Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 3/8 kr. 30-31
  • Wiase Nsɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Nsɛm
  • Nyan!—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akraman a “Wodi Wɔn Ho Dɔm” Ho Ahintasɛm
  • Nneɛma a Ankorankoro De Bɔ Wɔn Ho Ban
  • Asiane a Kuayɛ De Ba Akwahosan So
  • Anglikan Asɔfo ne Wɔn Nyankopɔn a Nnipa Ayɛ
  • Wiase a Ahobammɔ Nnim
  • Akraman Akɛse a Wɔnenam
  • Asɔre Nkabom Foforo wɔ Australia
  • Nneɛma a Wommegye
  • Sika Abosonnan No
  • Ɔkwan a Akyɛ Sen Biara no wɔ Egypt
  • “Akraman Bɔne”?
    Nyan!—1992
  • Wiase Asɔreasɔre Bagua No—Ɔkwan Bɛn So Na Ɛnam
    Nyan!—1985
  • Bible Tumi Sesa Nnipa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Ɛsɛ sɛ Kristofo Som Wɔ Baabi a Wobu No sɛ Ɛyɛ Kronkron?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
Nyan!—1995
g95 3/8 kr. 30-31

Wiase Nsɛm

Akraman a “Wodi Wɔn Ho Dɔm” Ho Ahintasɛm

Nnipa a wɔwɔ Rosario, Argentina, no rehwehwɛ nkyerɛkyerɛmu a ɛfata wɔ nea ɛreyɛ ayɛ te sɛ akraman a “wodi wɔn ho dɔm” a ɛrekɔ so wɔ saa kurow no mu no ho. Wɔahu ɔhaw no wɔ Rosario agodibea a agye din a wɔfrɛ no Parque de España no so kɛse. Ahomegyebea bi a ɛwɔ saa agodibea no so no tenten boro Paraná Asubɔnten no bɛyɛ anammɔn 90. Wɔ afe biako mu no, mpɛn 50 na akraman aguan afi wɔn wuranom nkyɛn akɔ ahomegyebea no ano, na wɔahuruw akosi fam baabi a ebetumi ama wɔawu. Nanso, sɛnea animdefo kyerɛ no, akraman ntumi nsi gyinae sɛ wobekum wɔn ho. Mmom no, mmoa ho nnuruyɛfo susuw sɛ nnyigyei a ano yɛ den boro so anaa nnomaa akɔneaba anaa ahyɛmma a ɛnenam asubɔnten no so na ɛtwetwe wɔn. Wotu mmirika kɔ ano hɔ, nanso ansa na wobehu no, na wɔretɔ amena no mu.

Nneɛma a Ankorankoro De Bɔ Wɔn Ho Ban

Sɛnea The Toronto Star kyerɛ no, Canadafo pii rehwehwɛ nneɛma a wɔde bɛbɔ wɔn ho ban. Nneɛma a wɔtaa de di dwuma no bi ne “nneɛma a ɛyɛ dede” anaasɛ “egyigye te sɛ nteɛm”—abɛn a obi de hyɛ ne ho a ne nnyigyei ano yɛ den. Nneɛma foforo a ɛwɔ hɔ nso ne anwenne a nnuru a ne pampan ano yɛ den wom a wɔayɛ sɛnea ɛbɛpam otuafo no ne nnuru a ne kɔla yɛ ahabammono a ɛma wohu otuafo a wɔde apete ne ho no akyiri yi. Nanso, Star no gye tom sɛ “nneɛma a ankorankoro de bɔ wɔn ho ban no rentumi nkyerɛ sɛ obi ntumi nni wɔn nsɛmmɔne. Sɛnea polisifo kyerɛ no, ahwɛyiye a wofi nyansa mu yɛ no betumi aboa asen mfiri.”

Asiane a Kuayɛ De Ba Akwahosan So

Nnuru a wɔde kum afifide nhabamma ne mmoa a wɔsɛe nnuan aboa akuafo ma wɔatew nnɔbae a ɛsɛe so. Nanso, amanneɛbɔ a Amanaman Ntam Adwumayɛ Ahyehyɛde no de aba kyerɛ sɛ, nnuru a wɔde di dwuma wɔ kuayɛ mu no kum afuw mu adwumayɛfo bɛyɛ 40,000 afe biara. Wobu akontaa sɛ saa nnuru yi sɛe nnipa ɔpepem 3.5 kosi ɔpepem 5 foforo akwahosan ma ɛyɛ hu.

Anglikan Asɔfo ne Wɔn Nyankopɔn a Nnipa Ayɛ

Nnansa yi, Anglikan Asɔre no yii n’asɔfo no mu biako adi. Ná ɔsɔfo no rekyerɛkyerɛ baguam sɛ ɛnsɛ sɛ wogye Onyankopɔn pumpuni bi di, Bible no nni tumi, na Yesu nyɛ agyenkwa. Ɛmfa ho sɛ na ɔrebu Bible no ne asɔre no nkyerɛkyerɛ ahorow so wɔ baguam no, ɛyɛɛ asɔfo a aka no mmɔbɔ sɛ woyii no adi. Anglikan Asɔre no mu asɔfo aduɔson anum na wɔde wɔn nsa hyɛɛ ɔmanfo no krataa a wɔde srɛe sɛ wɔmma ɔbarima a wanya asɛm no kwan na ɔnkɔ so nni sɔfo no ase. Asɔfo bi kyerɛ sɛ Anglikan asɔfo afoforo ɔhaha pii na wonnye nni sɛ Onyankopɔn pumpuni bi wɔ hɔ.

Wiase a Ahobammɔ Nnim

Ɛdefa Wiase Nyinaa Nhyiam a wɔrebɛyɛ wɔ Asetra mu Nkɔso ho wɔ March 1995 mu ho no, UNDP (Amanaman Nkabom Nkɔso Asoɛe) no kyerɛw amanneɛbɔ krataa bi a ɛda sɛnea nnipa ahobammɔ ho hia wɔn no adi. Amanneɛbɔ krataa no a na n’amanneɛbɔ gyina Nnipa Nkɔso Ho Amanneɛbɔ wɔ 1994 mu so no kae sɛ, “wɔ afeha yi mfiase no, na wɔn a wopira wɔ akodi mu no ɔha biara mu nkyekyem 90 yɛ asraafo. Ɛnnɛ, bɛyɛ ɔha biara mu nkyekyem 90 na wɔnyɛ asraafo—nsakrae a ɛyɛ hu a aba.” UNDP gye tom sɛ nnipa ahobammɔ da asiane mu, ɛmfa ho beae a wote no. Nnipa Nkɔso Ho Amanneɛbɔ no de kaa ho sɛ, “ɔkɔm, abusua ntam akodi, asetra mu basabasayɛ, amumɔyɛ, asase so mframa a wɔasɛe no, ne nnubɔne a wɔtɔn nyɛ ade a ɛtaa si aman pɔtee bi nko mu bio. Ɔhaw ahorow a efi mu ba no ka wiase nyinaa.”

Akraman Akɛse a Wɔnenam

Sɛnea The New York Times kyerɛ no, nkurow a ɛwɔ United States Apuei Fam no pii rehyia ɔhaw a emu yɛ den wɔ akraman akɛse a wɔn ho yɛ hu a wɔnenam mmɔnten so ho. Tom Simon a ɔyɛ panyin wɔ Dwumadibea a Ɛhwɛ Akraman So no kyerɛkyerɛ mu sɛ ɛnyɛ akraman akɛse nyinaa na wɔn ho yɛ hu ankasa. Ɔkae sɛ, “sɛ wɔyɛn wɔn yiye a, wobetumi ayɛ akraman a wodwo ankasa a wotumi ne wɔn di agoru pii.” Nanso nea enye ankasa ne sɛ wɔayɛn akraman a wɔn ho yɛ hu a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ atifi hɔ no atete wɔn ma wɔayɛ akofo a wɔn ho yɛ hu. Onimdefo bi kyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔyɛ akraman bi ayayade “na ama wɔn ho ayɛ hu kɛse.” Bere a akraman pii de wɔn ho ahyɛ akraman akodi a emu yɛ den na ɛyɛ hu mu akyi no, wontumi nko bio. Sɛ ɛba no saa a, akraman akɛse no wuranom taa gyaa wɔn ma wɔnenam mmɔnten so.

Asɔre Nkabom Foforo wɔ Australia

Wɔ 1946 mu no, Australia asɔre dodow bi tee Australia Asɔre Ahorow Bagua. Roma Katolek Asɔre no amfa ne ho anhyem, nanso ɛhwɛɛ ne dwumadi no mfe pii. Afei, bɛyɛ mfe 50 akyi no, wɔama nkabom no din foforo, Ɔman Asɔre Ahorow Bagua a ɛwɔ Australia. Asɔre biako pɛ na abɛka dodow a ɛwom no ho—Katolek Asɔre no. Wɔtoo nsa frɛɛ Luther Asɔre no sɛ ɛmmɛka kuw foforo no ho, nanso esiane sɛ n’asɔremma no bebree ampene nkabom no so nti, annye antom. The Sydney Morning Herald kae sɛ David Gill a wɔpaw no sɛ bagua foforo no kyerɛwfo panyin no kaa wɔn ho asɛm sɛ “wɔbɔ mpae a agoru nnim,” na ɔde kaa ho sɛ: “Misusuw sɛ nsakrae kakraa bi aba mu.” Ná ɔreka nea na ɛyɛ bagua no “amammui honi ɔkwan bi so” no ho asɛm. Wɔkae sɛ, “ɛkame ayɛ sɛ na wosi asetra mu atɛntrenee so dua sen Asɛmpa a wɔbɛka no.” Krataa no de kaa ho sɛ: “Nea asɛmpatrɛwfo frɛ no ‘asɛmpa ho nsɛm’ a wonni ho dwuma no de ɔhaw kɛse a wontumi nnii ho dwuma aba.”

Nneɛma a Wommegye

Dɛn na ɛto nneɛma a ɛka U.S. wimhyɛn nnwuma akuw hɔ a wonkogye no? Wɔtɔn ma Scottsboro, Alabama, adwumayɛ kuw bi a wɔfrɛ no Nneɛma a ne Wuranom Mmegye Asoɛe no. Wobue mu wɔ hɔ, siesie ho, hwehwɛ mu hwɛ sɛ wobehu sika wɔ mu, na wɔsan tɔn ma ɔmanfo. The Wall Street Journal ka sɛ: “Sɛ obi a ɔde wimhyɛn tu kwan a ɔwɔ mu ahotoso kɛse no mpo bɛhwɛ faako a Nneɛma a ne Wuranom Mmegye no wɔ pɛnkoro pɛ a, ɛno kɛkɛ bɛma wafa adaka nketewa a obekura nkutoo. “Efi ntade nguguso a emu yɛ duru so kosi nea wɔde yi nsunam, T-shirt ahorow ne mfoninitwa mfiri so na ɛwɔ adan akɛse anan a wɔtɔn nneɛma wom no mu. . . . Wubetumi nso ahu nneɛma a wɔde toto nnuan, sradehuam ahorow, aforote mmɛn, kasɛt a Hungaryfo nnwom wɔ so, ne funnaka mpo.” Wimhyɛn nnwuma akuw no di nnaka bɛyɛ ɔpepem abien ho dwuma da koro, na ɛmfa ho sɛ wɔyera nnaka no mu 10,000 kosi 20,000 no, nea wɔn wuranom nsa ntumi nka bio no nnuru 200. Wɔma akwantufo asram abiɛsa sɛ wɔmfa mmegye wɔn nnaka a ayera no, na ɛno akyi no wɔde kɔ. Journal ka sɛ: “Bere a wimhyɛn nnwuma akuw no ka sɛ wontumi nhu nneɛma a wɔde kɔ Scottsboro no wuranom no, adwumayɛfo no se wɔde nnɔnhwerew pii waawae edin ne address ahorow no fi nneɛma no ho ansa na wɔde agu hɔ atɔn.”

Sika Abosonnan No

Supɔw ketewa bi a ennyee din pii a ɛwɔ Japan kesee fam no abegye din mpofirim, esiane Shinto abosonnan bi a ɛwɔ hɔ no din nti. Ne din Hoto no kyerɛ “nya sika,” na kuw bi a wɔhyɛ aguadi ho nkuran de eyi adi dwuma ma wɔanya mfaso a ɛboro nea na wɔhwɛ kwan so koraa. Wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔntɔn bag a nkurɔfo betumi de wɔn loto nkrataa agu mu wɔ abosonnan no mu. Wɔkae sɛ saa “bag a akraye wom” yi a wɔbɛtɔ no abosonnan no mu no bɛma wɔadi loto. Asahi Evening News ka sɛ efi saa bere no, “nkurɔfokuw a wɔpɛ sɛ wodi sika kɛse wɔ loto mu no pia wɔn ho kɔ Hoto Abosonnan no mu.” Nanso, ɛnyɛ saa “nkurɔfokuw” yi, na mmom abosonnan no a wɔtɔn bag biako dɔla 10 ne 30 no na anya sika pii.

Ɔkwan a Akyɛ Sen Biara no wɔ Egypt

Abo ne asase ho anyansafo akɔfa kwan a ne tenten yɛ kilomita 12 a ɛda anhweatam a ɛda Cairo kesee fam atɔe kilomita 69 no so. Wɔakyerɛ sɛ wɔyɛɛ tete kwan a wɔde akado abo, abotan ne dua a wɔama ayɛ den mpo agu so no fi bɛyɛ afe 2600 kosi 2200 A.Y.B. mu wɔ Tete Ahenni no bere so. Sɛ wɔkyekyem a ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ mita 2. Wɔyɛɛ kwan no na ama wɔatumi de abo a emu yɛ duru afi beae a wotu abo tuntum bi aba tete osutare bi a sɛ Nile yiri sram so a ɛne no behyiam no ano. Osutare no nni hɔ bio. Ná tete Egypt sodifo ahorow no pɛ abo tuntum no efisɛ na wɔde yɛ wɔn funnaka, de gu akwan a ɛwɔ baabi a wɔkora afunu so wɔ Giza no asɔrefi ahorow no so. Abo ne asase ho ɔbenfo Owura James A. Harrell kae sɛ: “Eyi yɛ mfiridwuma mu nkonim foforo a tete Egypt dii.” Ná ɔkwan a wɔde abo agu so a ɛwɔ Kreta a wɔyɛɛ no ntɛm koraa wɔ afe 2000 A.Y.B. mu no ne ɔkwan a akyɛ sen biara.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena