Aguamansɛm Adu Kɔlege
“MATIER & ROSS AMANNEƐBƆ” a ɛbaa San Francisco Chronicle mu November 1, 1993 no kaa ade bi a wɔkyerɛ wɔ San Francisco Mantam Sukuupɔn mu a asɛm wɔ ho ho asɛm. Ɔbenfo John DeCecco na ɔkyerɛ, na ɛfa ɔbarima ne ɔbea nna ho. Matier ne Ross ka ho asɛm sɛnea edi so yi:
“Hwɛ adesua bi. Sɛ wopɛ akɔnnɔ bɔne ho abodin abiɛsa wɔ SFSU [San Francisco Mantam Sukuupɔn mu] adesua mu a, wo de hwɛ sukuu adesua a wɔahyehyɛ a ɛkanyan nna ho akɔnnɔ (na ɛtɔ da bi a ɛyɛ nea ɛfata wɔ amansɛm mu) no mu ara kɛkɛ.”
Afei amanneɛbɔ no bobɔ boasipem, mmarima a wɔhyɛ da yɛ wɔn ho sɛ mmea, mmarima a wɔne mmarima da, mmea a wɔne mmea da, nnipa a wɔne mmoa da, atirimɔdenne, ne nneɛma afoforo din. Woyi saa nneɛma yi mu bi ho video kyerɛ wɔ adekyerɛ no mu.
Yebetumi de saa nneyɛe yi atoto “ahyɛde ahorow a wokyi” a Yehowa tan, a wɔaka ho asɛm wɔ Mose mmara no mu wɔ Leviticus ti 18 no ho. Bere a ɛkasa tiaa obi busuani a ɔne no bɛda, awaresɛe, ne nna mu ɔbrasɛe ahorow akyi no, nkyekyem 22 ne 23 ka sɛ: “Wo ne ɔbarima nnna ɔbea nna; ɛyɛ akyide. Wo ne aboa biara nnna mmfa nngu wo ho fĩ; na ɔbea bi nnnyina aboa bi anim nnnan ne ho mmma no; ɛyɛ basabasayɛ.”
Nneɛma a Yehowa kyi yi a wɔyɛ de n’atemmu ba: “Mommfa nneɛma yi biara nngu mo ho fĩ, efisɛ eyinom nyinaa na amanaman a merebetu wɔn afi mo anim yi de agu wɔn ho fĩ, na asase no so agu fĩ, enti na meretua ɛso amumɔyɛ no so ka, na asase no afe ɛsotefo no. Na obiara a ɔbɛyɛ saa akyide yi mu biara no, wobetwa akra a wɔyɛ no afi wɔn aman mu akyene.”—Leviticus 18:24, 25, 29.
Sukuuni bi a ɔresua ade wɔ SFSU kamfoo DeCecco sɛ “wayi adwemmɔne a nkurɔfo wɔ wɔ wɔn a wobu saa bra no ho no afi hɔ na wakyerɛ sɛ saa nnipa no te sɛ nnipa afoforo ara pɛ.” So wɔte sɛ nnipa afoforo ara pɛ? Nokwarem no, nnipa dodow no ara mfa wɔn ho nhyɛ nna mu ɔbrasɛe a ɛne mmarima a wɔne mmarima da, mmea a wɔne mmea da, ne atirimɔdenne mu, na saa ara na wɔne mmoa nna. Ɛyɛ ampa sɛ ɔbrasɛe abu so kɛse ma ɛyɛ hu wɔ ɛnnɛ wiase yi mu de, nanso saa nneɛma yi a wɔkyerɛ wɔ sukuupɔn yi mu no yɛ aguamansɛm koraa a wɔboapa gyina nhomasua ne nhwehwɛmu so yɛ.