Mmofra Bisa Sɛ . . .
Yɛaware Ntɛm Dodo—Ebesi Yɛn Yiye?
“Yefii ase nantewee bere a na madi mfe 16. Midii mfe 18 no, yɛwaree. Ná yɛhwɛ kwan sɛ yɛn ani begye—daa! Nanso bɛyɛ asram anan akyi no, nhyɛso no maa mehawee kɛse.”—Tonya.a
AWARE tumi de dadwen ba a mfe a obi adi mfa ho. Bible ka sɛ: “Wɔn a wɔware no bedi yaw ne awerɛhow.” (1 Korintofo 7:28, The New English Bible) Nanso wɔ nnipa pii a wɔware bere a ‘wɔyɛ mmofra’ fam no, ɛkame ayɛ sɛ ɛyaw ne awerɛhow a ɛtaa ba no nni ano.—1 Korintofo 7:36.
Ade titiriw nti a eyi te saa ne sɛ mmofra a wonnyaa mfe aduonu gu so a wɔrenyin; mpɛn pii no ɛyɛ a na wonsiesiee wɔn ho sɛ wobedi okunu anaa ɔyere asɛyɛde ho dwuma. Ɔbenfo Jane K. Burgess ka sɛ: “Mmofra wɔ aware ho nsusuwii hunu dodo. Ɛnyɛ adwuma ne mmɔdenbɔ a ebehia da biara na ama aware asɔ no na wodwen ho.” Enti sɛnea aware te ankasa no betumi ama awarefo ani so abiriw wɔn te sɛ sotɔre pɛpɛɛpɛ.
Abofra Kim ka sɛ: “Wobɛhwɛ kwan sɛ biribiara bɛkɔ so yiye na ayɛ anigye, te sɛ adaeso bi. Nanso anigye foforo no brɛ ase, na afei nea edi hɔ ne aduannoa, nkyɛnsee mu hohoro, aguadi, ntade horo—bere a wo kunu aka ne nan ato so no. Wanyɛ saa nnwuma no bi da efisɛ ne maame na na ɔyɛ ne nyinaa ma no. Sɛ moretutu anammɔn akɔ aware mu a, wunnwen ɔbrɛ ne abufuw ho da. Na sɛ wunyinsɛn a, ɔhaw no yɛ kɛse mpɛn du!”
Mpɛn pii nso mmofra de ahopere kɛse ware. Helen ka sɛ: “Mewaree ɔbarima bi a na misusuw sɛ ɔyɛ nokware Kristoni. Esiane sɛ na m’ankasa minni osuahu nti, manhu ne suban yiye papa. Yɛn aware akyi asram du no, mantumi annyina ne nneyɛe a ɛmfata Kristoni no ano bio.” Helen aware a egui no nyɛ biribi soronko koraa. Wɔ United States no, awarefo a wonnii mfe aduonu dodow no ara aware gu ansa na adi mfe anum.
Akontaabu a ɛyɛ hu no nyinaa akyi no, mmofra ɔpepem pii atutu mmirika akɔware. Ebia woyɛ wɔn mu biako. Sɛ ɛte saa a, ebia wote nka dedaw sɛ aware mu nhyɛso abunkam wo so.
Ano Aduru Nni Hɔ?
Ɛwom sɛ ebia ɛrenyɛ nea nyansa wom sɛ obi bɛware ntɛm de, nanso ɛnyɛ bɔne ankasa. Aware som bo wɔ Onyankopɔn ani so. (Hebrifo 13:4) Ampa, tebea bi a ɛkɔ akyiri dodo betumi ama ntetewmu anaa awaregyae afata. (Mateo 19:9; 1 Korintofo 7:12-15) Nanso, ɛno pa ho a, Onyankopɔn hwehwɛ sɛ awarefo kɔ so tra. (Mateo 19:6) Bere a ebetumi ayɛ te sɛ nea ɛno yɛ ahwehwɛde a emu yɛ den no, ɛkyerɛ nso sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ esi wo yiye.
Okunu bi a onnii mfe aduonu ka sɛ: “Aka akyiri dodo sɛ obi bebisa sɛ, ‘Ná misua dodo anaa? Yɛfata yɛn ho ankasa?’ ne nsɛm a ne bere apa ho a aka no nyinaa. Woaware!” Enti sɛ́ anka wubesu wo ho no, dɛn nti na wommɔ mmɔden nhwehwɛ ɔkwan a wobɛfa so ama w’aware ayɛ yiye?
Hena Ne Ti Wɔ Ha?
Bible no ka kyerɛ awarefo sɛ: “Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom, sɛ moyɛ ma Awurade . . . Okunu yɛ ɔyere ti.” (Efesofo 5:22, 23) Nanso, sɛ aberante bi de ne nkwa nna nyinaa atra ɛna ne agya hwɛ a ahobammɔ wom ase a, abusua ti a ɔbɛyɛ no tumi yɛ asɛyɛde a ɛnna fam.
Ɔyere bi a onnyinii ka wɔ ne kunu ho sɛ: “Tom ampɛ sɛ me nkutoo mekɔ baabiara. Metee nka sɛ waka me ahyɛ a minnya me ho twabere. Osusuwii sɛ bere biara a mɛbɔ mmɔden abisa no biribi ho asɛm no, na ɛkyerɛ sɛ meresɔre atia ne tumidi.” Ɔkwan foforo so no, ɛyɛ den ma ɔyerenom bi sɛ wobebu wɔn kununom a wonnyinyinii sɛ wɔn ti. Afoforo nso betumi afa abufuw wɔ biribi a ɛreyɛ ayɛ sɛ okunu gyinaesi biara ho, na sɛ wɔne wɔn nyɛ adwene a wɔmpene so.
Sɛ woyɛ okunu a onnyinii a, eyi betumi ahaw wo kɛse. Nanso ɛho nhia koraa sɛ wobɛhaw esiane sɛ wo yere nni w’ahyɛde so ntɛmntɛm ara kwa nti. Ebegye bere ansa na wo yere atumi de ne ho ahyɛ wo tiyɛ ase. Ɛnkosi saa bere no, bɔ mmɔden sɛ wobɛma wabu wo, ɛnyɛ sɛ wobɛbɔ mmɔden adi ne so, na mmom denam di a wubedi anim na woabɔ mmɔden asisi gyinae a ɛkari pɛ so.—Fa toto 1 Korintofo 16:13 ho.
Bible no tu fo bio sɛ: “Munni kan nnidi mo ho ni.” (Romafo 12:10) Yiw, di wo yere ni denam n’ahiade ahorow a wode bedi w’ankasa wo de anim so. (Filipifo 2:4) Ma no hokwan ahorow, na yɛ no sɛ ɔhokafo a wubu no, na ɛnyɛ afenaa. (Hwɛ Malaki 2:14.) Bere biara a ɛbɛyɛ yiye no, ɛne no nsusuw nsɛm ho bere a ɛho hia sɛ wusisi gyinae akɛse no. (Mmebusɛm 13:10) Eyi bɛma ayɛ mmerɛw sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase ahyɛ wo tiyɛ no ase.
Na sɛ woyɛ ɔyere a onnyinii nso ɛ? Ɛtɔ da bi a sɛ ahokokwaw a wo kunu a onnyinii no nni da adi ma ɛhaw wo, anaasɛ ɔmfa atɛmpa nni dwuma a, ebetumi asɔ wo boasetɔ ahwɛ. Nanso, ka a wobɛka n’anim anaa atua a wobɛtew no remma wo tebea no nyɛ yiye. Okunu bi a onnyinii kaa n’anom asɛm sɛ: “Dodow a ɔde abufuw kasa kyerɛɛ me no, dodow no ara na mammua no.” Bɔ mmɔden di no ni denam koma a wubenya wɔ ahokokwaw a onni ho no so. Ebia ɛno bɛma wakyerɛ obu kɛse ama wo nsusuwii. Sɛ osi gyinae bi a ɛhyɛ wo abufuw—nanso ɛnto abrabɔ mmara biara—a, dɛn nti na wunni so? “Nyansa a efi soro no . . . ɛwɔ asoɔmmerɛw.” (Yakobo 3:17) Wubetumi aboa no ma wayɛ n’adwuma yiye denam ne tiyɛ no a wobɛboa no ma wadi ho dwuma no so.
Sikasɛm Ho Haw Ahorow
Ebinom ka sɛ ade a edi kan a ɛhaw awarefo a wonnyinyinii ne sika. Sɛ awarefo behu sika dodow a egye na wɔn nsa akɔ wɔn ano a, ɛtaa ma wɔn ho dwiriw wɔn. Sɛ nhwɛso no, na Ray ne Lora nni “aduan anaa sika biara” wɔ wɔn ayeforohyia akyi. Wɔka wɔn anom asɛm sɛ: “Yɛdaa fam.” Brad ne Tonya kɔɔ sikasɛm mu ahokyere a ɛte saa ara mu bere a Brad adwuma fii ne nsa—na ɛho behiae sɛ Tonya tua wɔn aka nyinaa no.
Bere a ɛyɛ nokware sɛ mpɛn pii no, ɛyɛ den ma mmofra sɛ wobenya adwuma a akatua pa wom ayɛ no, nea ɛtɔ da bi a ɛde sikasɛm mu ɔhaw ba ne sika a wɔnhwɛ so yiye. Susuw ɔyere bi a onnyinii a ɔka eyi no ho hwɛ: “Mesɛe sika no araa kosi sɛ ne nyinaa bɛsa ma afei minnya bi ɔsram no mu dapɛn a etwa to no.” Awarefo afoforo ho kyere wɔn esiane sɛ wɔmmɔ nkɔmmɔ nti. Okunu bi a wɔfrɛ no Jake ka n’anom asɛm sɛ: “Misii gyinae kɔtɔɔ kar bi a mammɔ ɔbea no amanneɛ.” Ne yere bɔ abubuw sɛ: “Nea na yehia ankasa ne nkongua ne apon.”
Ɛte sɛ nea ɛfa wo ho? Ɛnde ebia ɛdefa sikasɛm ho no, wunguu “mmofraasɛm no.” (1 Korintofo 13:11) Woyɛ atotɔatotɔ? Ɛnde sua sɛ wobɛkyerɛkyerɛw nneɛma a wobɛtotɔ no, na totɔ ɛnonom ara. Munsusuw nneɛma akɛse a mobɛtotɔ no ho. (Mmebusɛm 15:22) Bu nneɛma a wobɛtotɔ no ho akontaa, na yɛ sikasɛm ho nhyehyɛe a ɛfata.b Saa a wobɛyɛ no betumi ama woakwati sikasɛm mu dadwen pii.
Yebetumi Abɔ Nkɔmmɔ?
Ɛno de yɛn ba nea ebinom frɛ no ɔhaw a ɛto so abien a awarefo a wonnyinyinii hyia no so: nkɔmmɔbɔ. Awarefo bi mmɔ nkɔmmɔ koraa. Afoforo nso di anobaabae. Sylvia a wɔagyae no aware ka sɛ: “Ná nneɛma a ɛho nhia koraa no na ɛde akasakasa a emu yɛ den ba [yɛn] ntam. Nneɛma bi te sɛ ne mpaboa a ogyaw gugu fie hɔ basabasa, anaa n’aduan a metew kakra di.”
Akasakasa ne adwene a enhyia bɛba ɔkwan biara so. Nanso nea ‘anobow ne bobɔne ne abufuw ne ano kurokuro ne abususɛm’ yɛ ara ne sɛ egu aware. (Efesofo 4:31) Fa yɛ wo su sɛ wubesiesie nsɛm bere a abufuw ano nnya nyɛɛ den no. Sɛ woreyɛ saa a, ka ɔhaw no ho asɛm—ɛmfa w’ani nsi onipa no so. Sɛ tebea no fi ase gye nsam a, mma akasakasa mu nnyɛ den. Mmebusɛm 26:20 ka sɛ: “Nnyina sã a, ogya dum.” Akyiri yi, sɛ mo baanu nyinaa bo tɔ mo yam a, mommɔ mmɔden nka asɛm no bio.
Nkɔmmɔbɔ pa yɛ ade a ɛboa ma wodi ɔhaw foforo a abu so nso ho dwuma: nna mu anigye a wonnya. Ɛtɔ da bi a awarefo bi a wonnyinii nnwuma afoforo ma wɔbrɛ dodo sɛ wobenya nna mu anigye. Nhoma Building a Successful Marriage ka sɛ: “Okununom ne ɔyerenom de ɔfã a nna wɔ ne n’atirimpɔw ho adwenkyea pii na ɛware.” Esiane sɛ wiase nsusuwii daadaa awarefo pii nti, wobenya eyi ho akwanhwɛ a ɛmfata koraa. Pɛsɛmenkominya ne ahosodi a obi nni nso de ɔhaw ba. Nkɔmmɔ a wɔbɔ pefee, ɛbere ne boasetɔ ho hia. Sɛ wɔn mu biara ‘hwehwɛ nea ɛyɛ ne yɔnko de’ a, nna ntaa nyɛ ɔhaw kɛse.—1 Korintofo 10:24.
Enti ɛda adi pefee sɛ aware nyɛ mmofra ade. Sɛ woaware dedaw a, ɛnkyerɛ sɛ wubedi nkogu ɔkwan biara so. Ɔbea bi a waware ka sɛ: “Ná nneɛma nkɔ yiye mma me koraa wɔ m’aware afe a edi kan no mu. Nanso esiane Bible nnyinasosɛm ahorow a yɛde di dwuma nti, seesei yɛwɔ abotɔyam ne anigye wɔ yɛn aware mu.” Wo nso wubetumi anya no saa.
[Ase hɔ nsɛm]
a Wɔasesa din no bi.
b Asɛm “Yɛ Wo Sikasɛm Ho Nhyehyɛe—Ɔkwan Tiawa!” a epuee yɛn April 22, 1985 Engiresi de mu no de nyansahyɛ ahorow a mfaso wɔ so ma.
[Kratafa 14 mfonini]
Ɔbarima a onnyinii a wobɛboa no ma wadi n’asɛyɛde ho dwuma sɛ okunu no betumi ama su pa a ɔwɔ ada adi