bi akyi no, mekɔɔ so bisaa nsɛm faa Onyankopɔn ho, nanso mannya mmuae biara a ɛma akomatɔyam amfi Katolek asɔre a na mekɔ no mu. Afei misii gyinae sɛ mede yɛn abusua no befi Melbourne akɔtra Queensland a ɔhyew wɔ hɔ no. Wɔ hɔ, Brisbane no, yɛde yɛn ho hyɛɛ asɔre dwumadi ahorow mu kɛse. Mmofra no kɔɔ Katolek sukuu ahorow, na yɛn nyinaa kɔɔ asɔre daa, yedii mmuada, see Rosary, na yɛyɛɛ biribiara a misusuw sɛ Onyankopɔn hwehwɛ sɛ yɛyɛ no.

Esiane sɛ na minnyaa me nsemmisa no ho mmuae nti, misii gyinae sɛ me nkutoo mɛkenkan Bible no fã bi da biara da de ahwɛ sɛ ebia m’ankasa metumi anya mmuae no a. Awiei koraa no, mekenkan Mateo 7:7, na ɛmaa me ho dwiriw me. Na ɛka tiawa sɛ kɔ so bisa na kɔ so hwehwɛ. Misusuw sɛ: ‘Eyi nyɛ den.’ Enti meyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ. Mekɔɔ so srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa me mma minnya me nsemmisa no ho mmuae.

Awiei Koraa Wɔma Mmuae No

Sɛ mibu kɔmpɔ hwɛ m’akyi a, mitumi hu sɛ biribi nti na bere tiaa bi akyi no Yehowa Adansefo baa me fie no. Nea wɔkae no yɛɛ anigye yiye. Ɛwom mpo sɛ mede anigye tiee de, nanso manhu sɛ na eyi ne nea merehwehwɛ no. Enti wɔ nsrahwɛ kakraa bi akyi no, meka kyerɛɛ mmea a wɔbaa me nkyɛn no sɛ wɔnnhaw wɔn ho mmma hɔ bio.

Na minni adagyew koraa saa bere no wɔ 1987 mfiase. Na mereyɛ asiesie me fie awie, na na mihia obi a onim sɛnea wɔka dan ho yiye na ama mawie biribiara. Ɔdansifo no kamfoo aberante bi a ɔka dan ho a ɔpɛ nnipa, obu ade, na ɔboa afoforo a ne din de Peter kyerɛe. Peter fii ɔdɔ mu kaa ne yere ne ne mma ho asɛm, na na ne ho twa yiye. Na mepɛ sɛ me ho twa saa, enti da koro bi anɔpa a ɔregyina ntaboo a ogyina so ka dan ho so yiye no, mibisaa no sɛ: “Wokɔ asɔre wɔ he?”

Bere a metee sɛ ɔyɛ Yehowa Adansefo mu biako no, mede nsemmisa pempem no fi bere a obedui sɛ ɔrebɛyɛ adwuma anɔpa no kosi sɛ ɔde ɔbrɛ fii hɔ kɔɔ awia no. Na otumi buaa ne nyinaa. Mifii ase suaa ade awia ne anadwo, na mifii ase hui sɛ Bible mu nsɛm yɛ anigye ne nokware. Anigye ntraso nti, mepenee so sɛ wɔne abusua no nyinaa mmɛyɛ ofie Bible adesua. Na ɛyɛ bere a anigye wom sen biara wɔ yɛn asetra mu, esiane nokware no a yehui no ho anigye nti.

Yɛtow nneɛma funu biara gui—nneɛma a ɛwɔ yɛn adwenem ne abosonsom ho de. Yeyii bag ahorow mu nneɛma fii yɛn fie kɔtow guu sumina so. Ankyɛ na wɔde obu ka kyerɛɛ me mma no sɛ womfi Katolek sukuu ahorow no mu. Na wɔmpɛ Yehowa ho adanse a wodi no.

Yɛayɛ Biako Wɔ Nokware Som Mu

Seesei yɛn mu baanan yɛ Adansefo a wɔabɔ yɛn asu. Justin ne Bianca awie sukuu na wɔreyɛ bere nyinaa som adwuma no sɛ akwampaefo. Victoria adi mfe 16 na ɔda so kɔ sukuu. Na mfe asia ni a meyɛɛ ɔkwampaefo.

Yɛde mfe asia traa Brisbane asafo bi mu, faako a meboaa mmea mpanyimfo baanu a medɔ wɔn a wohyiraa wɔn nkwa so maa Yehowa Nyankopɔn wɔ bere tiaa bi akyi. Wɔ 1994 mu no, yetu kɔɔ baabi a wohia Ahenni asɛnkafo pii. Mprempren yɛresom wɔ kurow ketewaa bi a wɔfrɛ no Charleville mu wɔ Queensland kesee fam atɔe. Yɛn asɛnka asasesin so yiye, ne kɛse bɛyɛ sɛ Australia supɔw a wɔfrɛ no Tasmania no!

Sɛ midwen me mmofraase ne me ntetee ho a, mabehu sɛnea minyaa nteɛso so mfaso kɛse. Aboa me ma mede Bible nnyinasosɛm di dwuma, na meyɛ nsakrae a ehia wɔ asetra mu. Nokwarem no, bere a Yehowa de nteɛso ma me seesei no, ɛde anigye a ɛso nni ne nhyira horow a enni ano ho anidaso brɛ me ne m’abusua a medɔ wɔn no.—Mmebusɛm 6:23; 15:33.—Sɛnea Sue Burke ka kyerɛe.

[Kratafa 17 mfonini]

Me ne me mma baasa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena