Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 6/8 kr. 28-29
  • Wiase Nsɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Nsɛm
  • Nyan!—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Nea Ama Asɔre no Rehu Amane”
  • Dɛn Nti na Nnubɔne a Wɔde Di Dwuma Ka Nkurɔfo Hɔ?
  • “Ɔman a Basabasayɛ Wom Sen Biara”
  • Asɔre no Nhu Nea Wɔnyɛ
  • Adwenemhaw Nya Nkɔanim
  • Mmofra a Wɔbɛhwɛ ma Wɔanya Apɔwmuden
  • Ɛnnɛyi Nkoasom
  • Nea Ɛde Kɛseyɛ Mmoroso Ba
  • Akwamma Supɔw
  • Asabow a wɔde Nantew
  • Mmofra Wɔ Ahokyere Mu
    Nyan!—1993
  • Wiase Nsɛm
    Nyan!—1994
  • Ɔsom Mu Sigyadi—Dɛn Nti Na Wɔde Too Wɔn Ho So?
    Nyan!—1986
  • Mmofra​—Agyapade Anaasɛ Adesoa?
    Nyan!—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1994
g94 6/8 kr. 28-29

Wiase Nsɛm

“Nea Ama Asɔre no Rehu Amane”

Pope John Paul II ne asɔfopɔn a wɔwɔ Canada apuei fam nhyiam ase no, ɔde n’adwene sii asɔfo a wɔto mmonnaa so. Sɛnea wɔbɔɔ amanneɛ wɔ atesɛm krataa L’Osservatore Romano mu no, pope no ka kyerɛɛ Canada asɔfopɔn no sɛ “aniwusɛm a saa asɔfo no ne asɔre mpanyimfo a wɔadi nkogu wɔ eyi mu de aba no ama Asɔre no rehu amane kɛse wɔ Canada.” Ɔde kaa ho sɛ wabɔ mpae “ama wɔn a wɔato wɔn mmonnaa no ne wɔn a wobuu saa bra no nyinaa.” Ebinom gye di sɛ mmara a ɛhyɛ asɔfo katee ma wodi sigya no a wobeyi afi hɔ no betumi aboa ma aniwusɛm a asɔfo no yɛ a ɛfa mmonnaato ho no so atew na adi “asɔfo a wɔn ho ayɛ nã anaa wonnya bi mfa wɔn nkɔ mmeae ahorow” a pope no kaa ho asɛm no ho dwuma. Nanso sɛnea John Paul II kae no, “nsɛnnennen a wɔrehyia nnɛ wɔ sigyadi mu no nyɛ ɔhaw kɛse biara a ebetumi ama gyidi a Asɔre no wɔ sɛ ne sigyadi ho mmara no som bo na ɛfata no asakra.”

Dɛn Nti na Nnubɔne a Wɔde Di Dwuma Ka Nkurɔfo Hɔ?

São Paulo polisi panyin, Alberto Corazza kyerɛkyerɛɛ mu wɔ n’asɛm a ɛbaa Brazil atesɛm krataa Veja mu no mu sɛ: “Nnipa pii gye di sɛ nnɛyi nnuruyɛ adwuma no wɔ aduru bi a etumi di yɛn haw biara ho dwuma. Sɛ obi ntumi nna a, ɔmene aduru ketewaa bi. Sɛ ɔpɛ sɛ otumi yɛ adwuma kɛse a, ɔmene foforo. Ɛnyɛ nwonwa sɛ su a ɛte saa nya mmofra so tumi.” Ɔde ka ho sɛ: “Wɔn a nnubɔne a wɔde di dwuma ka wɔn hɔ ɔha biara mu nkyekyem aduɔwɔtwe wɔ abusua mu ɔhaw ahorow a emu yɛ den. Wofi mmusua a wɔhyɛ wɔn so anaa nea wɔma wɔyɛ nea wɔpɛ, anaa afie a agya nnim mu.” Nanso ɔkwan bɛn so na awofo bɛfa abɔ mmofra ho ban na wɔamfa nnubɔne? Corazza ka sɛ: “Ebia ɛbɛyɛ te sɛ nsusuwii hunu de, nanso wɔ ofie a nneɛma kari pɛ wɔ mu a wonya ɔdɔ ma mmofra na wɔne wɔn susuw nsɛm ho mu no, ɛbɛyɛ den sɛ wɔde nnubɔne bedi dwuma.”

“Ɔman a Basabasayɛ Wom Sen Biara”

Sɛnkyerɛwfo Ann Landers kyerɛw sɛ: “America ne ɔman a basabasayɛ wom sen biara wɔ wiase. Wɔ 1990 mu no, wɔde atuo kunkum nnipa 10 wɔ Australia, 22 wɔ Great Britain, 68 wɔ Canada ne 10,567 wɔ United States.” Ɛne ɔman a akode wom sen biara nso. Atuo ɔpepem 200 na ɛwɔ emu nnipa nkyɛn—ɛreyɛ ayɛ sɛ emufo ɔpepem 255 no biara wɔ akode bi. Basabasayɛ kɔ so wɔ sukuu mu nso. Ntoaso sukuufo bɛyɛ ɔha biara mu 20 wɔ akode bi hyɛ wɔn ho. Nsɛmmɔnedi bɛyɛ ɔpepem abiɛsa sisi wɔ sukuu anaa mmeae a ɛbemmɛn hɔ. Wɔtow hyɛ tikyafo 40 so da biara, na wohunahuna bɛyɛ 900 sɛ wobepira wɔn. Sɛnea National Education Association (Ɔman no nhomasua asoɛe) no kyerɛ no, sukuufo 100,000 na wɔde atuo kɔ sukuu da biara, na sɛ wɔkyekyem a, da biara atuo kunkum mmofra 40 anaa epirapira wɔn. John E. Richters a ɔwɔ National Institute of Mental Health (Ɔman no adwuma a ɛhwɛ adwenem yare ho nsɛm so) ka sɛ: “Nsɛmmɔnedi a yɛma hokwan no yɛ soronko, na sukuu de no yɛ ɛho sɛnkyerɛnne kɛkɛ.” Bere a tikyani bi a ɔkyerɛ Engiresi kasa a bere bi a atwam no otumi nyaa sukuufo a wɔwɔ wɔn sukuu afe a ɛto so 12 mu ɔha biara mu nkyekyem 10 pɛ ma wotumi kyerɛw biribi ho asɛm hyɛe sɛ wɔnkyerɛw nsɛm mfa asɛmti a ɛne “Akode a M’ani Gye Ho” ho no, sukuu mmofra no nyinaa tumi kyerɛwee.

Asɔre no Nhu Nea Wɔnyɛ

Asɔfopɔn a wɔwɔ Canada atɔe fam aka sɛ Vatican ngow asɔre no mmara a ɛfa sigyadi ho no mu mma asɔfo a wɔyɛ awarefo kwan na wɔnsom wɔn manfo a wɔwɔ Kusuu Fam Atɔe Mantam mu no. Asɔfopɔn no te nka sɛ sɛnea wɔn amammerɛ te ne sɛnea asɔfo ho ayɛ nã wɔ kusuu fam mantam mu no ma ɛfata sɛ wobisa hokwan yi. The Toronto Star bɔ amanneɛ sɛ: “Ɔsɔfopɔn Denis Croteau ka sɛ Inuitfo ne Denefo gyinapɛn a ɛfa abusua ho wɔ wɔn amammerɛ mu ne sɛ sɛ ɔbarima bi nware ntetee mma na ɔmmɛyɛɛ ɔpanyin a, ‘wommu wo sɛ kannifo na nkurɔfo rentie wo.’” Ɛwom sɛ Pope John Paul II ne Vatican mpanyimfo foforo tiee asɔfopɔn no asɛm no de, nanso wɔnhwɛ kwan sɛ nsakrae bi bɛba. Atesɛm krataa Star ka sɛ Ɔsɔfo panyin Jozef Tomko, Vatican’s Congregation for the Evangelization of Peoples (Vatican kuw a wɔka asɛmpa kyerɛ nkurɔfo) no panyin kaa suro a wosuro sɛ “sɛ wɔma hokwan wɔ Canada nkutoo a, nsɛm ho amanneɛbɔfo bɛka ho asɛm pii na ɛbɛbɔ kwan ma wɔn a wɔwɔ Afrika, Amerika kesee fam ne mmeae foforo abisa hokwan no bi.”

Adwenemhaw Nya Nkɔanim

The Harvard Mental Health Letter ka sɛ: “Nhwehwɛmu mmiako mmiako dumien a wɔyɛe a wobisabisaa nnipa 43,000 nsɛm wɔ aman akron mu ne nhwehwɛmu a Amerikafo dii kan yɛe hyia efisɛ ɛdaa adi sɛ nnipa a wonya adwenemhaw a emu yɛ den no adɔɔso wɔ wiase no fã kɛse no ara wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu.” Bere a wɔkyekyɛɛ wɔn mu “akuwakuw a ekuw biara kyerɛ afe a wɔwoo wɔn wom fi bɛyɛ 1905 kosi 1955 akyi” no, ɛkame ayɛ sɛ, ɛdaa adi wɔ nhwehwɛmu no nyinaa mu sɛ “nkurɔfo a wɔwoo wɔn akyiri yi no betumi anya adwenemhaw a emu yɛ den wɔ wɔn asetra mu bere bi asen wɔn a wodii kan woo wɔn no.” Ɛdaa adi nso wɔ nhwehwɛmu no pii mu sɛ adwenemhaw a emu yɛ den anya nkɔanim wɔ afeha yi nyinaa mu.

Mmofra a Wɔbɛhwɛ ma Wɔanya Apɔwmuden

Amanaman Nkabom amanneɛbɔ bi kyerɛ sɛ: “Mmofra a wɔnsoo sukuukɔ bɛboro ɔpepem 230 anaa ɔha biara mu 43 a wɔwɔ aman a wonnyaa nkɔso kɛse mu na wɔatɔ ape esiane nnuan pa a wonnya nni ne yare a ɛde ba nti.” Wobuu akontaa sɛ mmofra ɔpepem anan na wowuwui wɔ 1993 mu a nea na efi ne ɔkɔm anaasɛ nnuan pa a wonnya nni a ɛmaa nsanyare tumii wɔn kɛse no. Dɛn ne ano aduru? Amanaman Nkabom asoɛe a ɛhwɛ apɔwmuden ho nsɛm so hyɛ nkuran sɛ “wɔmma nkokoaa nyinaa nufusu nkutoo fi awo so nkosi asram 4-6. Ɛno akyi no, ɛsɛ sɛ wɔkɔ so ma mmofra nufu, bere a wɔma wɔn nnuan a ɛfata na ɛdɔɔso ka ho kosi sɛ wobedi mfe abien ne nea ɛboro saa no.” Wɔhyɛ ɛnanom ne apɔwmuden adwumayɛfo sɛ wommmu mmofra a wɔma wɔn nufu nko ara sɛ wonnyin yiye, na wɔmmfa ahopere mmma wɔn nnuan foforo. Eyi betumi ahaw nkokoaa no, na ebetumi ama wɔanya kwashiokor ne nyarewa foforo, titiriw bere a nnuan a wɔde ma wɔn no asɛe na ahoɔden nnim no.

Ɛnnɛyi Nkoasom

Ɛwom sɛ Universal Declaration of Human Rights (Amansan mmara a ɛfa hokwan a nnipa wɔ ho) ka sɛ “ɛnsɛ sɛ wɔma obi som sɛ akoa anaa ɔsom porɔwee” de, nanso nnipa ɔpepehaha pii rehu amane sɛ nkoa. Nsɛmma nhoma UN Chronicle da no adi sɛ, nnipa dodow a wɔresom sɛ nkoa nnɛ dɔɔso mpo sen wɔn a wɔyɛɛ saa wɔ afeha 16 kosi 18 no mu, “bere a na nkoatɔ gyina mu kɛse no.” Ɛnnɛyi nkoasom ho ade biako a ɛyɛ nwonwa ne sɛ nkoa no mu pii yɛ mmofra. Mmofra a wɔadi fi mfe ason kosi du brɛ wɔ mfiridwuma mu nnɔnhwerew 12 kosi 14 da biara. Afoforo som sɛ mmaawa wɔ afie mu, wɔma ebinom si tutuu, anaa wɔsom sɛ asraafo. Amanaman Nkabom asoɛe a ɛhwɛ hokwan a nnipa wɔ so no bɔ amanneɛ sɛ, “wɔpɛ mmofra adwumayɛ kɛse, “efisɛ ɛmmɔ ka kɛse” na afei nso “mmofra suro sɛ wobenwiinwii.” Amanaman Nkabom ka sɛ, nkoasom da so ara “yɛ ade a ɛwɔ hɔ nnɛ” a ɛyɛ awerɛhow.

Nea Ɛde Kɛseyɛ Mmoroso Ba

Dɔkta Munro Proctor a ɔwɔ Boston University School of Medicine mu kyerɛ sɛ, akyinnye biara nni ho sɛ nnɔnhwerew dodow a mmofra a wɔnsoo suukuukɔ de hwɛ television daa no ma srade a ɛwɔ wɔn nipadua mu no dɔɔso akyiri yi. Dɔkta Proctor de mfe anan yɛɛ mmofra a wɔnsoo sukuukɔ 97, a mfiase no na wɔadi fi mfe abiɛsa kosi anum mu nhwehwɛmu. Awofo hwɛɛ nnɔnhwerew dodow a wɔn mmofra no de hwɛɛ television daa, na wosusuu wɔn were a apompono agu so no pipiripi wɔ wɔn nipadua no afa horow nyinaa afe biara. Sɛnea Canada atesɛm krataa The Medical Post bɔɔ amanneɛ no, “sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a mmofra no mu biara de nnɔnhwerew abien hwɛɛ television daa. Wɔ dɔnhwerew biara a wɔde hwɛɛ television kaa nnɔnhwerew abien no ho daa mu no, wɔn abasa ho mpomponoe pipiripi yɛɛ milimita 0.8 [nsateakwaa 0.03], na wɔn were a ɛpompono guu so nyinaa pipiripi kɔɔ soro milimita 4.1 [nsateakwaa 0.2].” Dɔkta Proctor de ba awiei sɛ television hwɛ tew adwumayɛ so na ɛmma nkwammoaa a ɛwɔ nipadua mu no nyɛ adwuma kɛse na mmofra no di nnuan a ahoɔden pii wom kɛse esiane sɛ, wɔka ho nsɛm kyerɛ wɔn wɔ television so, bere a wɔnyɛ adwuma.

Akwamma Supɔw

Atesɛm krataa The Economist ka sɛ: “[World] Bank (Wiase nyinaa sikakorabea) ne [International Monetary Fund] (Amanaman nyinaa foto) resrɛ Sri Lanka aban no sɛ ɔntew nna a wɔmfa nyɛ adwuma, a mprempren ɛyɛ afe mu nnafua 365 no mu nnafua 174, a ebia ɛne ɔman a ɛwɔ nna a wɔmfa nyɛ adwuma a ɛdɔɔso sen biara wɔ wiase no so. Ɛbɛyɛ dɛn na ɔman anya nkɔso bere a emufo di akwamma a ne tenten reyɛ adu asram asia?” Akwamma nna dodow no da mmusuakuw ne nyamesom ahorow a adi afra wɔ Sri Lanka no adi. Nea ɛka ɛhɔ aban nnapɔnna 5 ho no, nyamesom nnapɔnna 20 wɔ hɔ ma Buddhafo, Hindufo, Nkramofo, ne Kristofo som ahorow no. Wɔma aban adwumayɛfo ahomegye nna 45 afe biara—eyi ne ankorankoro nnwuma de yɛ pɛ. Nanso, Sri Lanka sikasɛm nya nkɔso. The Economist ka sɛ: “Ɔman no sikasɛm gyina kuadwuma so, na egyina osutɔ mmere abien a supɔw no wɔ no so.” Wɔka wɔ hɔ sɛ: “Osutɔ bere adu, ɛnkɔ akwamma.”

Asabow a wɔde Nantew

Nsɛm ho dawurubɔ ka sɛ, “Asanom ne karka nhyia,” na wɔtwe wɔn a wɔde asabow ka kar aso kɛse. Ɛwom sɛ wɔtwe adwene kɔ karkafo a wɔbow nsa so kɛse, nanso wonsusuw wɔn a wɔbow nsã na wɔnantew no ho pii. Sɛnea National Highway Traffic Safety Administration (Ɔman asoɛe a ɛhwɛ akwantufo ahobammɔ ho nsɛm so) kyerɛ no, nnipa 5,546 na kar kunkum wɔn wɔ kwan ho wɔ United States 1992 mu, na na nea ɛboro wɔn mu abiɛsa mu biako biara abow nsa. Wɔyɛ wɔn a kar kunkum wɔn no nyinaa ɔha mu nkyekyem 14. Wɔn a na wɔadi boro mfe 14 fam no, na wɔn mu bɛyɛ ɔha biara mu nkyekyem 36 na nsa wɔ wɔn mogya mu kɛse a, sɛ na wɔreka kar a anka wobebu wɔn sɛ wɔn a wɔka kar bere a wɔabow nsã. Wonnim ɔkwan a wɔbɛfa so asiw saa awuwu awuwu no ano, na wonnim wɔn a wɔwɔ saa asiane no mu kɛse.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena