Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 7/8 kr. 27-29
  • Korɔnbɔ—Dɛn Nti na Enye?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Korɔnbɔ—Dɛn Nti na Enye?
  • Nyan!—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti a Wowia Ade
  • Ɛkata Ɛyaw So?
  • Atipɛnfo ne Wɔn Nhyɛso
  • Onyankopɔn Adwene a Wubenya
  • Sɔhwɛ no a Wobɛko Atia
  • So Ohia Ma Korɔnbɔ Fata?
    Nyan!—1997
  • Dɛn Nti na Korɔnbɔ Renya Nkɔanim Saa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nyɛ Owifo Da!
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • So Ɛyɛ Korɔnbɔ Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 7/8 kr. 27-29

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Korɔnbɔ—Dɛn Nti na Enye?

“Madi mfe 16 na mewɔ ɔhaw kɛse bi. Nnansa yi, miwia ade paa. Seesei ara na mekɔɔ adetɔnbea kowiaa asonkaa ahorow ason. Misuro sɛ mɛka me haw yi ho asɛm akyerɛ obi. Mesrɛ wo boa me!”

SAA na abeawa bi a wahaw kyerɛw kɔɔ nsɛmma nhoma bi ɔfotufo afã. Sɛnkyerɛwfo bi bɔɔ amanneɛ sɛ: “Wobu akontaa sɛ aguade dɔla ɔpepepem du na . . . wowia, wɔfow, wohwim, anaa wɔfa fi sotɔɔ akɛse mu afe biara [wɔ United States]. Ɛkame ayɛ sɛ nnipa a wowia ade wɔ sotɔɔ mu ma wɔkyere wɔn no fã yɛ wɔn a wonnii mfe aduonu.”

Sɛnea nhwehwɛmu bi a wɔyɛɛ no nnansa yi kyerɛ no, nea ɛboro ntoaso sukuufo nkyem abiɛsa biara mu biako gye tom sɛ wowia nneɛma wɔ sotɔɔ. Na sɛnea nhwehwɛmu foforo a nhwehwɛmufo Jane Norman ne Myron Harris yɛe daa no adi no, “ɛkame ayɛ sɛ [mmofra] nyinaa gye tom sɛ wɔafa biribi a wɔantua ho ka pɛn.”

Nea Enti a Wowia Ade

Owifo yɛ obi a ɔhyɛ da fa onipa foforo ade bere a ɔmmaa no hokwan. Ɛtɔ da bi a hia a biribi hia obi no betumi ama ayɛ te sɛ nea adewia fata. Abofra bi a na ahia no kae sɛ: “Ná me ho akyere me. Ná mekɔ [adidibea a wɔyɛ nnuan ntɛmntɛm] akyi de me nan kɔbɔ pon no mu bue, na makɔfa akokɔnam. Nanso na memfa hwee nka ho. Ɔkɔm a na ɛde me ara nti na meyɛɛ saa.”

Bible bɛ bi ka sɛ: “Sɛ owifo wia ade de dwudwo ne kra esiane ɔkɔm a ɛde no ntia a, nkurɔfo mmu wɔn ani ngu ne so.” Sɛ ɛba saa mpo a, adewia yɛ adebɔne. Enti Bible nkyekyem a edi hɔ no kyerɛe sɛ na ɛsɛ sɛ owifo a ɔkɔm de no mpo “yɛ no yiye” denam ɛka kɛse a wɔbɛbɔ no so.—Mmebusɛm 6:30, 31, NW.

Nanso nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ awifo a wonnii mfe aduonu kakraa bi na nneɛma a wohia ankasa nti na wowia ade. Obiako ne abeawa Mary Jane a ogye toom sɛ: “Yiw, mawia ade wɔ sotɔɔ mu pɛn na na ntease nnim koraa efisɛ minnim nea enti a meyɛɛ saa. M’awofo ma me sika ma mede yɛ biribiara. Ná minhia hwee.”a Saa ara na Seventeen nsɛmma nhoma no nso bɔɔ amanneɛ sɛ: “Wɔ nhwehwɛmu bi a Ɔman Nsɛmmɔnedi Anosiw Bagua no yɛe mu no, asɛm a wɔn a wɔyɛɛ saa no pii de yii wɔn ho ano ne sɛ na wɔrepɛ biribi a wontua ka.” Mmofra bi mpo buu wɔn korɔnbɔ no bem kae sɛ sotɔɔ ahorow no ‘nneɛma bo yɛ den dodo’!

Wɔ mmofra pii fam no, adewia yɛ ade a wɔde gyigye wɔn ani kɛkɛ. Jeremy a kan na ɔyɛ owifo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ná ɛma minya biribi yɛ kɛkɛ bere a mapɔn sukuu no.” Wobu adewia nso sɛ ɛyɛ agodie a ɛyɛ hu yiye; ɛte sɛ nea ebinom ani gye sɛnea wɔn koma bɔ piriw bere a wɔde mmea atade soro bi a wɔawia hyɛ wɔn sika bɔtɔ mu anaa wɔyɛ nwaa de compact disc apaawa hyɛ wɔn bɔtɔ mu no ho.

Ɛkata Ɛyaw So?

Nokwarem no, akwan a eye sen saa koraa wɔ hɔ a obi betumi afa so agyigye n’ani sen sɛ ɔde ne ho bɛto asiane a ebetumi ama wakɔda afiase mu. Ɛnde ebetumi aba sɛ pii wɔ saa akɔnnɔ yi akyi sen anigye kakra a wɔpɛ no anaa? Abenfo pii gye di sɛ ɛte saa. Ladies’ Home Journal kae sɛ mmofra bi wɔ hɔ a “ɛyɛ wɔn den sɛ wobedi nhyɛso a efi nyin a wɔrenyin mu ba no ho dwuma. Wɔne wɔn awofo ntam akameakame, wɔn adamfofa bi a emu tetew, mmɔden a wɔmmɔ wɔ sɔhwɛ bi mu, betumi ama wɔate nka sɛ wonni wɔn ho so tumi; sɛ wobu mmara so a ɛma wɔte nka sɛ wɔwɔ tumi.”

Yiw, ebia na owifo bi a ɔyɛ ne ho kokodurufo redi awerɛhow ne ɛyaw wɔ ne mu. Sɛnea Bible ka no no, “ɔserew mu po koma hu yaw.” (Mmebusɛm 14:13) Adanse da no adi sɛ sɛ obi taa wiawia nneɛma wɔ sotɔɔ mu a, ebetumi akyerɛ sɛ ɔwɔ adwenemhaw. Wɔahyɛ no nsow mpo sɛ mmofra a wowia ade no bi yɛ mmofra a wɔayɛ wɔn ayayade pɛn. Ɛmfa ho nea ɛde ɛyaw no ba biara no, adewia ho anigye no betumi ayɛ te sɛ nea ɛma wɔn werɛ fi—anyɛ yiye koraa no, bere tiaa bi.b Sɛ nhwɛso no, susuw Amerikani abofra bi a ade a na ɛma n’ani gye ne sɛ obewiawia kar na ɔde akotu mmirika atra so no ho. Ɔka sɛ: “W’ani gye. Wote nka sɛ wo yam hyehye wo, ɛyɛ wo sɛnea woabow.”

Atipɛnfo ne Wɔn Nhyɛso

Bible ka sɛ: “Fekubɔne sɛe ɔbra pa.” (1 Korintofo 15:33, NW) Wogye saa nokwasɛm yi tom wɔ mmeae pii. Nhoma kyerɛwfo Denise V. Lang kae sɛ: “Mmofra a wɔn ankasa de wɔn ho hyɛ tebea bɔne mu no yɛ mmiako mmiako.” Mpɛn pii no, nkurɔfo twa wɔn atipɛnfo mpoa sɛnea ɛbɛyɛ a wobewia ade. Awerɛhosɛm ne sɛ, mmofra pii gyae wɔn ho ma wɔn.

Abeawa Kathy ka sɛ: “Mede me ho bɔɔ mmeawa bi wɔ ntoaso sukuu.” Dɛn na efii kuw soronko yi ho a ɔde ne ho kɔbɔe mu bae? Ɔkowiaa atade soro a wɔde ko awɔw a ne bo yɛ den. Ɔka n’anom asɛm sɛ: “Ná mepɛ sɛ meka saa kuw no ho, enti mekɔɔ sotɔɔ bi mu kowiaa atade soro a wɔde ko awɔw no.”

Onyankopɔn Adwene a Wubenya

Ebia w’ani a ɛda so sɛ wubenya nneɛma a wuntumi ntɔ, anya anigye afi adeyɛ a ɛyɛ hu kɛse mu, anaa w’atipɛnfo begye wo atom no bɛma wo kɔn adɔ adewia. Nanso Mmara Nsɛm Du a Ɛwɔ Bible mu no biako se: “Mmɔ korɔn.” (Exodus 20:15) Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ ‘awifo rennya Onyankopɔn ahenni.’ (1 Korintofo 6:10) Mmofra a wɔatete wɔn sɛ Kristofo na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn adwene hia wɔn kɛse. Hwɛ nyaatwom araa a ɛbɛyɛ sɛ wobɛyɛ wo ho sɛ ɔtreneeni, bere a wuwia ade kokoam no! Ɔsomafo Paulo kaa ho asɛm sɛɛ: “Afei wo a wokyerɛkyerɛ obi no, wonkyerɛkyerɛ wo ho? Wo a woka sɛ wonnwia ade no, wuwia ade?”—Romafo 2:21.

Ɛsɛ sɛ animguase a ɛbɛba wo so bere a wɔakyere wo no nkutoo mpo ma wokwati adewia. Bere a wɔkyeree abofra bi a na ɔyɛ owifo no, ɔkae sɛ: “Ná mepɛ sɛ miwu.” Nim a yenim sɛ Yehowa ‘kyi dwowtwa’ no ne ade titiriw nti a ɛsɛ sɛ yɛkwati sɛ yɛbɛma nneɛma ho akɔnnɔ—anaa nhyɛso—ama yɛawia ade. (Yesaia 61:8) Sɛ obi tumi bɔ korɔn sie sotɔɔ mpanyimfo, polisifo, ne awofo a, ontumi mfa nsie Yehowa. Ɛyɛ dɛn ara a, obehu.—Yesaia 29:15.

Kae nso sɛ bɔne tumi ma obi koma pirim. (Hebrifo 3:13) Nneɛma nketenkete a obi wiawia no taa kɔ anim ma ɛkowie nneɛma a ɔsen ne kɔn yɛ a onsusuw nea ebefi mu aba ho. Sɛ nhwɛso no, aberantewa Roger fii nsɛmmɔnedi ne adewia ase denam sika a na owiawia fi ne maame sika bɔtɔ mu so. Ewiee ase no, na osunsum mmerewa hwe fam wia wɔn sika bɔtɔ!

Sɔhwɛ no a Wobɛko Atia

Nokwarem no, sɛ obi afi ase wiawia ade wɔ kokoam a, ebia ne gyae renyɛ mmerɛw. Aberantewa bi gye toom sɛ: “Ná abɛyɛ te sɛ adeyɛ bi a aka me hɔ.” Dɛn na ebetumi aboa abofra ma wasakra n’akwan?

Ka wo bɔne kyerɛ Onyankopɔn. “Firi a ɔde befiri” wɔn a wonu wɔn ho wɔ wɔn bɔne ho na wɔpae mu ka kyerɛ no no “dɔɔso.”—Yesaia 55:7.

Hwehwɛ mmoa. Nsɛmma nhoma yi akenkanfo bebree ne Yehowa Adansefo Kristofo asafo a ɛwɔ wɔn mpɔtam no asan. Saafo no betumi ahwehwɛ Kristofo ahwɛfo a wɔwɔ hɔ no abisa honhom mu mmoa ne ateɛteɛ. (Yakobo 5:14, 15) Awofo a wɔwɔ abrabɔ pa ho nnyinasosɛm nso betumi de mmoa ama. Sɛ awerɛhow, ɛyaw, anaa w’ani a ɛnka kɛkɛ nti na wubu saa bra bɔne no a, ka a wobɛka ho asɛm akyerɛ obi a ɔde mmɔborohunu betie wo no betumi aboa kɛse.—Mmebusɛm 12:25.

Hyɛ nkurɔfo ananmu. Wɔ Mose Mmara no ase no, na wɔhwehwɛ sɛ awifo san de nneɛma a wɔawia no ba na wɔde mfɛntom ka ho. (Leviticus 6:4, 5) Ɛnyɛ sɛ saa a obi bɛyɛ no ma onya ahonim pa nko, na mmom ɛma ohu ahokyere a adewia de brɛ afoforo no nso. Bible no hyɛ bɔ sɛ sɛ obi “[hyɛ] nea ɔfomee no ananmu, ɔnantew nkwa ahyɛde mu . . . a, onya na obenya nkwa, ɔrenwu.”—Hesekiel 33:15.

Siw ahoɔyaw ne anibere ano. Mmara Nsɛm Du no mu nea etwa to se, “Mma w’ani mmmere . . . biribiara a ɛyɛ wo yɔnko dea.” (Exodus 20:17) Sɛ biribi wɔ hɔ a wuhia ankasa—anaa wopɛ—na sɛ wuntumi ntɔ a, ebia wubetumi afa ɔkwan bi so anya sika de atɔ. Ɔsomafo Paulo tuu fo sɛ: “Owifo nnwia ade bio, na mmom ɔmmɔ mmɔden mfa ne nsa nyɛ [adwumaden, NW].”—Efesofo 4:28.

Hwɛ w’ayɔnkofo yiye. Nhoma kyerɛwfo Denise Lang bɔ nkae sɛ: “Sɛ wo ne adamfo anaa nnamfo dodow bi a wɔyɛ ade bɔne bi anaa wodi asɛmmɔne bi wɔ hɔ a, wɔde wo bɛfra wɔn mu bi esiane sɛ woka wɔn ho wɔ hɔ kɛkɛ nti.” Sɛ w’atipɛnfo ka sɛ yɛ biribi a ɛmfata a, nya akokoduru ka sɛ worenyɛ.—Mmebusɛm 1:10-19.

Susuw sɛnea korɔnbɔ pira afoforo no ho. Owifo susuw ne nkutoo ho. Nanso Yesu tu fo sɛ: “Enti ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.” (Mateo 7:12) Sɛ obi sua sɛ obesusuw afoforo ho a, ɛremma onnya ɔpɛ kɛse sɛ ɔbɛyɛ biribi a ebetumi apira afoforo.

Susuw nea ɛde bɛba wo so no ho. (Galatifo 6:7) Sɛ́ anka wubesusuw sɛnea ɛbɛyɛ fɛ sɛ wubenya saa aboɔden abo a ɛhyerɛn anaa afiri a wuntumi ntɔ no ho no, susuw animguase a ɛbɛyɛ sɛ wɔbɛkyere wo adi w’asɛm no ho; susuw ahohorabɔ a wode bɛbrɛ w’awofo ne Onyankopɔn ankasa no ho! Akyinnye biara nni ho sɛ wubehu sɛ adewia nyɛ adepa sɛnea ebinom susuw no.

[Ase hɔ nsɛm]

a Wɔasesa edin no bi.

b Ɛnyɛ nea yɛreka ho asɛm ne yare a ɛma obi bɔ korɔn—adwenem basaayɛ a ɛhyɛ obi so ma owia ade. Nnuruyɛfo ka sɛ yare a ɛma obi bɔ korɔn ntaa nyɛ nkurɔfo, na wɔn a wowiawia ade wɔ sotɔɔ mu a ɛyɛ wɔn no nnu ɔha biara mu 5. Wɔtaa de aduru na edi ɔhaw no ho dwuma.

[Kratafa 28 mfonini]

Wɔtaa kyere wɔn a wowia ade wɔ sotɔɔ mu ma wɔn anim gu ase

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena